Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 Tete Wɔ Bi Ka

‘Ná Ɛyɛ Asɛm a Ɛyɛ Dɛ Sen Asɛm Biara’

‘Ná Ɛyɛ Asɛm a Ɛyɛ Dɛ Sen Asɛm Biara’

BERE a George Naish hui sɛ nnua bi sum ɔdan bi a wɔkora akode wom mu wɔ Saskatoon, Saskatchewan, Canada no, obisae sɛ, “Nnua yi sum ha reyɛ dɛn?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ wɔde saa nnua no sisii abantenten de dii nkitaho wɔ Wiase Ko I no mu. Onua Naish kae sɛ: “Mihu sɛ yebetumi de saa nnua no asisi abantenten de ayɛ radio adwuma. Eyi ne bere a edi kan a yenyaa adwene sɛ yɛn ankasa benya radio adwumayɛbea de aka asɛmpa no.” Afe biako akyi wɔ 1924 mu no, CHUC radio adwumayɛbea no fii ase yɛɛ adwuma. Eyi ka radio adwumayɛbea a wodii kan nyae wɔ Canada a na wɔde ka ɔsom ho nsɛm no ho.

(1) Radio adwumayɛbea wɔ Edmonton, Alberta (2) Onua bi rekyinkyim radio afiri wɔ Toronto, Ontario

Canada kɛse ne Europa nyinaa reyɛ ayɛ pɛ, enti na ɛfata sɛ yedi adanse wɔ radio so wɔ hɔ. Ná Florence Johnson yɛ adwuma wɔ radio adwumayɛbea a ɛwɔ Saskatoon no. Ɔkae sɛ: “Radio aboa paa ma nnipa pii a anka yɛrentumi nkɔ wɔn nkyɛn no ate asɛmpa no. Saa bere no na radio bae nkyɛe, enti na obiara pɛ sɛ otie dwumadi a ɛwɔ so.” Eduu afe 1926 no, na Bible Asuafo (a ɛnnɛ wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo) no anya wɔn ankasa radio adwumayɛbea wɔ nkuropɔn anan mu wɔ Canada. *

CHUC adwumayɛbea wɔ Saskatoon, Saskatchewan

Fa no sɛ na wowɔ hɔ na wukyim wo radio too radio adwumayɛbea yi biako so, asɛm bɛn na anka wobɛte? Ná anuanom a wofi asafo ahorow mu taa to dwom de sanku gyigye ho wɔ radio no so. Na anuanom ma ɔkasa yɛ Bible mu mpɛnsɛmpɛnsɛm nso wɔ so. Ná Amy Jones ka saafo no ho, na ɔkae sɛ: “Sɛ mekɔ asɛnka na mebɔ me din a, nea nkurɔfo taa ka ne sɛ, ‘Aah, yɛtaa te wo nne wɔ radio so.’”

‘Atiefo frɛe araa ma na yennya yɛn ho twabere mpo’

Bible Asuafo a na wɔwɔ Halifax, Nova Scotia, de radio so dwumadi foforo bi bae—na wɔma atiefo frɛ bisa Bible mu nsɛm. Onua biako kyerɛwee sɛ: “Ná nkurɔfo tie paa. Na ɛtɔ bere bi mpo a, atiefo frɛ araa ma yennya yɛn ho twabere mpo.”

 Ná ebinom ani gye Bible Asuafo no nsɛm ho, na na afoforo nso ani nnye ho; saa na ɛtoo ɔsomafo Paulo nso. (Aso. 17:1-5) Ná Hector Marshall ka wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho no ho. Bere bi ɔtee sɛ Bible Asuafo reka Studies in the Scriptures nhoma no ho asɛm wɔ radio so, na ɔkae sɛ wɔmfa po asia mmrɛ no. Akyiri yi ɔkyerɛwee sɛ: “Ná m’adwene nyinaa ne sɛ mede nhoma no bɛkyerɛkyerɛ mmofra wɔ asɔre.” Nanso bere a Hector kenkan Po I wiei no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obegyae n’asɔre. Efi saa bere no, ɔbɛyɛɛ ɔsɛmpakafo a ɔyɛ hyew, na ɔsom Yehowa kosii sɛ owui wɔ afe 1998 mu. Bere bi wɔmaa ɔkasa bi a wɔato din, “Ahenni no, Wiase Anidaso” wɔ radio so. Adekyee no, Colonel J. A. MacDonald ne onua bi bɔɔ nkɔmmɔ wɔ Nova Scotia apuei fam. Ɔka kyerɛɛ onua no sɛ: “Nnɛra, nnipa a yɛwɔ Cape Breton Supɔw no so tee asɛm bi a ɛyɛ dɛ sen nea yɛate biara wɔ ha.”

Nanso asɔfo no de, asɛm no hyɛɛ wɔn abufuw. Katolekfo bi a wɔwɔ Halifax kae sɛ wɔbɛsɛe radio adwumayɛbea a Bible Asuafo ka wɔn nsɛm wɔ hɔ no. Asɔfo no tutuu nsɛm guu aban no asom, enti afe 1928 no aban no de too gua sɛ, sɛ tumi krataa a Bible Asuafo no de yɛ radio adwuma no wu a, wɔremma wɔn foforo. Anuanom tee asɛm no, wotintim krataa bi a wɔato din sɛ Who Owns the Air? (Hena na Mframa Yɛ ne De?) Wɔde krataa no kyerɛe sɛ nea aban no reyɛ no nyɛ ne kwan so. Eyi ampusuw aban no; wɔamma Bible Asuafo no tumi krataa foforo.

So eyi maa Yehowa asomfo kakra a na wɔwɔ Canada no abam bui? Isabel Wainwright kae sɛ: “Mfiase no de na ɛte sɛnea yɛn tamfo no de krado ato yɛn ano. Nanso na minim sɛ, sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛkɔ so di adanse wɔ radio so a, anka obetumi de ne ho agye asɛm no mu ntɛm. Esiane sɛ wanyɛ saa nti, ebia nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔpɛ sɛ yɛfa ɔkwan a etu mpɔn so ka Ahenni ho asɛmpa no.” Bible Asuafo a wɔwɔ Canada no amfa wɔn adwene nyinaa ansi radio so, mmom wofii ase sɛ wɔbɛkɔ nkurɔfo afie akodi wɔn adanse. Nanso bere a na radio adwuma no gyina mu no, ɛboae paa ma yɛkaa asɛm a na ‘ɛyɛ dɛ sen asɛm biara.’—Tete wɔ bi ka, Canada.

^ nky. 4 Ná anuanom a wɔwɔ Canada tua sika ma radio adwumayɛbea afoforo nso de ka asɛmpa no wɔ so.