Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

  Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

Adɛn na Onyankopɔn Somaa Yesu Baa Asase So?

Adɛn na Onyankopɔn Somaa Yesu Baa Asase So?

Nea yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha yi yɛ nsɛm a ebia woabisa pɛn, na ɛbɛkyerɛ wo faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo bɛbɔ ho nkɔmmɔ.

1. Ɛhe na na Yesu wɔ ansa na Onyankopɔn resoma no aba asase so?

Ná Yesu yɛ honhom abɔde wɔ soro ansa na wɔrewo no wɔ Betlehem. Ɔno ne Onyankopɔn abɔde a odi kan, na ɔno na Onyankopɔn nko ara bɔɔ no. Enti ntease wom sɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro. Bere a ɔwɔ soro no, na ɔtaa kasa ma Onyankopɔn. Ɛno nti na wɔfrɛ no Asɛm no. Afei nso ɔboaa Onyankopɔn ma ɔbɔɔ nneɛma a aka nyinaa. (Yohane 1:2, 3, 14) Yesu ne Onyankopɔn tenaa ɔsoro mfe pepeankama ansa na ɔrebɔ nnipa.—Kenkan Mika 5:2; Yohane 17:5.

2. Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn nam so de ne Ba no baa asase so?

Yehowa nam honhom kronkron so yii Yesu nkwa fii soro bɛhyɛɛ Maria yam. Enti ɛnyɛ ɔbarima na ɔne Maria nyinsɛn woo Yesu. Abɔfo kaa n’awo no ho asɛm kyerɛɛ nguanhwɛfo bi a na wɔwɛn wɔn nguan anadwo wɔ wuram. (Luka 2:8-12) Eyi kyerɛ sɛ wɔanwo Yesu awɔwbere mu, na mmom wɔwoo no bɛyɛ October, na saa bere no, na awɔw nnya mmae. Akyiri yi, Maria ne ne kunu Yosef de Yesu kɔɔ wɔn kurom Nasaret, na ɛhɔ na wɔtetee no. Yosef hwɛɛ Yesu sɛ n’ankasa ne ba.—Kenkan Mateo 1:18-23.

Yesu dii bɛyɛ mfe 30 no, wɔbɔɔ no asu, na Onyankopɔn ka maa nnipa tee sɛ Yesu yɛ ne Ba. Afei, Yesu fii ase yɛɛ adwuma a Onyankopɔn somaa no sɛ ɔmmɛyɛ no.—Kenkan Mateo 3:16, 17.

 3. Adɛn nti na Onyankopɔn somaa Yesu baa asase so?

Onyankopɔn somaa Yesu sɛ ɔmmɛkyerɛ nnipa nokware no. Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso a ɛwɔ soro a ɛde asomdwoe bɛba asase nyinaa so, na ɛno na Yesu kaa ho asɛm. Wama yɛanya anidaso sɛ yebetumi atena ase daa. (Yohane 4:14; 18:36, 37) Afei nso Yesu kyerɛɛ nea ɛbɛma nnipa anya anigye ankasa. (Mateo 5:3; 6:19-21) Yesu de ne nneyɛe kasa kyerɛɛ nkurɔfo. Ɛho nhwɛso ne sɛ ɔkyerɛɛ sɛnea yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ tebea a emu yɛ den mpo mu. Bere a nkurɔfo tan n’ani no, wanyɛ bi antua ka.—Kenkan 1 Petro 2:21-24.

Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ, sɛ obi wɔ ɔdɔ a, obekum ne ho ama afoforo. Ná ɔwɔ dibea kɛse paa wɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro, nanso otiee n’Agya brɛɛ ne ho ase baa asase so ne nnipa bɛtenae. Ɔdɔ nhwɛso a Yesu de gyaw yɛn no de, ɛso bi mmae da.—Kenkan Yohane 15:12, 13; Filipifo 2:5-8.

4. Mfaso bɛn na afi Yesu wu no mu aba?

Afei nso Onyankopɔn somaa Yesu sɛ ommewu mma yɛn bɔne. (Yohane 3:16) Yɛn nyinaa nyɛ pɛ, enti bɔne wɔ yɛn ho. Ɛno nti na yɛyare na yewuwu no. Nanso Adam, onipa a odi kan no de, na ɔyɛ pɛ. Na bɔne nni ne ho, na ɛnyɛ ade a anka obewu anaasɛ ɔbɛyare. Nanso bere a ɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, afei de na ɔnyɛ pɛ bio. Agyapade a yɛanya afi Adam hɔ ne bɔne, na yɛanya ɛso akatua a ɛne owu nso.—Kenkan Romafo 5:12; 6:23.

Yesu a na ɔyɛ pɛ no ammewu amma ɔno ara ne bɔne. Yɛn yɛn bɔne nti na obewui. Yesu wu no nti, yebetumi anya daa nkwa na Onyankopɔn ahyira yɛn.—1 Petro 3:18.