Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Mmere Mu Ahoɔfɛ Ntoaso

Bible Mmere Mu Ahoɔfɛ Ntoaso

Mmea a wɔtenaa ase Bible mmere mu no binom de ahoɔfɛ ntoaso siesiee wɔn ho; wɔde bi kekaa wɔn ani akyi, na wɔde bi srasraa wɔn anim ne wɔn honam

Sɛ ɔbea guare wie ma ne honam gow a, ɔde ngo huamhuam bi sra. Afei obue adaka fɛfɛɛfɛ bi so. Ɛno mu na ntoa nketenkete, nkukuwa ne nhina nketewa bebree wɔ; ná wotumi de ahwehwɛ, asommɛn, nworaa anaa abo yɛ saa nneɛma no. Nea ɛwɔ ntoa ne nkukuwa ne nhina nketewa no mu ne ngo ne srade a wɔde balsam, kadamom, anoatre, ɛhyɛ, ɛwo, kurobow ne ahuamhuanne a ɛtete saa afra ama ayɛ huam.

Ɔbea no yiyi ntere ne nkyɛnsee nketewa a wɔahyɛ da ayɛ ama ɛho ayɛ anika fi adaka no mu. Afei ɔfra srade ne ngohuam a ɔpɛ sɛ ɔde yɛ ne ho saa daa no. Owie a, ɔhwɛ ahwehwɛ mu tɔ ne bo ase de siesie ne ho.

YETUMI hu sɛ efi teteete nyinaa mmea ani ku wɔn ahosiesie ho; wɔpɛ sɛ wɔn ho yɛ fɛ. Tete aboda ho mfonini ne mfonini a wɔayeyɛ agu dan ho ne ntama mu ma yehu sɛ na wonni ahoɔfɛ ntoaso ho agoru koraa wɔ tete Mesopotamia ne Egypt. Ná wɔtaa yɛ Egyptfo mmea mfonini sɛ wɔakeka wɔn ani akyi ne wɔn ani ase ama wɔn aniwa ayɛ sɛ aborɔfo nkate, na na ɛyɛ nkurɔfo fɛ paa.

Israelfo nso ɛ? Tete Israelfo nso de ahoɔfɛ ntoaso yɛɛ wɔn ho anaa? Sɛ ɛyɛ ampa sɛ wɔde bi siesiee wɔn ho a, emu nea ɛwɔ he na wɔde siesiee wɔn ho? Nea ɛwom ne sɛ yenhuu aboda anaa dan ho mfonini biara wɔ tete Israel a yɛbɛhwɛ ho aka sɛ wɔde bi siesiee wɔn ho. Nanso Bible mu nsɛm bi ne tetefo nneɛma a wɔatutu fam ahu wɔ nkurow bi a Bible bobɔ din mu no boa ma yenya sɛnea wɔde ahoɔfɛ ntoaso yɛɛ adwuma wɔ Bible mmere mu ho adwene bi.

Ahoɔfɛ Ntoaso Ho Nneɛma Bi

Abo bi a wɔyam ahuamhuanne wom, Israel

Nneɛma a wɔatutu fam ahu wɔ Israel asase nyinaa so no ma yehu nneɛma pii a ɛfa ahoɔfɛ ntoaso ne ahuamhuanne ho. Nea wohui no bi ne abo bi a wɔyam ahuamhuanne wom, aduhuam ntoa bi a wɔayɛ no sɛ karɔt, ebi nso ne alabasta ngo toa, ne ahwehwɛ nketenkete bi a wɔde kɔbere mfrafrae a wɔatwiw ho ayɛ. Asommɛn atere bi de, wɔayɛ berɛw ato ne nsa no fã baabi, na wɔayɛ ɔbea ti a mmorɔnoma atwa ho ahyia nso wɔ fã nohoa.

Ɛbɛyɛ sɛ na asikafo taa de ahoɔfɛ ntoaso ho nneɛma gu nworaa a wɔayɛ no kama mu. Wɔahu ntere nketewa bi a na wɔde fra srade ne ngohuam nso wɔ tete Egypt ne Kanaan, na ebi wɔ hɔ a asommɛn anaa dua na wɔde yɛe; wɔayɛ bi te sɛ mmea a wɔreguare nsu, na wɔayɛ bi nso ama asɛ nneɛma foforo. Eyi nyinaa kyerɛ sɛ saa bere no, na mmea ani ku ahoɔfɛ ntoaso ho paa.

Aniwa De

Bible ma yehu sɛ na Hiob mmabea no biako din de “Keren-Hapuk.” Hebri mu no saa din no betumi akyerɛ “Ade a Wɔde (Ani) Aduru Tuntum Gu Mu,” kyerɛ sɛ, adaka bi a wɔde aduru a mmea de keka wɔn ani ase anaa wɔn ani akyi gu mu. (Hiob 42:14) Ebetumi aba sɛ n’ahoɔfɛ nti na wɔde saa din no too no, nanso ɛsan ma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na wɔde ahoɔfɛ ntoaso yɛ adwuma.

 Ade a yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛ, bere biara a Bible bɛka sɛ obi akeka n’ani akyi ne n’ani ase no, na ɛfa ɔbea a onni suban ho. Ɛho nhwɛso ne Ɔhemmaa Yesebel a ɔbɔɔ pɔw bɔne ne Yerusalem kurow a odiyifo Yeremia ne odiyifo Hesekiel de totoo ɔbea aguaman ho no. (2 Ahene 9:30; Yeremia 4:30; Hesekiel 23:40) Ná wotumi de ahwehwɛ anaa abo yɛ nneɛma a wɔde adubiri gu mu, na wɔatutu fam ahu saa nneɛma no ne ɛho nneɛma nketenkete bi a na wɔde bɔ aduru no keka wɔn ani akyi no pii. Eyi ma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ bere a Israelfo bɛyɛɛ awaefo no, na mmea pii de adubiri keka wɔn ani akyi, na na wɔde ahoɔfɛ ntoaso siesie wɔn ho, titiriw adehye ne adefo no.

Wɔde Ngohuam Dii Dwuma Wɔ Asɔrefie ne Fie

Ɛnyɛ nnɛ na Israelfo refi ase de ngodua ayɛ ngohuam de asiesie wɔn ho. Exodus nhoma mu no, wɔakyerɛ nneɛma a na wɔde yɛ ngohuam kronkron a na asɔfo no de yɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ no. Kurobow ne anoatre ne ahuamhuanne foforo a wonya fi afifide mu na na wɔde yɛ. (Exodus 30:22-25) Wɔn a  wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu adwumayɛbea bi wɔ Yerusalem, na wogye di sɛ Yesu bere so no, na wɔyɛ ngohuam ne aduhuam wɔ hɔ de di dwuma wɔ asɔrefie hɔ. Bible mu nsɛm pii kyerɛ sɛ na wɔde ngohuam di dwuma wɔ asɔrefie hɔ ne fie.—2 Beresosɛm 16:14; Luka 7:37-46; 23:56.

Ahuamhuanne toa bi, Israel

Ná nsu ho yɛ den wɔ mpɔtam hɔ, enti, na wɔmma ngohuam mpa wɔn ho. Ɛnyɛ wɔn ho a ɛbɛpaapae nko ara nti na na wɔsra ngo na mmom na ɛma wɔn honam tɔ so kama. (Rut 3:3; 2 Samuel 12:20) Ansa na wɔde Yudani ababaa Ester rekɔkyerɛ Ɔhene Ahasweros no, wɔsrasraa no ngo afe biako. Wɔde kurobow ngo sraa no asram 6, na wɔde balsam ngo nso sraa no asram 6.—Ester 2:12.

Ná wobu ngohuam sɛ ɛsom bo paa te sɛ sika ne dwetɛ. Bere bi Saba hemmaa tuu kwan kɔsraa Ɔhene Solomon, na bere a ɔrekɔ nsrahwɛ a agye din no, akyɛde a ɔde kɔe no bi ne sika, aboɔden abo ne balsam ngo. (1 Ahene 10:2, 10) Bere a Babilon hene somaa nnipa kɔɔ Ɔhene Hesekia nkyɛn no, Hesekia de ne fie akorade kyerɛɛ wɔn, na nneɛma a ɛyɛɛ no fɛ sɛ ɔde bɛkyerɛ wɔn no bi ne “balsam ngo ne ngo pa,” sika, dwetɛ ne n’akode nyinaa.—Yesaia 39:1, 2.

Sɛ obi repɛ ngohuam anaa srade afi nhwiren, nnuaba, nhaban, aneneduru, anaa dua abona mu a, kakraa bi na obenya. Bible bobɔ nnua ne nneɛma a ahuamhuanne no bi wom din; ebi ne pɛprɛ, balsam, bedola hyɛ, kalamo, kasia, anoatre, ɛhyɛ, kurobow, safron, ne nerdo. Ebi wɔ hɔ a na wodua wɔ hɔ ara, na na ɛnyɛ nã wɔ Yordan Bon no mu. Ebi nso wɔ hɔ de a, na wɔkra fi mmeae bi a agye din te sɛ India, Arabia Anafo fam, ne mmeae foforo.

Balsam Ngo—Wonnim N’abɔse

Sɛnea yɛaka dedaw no, Bible mu nsɛm a ɛfa Ɔhemmaa Ester, Saba hemmaa ne Ɔhene Hesekia ho no nyinaa ka balsam ngo ho asɛm. Afe 1988 mu no, wokohuu ngo a egu toa ketewa bi mu wɔ ɔbodan bi a ɛbɛn Qumran mu; ɔbodan no wɔ Po a Awu no ho baabi. Ɛmaa nsɛm pii baa nkurɔfo tirim. Ná wontumi nhu sɛ tete balsam ngo a wɔaka ho asɛm aka aka aka ara no, ɛno ne nea etwa to a wɔahu. Nhwehwɛmufo ntumi nhu. Ebesi nnɛ yi nyinaa, akuafo rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsan adua balsam nnua a bere bi na agye din paa no bio.

Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ balsam ngo a Bible ka ho asɛm no, na wodua wɔ En-Gedi mpɔtam hɔ. Wɔatutu fam ahu fononoo, nhina, nnade, ne nnompe a na ɛwɔ hɔ bɛboro mfe 2,500 ni, na ɛte sɛ nneɛma a na wɔde yɛ ahuamhuanne wɔ aman foforo so no. Abenfo pii gye di sɛ Arabia anaa Afrika na wɔde balsam dua no fi kɔɔ mmeae foforo. Dua no mu nsu na wɔde yɛɛ ahuamhuanne no. Esiane sɛ na balsam ngo de sika pii ba nti, na wɔnkyerɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ ho adwuma.

Ná wotumi mpo de balsam di amanyɔsɛm. Nhwɛso bi ne sɛ, abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ sɛ Mark Antony kogyee balsam afuw de yɛɛ akyɛde maa Egypt hemmaa Cleopatra. Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Pliny bɔɔ amanneɛ sɛ bere a Yudafo Ko no rekɔ so wɔ asomafo no bere so no, anka Yuda akofo no resɛe balsam nnua a ɛwɔ hɔ nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a Romafo a wɔredi nkonim no remmɛfa.

Nsɛm a Bible ka ne nneɛma a wɔatutu fam ahu nyinaa ma yetumi hu sɛnea nnipa a wɔtenaa ase Bible mmere mu de ahoɔfɛ ntoaso siesiee wɔn ho. Bible nkasa ntia ahoɔfɛ ntoaso ne nneɛma foforo a yɛde siesie yɛn ho; mmom Bible si so dua sɛ, sɛ yɛde redi dwuma a, yɛmfa fɛre ne adwenemtew nto ho. (1 Timoteo 2:9) Ɔsomafo Petro kyerɛe sɛ nea “ɛsom bo Onyankopɔn anim” ne “honhom a ɛyɛ komm na edwo.” Esiane sɛ da biara, biribi foforo ba wiase nti, afotu yi yɛ ahosiesie ho afotu pa ma Kristofo mmea mpanyimfo ne mmofra nyinaa.—1 Petro 3:3, 4.

Asommɛn ahuamhuanne toa, Israel