Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Onyankopɔn din de sɛn?

Yɛn abusuafo nyinaa, obiara wɔ din a yɛde frɛ no. Nyɛmmoa mpo, yetumi ma wɔn din! Enti sɛ Onyankopɔn wɔ din a, ntease nnim anaa? Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yehu sɛ Onyankopɔn wɔ abodin bebree; abodin no bi ne, ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, Awurade Tumfoɔ, ne Ɔbɔadeɛ. Nanso ɔwɔ edin ankasa.—Kenkan Yesaia 42:8.

Bible nkyerɛase pii mu no, yehu Onyankopɔn din no wɔ Dwom 83:18. Sɛ yɛfa Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no sɛɛ a, ɛhɔ kenkan sɛ: “Wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn din frɛ no?

Onyankopɔn pɛ sɛ yɛde ne din frɛ no. Sɛ yɛne nnipa a yɛdɔ wɔn, te sɛ yɛn nnamfonom rekasa a, yɛde wɔn din ankasa frɛ wɔn. Onyankopɔn na yɛremfa ne din mfrɛ no anaa? Yesu Kristo nso hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa Onyankopɔn din mfrɛ no.—Kenkan Mateo 6:9; Yohane 17:26.

Nanso sɛ yebetumi abɛyɛ Onyankopɔn adamfo a, ɛnyɛ ne din nko ara na ɛsɛ sɛ yehu, na mmom ɛsɛ sɛ yehu ne ho nsɛm pii. Nea ɛsɛ sɛ yehu no bi ne sɛ, Onyankopɔn te dɛn? Yebetumi abɛn Onyankopɔn ama no ayɛ yiye? Wubetumi anya saa nsɛmmisa yi ho mmuae afi Bible mu.