Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wokyerɛ Yɛn Agyapade Ho Anisɔ?

Wokyerɛ Yɛn Agyapade Ho Anisɔ?

“Onyankopɔn dan n’ani baa amanaman no so . . . yii nnipa bi fii wɔn mu maa ne din.”—ASO. 15:14.

1, 2. (a) Dɛn ne “Dawid sese” no? Dɛn na na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔasan akyekye sese no bio? (b) Henanom ne Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ?

AKWANKYERƐ kuw no yɛɛ nhyiam bi wɔ afe 49 Y.B. mu wɔ Yerusalem. Osuani Yakobo kae wɔ saa nhyiam no ase sɛ: “Simeon [Petro] aka sɛnea Onyankopɔn dan n’ani baa amanaman no so nea edi kan yii nnipa bi fii wɔn mu maa ne din no ho asɛm fann. Eyi ne Adiyifo no nsɛm hyia sɛnea wɔakyerɛw sɛ, ‘Eyinom akyi no, mɛsan aba abesi Dawid sese a ahwe ase no; na mɛsan asi nea adwiriw agu no na mama so asi hɔ bio, na ama nnipa a aka no ne amanaman mufo a me din da wɔn so no nyinaa ahwehwɛ Yehowa denneennen, Yehowa a ɔreyɛ nneɛma yi asɛm ni, na wonim fi tete.’”—Aso. 15:13-18.

2 “Dawid sese” no gyina hɔ ma ahemfo a wofi Dawid abusua mu. Sese no ‘hwee ase’ bere a wotuu Ɔhene Sedekia ade so no. (Amos 9:11) Nanso nkɔmhyɛ no kae sɛ wɔbɛsan akyekye anaa wɔbɛsan asi “sese” no bio. Eyi yɛ bere a Dawid aseni bi bɛba abedi ade daa. Saa aseni no ne Yesu. (Hes. 21:27; Aso. 2:29-36) Yakobo kae wɔ saa nhyiam no ase sɛ Amos nkɔmhyɛ no rebam efisɛ wɔreboaboa Yudafo ne Amanaman mufo ano ma wɔne Yesu akodi ade wɔ soro. Ɛnnɛ, Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so ne Yesu “nguan foforo” mpempem pii rekyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no.—Yoh. 10:16.

YUDAFO KƆƆ NKOASOM MU

3, 4. Bere a Yudafo wɔ Babilon no, dɛn na ɛboaa wɔn ma wɔsom Yehowa yiye?

3 Bere a Yudafo kɔyɛɛ nkoa wɔ Babilon no, na biribiara kyerɛ sɛ “Dawid sese” no ahwe ase. Na atoro som agye ntini wɔ Babilon. Enti na ɛbɛyɛ dɛn na  Onyankopɔn nkurɔfo asom no mfe 70 wɔ Babilon a nkekae biara remma wɔn ho? Nea ɛboa Yehowa nkurɔfo nnɛ ma yedi nokware wɔ Satan wiase mu no, ɛno ara na ɛboaa wɔn. (1 Yoh. 5:19) Yehowa asomfo wɔ agyapade titiriw bi a ɛboa ma wɔtwe wɔn ho fi atoro nkyerɛkyerɛ ho.

4 Agyapade titiriw biako a yɛwɔ ne Onyankopɔn Asɛm Bible. Bere a Yudafo yɛ nkoa wɔ Babilon no, na Kyerɛw Kronkron no fã bi pɛ na wɔwɔ. Na wonim Mose Mmara no ne emu Mmara Nsɛm Du no. Afei nso na wonim “Sion nnwom” ne abebusɛm pii. Bio, na wonim Yehowa asomfo anokwafo bi ho nsɛm. Bere biara a Yudafo a wɔwɔ nkoasom mu no bɛkae Sion no, na anigyina ma wɔtew nusu; wɔn werɛ amfi Yehowa da. (Monkenkan Dwom 137:1-6.) Eyinom nyinaa boaa wɔn. Enti bere a Babilonfo atoro nkyerɛkyerɛ ne wɔn amanne atwa Yudafo no ho ahyia mpo no, wotumi som Yehowa a nkekae biara amma wɔn ho.

BAASAKORO NKYERƐKYERƐ BAE AKYƐ

5. Anyame baasakoro bɛn na na Babilonfo ne Egyptfo som wɔn?

5 Tete no, na wobu anyame pii sɛ baasakoro. Ná eyi di akoten wɔ wɔn som mu. Sɛ yɛde Babilonfo bɛyɛ nhwɛso a, na wɔsom Sin (ɔsram nyame), Shamash (owia nyame), ne Ishtar (abawo ne ɔko nyamewa) a wɔaka abom sɛ baasakoro. Tete Egypt nso, na wɔsom anyame a wɔka bom yɛ baasakoro. Na wosusuw sɛ anyame yi mu biako yɛ agya, biako yɛ ɛna, ɛnna biako yɛ ɔba. Na wogye tom sɛ wɔyɛ baasakoro nyame nanso wɔn tumi nyɛ pɛ. Egypt baasakoro nyame foforo nso ne Osiris a ɔyɛ agya, Isis a ɔyɛ ɛna, ne wɔn babarima Horus.

6. Dɛn ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ? Dɛn na abɔ yɛn ho ban afi atoro nkyerɛkyerɛ a ɛte saa ho?

6 Ɛnnɛ nso Kristoman kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro. Wɔkyerɛ sɛ Agya, Ɔba, ne honhom kronkron ka bom yɛ Nyame Baasakoro. Nanso wɔka saa a na wɔabrɛ Yehowa ase, efisɛ nea eyi kyerɛ ne sɛ Yehowa nne ne ho, na mmom ɔyɛ Onyame bi fã kɛkɛ. Bible abɔ Yehowa nkurɔfo ho ban afi atoro nkyerɛkyerɛ a ɛte saa ho. Wogye asɛm yi tom: “Israel, tie: Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro.” (Deut. 6:4) Yesu tĩĩ saa asɛm no mu, na nokware Kristoni bɛn na ɔbɛbɔ Yesu asɛm yi agu?—Mar. 12:29.

7. Dɛn nti na sɛ obi gye Baasakoro nkyerɛkyerɛ no di a, wɔrentumi mmɔ no asu sɛ nokware Kristoni?

7 Baasakoro nkyerɛkyerɛ ne asɛm a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo yi nhyia. Ɔkae sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu.” (Mat. 28:19) Eyi kyerɛ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔbɔ asu bɛyɛ nokware Kristoni anaa Yehowa Dansefo a, ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ Yehowa ne Agya tumfoɔ pumpuni no. Bio nso ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ Yesu ne Onyankopɔn Ba a wama no tumi. Afei ɛsɛ sɛ ogye di sɛ honhom kronkron yɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade, na ɛnyɛ Baasakoro fã bi. (Gen. 1:2) Sɛ obi da so ara gye Baasakoro nkyerɛkyerɛ no di a, wɔrentumi mmɔ no asu mma ɛnyɛ yiye. Yehowa nkurɔfo abehu sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ gu Onyankopɔn ho fĩ, na wɔatwe wɔn ho afi saa nkyerɛkyerɛ no ho. Yɛda Yehowa ase sɛ wama yɛn agyapade a ɛbɔ yɛn ho ban fi atoro nkyerɛkyerɛ ho.

AHONHOMSƐM

8. Adwene bɛn na na Babilonfo wɔ wɔ anyame ne adaemone ho?

8 Na Babilonfo som anyame ne adaemone, na na ahonhonsɛm di akoten  wɔ wɔn amanne mu. Nhoma bi ka sɛ na Babilonfo gye di sɛ wɔn anyame akyi no, adaemone na wodi hɔ. Na adaemone betumi ama nkurɔfo ayare. Ɛba saa a, wɔbɔ wɔn anyame no mpae ma wogye wɔn fi adaemone nsam.—The International Standard Bible Encyclopaedia.

9. (a) Yudafo kɔyɛɛ nkoa wɔ Babilon akyi no, ɛyɛɛ dɛn na atoro nkyerɛkyerɛ sum wɔn mu pii afiri? (b) Dɛn na ɛbɔ yɛn ho ban fi ahonhonsɛm ho?

9 Bere a Yudafo fii Babilon nkoasom mu no, wɔn mu pii maa atoro nkyerɛkyerɛ sum wɔn afiri. Yudafo pii gyee Hela nkyerɛkyerɛ dii enti wonyaa adwene sɛ adaemone no bi yɛ papa. Onyankopɔn ma yehu pefee sɛ okyi ahonhonsɛm, efisɛ ɔkasa tiaa asumansɛm a na ɛrekɔ so wɔ Babilon no. (Yes. 47:1, 12-15) Nokware a yɛahu no ka yɛn agyapade ho na abɔ yɛn ho ban afi adaemonesɛm ho. Enti ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ahonhonsɛm biara ho sɛnea Onyankopɔn ka no.—Monkenkan Deuteronomium 18:10-12; Adiyisɛm 21:8.

10. Ɛhe na Babilon Kɛse no nkyerɛkyerɛ ne n’amanne ahorow no fi?

10 Ɛnyɛ tete Babilonfo no nkutoo na wɔde wɔn ho hyɛɛ ahonhonsɛm mu; ɛnnɛ ahonhonsɛm ahyeta wɔ atoro som nyinaa mu. Enti na Bible frɛ atoro som a ɛwɔ asase so nyinaa sɛ Babilon Kɛse no. (Adi. 18:21-24) Atoro som a ɛwɔ hɔ nnɛ ne tete Babilonfo som di nsɛ efisɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne amanne ahorow no fi Babilon. Nneyɛe bɔne te sɛ ahonhonsɛm ne ahonisom adonnɔn Babilon Kɛse no, nanso n’awiei abɛn.—Monkenkan Adiyisɛm 18:1-5.

11. Sɛ yɛhwɛ yɛn nhoma ahorow mu a, kɔkɔbɔ bɛn na yehu fa ahonhonsɛm ho?

11 Yehowa kae sɛ ‘onni asumansɛm ho koma.’ (Yes. 1:13) Bɛboro mfe 100 a atwam no, ade biako a egyee ntini ne ahonhonsɛm. Enti Zion’s Watch Tower a ɛbaa May 1885 kae sɛ: “Efi tete besi nnɛ nyinaa nnipa pii gye di sɛ, sɛ obi wu a, ɔkɔtena baabi anaa obi wu a ɔkɔ wiase foforo bi mu.” Watch Tower no toaa so sɛ adaemone ayɛ wɔn ho ohintaduakyi; wɔne ateasefo kasa te sɛ nea awufo na ɛne wɔn rekasa. Enti adaemone nam saa kwan yi so adaadaa nnipa pii. Asafo no yɛɛ nhomawa bi tete no de bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ ahonhonsɛm ho. (What Say the Scriptures About Spiritism?) Ɛnnɛ nso wɔatintim nhoma ahorow a ɛbɔ yɛn kɔkɔ wɔ ahonhonsɛm ho.

AWUFO REHU AMANE WƆ BAABI ANAA?

12. Dɛn na Solomon ka faa awufo ho?

12 Wɔn a “wɔabehu nokware no nyinaa” nim sɛ awufo nni baabi a wɔrehu amane. (2 Yoh. 1) Solomon kae sɛ: “Anidasoɔ wɔ hɔ ma obiara a wɔkan no fra ateasefoɔ, ɛfiri sɛ kraman a ɔte aseɛ yɛ sene gyata a wawuo. Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu; awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara . . . Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Adamena mu a worekorɔ no.”—Ɔsɛnk. 9:4, 5, 10, Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ, Asante Twi.

13. Helafo nkyerɛkyerɛ ne wɔn amanne bɛn na Yudafo gye toom?

13 Yehowa maa Yudafo no huu tebea a awufo wom. Bere a Greece hene Alexander Ɔkɛseɛ ahenni mu paapaee no, n’asahene kyɛɛ ahemman no mu fae. Yuda ne Siria bɛhyɛɛ wɔn ase, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nkurɔfo agye Hela som ne wɔn amammerɛ atom. Afei Yudafo de atoro nkyerɛkyerɛ fraa wɔn gyidi. Atoro nkyerɛkyerɛ no bi ne  sɛ ɔkra bi hyɛ nipa mu a enwu da na baabi wɔ hɔ a wɔyɛ akra ayayade. Ɛnyɛ Helafo na wodii kan kyerɛkyerɛe sɛ baabi wɔ hɔ a wɔyɛ akra ayayade. Nhoma bi ka sɛ na Babilonfo gye di sɛ wiase bi wɔ baabi a anyame ne adaemone a wɔn ho yɛ hu yɛ nkurɔfo ayayade wɔ hɔ. (The Religion of Babylonia and Assyria) Enti na Babilonfo gye di sɛ ɔkra bi hyɛ nipa mu a enwu da.

14. Dɛn na na Hiob ne Abraham nim fa owu ne owusɔre ho?

14 Na ɔtreneeni Hiob nni Bible nanso na onim tebea a awufo wom. Na onim nso sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn na wayɛ krado sɛ obenyan no afi awufo mu. (Hiob 14:13-15) Na Abraham nso gye di sɛ Yehowa benyan awufo. (Monkenkan Hebrifo 11:17-19.) Mmarima yi mu biara nni hɔ a na ogye di sɛ onipa wu a, ne kra kɔtena baabi. Sɛ obi wu na ɔkɔtena baabi a, anka owusɔre biara ho nhia. Yebetumi aka sɛ Onyankopɔn honhom na ɛboaa Hiob ne Abraham ma wohuu tebea a awufo wom. Ɛno ara nso na ɛboaa wɔn ma wonyaa gyidi sɛ wobenyan awufo. Saa nokwasɛm yi nyinaa ka yɛn agyapade ho.

YEHIA ‘AGYEDE’ NO

15, 16. Dɛn na Onyankopɔn ayɛ de agye yɛn afi bɔne ne owu mu?

15 Ade a Adam de gyaw n’asefo ne bɔne ne owu, nanso Onyankopɔn adaworoma yenim nea wɔayɛ de agye yɛn afi mu. (Rom. 5:12) Yenim sɛ Yesu “amma sɛ wɔnsom no, na mmom sɛ ɔbɛsom de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mar. 10:45) Ɛnyɛ wo dɛ sɛ woabehu sɛ “wɔnam Kristo Yesu agyede no so” agye yɛn afi bɔne ne owu mu?—Rom. 3:22-24.

16 Asomafo no bere so no, na ehia sɛ Yudafo ne Amanaman mufo sakra fi wɔn bɔne ho na wonya Yesu agyede afɔre no mu gyidi ansa na wɔanya bɔne  fafiri. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ. (Yoh. 3:16, 36) Sɛ obi kɔ so ara tena atoro nkyerɛkyerɛ mu na ogye di sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro anaa ɔkra bi hyɛ nipa mu a enwu da a, agyede no ntumi mmoa no. Nanso yɛn de, ebetumi aboa yɛn, efisɛ yenim Onyankopɔn Ba a ɔdɔ no no ho nokwasɛm. Ne Ba yi na “yɛnam no so anya ogye, kyerɛ sɛ yɛn bɔne fafiri.”—Kol. 1:13, 14.

KƆ SO ARA SOM YEHOWA!

17, 18. Ɛhe na yebehu Yehowa Adansefo abakɔsɛm? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua?

17 Onyankopɔn akyerɛkyerɛ yɛn nneɛma pii a yebetumi aka sɛ ɛyɛ agyapade. Bio nso wama yɛn nneɛma foforo a ɛhyɛ yɛn den ma yɛsom no. Ebi ne suahu ahorow a ɛkyerɛ sɛ ohyira yɛn honhom fam ne honam fam nyinaa. Yɛn Yearbook no ma yehu sɛnea Yehowa asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa de anigye ne ahokeka resom no. Bio nso video a wɔato din Gyidi a Wɔda No Adi, Ɔfã 1 ne Ɔfã 2 ne Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no ma yehu Yehowa Adansefo abakɔsɛm yiye. Yɛn nuanom Kristofo asetenam nsɛm nso taa ba yɛn nsɛmma nhoma mu. Eyi nyinaa hyɛ yɛn den.

18 Tete no, sɛ Israelfo kaakae sɛnea Onyankopɔn gyee wɔn fii Egypt no a, na ɛhyɛ wɔn den. Saa ara na yɛn nso sɛ yɛte Yehowa Adansefo abakɔsɛm a, ɛhyɛ yɛn den. (Ex. 12:26, 27) Mose huu Onyankopɔn anwonwadwuma pii, enti bere a ɔbɔɔ akora no, ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Monkae tete, mummu nkɔmpɔw nhwɛ mo akyi, awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso; bisa w’agya, na ɔbɛkyerɛ wo; wo mpanyimfo, na wɔbɛka akyerɛ wo.” (Deut. 32:7) Yɛyɛ ‘Yehowa man ne n’adidibea nguan,’ enti yɛde anigye yi no ayɛ na yɛka n’anwonwadwuma kyerɛ afoforo. (Dw. 79:13) Bio nso, yɛhwehwɛ yɛn abakɔsɛm mu sua biribi fi mu na aboa yɛn ma yɛakɔ so asom Yehowa.

19. Esiane sɛ nokware no ahyerɛn wɔ yɛn so nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

19 Yɛda Yehowa ase sɛ wama ne hann ahyerɛn ama yɛn. Eyi enti yɛmfa yɛn ti mpempem wɔ sum mu. (Mmeb. 4:18, 19) Enti momma yɛnyere yɛn ho nsua Onyankopɔn Asɛm no, na yɛmfa nsi ne ahokeka nka nokware no nkyerɛ afoforo. Saa ara na odwontofo no yɛe. Ɔtontonoo Awurade Tumfoɔ Yehowa sɛ: “Mɛka wo trenee ho asɛm, wo nkutoo de. O Onyankopɔn, wufi me mmofraase na akyerɛkyerɛ me, maka w’anwonwadwuma ho asɛm de abesi nnɛ. O Onyankopɔn, sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen mpo a, nnyaw me, kosi sɛ mɛka wo basa ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso, na mɛka wo kɛseyɛ ho asɛm akyerɛ nkyirimma.”—Dw. 71:16-18.

20. Sɛ yedi Yehowa nokware a, dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ yɛkae sɛ Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no na ɔno na ɔfata sɛ odi yɛn so a, ɛka yɛn dɛn?

20 Sɛ yedi Yehowa nokware a, yɛbɛyɛ biribiara de akyerɛ sɛ ɔno na ɔfata sɛ odi yɛn so na yɛapae mu aka sɛ ɔno ne Amansan Hene na ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛsom no. (Adi. 4:11) Yehowa honhom wɔ yɛn so, enti yɛka asɛmpa no kyerɛ ahobrɛasefo ne wɔn a wɔn koma abubu na yɛkyekye wɔn a wodi awerɛhow werɛ. (Yes. 61:1, 2) Satan rebɔ mmɔden sɛ obedi Onyankopɔn nkurɔfo ne adesamma nyinaa so, nanso ɛrenkosi hwee. Yɛn de, ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛwɔ agyapade a ɛboa yɛn ma yɛsom Yehowa. Enti yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so adi Onyankopɔn nokware na yɛayi Awurade Tumfoɔ Yehowa ayɛ ɛnnɛ akosi daa.—Monkenkan Dwom 26:11; 86:12.