Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Yudafo a wɔtenaa ase asomafo no bere so no, sɛ obi wu a, dɛn na na wɔyɛ no ansa na wɔasie no?

Yudafo mu no, sɛ obi wu a, na wosie no ntɛm; ná wɔtaa sie no da no ara mpo. Nneɛma abien bi nti na na wosie awufo ntɛm saa. Nea edi kan ne sɛ, Mediterranea Apuei fam hɔ no, esiane sɛ ɛhɔ yɛ hyew nti, sɛ obi wu a, amu no sɛe ntɛm. Nea ɛto so abien, wɔkyerɛ sɛ saa bere no, sɛ obi wu na wɔansie no ntɛm a ɛyɛ animguase ma owufo no ne n’abusuafo.

Sɛ yɛhwɛ Nsɛmpa no ne Asomafo Nnwuma no mu a, anyɛ yiye koraa no, yehu nnipa baanan a wowui a wosiee wɔn da no ara. (Mateo 27:57-60; Asomafo Nnwuma 5:5-10; 7:60–8:2) Mfe pii ansa na saa nkurɔfo yi rewu no, Yakob yere Rahel a ɔdɔ no paa no wui bere a Yakob ne n’abusua nam akwantu mu. Anka Yakob betumi de amu no akɔ akosie wɔ n’abusuafo amusiei, nanso Yakob siee no adamoa mu wɔ “Betlehem, kwan so.”—Genesis 35:19, 20, 27-29.

Ayiyɛ ho nhyehyɛe a wɔakyerɛw ho asɛm wɔ Bible mu ma yehu sɛ Yudafo mu no, sɛ obi wu a, na wɔtɔ wɔn bo ase siesie amu no yiye ansa na wɔakosie. Owufo no abusuafo ne ne nnamfo guare amu no, na wɔde nnuru ne ngo pa srasra no de ntama kyekyere no. (Yohane 19:39, 40; Asomafo Nnwuma 9:36-41) Afipamfo ne nnamfo tumi kosu na wɔkyekye abusuafo no werɛ.—Marko 5:38, 39.

Sɛnea na Yudafo sie awufo no, saa na wosiee Yesu anaa?

Israel mmeae pii no, na abotan a ɛyɛ mmerɛw wɔ hɔ, na na Yudafo no tumi tu aboda wom sie wɔn abusuafo a wɔawuwu. Saa na wɔn nananom yɛe. Wosiee Abraham, Sara, Isak, Yakob ne afoforo wɔ Makpela aboda a ɛbɛn Hebron no mu.—Genesis 23:19; 25:8, 9; 49:29-31; 50:13.

Ɔbotan bi a na wɔatu mu ayɛ no ɔboda mu na wosiee Yesu. (Marko 15:46) Ná saa aboda no ano kwan susua. Ná wotwitwa akwan to abo no mu yɛ baabi a wɔde abusuafo a wobewu no bɛto. Sɛ honam no porɔw tetew a, wɔsesaw nnompe no gu ɔbo adaka bi mu sɛnea na wɔtaa yɛ wɔ Yesu bere so no. Eyi ma abusua no nya baabi foforo a wobesie wɔn awufo.

Mose Mmara no mu no, na wɔmma Yudafo kwan mma wɔnyɛ ayi Homeda. Yesu wui no, na aka nnɔnhwerew abiɛsa ama Homeda adu, enti Yosef a ofi Arimatea ne afoforo siee no, nanso wɔantumi ansiesie amu no sɛnea wɔtaa yɛ no no. (Luka 23:50-56) Ɛno nti, Homeda twaam no, Yesu nnamfonom kɔɔ aboda no mu sɛ anka wɔrekosiesie amu no.—Marko 16:1; Luka 24:1.