Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MOMFA NKYERƐKYERƐ MO MMA

Petro ne Anania Dii Atoro—Dɛn na Yesua Fi Mu?

Petro ne Anania Dii Atoro—Dɛn na Yesua Fi Mu?

Sɛnea wunim no, sɛ wɔka sɛ obi adi atoro a, ɛkyerɛ sɛ waka biribi a onim sɛ ɛnyɛ nokware. Woadi atoro da? * Mpanyimfo a wɔdɔ Onyankopɔn mpo, ebinom adi atoro pɛn. Ebia wunim obi a ne ho asɛm wɔ Bible mu a odii atoro. Ne din de Petro; ná ɔyɛ Yesu asomafo 12 no mu biako. Ma yɛnhwɛ nea ɛyɛe a odii atoro.

Bere a wɔkyeree Yesu no, wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panyin no fie. Ná ɛyɛ ahemadakye. Petro tumi koduu ɔsɔfo panyin no fie a obiara anhu no. Ogya a na wɔasɔ no nti, hann baa hɔ, na ɔsɔfo panyin abaawa a ɔmaa Petro wuraa fie hɔ no huu onipa kõ a ɔyɛ. Abaawa no kae sɛ: “Wo nso na woka Yesu no ho.” Petro bɔɔ hu na ɔkae sɛ ɛnyɛ ɔno a.

Bible ka sɛ akyiri yi “abeawa foforo huu no,” na ɔkae sɛ: “Na saa ɔbarima yi ka Yesu ho.” Petro san kae sɛ ɛnyɛ ɔno a. Ankyɛ, nnipa bi kɔɔ Petro so kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ampa woka wɔn ho.”

Afei na Petro koma atu. Enti Petro dii atoro a ɛto so abiɛsa kae sɛ: “Minnim onipa no!” Akokɔ bɔnee. Yesu hwɛɛ Petro anim, na Petro kaee asɛm bi a na waka akyerɛ no. Ná ɛnkyɛe koraa na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn no na woapa me mprɛnsa.” Ɛhɔ ara na Petro fii ase sui. Asɛm no yɛɛ no yaw paa!

Wugye di sɛ biribi a ɛte saa betumi ato wo?— Ebia na wowɔ sukuu mu, na wotee sɛ sukuufo no reka Yehowa Adansefo ho asɛm. Nea wobɛte ara ne “wonkyia frankaa,” na oyi nso de nam ha, “wɔnko mma wɔn man.” Ná obi nso aka sɛ, “Wɔn koraa, wɔnyɛ Kristofo, efisɛ wonni Buronya.” Afei ná biako ahwɛ w’anim abisa wo sɛ, “Wo koraa sɛ́ woyɛ Yehowa Dansefo?” Dɛn na anka wobɛka?

 Ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho sɛ wobɛpɛ mmuae pa bi ato hɔ ansa na biribi saa asi. Petro ansiesie no ho, enti bere a wobisaa no Yesu ho asɛm no, odii atoro! Nanso onuu ne ho paa, enti Onyankopɔn de ne bɔne kyɛɛ no.

Asomafo no bere so no, Yesu suani bi a wɔfrɛ no Anania nso dii atoro. Ɔno ne ne yere Safira de, Onyankopɔn amfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn. Ɔne ne kunu yɛɛ adwene sɛ wobedi atoro. Ma yɛnhwɛ nea enti a Onyankopɔn amfa Anania ne Safira bɔne ankyɛ wɔn.

Bere a Yesu fii asomafo no nkyɛn san kɔɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ soro no, dadu na wɔbɔɔ nnipa bɛyɛ 3,000 asu wɔ Yerusalem. Wɔn mu binom fi akyirikyiri bedii Pentekoste Afahyɛ, na bere a wɔbɛyɛɛ Yesu asuafo no, wɔpɛe sɛ wɔtena hɔ kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asua gyidi foforo no ho ade pii. Enti Yesu asuafo no bi de wɔn ara sika hwɛɛ wɔn.

Anania ne ne yere tɔn wɔn agyapade bi sɛ wɔde sika no bɛboa asuafo a wɔabɔ asu foforo no. Bere a Anania de sika no brɛɛ asomafo no, ɔkae sɛ sika no nyinaa na ɔde aba no. Nanso na ɔboa! Ɔtew sika no bi siei! Onyankopɔn maa Petro hui, enti Petro ka kyerɛɛ Anania sɛ: “Onyankopɔn na woadi atoro akyerɛ no, na ɛnyɛ nnipa.” Ɛhɔ ara na Anania hwee fam wui! Bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, ne yere nso bae. Ná onnim nea ato ne kunu, enti ɔno nso dii atoro; ɔno nso hwee fam wui.

Yebetumi asua biribi afi mu; ɛno ne sɛ: Ehia sɛ yɛka nokware bere nyinaa. Ehia sɛ yɛn nyinaa sua sɛ yɛbɛka nokware. Nanso yɛn nyinaa bedi mfomso, na sɛ yɛyɛ mmofra a, ɛnde yebedi mfomso pii. Sɛnea Yehowa de Petro bɔne kyɛɛ no no, enti wo nso ɛnyɛ wo dɛ sɛ ɔdɔ wo na ɔde wo bɔne bɛkyɛ wo anaa?— Nanso kae, ɛsɛ sɛ yɛka nokware. Nso sɛ ɛkɔba sɛ yɛyɛ mfomso kɛse kodi atoro a, ntɛm ara yɛnsrɛ Onyankopɔn na ɔmfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn. Ɛbɛyɛ sɛ saa na Petro yɛe, na Onyankopɔn de ne bɔne kyɛɛ no. Yɛn nso sɛ yɛbɔ mmɔden paa sɛ yɛrenni atoro bio a, Onyankopɔn de bɛkyɛ yɛn!

^ nky. 3 Sɛ worekenkan akyerɛ abofra na wuhu sɛ wɔasan baabi sei (—) a, ɛkyerɛ sɛ gyina na ma abofra no nkyerɛ n’adwene.