Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ne Yɛn Tenabea

Yehowa Ne Yɛn Tenabea

“O Yehowa, wone yɛn tenabea awo ntoatoaso nyinaa mu.”—DW. 90:1.

1, 2. Onyankopɔn asomfo bu wɔn ho dɛn wɔ wiase yi mu? Ofie bɛn na wɔwɔ?

 WO ARA wohwɛ wiase a yɛte mu yi a, wubetumi de wo nsa asi wo bo aka sɛ ‘ofie ne fie’? Sɛ wuntumi nka saa a, kae sɛ ɛnyɛ wo nko ara na wuhu no saa. Efi tete nyinaa wɔn a wɔdɔ Yehowa bu wɔn ho sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ wiase. Nhwɛso bi ni: Bere a Onyankopɔn asomfo anokwafo dii atutena wɔ Kaanan asase so no, “wɔpaee mu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo.”—Heb. 11:13.

2 Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no yɛ “ɔman mma” wɔ soro, enti wobu wɔn ho sɛ “ahɔho ne amamfrafo” wɔ asase yi so. (Filip. 3:20; 1 Pet. 2:11) Kristo “nguan foforo” no nso ‘nyɛ wiase no fã sɛnea na Yesu nyɛ wiase no fã no.’ (Yoh. 10:16; 17:16) Nanso eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nni “fie.” Wɔwɔ fie, nanso ɛnyɛ fie a yɛde yɛn ani hu. Sɛ yɛbɛka a, ɛno ne ofie a ahotɔ ne ahobammɔ wom sen ofie biara. Ɛyɛ fie bɛn? Mose kyerɛwee sɛ: “O Yehowa, wone yɛn tenabea awo ntoatoaso nyinaa mu.” * (Dw. 90:1) Ɔkwan bɛn so na na Yehowa yɛ “tenabea” ma n’asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no? Ɔkwan bɛn so na ɔyɛ “tenabea” ma ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ? Dɛn na ɛkyerɛ sɛ daakye Yehowa nkutoo na ɔbɛyɛ guankɔbea ama ne nkurɔfo?

NA YEHOWA YƐ “TENABEA” MA N’ASOMFO A WƆTENAA ASE TETE NO

3. Dwom 90:1 de Yehowa toto dɛn ho, na dɛn ntia?

3 Ɛtɔ da bi a, Bible de Yehowa toto nneɛma a yɛde yɛn ani hu ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu ne nipasu  yiye. Sɛ yɛhwɛ Dwom 90:1 a, Bible de Yehowa toto “tenabea” anaa ofie ho. Dɛn nti na wɔde Yehowa toto fie ho? Ofie yɛ baabi a ɔdɔ, asomdwoe ne ahobammɔ wɔ. Eyi yɛ ade a Yehowa de ma ne nkurɔfo. Bible ka sɛ Yehowa ne dɔ. (1 Yoh. 4:8) Ɔsan nso yɛ asomdwoe Nyankopɔn a ɔma n’anokwafo nya “ahotɔ.” (Dw. 4:8) Momma yɛnhwɛ sɛnea na Yehowa yɛ tenabea anaa ofie ma ne nkoa anokwafo a wɔtenaa ase tete no. Yɛde Abraham bedi kan.

4, 5. Dɛn na Onyankopɔn yɛe de kyerɛe sɛ ɔyɛ “tenabea” ma Abraham?

4 Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Fi wo man ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ ɔman a mɛkyerɛ wo no so.” Bere a Yehowa kaa saa no, ebia Abraham adwene tu frae. Sɛ saa na ɛte mpo a, asɛm a Yehowa san kae yi kyekyee ne werɛ: “Mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo ama wo din ayɛ kɛse . . . Mehyira wɔn a wohyira wo, na mɛdome obiara a ɔdome wo.”—Gen. 12:1-3.

5 Saa asɛm a Yehowa kae yi kyerɛ sɛ na ɔbɛyɛ tenabea ama Abraham ne n’asefo na wabɔ wɔn ho ban. (Gen. 26:1-6) Yehowa dii ne bɔhyɛ so. Wo de hwɛ, Yehowa amma kwan sɛ Egypt hene Farao ne Gerar hene Abimelek bekum Abraham afa ne yere Sara. Ɔbɔɔ Isak ne Rebeka ho ban saa ara. (Gen. 12:14-20; 20:1-14; 26:6-11) Bible ka sɛ Yehowa amma “onipa biara ansisi wɔn, na wɔn nti ɔkaa ahene anim. Ɔkae sɛ: ‘Mommfa mo nsa nnka me nkurɔfo a masra wɔn no, na m’adiyifo nso, monnyɛ wɔn bɔne.’” (Dw. 105:14, 15)

“Merennyaw wo”

6. Dɛn na Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ ɔnyɛ? Ɛbɛyɛ sɛ Yakob tee nka dɛn?

6 Yehowa adiyifo a Bible ka wɔn ho asɛm no mu biako ne Abraham nana Yakob. Bere a edui sɛ Yakob bɛware no, ne papa Isak ka kyerɛɛ no sɛ: “Nware Kanaanfo mmea no mu biara. Sɔre kɔ Padan-Aram, wo maame papa Betuel fie, na ware wo wɔfa Laban mmabea no mu biako.” (Gen. 28:1, 2) Yakob yɛɛ nea ne papa kae no pɛpɛɛpɛ. Ogyaw n’abusua hɔ wɔ Kanaan de n’ani kyerɛɛ Haran, na ɛbɛyɛ sɛ ɔno nkutoo twaa kwan kilomita pii. (Gen. 28:10) Ebia ɔnam kwan so nyinaa na ɔredwen sɛ: ‘Merekodi nna ahe wɔ hɔ? Enti me wɔfa begye me awaawaa atuu ni? Ɔbɛma manya ɔbea a osuro Yehowa?’ Ebia na eyinom nyinaa yɛ Yakob dadwen. Nanso bere a otwaa kwan kilomita 100 (kwansin 60) fi Beer-Seba koduu Lus no, asɛm bi sii. Ebia eyi maa n’adwinnwen nyinaa tu yerae. Ɛnde, asɛm bɛn na esii wɔ Lus?

7. Awerɛkyekyesɛm bɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob wɔ dae mu?

 7 Bere a Yakob duu Lus no, Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no ɔdae mu. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Medi w’akyi na baabi a wobɛkɔ biara mɛhwɛ wo so, na mɛsan de wo aba asase yi so, na merennyaw wo gye sɛ mayɛ nea maka akyerɛ wo yi nyinaa.” (Gen. 28:15) Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no hyɛɛ Yakob mpamden! Ɛno akyi no hwɛ ahoɔhare ne ahokeka a Yakob de besi kwan so akɔ. Afei ebia ɔbɛhwɛ kwan a Onyankopɔn bɛfa so ma ne bɔhyɛ abam. Sɛ woafi wo man mu resom wɔ ɔman foforo so a, ebia mfiase no na wo nso woredwinnwen te sɛ Yakob. Nanso woahu sɛ Yehowa ayɛ wo mmoa pii.

8, 9. Dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛe sɛ ɔyɛ “tenabea” ma Yakob? Dɛn na yebetumi asua afi mu?

8 Bere a Yakob duu Haran no, ne wɔfa Laban gyee no fɛw so, na ɔde Lea ne Rahel maa no waree. Nanso akyiri yi Laban ne Yakob anni no yiye; ɔsesaa n’akatua mpɛn du! (Gen. 31:41, 42) Eyi nyinaa Yakob ampa abaw efisɛ na ɔwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bedi ama no, na odi maa no nso. Bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ ɔnsan nkɔ Kanaan no, na wanya “nguan ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfurum pii.” (Gen. 30:43) Yakob ani sɔɔ nea Yehowa yɛ maa no no, na ɔbɔɔ mpae sɛ: “Mahu sɛ w’adɔe ne wo nokwaredi a woayi adi akyerɛ me no mfata me, efisɛ bere a meretwa Yordan no, poma pɛ na na ekura me, nanso mprempren mabɛyɛ akuw abien.”—Gen. 32:10.

9 Nea yɛasusuw ho yi ma yehu sɛ asɛm a Mose kae yi yɛ nokware: “O Yehowa, wone yɛn tenabea awo ntoatoaso nyinaa mu”! (Dw. 90:1) Saa ara na ɛte nnɛ, efisɛ “sunsuma a ɛsakra na ɛdannan” nni Yehowa mu. Ɔyɛ tenabea ma n’asomfo anokwafo a wɔwɔ hɔ nnɛ, na ɔhwɛ wɔn so bɔ wɔn ho ban. (Yak. 1:17) Momma yɛnhwɛ ɔkwan a ɔfa so yɛ saa.

YEHOWA YƐ YƐN “TENABEA” NNƐ

10. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa da so ara yɛ “tenabea” ma n’asomfo?

10 Wo de susuw asɛm yi ho: Fa no sɛ wɔde owudifo bi a ɔwɔ tumi a n’ani atew akogyina asɛnnibea. Saa akoa kontomponi dabrabani yi wɔ apamfo wɔ wiase baabiara. Wɔafrɛ wo sɛ bedi adanse wɔ asɛm no ho. Adanse a wukodii no maa ne ho daa hɔ. Sɛ wufi asɛnnibea hɔ pue abɔnten a, wobɛte nka dɛn? Wohwɛ a w’asom bedwo wo? Dabida! Eyi nti wobɛhwehwɛ bammɔfo ma wɔabɔ wo ho ban. Saa ara na Yehowa asomfo nso de akokoduru apa Yehowa tamfo kɛse Satan ho ntama. (Monkenkan Adiyisɛm 12:17.) Satan atumi ama Onyankopɔn nkurɔfo aka wɔn ano atom anaa? Dabi! Mmom yɛn adwuma no kɔ ara na ɛrekɔ so. Dɛn na ama yɛatumi ayɛ saa? Mmuae no yɛ tiawa: Yehowa ne yɛn guankɔbea anaa yɛn “tenabea,” ɛnkanka nna a edi akyiri yi mu. (Monkenkan Yesaia 54:14, 17.) Nanso sɛ yɛma Satan to yɛn brada yi yɛn fi yɛn tenabea hɔ a, Yehowa remmɔ yɛn ho ban.

Onyankopɔn abɔfo bɔ n’asomfo kyidɔm

11. Dɛn na yebetumi asua afi Abraham, Isak, ne Yakob hɔ?

11 Momma yɛnsan nhwɛ nea yebetumi asua afi Abraham, Isak, ne Yakob hɔ. Na wɔte Kanaan asase so, nanso wɔne Kanaanfo no annya twaka biara. Wɔpoo wɔn brabɔne no. (Gen. 27:46) Na wonhia mmara buburigyaa—‘yɛ eyi, nyɛ eyi.’ Nea na wonim fa Yehowa ho ara na wɔde bɔɔ wɔn bra. Na Yehowa ne wɔn tenabea, enti wɔne wiase no ammɔ. Wɔtwee wɔn ho koraa. Eyi yɛ  nhwɛso pa ma yɛn. Ɛnde, wobɔ mmɔden sɛ wubesuasua Yehowa asomfo anokwafo yi? Sɛ ɛba fekubɔ anaa anigyede a, woda no adi sɛ wompɛ sɛ woyɛ wiase yi fã? Awerɛhosɛm ne sɛ Kristofo asafo no mufo bi de wɔn nneyɛe kyerɛ sɛ ɔkwan bi so no, Satan wiase no yɛ wɔn fie. Sɛ woabɔ atenaseɛ kakraa bi mpo wɔ Satan wiase yi mu a, bɔ ho mpae. Kae sɛ wiase yi yɛ Satan dea, na ɔyɛ otirimɔdenfo a onnwen yɛn ho.—2 Kor. 4:4; Efe. 2:1, 2.

12. (a) Dɛn na Yehowa de boa ne fiefo? (b) Wuhu saa nneɛma no dɛn?

12 Sɛ yɛmpɛ sɛ Satan nya yɛn a, ɛnde ɛnsɛ sɛ yebu honhom fam nneɛma a Yehowa de ama ne fiefo no adewa. Saa nneɛma no bi ne Kristofo nhyiam ne abusua som. Bio nso Onyankopɔn ama yɛn ahwɛfo a wɔkyekye yɛn werɛ na wɔboa yɛn wɔ yɛn ahohia mu. Eyinom yɛ ‘nnipa a wɔde wɔn ama sɛ akyɛde.’ (Efe. 4:8-12) Onua George Gangas de mfe pii somee sɛ Akwankyerɛ Kuw no muni. Ɔkae sɛ: “Sɛ me ne Onyankopɔn nkurɔfo wɔ hɔ a, mihu sɛ mewɔ fie, me ara me deɛ mu. Ɛyɛ honhom fam paradise.” Wo ne anuanom wɔ hɔ a, saa na wote nka?

13. Dɛn na yebetumi asua afi Hebrifo 11:13 mu?

13 Ade foforo a yebetumi asua afi Abraham, Isak ne Yakob hɔ ni: Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn aniwu sɛ yɛbɛda nsow wɔ wiase yi mu. Yehui wɔ  nkyekyɛm 1 no mu sɛ saa mmarima anokwafo yi ‘paee mu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asase no so.’ (Heb. 11:13) Ɛnde, woasi wo bo sɛ wobɛda nsow wɔ wiase yi mu? Eyi nna fam, nanso Onyankopɔn ne wo nuanom Kristofo mmoa so, wubetumi ayɛ saa. Kae sɛ tebea yi na wo nuanom nyinaa refa mu. Yehowa somfo biara gyina akono! (Efe. 6:12) Nanso yebetumi adi nkonim. Nea ehia ara ne sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so na yɛde no ayɛ yɛn tenabea.

14. Tete no “kurow” bɛn na na Yehowa asomfo retwɛn?

14 Ade biako nso a ehia sɛ yɛyɛ ni: Ɛsɛ sɛ yesuasua Abraham na yɛde yɛn ani si yɛn akatua no so. (2 Kor. 4:18) Ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ na Abraham retwɛn “kurow a ɛwɔ fapem ankasa a ne kyekyefo ne ne yɛfo ne Onyankopɔn.” (Heb. 11:10) Saa “kurow” no ne Mesia Ahenni no. Abraham de, na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn saa “kurow” no. Nanso sɛ yɛbɛka a, yɛn de, enhia sɛ yɛtwɛn efisɛ Ahenni no redi tumi wɔ soro. Anigyesɛm mpo ne sɛ Bible nkɔmhyɛ ma yehu sɛ ɛrenkyɛ koraa ebedi asase nyinaa so.  Wugye di paa sɛ saa Ahenni no wɔ hɔ? So wode Ahenni no di kan wɔ biribiara mu na wotwe wo ho fi wiase no ho koraa?—Monkenkan 2 Petro 3:11, 12.

YEHOWA BƐKƆ SO ARA AYƐ YƐN “TENABEA”

15. Dɛn na ɛbɛto wɔn a wɔde wɔn werɛ hyɛ wiase yi mu no?

15 Bere a Satan wiase yi rebɛn n’awiei no, “awoko yaw” mu bɛyɛ den paa. (Mat. 24:7, 8) Ahohiahia kɛse no pae gu a, nneɛma begye agu koraa. Adan ne nneɛma foforo bɛsɛe, na nkurɔfo koma betu na wɔabɔ nnyennyan. (Hab. 3:16, 17) Nea ebesi no bɛma nkurɔfo adwene atu afra, na sɛnea Bible ka no, wɔbɛkɔ akɔbɔ wɔn ho aguaa wɔ “abodan ne mmepɔw mu abotan mu.” (Adi. 6:15-17) Nanso abodan oo, amammui ahyehyɛde a ɛte sɛ bepɔw oo, nnwuma akɛse akɛse oo, emu biara rentumi mmɔ wɔn ho ban.

16. Ɛsɛ sɛ yebu Kristofo asafo no dɛn, na dɛn ntia?

16 Yehowa Nyankopɔn bɛkɔ so ara ayɛ “tenabea” ama ne nkurɔfo wɔ ahohiahia kɛse no mu. Wobedi “ahurusi wɔ Yehowa mu” sɛnea odiyifo Habakuk yɛe no. ‘Wɔn ani begye wɔn nkwagye Nyankopɔn mu.’ (Hab. 3:18) Dɛn paa na Yehowa bɛyɛ de akyerɛ sɛ ɔyɛ yɛn “tenabea” wɔ ahohiahia kɛse no mu? Ɛno deɛ, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn ma edu hɔ ansa. Nanso ade biako bi wɔ hɔ a yebetumi de yɛn nsa asi yɛn bo aka: Wɔbɛhyehyɛ “nnipakuw kɛse” no ma wɔakɔ so ayɛ biako na wɔagye akwankyerɛ afi Onyankopɔn hɔ sɛnea Israelfo no yɛe bere a wɔrefi Egypt no. (Adi. 7:9; monkenkan Exodus 13:18.) Ɔkwan bɛn na Yehowa bɛfa so ama yɛn akwankyerɛ saa bere no? Ebia Yehowa bɛfa asafo no so ma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yesaia nhoma no ka “mpia” bi ho asɛm. Saa mpia yi bɛbɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban. Ɛbɛyɛ sɛ mpia no gyina hɔ ma asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa. (Monkenkan Yesaia 26:20.) Ɛnde, asafo nhyiam som bo ma wo? Sɛ Yehowa nam asafo no so ma yɛn akwankyerɛ a, wode yɛ adwuma ntɛm?—Heb. 13:17.

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛ “tenabea” ma n’asomfo anokwafo a wɔawuwu mpo?

17 Sɛ obi di nokware na owu ansa na ahohiahia kɛse no aba a, Yehowa bɛkɔ so ara ayɛ ne “tenabea.” Ɔkwan bɛn so? Obenyan no. Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Mene . . . Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn.” (Ex. 3:6) Saa bere no, na Abraham, Isak, ne Yakob awu dedaadaw. Yesu tii asɛm yi mu na ɔde kaa ho sɛ: “Ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de, efisɛ wɔn nyinaa te ase ma no.” (Luka 20:38) Yehowa ani so de, sɛ obi di nokware na owu mpo a, ɛte sɛ nea ɔte ase. Obenyan no, biribiara rensiw kwan.—Ɔsɛnk. 7:1.

18. Wiase foforo no mu no, dɛn na ɛbɛkyerɛ paa sɛ Yehowa yɛ “tenabea” ma ne nkurɔfo?

18 Wiase foforo no mu paa na yebehu sɛ Yehowa yɛ “tenabea” ma ne nkurɔfo ampa. Adiyisɛm 21:3 ka sɛ: “Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu, na ɔne wɔn bɛtena.” Mfiase no Yehowa nam Kristo Yesu so ne n’asomfo a wɔwɔ asase so bɛtena mfe apem. Ɛno akyi no Yesu bɛdan Ahenni no ama n’Agya. Saa bere no na wawie asase no ho adwuma biara a Onyankopɔn de ahyɛ ne nsa. (1 Kor. 15:28) Afei Yehowa bedi adesamma so tee; saa bere no na nnipa ayɛ pɛ enti wɔrenhia Yesu sɛ wɔn ntamgyinafo bio. Nokwasɛm ni, yɛrehwɛ daakye nwonwaso bi kwan! Enti momma yɛnyere yɛn ho nsuasua Yehowa asomfo a wɔtenaa ase tete no na yɛmfa Yehowa nyɛ yɛn “tenabea.”

^ nky. 2 Contemporary English Version kyerɛ Dwom 90:1 ase sɛ: “O Awurade, wone yɛn fie awo ntoatoaso nyinaa mu.”