Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hyɛ Yehowa Din Kɛse no Anuonyam

Hyɛ Yehowa Din Kɛse no Anuonyam

“Mɛhyɛ wo din anuonyam akosi daa.”—DW. 86:12.

1, 2. Nsonsonoe bɛn na ɛda sɛnea Kristoman asɔre ahorow bu Onyankopɔn din ne sɛnea Yehowa Adansefo bu no?

KRISTOMAN asɔre ahorow mfa Onyankopɔn din nyɛ hwee. Ɛho nhwɛso ni: Revised Standard Version Bible no nnianim asɛm ka sɛ “ɛnyɛ papa koraa” sɛ asɔre no de Onyankopɔn din ankasa bɛfrɛ no.

2 Nanso Yehowa Adansefo de, ɛyɛ yɛn dɛ sɛ Onyankopɔn din da yɛn so na yɛanya hokwan rehyɛ edin no anuonyam. (Monkenkan Dwom 86:12; Yesaia 43:10.) Bio nso ɛyɛ akwannya kɛse sɛ yenim nea edin no kyerɛ ne nea enti a ehia sɛ yɛma din no ho tew. (Mat. 6:9) Ɛnsɛ sɛ yebu saa hokwan yi adewa. Ɛnde, momma yensusuw nsɛmmisa abiɛsa yi ho: Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yenim Onyankopɔn din? Dɛn na Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ ne din kɛse no fata no? Yɛbɛyɛ dɛn anantew Yehowa din mu?

NEA ƐKYERƐ SƐ YENIM ONYANKOPƆN DIN

3. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi nim Onyankopɔn din?

3 Sɛ obi hu edin “Yehowa” no a, ɛno nkutoo nkyerɛ sɛ onim Onyankopɔn din. Ɛkɔ akyiri sen saa koraa. Sɛ yɛka sɛ obi nim Onyankopɔn din a, ɛkyerɛ sɛ onim ne su ne ne ban, n’atirimpɔw, ne ne nnwuma ahorow a Bible da no adi, ne sɛnea ɔne ne nkurɔfo di. Bere a Yehowa atirimpɔw rebam nyinaa, na yɛrehu no nkakrankakra. (Mmeb. 4:18) Yehowa maa Adam ne Hawa huu ne din, enti bere a Hawa woo Kain no, ɔbɔɔ din no. (Gen. 4:1) Ná Yehowa asomfo anokwafo te sɛ Noa, Abraham, Isak, ne Yakob nim Onyankopɔn din. Bere a Yehowa hyiraa wɔn, ɔhwɛɛ wɔn, na ɔma wohuu n’atirimpɔw no, wobehuu no yiye. Akyiri yi Onyankopɔn maa Mose nso huu nea ne din no kyerɛ ankasa.

Mose huu nea Onyankopɔn din kyerɛ, na ɛhyɛɛ ne gyidi den

4. Dɛn nti na Mose bisaa Onyankopɔn sɛ ɔnkyerɛ no ne din? Dɛn nti na ntease wom sɛ Mose bisaa saa?

 4 Monkenkan Exodus 3:10-15. Bere a Mose dii mfe 80 no, Onyankopɔn maa no adwuma kɛse bi. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Koyi me man Israelfo no fi Egypt.” Mose de nidi bisaa Onyankopɔn asɛm bi a ɛho hia paa. Nea na ɔrebisa no ara ne sɛ: ‘Wo din de dɛn?’ Ná Onyankopɔn nkurɔfo nim ne din dedaadaw, enti dɛn nti na Mose bisaa saa asɛm no? Yebetumi aka sɛ na ɔpɛ sɛ ohu onii a okura saa din no ho nsɛm pii. Na ɔpɛ sɛ Israelfo no nya ahotoso sɛ Onyankopɔn begye wɔn ampa. Ntease wom sɛ Mose bisaa saa efisɛ na Israel man no kɔɔ nkoasom mu akyɛ. Enti ebia wɔn adwenem bɛyɛ wɔn naa abisa sɛ, ‘Enti Onyankopɔn betumi agye yɛn ni?’ Asɛm no ne sɛ, saa bere no na Israelfo bi mpo afi ase resom Egyptfo anyame.—Hes. 20:7, 8.

5. Dɛn na Yehowa maa Mose hu faa ne din ho?

5 Mmuae bɛn na Yehowa de maa Mose? Ɔkae sɛ: “Ka kyerɛ Israelfo no sɛ, ‘MƐYƐ na asoma me mo nkyɛn.’” * Ɔtoaa so sɛ: “Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn . . . na asoma me mo nkyɛn.” Bere a Onyankopɔn kaa saa no, ɔmaa Mose huu biribi titiriw faa ne ho. Nea na Yehowa rekyerɛ ne sɛ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma n’atirimpɔw ba mu no, ɔbɛyɛ. N’asɛm biara bɛbam. Enti Yehowa kae wɔ Exodus 3:15 sɛ: “Eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.” Yebetumi aka sɛ saa asɛm yi kaa Mose koma paa na ɛhyɛɛ ne gyidi den!

YEHOWA KYERƐE SƐ NE DIN FATA NO

6, 7. Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛe sɛ ne din kɛse no fata no?

6 Bere a Yehowa de asɛm no too Mose anim no, ankyɛ na ɔdaa no adi sɛ ne din fata no. Yehowa kyerɛe sɛ ɔno ne Israel Gyefo. Ɔde ɔhaw du baa Egyptfo so, na ɔmaa wohui sɛ Farao ne Egypt anyame no ntwa tau. (Ex. 12:12) Afei Yehowa maa Po Kɔkɔɔ no mu pae maa Israelfo faa mu, na ɔmaa Farao ne n’asraafo memee. (Dw. 136:13-15) Bere a Israelfo nam “sare kɛse a ɛso yɛ hu” no so no, Yehowa hwɛɛ ne nkurɔfo mpempem bebree no so, na ɔmaa wɔn aduan ne nsu. Nokwasɛm ne sɛ wɔn ntade antetew na wɔn mpaboa anhi.  (Deut. 1:19; 29:5) Eyi nyinaa kyerɛ sɛ biribiara a ɛsɛ sɛ Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ne din kɛse no fata no no, ɔbɛyɛ; biribiara rentumi nsiw ne kwan. Mfe bi akyi no, ɔka kyerɛɛ Yesaia sɛ: “Me ara mene Yehowa, na m’akyi no, ogyefo biara nni hɔ.”—Yes. 43:11.

7 Yosua a obesii Mose ananmu no nso huu anwonwade a Yehowa yɛe wɔ Egypt ne sare no so. Enti aka kakra ma Yosua awu no, ɔde ahotoso ka kyerɛɛ ne mfɛfo Israelfo sɛ: “Munim mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn aka akyerɛ mo no mu asɛm biako mpo ntɔɔ fam. Ne nyinaa aba mu; biako mpo ntɔɔ fam.” (Yos. 23:14) Yehowa yɛɛ nea ɔkae nyinaa pɛpɛɛpɛ.

8. Dɛn na Yehowa reyɛ nnɛ a ɛkyerɛ sɛ ne din fata no?

8 Ɛnnɛ nso, Yehowa ‘reyɛ’ nea wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no. Ɔnam ne Ba no so kae sɛ nna a edi akyiri mu no, wɔbɛka Ahenni no ho asɛm “wɔ asase so nyinaa.” (Mat. 24:14) Sɛ ɛnyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn a, hena bio na obetumi ahyɛ nkɔm a ɛte saa na wahwɛ ma adwuma no akɔ so? Hena bio na obetumi de “nnipa a wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa” ayɛ adwuma kɛse saa? (Aso. 4:13) Enti sɛ yɛka asɛmpa no a, na yɛreboa ma Bible nkɔmhyɛ abam. Afei nso ɛhyɛ yɛn soro Agya no anuonyam na yɛda no adi sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu na yɛbɔ saa mpae yi: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.”—Mat. 6:9, 10.

NE DIN SÕ

Farao annye antom sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no

9, 10. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Israelfo no dii a, dɛn bio na yesua fa ne ho?

9 Bere a Israelfo fii Egypt no, ankyɛ na Yehowa ma wohuu ne ho biribi foforo. Yehowa ne wɔn yɛɛ Mmara apam na ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔn “kunu” na wahwɛ wɔn. (Yer. 3:14) Ɔkwan bi so no, Israelfo no nso bɛyɛɛ ne yere na ɔde ne din too wɔn so. (Yes. 54:5, 6) Sɛ wotie n’ahyɛde a, ɔno nso bɛyɛ n’asɛde sɛ ‘okunu’: Obehyira wɔn, ahwɛ wɔn na wama wɔn asomdwoe. (Num. 6:22-27) Eyi bɛma aman nyinaa ahyɛ Yehowa din kɛse no anuonyam. (Monkenkan Deuteronomium 4:5-8; Dwom 86:7-10.) Nokwasɛm ni, sɛ yɛhwɛ Israelfo abakɔsɛm a, yehu sɛ ahɔho pii bɛsom Yehowa. Ɔkwan bi so no, wɔkaa asɛm a Moabni bea Rut ka kyerɛɛ Naomi yi bi: “Wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.”—Rut 1:16.

10 Bɛyɛ mfe 1,500 a Israel ne Yehowa  nantewee no, ɔma wohuu nneɛma foforo pii faa ne ho. Israelfo asoɔden nyinaa akyi no, Yehowa nyaa wɔn ho abotare na ɔdaa no adi sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn mmɔborɔhunufo” a “ne bo kyɛ fuw.” Ná n’abotare ne n’abodwokyɛre so bi nni. (Ex. 34:5-7) Nanso n’abotare no nkyerɛ sɛ ɔma biribiara hokwan. Bere a Yudaman poo ne Ba no na wokum no no, abotare a Yehowa wɔ wɔ wɔn ho no sae. (Mat. 23:37, 38) Ɛbaa saa no, Onyankopɔn yii ne din fii honam fam Israel so. Nkakrankakra wɔbɛyɛe sɛ dua a awu. (Luka 23:31) Dɛn na afei Israelfo no yɛe wɔ Onyankopɔn din ho?

11. Ɛyɛɛ dɛn na Yudafo no gyaee Onyankopɔn din no bɔ koraa?

11 Abakɔsɛm ma yehu sɛ eduu baabi no, Yudafo fii ase de gyidihunu bataa Onyankopɔn din ho. Wɔkae mpo sɛ edin no yɛ kronkron enti ɛnsɛ sɛ obiara bɔ. (Ex. 20:7) Afei nkakrankakra Onyankopɔn din yera fii wɔn kasa mu. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛɛ Yehowa yaw sɛ wɔretoto ne din no agyaagyaamu saa. (Dw. 78:40, 41) Bere a Yuda man no poo Onyankopɔn no, ɔno nso poo wɔn na oyii ne din fii wɔn so. Bible ka mpo sɛ Onyankopɔn “din de Ninkufo.” (Ex 34:14, ase hɔ asɛm) Eyi ma yehu sɛ ehia paa sɛ yenya obu kɛse ma Ɔbɔadeɛ no din.

ƆMAN FOFORO A ONYANKOPƆN DIN DA WƆN SO

12. Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa nyaa ɔman a ne din da wɔn so?

12 Yehowa maa Yeremia huu nea enti a ɔne ɔman foforo bi bɛyɛ “apam foforo.” Saa ɔman no ne honhom fam Israel. Ɔman mũ no nyinaa ‘behu Yehowa,’ “efi akumaa so kosi ɔkɛse so.” (Yer. 31:31, 33, 34) Saa nkɔmhyɛ yi fii ase nyaa mmamu wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu. Saa bere no na Onyankopɔn de apam foforo no sii hɔ. Bible frɛ ɔman foforo yi “Onyankopɔn Israel.” Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo nyinaa wɔ saa ‘man’ no mu. Yehowa kae sɛ wɔyɛ ‘nnipa a wayi wɔn ama ne din’ anaa ‘nnipa a ne din da wɔn so.’—Gal. 6:16; monkenkan Asomafo Nnwuma 15:14-17; Mat. 21:43.

13. (a) Tete Kristofo no bɔɔ Onyankopɔn din anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Sɛ wobɔ Yehowa din kyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu a, wo ara wote nka dɛn?

13 Na Onyankopɔn din da ɔman foforo anaa honhom fam Israel no so, enti wɔde din no dii dwuma. Sɛ wɔrefa asɛm bi afi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a, ɛnyɛ dɛn ara na wɔbɛbɔ Yehowa din no. * Pentekoste afe 33 Y.B. no, ɔsomafo Petro kasa kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔasakra abɛyɛ Yudafo a wofi aman horow so abehyiam no. Ɔbɔɔ Onyankopɔn din mpɛn pii wɔ ne kasa no mu. (Aso. 2:14, 20, 21, 25, 34) Tete Kristofo no dii Yehowa ni, enti ɔno nso hyiraa asɛnka adwuma a na wɔreyɛ no so. Ɛnnɛ nso sɛ yɛbɔ Onyankopɔn din na yɛma nkurɔfo hu wɔ wɔn Bible mu a, Yehowa hyira asɛnka adwuma a yɛreyɛ no so. Yɛyɛ saa a, ɔkwan bi so no, na yɛde nokware Nyankopɔn no rekyerɛ wɔn. Eyi yɛ akwannya kɛse ma yɛne wɔn nyinaa! Sɛ yɛma obi hu Onyankopɔn din a, ɛte sɛ nea yɛreprapra kwan mu ma onii no de ne ho abɛfam Yehowa ho daa.

14, 15. Nea awaefo ayɛ nyinaa akyi no, dɛn na Yehowa ayɛ wɔ ne din ho?

14 Akyiri yi awaefo fii ase de nkyerɛkyerɛ bɔne wuraa Kristofo asafo no  mu. Asomafo no wu akyi na saafo yi maa wɔn homene so paa. (2 Tes. 2:3-7) Atoro akyerɛkyerɛfo yi dii Yudafo atetesɛm akyi yii Onyankopɔn din akwa. Wohwɛ a, Yehowa bɛtena hɔ ma wɔakata ne din so? Dabida! Ɛwom, yennim sɛnea na wɔbɔ Onyankopɔn din no pɔtee de, nanso edin no da so wɔ hɔ, ɛnyerae. Onyankopɔn din pue wɔ Bible nkyerɛase pii mu, na Bible ho abenfo pii aka ho asɛm wɔ wɔn nhoma mu. Nhwɛso bi ni: Afe 1757 mu no, Charles Peters kyerɛwee sɛ edin “Yehowa” no ma yehu Onyankopɔn yiye sen n’abodin biara. Hopton Haynes nso kyerɛw nhoma bi a ɛfa Onyankopɔn som ho wɔ afe 1797 mu. Nhoma no ti 7 ka sɛ: “YEHOWA ne din a na Yudafo de frɛ Onyankopɔn. Ɔno nkutoo na na wɔsom no sɛnea Kristo ne n’Asomafo no yɛe no.” Henry Grew (1781-1862) bɔɔ Onyankopɔn din, na ohui nso sɛ nkurɔfo agu Onyankopɔn din ho fi enti ɛsɛ sɛ yɛtew ho. George Storrs (1796-1879) ne ne yɔnko Charles T. Russell nso de Onyankopɔn din dii dwuma.

15 Biribi sii afe 1931 a Onyankopɔn nkurɔfo werɛ remfi da. Na wɔfrɛ Onyankopɔn nkurɔfo Bible Asuafo, nanso saa afe no wɔfaa edin Yehowa Adansefo. (Yes. 43:10-12) Wɔmaa wiase nyinaa hui sɛ ɛyɛ wɔn dɛ sɛ wɔyɛ nokware Nyankopɔn no asomfo a ‘wayi wɔn ama ne din.’ Wohui sɛ ɛyɛ akwannya kɛse sɛ wɔreyi din no ayɛ. (Aso. 15:14) Eyi ma yɛkae asɛm a Yehowa kae wɔ Malaki 1:11 yi: “Efi owiapuei kosi owiatɔe, me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu.”

NANTEW YEHOWA DIN MU

16. Dɛn nti na ɛyɛ nidi sɛ yɛbɛnantew Yehowa din mu?

16 Odiyifo Mika kyerɛwee sɛ: “Aman no mu biara bɛnantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew Yehowa yɛn Nyankopɔn din mu daa daa.” (Mika 4:5) Yehowa maa Bible Asuafo no faa ne din too wɔn ho so de hyɛɛ wɔn anuonyam. Nanso nea ɛsen saa koraa no, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de wɔn ayɛ ne dea. (Monkenkan Malaki 3:16-18.) Wo nso ɛ? Woreyɛ nea wubetumi biara sɛ ‘wobɛnantew Yehowa din mu’? Wunim nea eyi kyerɛ?

17. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛrenantew Onyankopɔn din mu?

17 Sɛ yebetumi anantew Yehowa din mu a, anyɛ yiye koraa, ehia sɛ yɛyɛ nneɛma abiɛsa bi. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛbɔ edin no kyerɛ afoforo efisɛ wɔn a ‘wɔbɔ Yehowa din’ nkutoo na wobegye wɔn nkwa. (Rom. 10:13) Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa su ahorow, ɛnkanka ne dɔ. Ade a ɛto so abiɛsa a ɛkyerɛ sɛ yɛrenantew Onyankopɔn din mu ne sɛ yebeyi yɛn yam adi ne mmara so. Yɛyɛ saa a, ɛremma nkurɔfo mmɔ Yehowa din kronkron no ahohora. (1 Yoh. 4:8; 5:3) So woasi wo bo sɛ ‘wobɛnantew Yehowa yɛn Nyankopɔn din mu daa’?

18. Adɛn nti na obiara a ɔhyɛ Yehowa din anuonyam nsa rensi fam?

18 Ɛrenkyɛ koraa Yehowa bɛma wɔn a wobu ne din animtiaa nyinaa ahu sɛ ɔno ne Yehowa. (Hes. 38:23) Wɔn a wɔyɛ saa no yɛ wɔn ade sɛ Farao. Ɔde aniammɔho bisae sɛ: “Hena ne Yehowa a mintie no?” Yehowa nso ma ohuu Onyankopɔn ko a ɔyɛ. (Ex. 5:1, 2; 9:16; 12:29) Nanso yɛn de, yɛn ara na yɛahwehwɛ Yehowa ahu no. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo a ne din da yɛn so. Enti yɛde ahotoso hwɛ kwan denneennen sɛ bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 9:10 yi bɛbam: “Wɔn a wonim wo din de wɔn ho bɛto wo so, na wɔn a wɔhwehwɛ wo no, O Yehowa, worennyaw wɔn.”

^ nky. 5 Onyankopɔn din no fi Hebri adeyɛ asɛm bi a ɛkyerɛ nea ɛma biribi “ba” mu mu. Enti edin “Yehowa” kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.”—Gen. 2:4.

^ nky. 13 Yehowa din no pue wɔ Hebri nkyerɛwee a tete Kristofo no de dii dwuma mu. Adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na edin no wɔ Septuagint a wodii kan yɛe no mu. Septuagint no yɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hela kasa mu.