Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wopɛ Akomatɔyam a, Hwɛ Yesu

Wopɛ Akomatɔyam a, Hwɛ Yesu

ƐYƐ ampa sɛ Yesu nyaa asetena a akomatɔyam wom? Ɛda adi sɛ na Yesu akyi nni bi, na na onni ahode pii. Ná ‘onni baabi a ɔde ne ti bɛto’ mpo. (Luka 9:57, 58) Eyi nyinaa da nkyɛn a, nkurɔfo tan no, wɔsɛee ne din, na ewiee ase no, n’atamfo kum no.

Wohwɛ nea yɛaka yi a, ebia nea wobɛka ara ne sɛ, ‘Saa asetena yi de, akomatɔyam nnim.’ Nanso nneɛma pii wɔ Yesu asetena mu a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ma yɛnhwɛ n’asetena mu nneɛma anan bi.

1. BOTAE A NA ESI YESU ANI SO NE SƐ ƆBƐYƐ ONYANKOPƆN APƐDE.

“M’aduan ne sɛ mɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde.”—Yohane 4:34.

Yesu de ne nneyɛe ne ne nsɛm nyinaa kyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne soro Agya Yehowa * apɛde. Yesu de anigye kɛse na ɛyɛɛ Onyankopɔn apɛde. Sɛnea kyerɛwsɛm a yɛaka emu asɛm seesei ara no kyerɛ no, ɔde Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ no totoo aduan ho. Ma yɛnhwɛ nea ɛma ɔyɛɛ saa ntotoho no.

Bɛyɛ prɛmtobere na Yesu kaa saa asɛm no. (Yohane 4:6) Ná Yesu fi anɔpa akyinkyin Samaria mmepɔw so nkurow no nyinaa mu, enti na ɔkɔm de no. N’asuafo no mpo ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabi, didi.” (Yohane 4:31) Nanso mmuae a Yesu mmae no kyerɛ sɛ, sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a, ɛma ɔmee, na ɛhyɛ no den nso. Eyi nkyerɛ sɛ na ɔwɔ akomatɔyam anaa?

2. NÁ YESU DƆ N’AGYA PAA.

“Medɔ Agya no.”—Yohane 14:31.

Ná Yesu bɛn ne soro Agya no paa. Ɔdɔ kɛse a Yesu wɔ ma Onyankopɔn nti na ɔmaa nkurɔfo huu Onyankopɔn din, n’atirimpɔw ne ne suban. Ná Yesu anom nsɛm, ne nneyɛe ne ne suban te sɛ Agya no pɛpɛɛpɛ, ma enti yehu Yesu a, ɛte sɛ nea yɛahu n’Agya no ara. Ɛno nti bere a Filipo ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade kyerɛ yɛn Agya no,” Yesu buae sɛ: “Nea wahu me ahu Agya no nso.”—Yohane 14:8, 9.

Yesu dɔ n’Agya no araa ma oyii ne komam tiee no kosii owu mu. (Filipifo 2:7, 8; 1 Yohane 5:3) Ɔdɔ a emu yɛ den a na Yesu wɔ ma Onyankopɔn no maa Yesu nyaa akomatɔyam.

 3. NÁ YESU DƆ NNIPA.

“Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” —Yohane 15:13.

Bɔne a ɛwɔ yɛn ho nti, yenni anidaso papa biara. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Owu a bɔne akɔfa aba no, yɛn ara yɛrentumi nnye yɛn ho mfi mu.—Romafo 6:23.

Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa adom yɛn ayɛ asɛm no ho biribi ama yɛn. Yehowa maa ne Ba a bɔne biara nni ne ho a wɔfrɛ no Yesu no ba behuu amane wui sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye adesamma afi bɔne ne owu mu. Ɔdɔ a Yesu wɔ ma n’Agya ne nnipa no kaa no ma ɔbrɛɛ ne ho ase de ne nkwa a ɛyɛ pɛ no too hɔ maa yɛn. (Romafo 5:6-8) Saa ɔdɔ a ɛma ɔde ne ho bɔɔ afɔre no ma onyaa akomatɔyam wɔ n’asetenam. *

4. NÁ YESU NIM SƐ N’AGYA DƆ NO NA OGYE NO TOM.

“Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.”—Mateo 3:17.

Bere a wɔrebɔ Yesu asu no, saa bere no na Yehowa fi soro kaa saa asɛm no. Enti Yehowa buee n’ano kaa biribi de kyerɛe sɛ ɔdɔ ne Ba Yesu na ogye no tom. Ampa ara, sɛ Yesu ka sɛ: “Agya no dɔ me” a, odi ka! (Yohane 10:17) Ná Yesu nim sɛ n’Agya dɔ no na ogye no tom, enti bere a ohyiaa ɔtaa na nkurɔfo kasa tiaa no no, onyaa akokoduru faa mu. Bere a ogyina owu ne nkwa nkwanta mpo no, wansuro. (Yohane 10:18) Ná Yesu nim sɛ n’Agya dɔ no, na ogye no tom, enti yebetumi aka sɛ onyaa akomatɔyam wɔ n’asetenam.

Biribiara kyerɛ sɛ na Yesu wɔ akomatɔyam. Enti yebetumi ahwɛ sɛnea ɔbɔɔ ne bra asuasua no na ama yɛanya akomatɔyam wɔ asetenam. Yesu de abrabɔ ho afotu a emu da hɔ maa n’asuafo no, na asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ mu.

^ nky. 6 Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.

^ nky. 15 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Yesu wu no betumi agye nkwa a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 5. Yehowa Adansefo na wotintimii.