Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Onyankopɔn Asɛm Siesie W’akwan, Fa Boa Afoforo

Fa Onyankopɔn Asɛm Siesie W’akwan, Fa Boa Afoforo

“Mabu ade nyinaa ho ahyɛde sɛ ɛteɛ.”—DW. 119:128.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm?

SƐ MPANYIMFO pɛ sɛ wohu sɛ Bible suani bi fata sɛ ofi asɛnka ase a, wobisa wɔn ho sɛ, ‘Onipa no nsɛnkae kyerɛ sɛ ogye Bible di sɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu?’ * Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a, ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm. Nokwasɛm ni, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa gye tom saa. Adɛn ntia? Sɛ yegye tom sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm na yesua sɛ yɛde bedi dwuma yiye wɔ asɛnka mu a, yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔabehu Yehowa na wɔanya daa nkwa.

2. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛtena nea yɛasua no mu’?

2 Ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ Onyankopɔn Asɛm ho hia paa. Ɔkyerɛw Timoteo sɛ: “Tena nea woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokware no mu.” Dɛn na na Timoteo asua? Ɛno ne Bible mu nokware a epusuw no ma onyaa asɛmpa no mu gyidi no. Ɛnnɛ nso Bible hyɛ yɛn gyidi den, na ɛboa yɛn ma ‘yehu nyansa kɔ nkwagye’ mu. (2 Tim. 3:14, 15) Yɛtaa de asɛm a Paulo kae wɔ 2 Timoteo 3:16 no kyerɛ sɛ Bible fi Onyankopɔn hɔ. (Monkenkan 2 Timoteo 3:16.) Nanso nneɛma foforo pii wɔ hɔ a yɛn ankasa betumi asua afi saa kyerɛwsɛm no mu. Momma yɛnhwehwɛ saa kyerɛwsɛm no mu nkɔ akyiri kakra. Ɛbɛma yɛanya ahotoso sɛ Yehowa nkyerɛkyerɛ nyinaa ‘teɛ.’—Dw. 119:128.

“EYE MA ƆKYERƐKYERƐ”

3-5. (a) Bere a Petro kasa kyerɛɛ nnipadɔm bi Pentekoste da no, dɛn na wɔyɛe, na dɛn ntia? (b) Dɛn nti na nnipa pii gyee nokware no wɔ Tesalonika? (d) Dɛn na nkurɔfo ahyɛ no nsow wɔ yɛn asɛnka adwuma no ho?

3 Yesu ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Meresoma adiyifo  ne anyansafo ne akyerɛkyerɛfo aba mo nkyɛn.” (Mat. 23:34) Ná Yesu reka n’asuafo no ho asɛm. Saa bere no, na wama asuafo no ahu sɛnea wɔde Kyerɛwnsɛm no bedi dwuma wɔ asɛnka mu. Na ɔsomafo Petro ka saa “akyerɛkyerɛfo” no ho. Pentekoste afe 33 Y.B. mu no, Petro kasa kyerɛɛ nnipadɔm bi wɔ Yerusalem. Ɔrema ne kasa no, ɔtwetwee ne nsɛm no pii fii Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Bere a nnipa no tee sɛnea Petro rekyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm no mu no, “ɛwowɔɔ wɔn komam.” Enti wɔsakra fii wɔn bɔne ho, na wɔsrɛɛ Onyankopɔn hɔ bɔne fafiri. Saa da no, nnipa bɛyɛ mpem abiɛsa bɛyɛɛ Kristofo.—Aso. 2:37-41.

4 Onipa foforo nso a na ne nkyerɛkyerɛ tu mpɔn ne ɔsomafo Paulo. Ɔkɔkaa asɛmpa no wɔ mmeae foforo; wanka wɔ Yerusalem. Kurow biako a ɔkɔɔ so ne Tesalonika wɔ Makedonia mantam mu. Ɔkɔɔ hɔ no, ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn a na wɔresom wɔ hyiadan mu. Paulo de homeda abiɛsa ne “wɔn susuw nsɛm ho fii Kyerɛwnsɛm no mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu de adanse ahorow kyerɛe sɛ na ehia sɛ Kristo hu amane na ɔsɔre fi awufo mu.” Dɛn na efii mu bae? Bible ka sɛ Yudafo “binom bɛyɛɛ gyidifo,” na “Helafo dɔm kɛse bi” nso bɛsom Onyankopɔn.—Aso. 17:1-4.

5 Ɛnnɛ nso sɛ nnipa hu sɛnea Onyankopɔn asomfo de Bible yɛ adwuma no a, ɛka wɔn koma paa. Nhwɛso bi ni: Onuawa bi a ɔwɔ Switzerland kenkan Bible kyerɛɛ owura bi wɔ asɛnka mu. N’ano sii no, owura no bisaa onuawa no sɛ: “Asɔre bɛn na mokɔ?” Onuawa no yii n’ano sɛ: “Yɛyɛ Yehowa Adansefo.” Enti owura no kae sɛ: “Eyi de, anka ɛsɛ sɛ me ara mihu. Sɛ ɛnyɛ Yehowa Adansefo na wɔbɛba me fie abɛkenkan Bible akyerɛ me a, ɛhefo bio?”

6, 7. (a) Sɛ obi gyina asafo no anim rekyerɛkyerɛ a, ɔbɛyɛ dɛn de Bible no adi dwuma yiye? (b) Sɛ yɛne obi resua Bible a, dɛn nti na ehia sɛ yɛma Bible di akoten wɔ adesua no mu?

6 Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, yɛbɛyɛ dɛn de Bible adi dwuma yiye? Sɛ wugyina asafo no anim rekyerɛkyerɛ a, kenkan kyerɛw nsɛm titiriw a w’asɛm no gyina so no; nka mu asɛm kɛkɛ. Afei ɛrenyɛ papa sɛ wubetintim kyerɛwsɛm no wɔ krataa so akɔkenkan anaa wobɛkenkan afi kɔmputa bi so. Mmom bue Bible no mu na kenkan fi mu. Hyɛ atiefo nso nkuran ma wommue wɔn Bible nni w’akyi. Sɛ wokenkan wie a, to wo bo ase kyerɛkyerɛ mu ma atiefo nhu sɛnea ɛbɛboa wɔn ma wɔabɛn Yehowa. Sɛ worema ɔkasa a, nsɛe bere nyɛ mfatoho hwanyan a atiefo rente ase. Afei nkeka nsɛm anaa suahu bi a ɛbɛma wɔaserew kɛkɛ; mmom gye bere kyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no mu yiye.

7 Sɛ yɛne Bible asuafo resua ade a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛtena yɛn adwenem? Sɛ yɛne obi resua ade a, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nhoma no mu so. Hyɛ osuani no nkuran ma ɔnkenkan kyerɛw nsɛm a ɛwom no na boa no ma ɔnte ase. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ mu a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ntoatoa pii, na mmom ɛsɛ sɛ yɛma osuani no nso kasa bi. Ɛsɛ sɛ yebisabisa no nsɛm na ɔno ara hu nea Bible ka ne nea ɔbɛyɛ wɔ ho; ɛnsɛ sɛ yɛka hyɛ n’ano. *

‘EYE MA NTƐNYI’

8. Apere bɛn na Paulo ne ne ho dii?

8 Sɛ yɛte asɛmfua “ntɛnyi” a, wɔn a yɛn adwene taa kɔ wɔn so ne asafo mu mpanyimfo. Ɛyɛ ne kwan so, efisɛ ɛyɛ mpanyimfo asɛde sɛ ‘woyi wɔn a wɔte bɔne mu no ntɛn.’ (1 Tim. 5:20; Tito 1:13)  Nanso ehia sɛ yɛn ankasa nso yi yɛn ho ntɛn. Na Paulo yɛ Kristoni mapa a ɔwɔ ahonim pa. (2 Tim. 1:3) Nanso ɔkyerɛwee sɛ: “Mihu mmara foforo bi wɔ m’akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara.” Sɛ yesusuw Paulo asɛm no ho a, yebehu sɛnea ɔne ne mmerɛwyɛ dii apere.—Monkenkan Romafo 7:21-25.

9, 10. (a) Mmerɛwyɛ bɛn na ɛbɛyɛ sɛ na Paulo wɔ? (b) Ɔkwan bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Paulo faa so ne ne mmerɛwyɛ dii apere?

9 Mmerɛwyɛ bɛn na na Paulo ne no redi asi? Wanhyɛ da ankyerɛ, nanso ɔkyerɛw Timoteo sɛ bere bi na ɔno Paulo yɛ “aniammɔho.” (1 Tim. 1:13) Ansa na Paulo rebɛyɛ Kristoni no, otuu n’ani sii Kristofo so teetee wɔn. Ɔno ankasa kae sɛ ‘n’ani beree wɔn so paa.’ (Aso. 26:11) Paulo bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so, nanso ɛbɛyɛ sɛ ɛtɔ da bi a na ehia sɛ ɔka ntim na wanyɛ biribi anaa wanka asɛm bi a ɛmfata. (Aso. 15:36-39) Dɛn na ɛboaa no?

10 Bere a Paulo rekyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto no, ɔkyerɛɛ sɛnea oyii ne ho ntɛn. (Monkenkan 1 Korintofo 9:26, 27.) Wansosɔ ne mmerɛwyɛ so; ɔne ne ho dii apere. Ebia ɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm mu pɛɛ afotusɛm bi, na ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no ma ɔmfa nyɛ adwuma, na ɔno ara nso miaa n’ani de yɛɛ adwuma. * Yɛn nso yɛwɔ mmerɛwyɛ a ɛsɛ sɛ yɛko tia, enti yebetumi asuasua ne nhwɛso no.

11. Dɛn na yebetumi ayɛ de ‘asɔ yɛn ho ahwɛ’ sɛ yɛnam nokware kwan no so anaa?

11 Ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di dodo na yegyaagyae yɛn ho. Mmom ehia sɛ ‘yɛsɔ yɛn ho hwɛ’ sɛ yɛnam nokware kwan no so anaa. (2 Kor. 13:5) Sɛ yɛrekan kyerɛwsɛm te sɛ Kolosefo 3:5-10 a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Mereyere me ho sɛ mekum akɔnnɔ bɔne biara a ɛwɔ me mu anaa meresosɔ so? Sɛ mewɔ Intanɛt so na biribi a ɛmfata ba so a, mifi so ntɛm anaa me ara mpo na mekɔhwehwɛ baabi a wɔyɛ adapaade?’ Sɛ yɛkan Onyankopɔn Asɛm na yɛn ankasa hwɛ sɛnea yɛde bɛbɔ yɛn bra a, ɛbɛma ‘yɛawɛn na yɛn ani ada hɔ.’—1 Tes. 5:6-8.

‘EYE MA NNEƐMA ATEƐTEƐ’

12, 13. (a) Sɛ yɛpɛ sɛ ‘yɛteɛteɛ biribi’ a, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya? Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu? (b) Sɛ yɛpɛ sɛ ‘yɛteɛteɛ biribi’ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

12 Hela asɛm a wɔkyerɛɛ ase “nneɛma ateɛteɛ” no kyerɛ sɛ “wobesiesie biribi, wɔbɛtenetene biribi, anaa wɔde besi yiye.” Ɛtɔ bere bi a ehia sɛ yɛteɛteɛ nneɛma. Ebi ne bere a ebinom nte nneɛma bi a yɛyɛ ase. Momma yɛmfa nea Yesu yɛe nyɛ nhwɛso. Bere bi Yudasom mu akannifo kae sɛ Yesu ne “towgyefo ne nnebɔneyɛfo” na ɛbɔ. Dɛn na Yesu yɛe? Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia. Afei monkɔ na munkosua nea eyi kyerɛ, ‘Mepɛ mmɔborɔhunu, na ɛnyɛ afɔrebɔ.’” (Mat. 9:11-13) Yesu too ne bo ase kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu kyerɛɛ obiara. Enti wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase behui sɛ Yehowa yɛ “Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo, nea ne bo kyɛ fuw na n’adɔe ne ne nokwaredi dɔɔso.” (Ex. 34:6) Onyankopɔn Ba no de ntoboase ‘teɛteɛɛ’ ebinom nsusuwii, na eyi maa nnipa pii gyee asɛmpa no dii.

13 Nea Yesu yɛe no ma yehu ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so boa afoforo. Asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 3:16 no nkyerɛ sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛteɛteɛ nneɛma a, ɛsɛ sɛ yɛka nsɛm penpen. Kyerɛwnsɛm no mma kwan sɛ yɛbɛka nsɛm yayaayaw akyerɛ nkurɔfo.  Sɛ yetu nsɛm bumbum a, ɛbɛyɛ te sɛ “nkrante a ɛwowɔ.” Ɛba saa a, na yɛasɛe asɛm no koraa; ɛremfa mfaso biara mma.—Mmeb. 12:18.

14-16. (a) Sɛ obi wɔ haw bi a, ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi aboa no ma ‘wateɛteɛ nneɛma’? (b) Dɛn nti na ehia sɛ awofo de Kyerɛwnsɛm ‘teɛteɛ’ wɔn mma?

14 Ɛnde, sɛ yɛpɛ sɛ yɛde Bible ‘teɛteɛ nneɛma’ a, yɛbɛyɛ dɛn de ntoboase ne abotare ayɛ saa? Yɛnyɛ nhwɛso bi: Awarefo bi taa ham, enti wɔkɔɔ asafo mu panyin bi hɔ kɔhwehwɛɛ afotu. Dɛn na ɔpanyin no bɛyɛ? Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye na wannyina obiara akyi. Obetumi ne awarefo no asusuw kyerɛw nsɛm ahorow ho. Ebia ɔne wɔn besusuw Nea Ɛde Abusua mu Anigye Ba nhoma no ti 3 ho. Sɛ ɔpanyin no ne awarefo no resusuw kyerɛw nsɛm ahorow ho a, ebia wɔn mu biara behu sɛ ehia sɛ ɔyɛ nsakrae bi. Ɛwom ara a, ɔpanyin no betumi abisa wɔn sɛnea nneɛma te. Sɛ ohu sɛ wɔda so ara hia mmoa a, ɔbɛyɛ nea obetumi biara aboa wɔn.

 15 Dɛn na awofo betumi ayɛ de “ateɛteɛ” wɔn mma ma wɔasom Yehowa yiye? Nhwɛso bi ni: Fa no sɛ wo babea akɔfa yɔnko bi, na wohwɛ a wuhu sɛ ne yɔnko no suban nyɛ papa. Dɛn na wobɛyɛ? Nea edi kan, ɛsɛ sɛ wuhu n’adamfo no yiye. Afei, sɛ wuhu sɛ wɔn adamfofa no betumi apira wo ba no a, wubetumi ne no atena ase asusuw nsɛm ho. Mubetumi asusuw Questions Young People Ask—Answers That Work, Po 2 no ho. Efi hɔ rekɔ no, bɔ mmɔden sɛ wobɛbɛn wo ba no paa. Bio, sɛ monam asɛnka mu anaa mo abusua no regye wɔn ani a, ɛyɛ a fa w’ani to fam hwɛ n’ahokeka. Sɛ wunya wo ba no ho abotare a, obehu sɛ wodɔ no. Eyi bɛma watie w’afotu na wankɔ asiane biara mu.

Sɛ awofo to wɔn bo ase de Bible ‘teɛteɛ’ wɔn mma a, ɛbɛboa wɔn ma wɔakwati asiane biara (Hwɛ nkyekyɛm 15)

16 Bio nso sɛ yare ama obi abotow, anaa n’adwuma afi ne nsa ma wayɛ basaa, anaa ɔnte Bible nkyerɛkyerɛ bi  ase a, ebehia sɛ yenya ne ho abotare na yɛboa no. Sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm ‘teɛteɛ nneɛma’ a, ɛboa obiara.

‘EYE MA TRENEE MU NTEƐSO’

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye nteɛso tom?

17 Bible ka sɛ: “Nteɛso biara nni hɔ a seesei de ɛyɛ anigye; mmom ɛyɛ awerɛhow.” Nanso “akyiri yi ɛsow asomdwoe aba a ɛne trenee ma wɔn a atete wɔn no.” (Heb. 12:11) Kristofo dodow no ara gye tom sɛ, sɛ ɛnyɛ nteɛso a wɔn awofo de maa wɔn a, ebia anka wɔantena nokware no mu. Sɛ asafo mu mpanyimfo teɛ yɛn so a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ efi Yehowa hɔ. Sɛ yegye tom a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so anantew nkwa kwan no so.—Mmeb. 4:13.

18, 19. (a) Sɛ obi betumi de ‘nteɛso ama wɔ trenee mu’ a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔma asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 18:13 tena n’adwenem? (b) Sɛ obi yɛ bɔne na mpanyimfo ne no kasa odwo so a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

18 Sɛ wubetumi ateɛ obi so ma biribi pa afi mu aba a, egye ahokokwaw. Yehowa tu Kristofo fo sɛ wɔmfa nteɛso mma wɔ “trenee” mu. (2 Tim. 3:16) Eyi kyerɛ sɛ, sɛ yɛreteɛ afoforo so a, ɛsɛ sɛ yɛma Bible kyerɛ yɛn kwan. Kyerɛwsɛm biako a yebetumi de ayɛ adwuma ne Mmebusɛm 18:13. Ɛka sɛ: “Sɛ obi bua asɛm ansa na wate a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.” Enti sɛ ɛbɛtɔ mpanyimfo no anim sɛ onua bi ayɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ wɔto wɔn bo ase hwehwɛ asɛm no mu hu nokware a ɛwom nyinaa. (Deut. 13:14) Wɔyɛ saa a, wobetumi ateɛ onii no so “trenee mu.”

19 Bio, Bible tu asafo mu mpanyimfo fo sɛ wɔmfa “odwo” nteɛ afoforo so. (Monkenkan 2 Timoteo 2:24-26.) Ɛwom, obi yɛ bɔne a, ebetumi aka Yehowa din na apira afoforo. Nanso sɛ ɔpanyin bi anhwɛ yiye na ɔde abufuw kasa kyerɛ onii no a, ɔrentumi mmoa no. Sɛ mpanyimfo suasua Onyankopɔn na wɔne nea wayɛ bɔne no kasa odwo so a, ebetumi aka onipa no koma ma wanu ne ho na wasakra n’adwene.—Rom. 2:4.

20. Sɛ awofo reteɛ wɔn mma so a, Bible mu asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma?

20 Sɛ awofo betumi atete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu” a, ɛsɛ sɛ wɔma Bible kyerɛ wɔn kwan. (Efe. 6:4) Yɛmfa no sɛ obi abɛka akyerɛ agya bi sɛ ne ba adi nsɛmmɔne bi. Dɛn na ɛsɛ sɛ agya no yɛ? Ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ asɛm no mu yiye ansa na ɔbɛtwe ne ba no aso a, wayɛ saa. Kristofo mmusua mu de, abufuhyew ntena hɔ. “Yehowa wɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu,” enti sɛ awofo reteɛ wɔn mma so a, ehia sɛ wosuasua saa su no.—Yak. 5:11.

YEHOWA AMA YƐN AKYƐDE KƐSE BI

21, 22. Sɛ wohwɛ nsɛm a ɛwɔ Dwom 119:97-104 a, emu nea ɛwɔ he na ɛma w’ani gye Yehowa Asɛm ho?

21 Onyankopɔn somfo bi kaa nea enti a n’ani gye Yehowa mmara ho. (Monkenkan Dwom 119:97-104.) Osuaa Onyankopɔn Asɛm, na ɛma ohuu nyansa, na onyaa nhumu ne ntease. Ɔde Yehowa mmara bɔɔ ne bra, enti wamfa ɔkwammɔne biara so; eyi ma ɔkwatii amanehunu. Sɛ osua Onyankopɔn Asɛm a, ɛma n’ani gye na ne koma tɔ ne yam. Onyankopɔn afotu boaa no paa wɔ n’asetenam, enti osii ne bo sɛ obetie nea ɔbɛka biara.

22 Wubu Bible sɛ akyɛde kɛse? Sɛ saa a, ɛbɛma woanya gyidi sɛ Onyankopɔn atirimpɔw bɛbam. Emu afotu fi Yehowa hɔ, na ɛboa yɛn na bɔne amfa yɛn nnommum ankɔ owu mu. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ Bible mu yiye kyerɛ nkurɔfo a, ebetumi aboa wɔn ma wɔahu nkwa kwan no na wɔakɔ so anantew so. Yɛn Nyankopɔn Yehowa yɛ onyansafo a ɔdɔ yɛn, enti momma yɛmfa “Kyerɛwnsɛm no nyinaa” nyɛ adwuma na yɛnsom no.

^ nky. 1 Hwɛ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no kratafa 79.

^ nky. 7 Sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ nkurɔfo a, na ɔtaa bisa wɔn sɛ: “Mudwen ho dɛn?” Afei ɔtwɛn ma wobua.—Mat. 18:12; 21:28; 22:42.

^ nky. 10 Paulo nkrataa pii hyɛ yɛn nkuran ma yɛko tia yɛn sintɔ. (Rom. 6:12; Gal. 5:16-18) Yebetumi aka sɛ bere a ɔretu afoforo fo no, ɔno ankasa de afotu no yɛɛ adwuma.—Rom. 2:21.