Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Mompɛɛpɛɛ Mu Nhu Nneɛma a Ehia Koraa No’

‘Mompɛɛpɛɛ Mu Nhu Nneɛma a Ehia Koraa No’

‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’—FILIP. 1:10.

1, 2. Bere a Yesu rehyɛ nkɔm afa nna a edi akyiri no ho no, asɛm bɛn na ɔkae a ɛbɛyɛ sɛ ɛtwee n’asuafo no adwene? Dɛn ntia?

NÁ Yesu aka akyerɛ n’asuafo no sɛ wɔbɛsɛe asɔrefie no. Asɛm no haw Petro, Yakobo, Yohane, ne Andrea. (Mar. 13:1-4) Enti bere a ɛkaa wɔne Yesu nkutoo wɔ baabi no, wobisaa no sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, bere bɛn na eyinom bɛba mu, na dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ne bere a ɛwɔ hɔ yi awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mat. 24:1-3) Bere a Yesu reyi wɔn ano no, ɔkaa nneɛma a ebesisi ansa na wɔasɛe Yerusalem. Afei nso ɔkyerɛɛ nneɛma a ɛbɛkɔ so wɔ Satan wiase bɔne yi nna a edi akyiri mu. Yesu kae sɛ ahude te sɛ akokoakoko, aduankɔm, ne amumɔyɛsɛm besisi. Nanso ɔkaa ade foforo bi a ɛbɛyɛ sɛ ɛtwee asuafo no adwene. Ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mat. 24:7-14.

2 Ná Ahenni ho asɛmpaka adwuma no nyɛ ade foforo mma asuafo no efisɛ na wɔne Yesu Kristo abom ayɛ adwuma no bi. (Luka 8:1; 9:1, 2) Ɛbɛyɛ sɛ na wɔkae Yesu asɛm yi mpo: “Nokwarem ni, otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa Wura no na ɔnsoma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Luka 10:2) Nanso ebia wɔkae wɔn tirim sɛ, ‘Yɛbɛyɛ dɛn aka asɛmpa no “wɔ asase so nyinaa” na ‘yɛadi amanaman nyinaa adanse’? Ɛhe na yebenya adwumayɛfo ma wɔabɛka asɛm no? Sɛ na asuafo no wɔ ani a wɔde behu sɛnea Mateo 24:14 bɛbam daakye a, anka nea wobehu no bɛma wɔn ho adwiriw wɔn paa!

3. Ɔkwan bɛn so na Luka 21:34 renya mmamu nnɛ? Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

3 Yesu nkɔmhyɛ no renya mmamu wɔ yɛn bere yi so. Nnipa mpempem pii reka Ahenni no ho  asɛmpa wɔ asase so nyinaa. (Yes. 60:22) Nanso Yesu kyerɛe sɛ ebinom wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ den ama wɔn sɛ wɔde asɛnka adwuma no bedi kan wɔ wɔn asetenam. Saafo no bɛma asetenam nneɛma anaa dadwen ‘ahyɛ wɔn koma so.’ (Monkenkan Luka 21:34.) Tebea a ɛte saa rekɔ so nnɛ. Onyankopɔn nkurɔfo binom ma nneɛma twetwe wɔn adwene. Saa nneɛma no bi ne adwuma, nhomasua a ɛkɔ akyiri, ne wiase ahonyade. Ebinom nso sɛe bere pii wɔ agodie ne anigyede ho. Afoforo nso ama asetenam dadwen ne nhyɛso aka wɔn som. Enti bisa wo ho sɛ: ‘Me nso ɛ, saa na mete? Gyinae a misisi da no adi sɛ mede Onyankopɔn som di kan wɔ m’asetenam?’

4. (a) Mpae bɛn na Paulo bɔ maa Kristofo a wɔwɔ Filipi no, na dɛn ntia? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi ne nea edi hɔ no mu? Dɛn nti na eyi bɛboa yɛn?

4 Ná egye animia na tete Kristofo no de Onyankopɔn som adi kan wɔ wɔn asetenam. Enti ɔsomafo Paulo bɔɔ mpae maa Kristofo a wɔwɔ Filipi no sɛnea wobetumi ‘apɛɛpɛɛ mu ahu nneɛma a ehia koraa no.’ (Monkenkan Filipifo 1:9-11.) Ná Kristofo dodow no ara “de nnamyɛ kɛse reka Onyankopɔn asɛm a wonsuro,” sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no. (Filip. 1:12-14) Ɛnnɛ nso, yɛn mu dodow no ara de akokoduru reka Onyankopɔn Asɛm kyerɛ nkurɔfo. Nanso sɛ yehu nea Yehowa ahyehyɛde no reyɛ nnɛ a, ɛbɛhyɛ yɛn mpamden ma yɛde yɛn adwene nyinaa asi asɛnka adwuma no so. Adesua yi bɛboa yɛn ma yɛahu nneɛma a Yehowa de agugu akwan mu ma asɛm a ɛwɔ Mateo 24:14 abam. Dɛn na esi Yehowa ahyehyɛde no ani so? Sɛ yehu a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛhyɛ yɛne yɛn mmusua nkuran? Adesua a edi hɔ no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ asɛnka adwuma no na yɛne Yehowa ahyehyɛde no abɔ anan.

YEHOWA AHYEHYƐDE NO FÃ A ƐWƆ SORO NO REKƆ N’ANIM

5, 6. (a) Adɛn nti na Yehowa yii n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no kyerɛɛ n’asomfo? (b) Dɛn na Hesekiel hui wɔ anisoadehu mu?

5 Nneɛma pii wɔ hɔ a, Yehowa pɛ a anka ɔbɛma wɔakyerɛw wɔ Bible mu, nanso wanyɛ saa. Wo de hwɛ, sɛ Bible kaa yɛn amemene ho asɛm kɔɔ akyiri anaa ɛkaa nneɛma a ɛwɔ soro ne asase so ho nsɛm pii a, anka yɛn ani begye ho paa, nanso anka. Mmom Yehowa ma wɔkyerɛw nsɛm a ɛbɛma yɛahu n’apɛde na yɛayɛ osetie ama no. (2 Tim. 3:16, 17) Enti ɛyɛ adom na Yehowa adom yɛn sɛ wabue n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no so akyerɛ yɛn wɔ Bible mu! Sɛ yɛkenkan ɛho nsɛm wɔ Yesaia, Hesekiel, Daniel, ne Adiyisɛm nhoma no mu a, ɛyɛ anika kwa. (Yes. 6:1-4; Hes. 1:4-14, 22-24; Dan. 7:9-14; Adi. 4:1-11) Ɛte sɛ nea Yehowa abue yɛn ani ma yɛahu nea ɛrekɔ so wɔ soro. Adɛn nti na Yehowa ama yɛahu saa nneɛma yi?

6 Yehowa pɛ sɛ yɛkae sɛ yɛka ahyehyɛde kɛse bi ho. Ahyehyɛde no fã wɔ soro, ɛnna ne fã wɔ asase so. Ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no reyɛ adwuma denneennen ma Yehowa apɛde rekɔ so. Hesekiel huu teaseɛnam kɛse bi wɔ anisoadehu mu. Eyi gyina hɔ ma Yehowa ahyehyɛde no fã a ani nhu no. Saa teaseɛnam yi kɔ mmirikaden, nanso etumi dan ne ho prɛko pɛ. (Hes. 1:15-21) Hesekiel huu nea ɔreka teaseɛnam no. Ɔkae sɛ: “Mihuu biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae gonn, na na biribi te sɛ ogya wɔ emu nyinaa . . . Ná ɛte sɛ Yehowa anuonyam.” (Hes. 1:25-28) Ɛbɛyɛ sɛ anisoadehu yi maa Hesekiel ho dwiriw no papa! Ohui sɛ Yehowa  nam ne honhom kronkron so rekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan. Saa teaseɛnam nwonwaso yi ma yehu sɛ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no rekɔ n’anim.

7. Ɔkwan bɛn so na Daniel anisoadehu no ma yenya Yehowa ne Yesu mu ahotoso?

7 Daniel nso nyaa anisoadehu bi. Nea ohui no ma yenya Yehowa ne Yesu mu ahotoso. Ohuu Yehowa a “ne nna akyɛ” no sɛ ɔte ahengua bi so. Na ahengua no te sɛ ogyaframa a ɛwɔ ntwahonan. (Dan. 7:9) Ná Yehowa pɛ sɛ Daniel hu sɛ n’ahyehyɛde no rekɔ n’anim; ennyina faako. Eyi kyerɛ sɛ ɔde n’ahyehyɛde no di dwuma ma n’apɛde yɛ hɔ. Daniel san huu “obi a ɔte sɛ onipa ba,” na na Yehowa de n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no rehyɛ ne nsa. Onii a Daniel kaa ne ho asɛm sɛ “ɔte sɛ onipa ba” no ne Yesu. Ɛnyɛ mfe kakraa bi na Kristo de bedi adesamma so, na mmom nkɔmhyɛ no ka sɛ “ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea wɔrensɛe no da.” (Dan. 7:13, 14) Saa anisoadehu yi ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yegye n’akwankyerɛ tom. Yehowa asɔ ne Ba no ahwɛ ahu sɛ ɔfata, enti ɔde “tumi ne anuonyam ne ahenni” ama no. Yehowa ankasa wɔ ne Ba no mu ahotoso, enti ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn ho to Yesu so ma ɔkyerɛ yɛn kwan.

8. Nea Yehowa yi kyerɛɛ Hesekiel ne Yesaia no kaa wɔn dɛn? Yɛn nso ɛsɛ sɛ ɛka yɛn dɛn?

8 Ɛsɛ sɛ nea yɛahu afa Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro ho no ka yɛn dɛn? Sɛ yɛhwɛ nea Yehowa reyɛ a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn koma paa ma yɛbrɛ yɛn ho ase, sɛnea Hesekiel yɛe no. (Hes. 1:28)  Odiyifo Yesaia nso huu Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro no wɔ anisoadehu mu, na nea ohui no kaa no paa. Enti bere a Yehowa de too Yesaia anim sɛ ɔmma afoforo nhu nea ɔreyɛ no, wampopo ne ti koraa. (Monkenkan Yesaia 6:5, 8.) Ná Yesaia wɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛbɔ no kyidɔm ma watumi ayɛ adwuma no. Yɛn nso ɛsɛ sɛ nea yɛahu afa Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro ho no pusuw yɛn ma yɛde nsi ne ahokeka som no. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yebehu sɛ yɛka ahyehyɛde bi ho, ahyehyɛde a ɛrekɔ n’anim bere nyinaa, ahyehyɛde a nea esi n’ani so ara ne sɛ ɛbɛboa ma Yehowa apɛde ayɛ hɔ!

YEHOWA AHYEHYƐDE NO FÃ A ƐWƆ ASASE SO

9, 10. Dɛn nti na yehia Yehowa ahyehyɛde no fã wɔ asase so?

9 Yehowa nam ne Ba no so ama yɛanya n’ahyehyɛde no fã wɔ asase yi so; ɛne ɔfã a ɛwɔ soro no bom yɛ adwuma. Ehia sɛ yenya n’ahyehyɛde no fã wɔ asase so na yɛatumi ayɛ adwuma a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 24:14 no. Adɛn ntia? Yɛnhwɛ nneɛma abiɛsa nti a ɛte saa.

10 Nea edi kan, Yesu kae sɛ n’asuafo bɛyɛ asɛmpaka adwuma no “akɔ asase ano nohoa.” (Aso. 1:8) Nea ɛtɔ so abien, ebehia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma wɔn a wɔbɛyɛ adwuma no nya honhom fam aduan a ɛbɛhyɛ wɔn den. (Yoh. 21:15-17) Nea ɛtɔ so abiɛsa, ebehia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma wɔn a wɔbɛka asɛmpa no hyiam som Yehowa na wosua sɛnea wɔbɛyɛ adwuma no. (Heb. 10:24, 25) Sɛ Kristo akyidifo betumi ayɛ eyi a, yehia Yehowa ahyehyɛde no fã wɔ asase so na atoto nneɛma na ama yɛn akwankyerɛ.

11. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛreboa biribiara a Yehowa ahyehyɛde no yɛ?

11 Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛreboa biribiara a Yehowa ahyehyɛde no yɛ? Ade biako a ehia ne sɛ yebenya wɔn a Yehowa ne Yesu de wɔn redi asɛnka adwuma no anim no mu ahotoso, efisɛ Yehowa ne Yesu ankasa wɔ wɔn mu ahotoso. Nneɛma pii wɔ wiase a anka anuanom mmarima yi betumi de wɔn bere ayɛ, nanso wɔnyɛ saa. Ɛnde, momma yɛnhwɛ nea Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so de asi n’ani so.

WƆDE WƆN ADWENE ASI “NNEƐMA A EHIA KORAA NO” SO

12, 13. Ɔkwan bɛn na mpanyimfo fa so yɛ adwuma a ɛhyɛ wɔn nsa no? Dɛn nti na ɛhyɛ wo nkuran?

12 Yehowa ahyehyɛde no apaw mpanyimfo a wɔn ho akokwaw ma wɔredi Ahenni asɛmpaka adwuma no anim wɔ aman horow so. Gyinae biara a saa anuanom mmarima yi besi no, wɔbɔ Yehowa mpae na wɔma Bible kyerɛ wɔn kwan; wɔde yɛ ‘wɔn nan ase kanea ne wɔn kwan so hann’.—Dw. 119:105; Mat. 7:7, 8.

13 Mpanyimfo a na wɔwɔ asomafo no bere so tuu wɔn ho sii hɔ kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm. Ɛnnɛ nso, mpanyimfo no atu wɔn ho asi hɔ de nsi ne ahokeka redi asɛnka adwuma no anim. (Aso. 6:4) Sɛ wohu sɛ asɛnka adwuma no renya nkɔso wɔ wɔn man mu anaa aman foforo so a, na wɔn ani agye kwa. (Aso. 21:19, 20) Ɛnyɛ nea esi wɔn ani so ne sɛ wɔbɛhyehyɛ mmara buburigyaa wɔ adwuma no ho, na mmom wɔhwɛ sɛ wɔbɛma Kyerɛwnsɛm no ne Onyankopɔn honhom kronkron akyerɛ wɔn kwan na ama asɛnka adwuma no akɔ anim.  (Monkenkan Asomafo Nnwuma 15:28.) Eyi nyinaa yɛ nhwɛso pa a asafo no mufo nyinaa betumi asuasua.—Efe. 4:11, 12.

14, 15. (a) Nneɛma bɛn na wɔde agugu akwan mu a ɛboa ma yɛka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa? (b) Sɛ wo ara wotena ase kari nea woreyɛ wɔ Ahenni asɛmpaka adwuma no mu a, wote nka dɛn?

14 Anuanom pii reyɛ adwumaden a yenhu. Ebinom yɛ nhoma ahorow ne nneɛma a yebesua wɔ nhyiam akɛse ne nketewa ase. Anuanom mpempem nso atu wɔn ho ama rekyerɛ yɛn nhoma ahorow ase kɔ kasa bɛboro 600 mu. Wɔyɛ eyi nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii betumi ate “Onyankopɔn nneɛma akɛse” no ase wɔ wɔn kurom kasa mu. (Aso. 2:7-11) Anuanom mmerante ne mmabaa de mfiri akɛse akɛse tintim nhoma pii. Afei ebinom de nhoma no kɔma asafo ahorow; wɔkɔ araa kodu nkuraase tuu.

15 Ebinom reyɛ nnwuma bi de boa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde yɛn adwene nyinaa besi asɛmpaka adwuma no so wɔ yɛn asafo mu. Ɛho nhwɛso bi ni: Ebinom atu wɔn ho ama resisi Ahenni Asa ne Nhyiam Asa, ebinom nso reboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn anaa wɔyare. Afoforo nso yɛ amansin ne amantam nhyiam ho ntotoe; ebinom nso kyerɛ ade wɔ asafo no sukuu ahorow mu. Nneɛma pii na anuanom tu wɔn ho yɛ a yenhu; kakraa bi pɛ na yɛabobɔ so. Dɛn nti na wɔyɛ saa nnwuma yi nyinaa? Wɔyɛ saa sɛnea yebetumi aka asɛmpa no, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ase betim wɔ nokware no mu, ne sɛnea nokware som bɛkɔ nkan. So Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no de nneɛma a ehia koraa no redi kan? Yiw, yebetumi aka saa!

SUASUA YEHOWA AHYEHYƐDE NO

16. Dɛn na mubetumi de ayɛ mo abusua som anaa kokoam adesua?

16 Ɛyɛ a wugye bere susuw nea Yehowa ahyehyɛde no reyɛ ho? Sɛ ebinom reyɛ abusua som anaa wɔn ankasa resua ade a, wosusuw ahyehyɛde no ho. Wɔyɛ nhwehwɛmu sua Yehowa ahyehyɛde no ho ade kɔ akyiri, na wodwinnwen nea wɔresua no ho. Sɛ wugye bere sua anisoadehu a Yesaia, Hesekiel, Daniel, ne Yohane nyae no a, wubehu sɛ ɛyɛ anika paa. Afei nso yehu ahyehyɛde no ho nsɛm pii wɔ nhoma a wɔato din Jehovah’s Witnesses—Proclaimers of God’s Kingdom ne asafo nhoma foforo ne DVD ahorow mu.

17, 18. (a) Mfaso bɛn na woanya afi nsɛm a yɛasusuw ho yi so? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

17 Sɛ yedwinnwen nea Yehowa nam n’ahyehyɛde no so reyɛ ho a, ɛbɛboa yɛn. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛde yɛn adwene besi nneɛma a ehia koraa no so sɛnea Yehowa ahyehyɛde no yɛ no. Eyi bɛhyɛ yɛn den ma yɛn nso yɛaka asɛm a Paulo kae yi bi: “Yɛmpa abaw esiane ɔsom adwuma a wɔahu yɛn mmɔbɔ ama yɛn nsa aka yi nti.” (2 Kor. 4:1) Paulo hyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ: “Mommmrɛ papayɛ mu, na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba bere a ɛsɛ mu.”—Gal. 6:9.

18 Sɛ wohwɛ w’asetenam anaa w’abusua mu a, wubetumi de wo nsa asi wo bo aka sɛ mode nneɛma a ehia koraa no redi kan? Anaa wohwɛ a ehia sɛ moyɛ nsakrae? Wubetumi atwitwa nneɛma so wɔ w’asetenam na woanya bere pii ayɛ asɛnka adwuma no? Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nneɛma anum a ɛbɛboa yɛn ma yɛne Yehowa ahyehyɛde no abɔ anan.