Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Mommma Yɛmmmrɛ’

‘Mommma Yɛmmmrɛ’

“Mommmrɛ papayɛ mu.”GAL. 6:9.

1, 2. Sɛ yɛhwɛ dwuma a Yehowa ahyehyɛde no redi a, ahotoso bɛn na yenya?

SƐ WO ara wohwɛ sɛ wɔde wo abɛka ahyehyɛde kɛse bi a ne fã wɔ soro na ne fã wɔ asase so ho a, ɛnyɛ wo dɛ, na ɛnhyɛ wo nkuran? Anisoadehu a ɛwɔ Hesekiel ti 1 ne Daniel ti 7 no ma yehu nea Yehowa reyɛ ma n’apɛde ayɛ hɔ. Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no hyɛ Yesu nsa; ɔno na odi anim toto nneɛma. Yesu rehwɛ sɛ ahyehyɛde no bɛyɛ asɛnka adwuma no na wama asɛmpakafo no anya honhom fam aduan na Yehowa som akɔ nkan. Sɛ wohwɛ eyinom nyinaa a, ɛmma wunnya Yehowa ahyehyɛde no mu ahotoso anaa?—Mat. 24:45.

2 Ɛnde, wo ne Yehowa ahyehyɛde no rebɔ anan? Anigye a wowɔ wɔ nokware no ho rekɔ nkan anaa ɛrekɔ fam? Sɛ yesusuw saa nsɛm yi ho a, ebia yɛn ara yebehu sɛ nsi ne ahokeka a yɛde yɛ ɔsom adwuma no rekɔ fam. Biribi a ɛte saa too tete Kristofo no. Ɔsomafo Paulo tuu wɔn fo sɛ wonsusuw nsi a Yesu de yɛɛ ne som adwuma no ho. Paulo kae sɛ eyi bɛboa wɔn na ‘wɔammrɛ, na wɔampa abaw.’ (Heb. 12:3) Adesua a edi eyi anim no, yehuu adwuma kɛse a Yehowa ahyehyɛde no reyɛ nnɛ. Sɛnea Kristo nhwɛso boaa tete Kristofo no, saa ara na nnwuma a Yehowa ahyehyɛde no reyɛ nnɛ hyɛ yɛn mpamden ma yɛde anigye ne ahokeka yɛ ɔsom adwuma no a yɛmmrɛ.

3. Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbrɛ anaa yɛpa abaw a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Nanso Paulo kyerɛe sɛ, sɛ yɛmpɛ sɛ yɛbrɛ anaa yɛpa abaw a, pii wɔ hɔ a ehia sɛ yɛyɛ. Ɔkae sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ‘papa.’ (Gal. 6:9) Momma yɛnhwɛ nneɛma anum bi a ebetumi aboa yɛn ma yɛne Yehowa ahyehyɛde no akɔ so abɔ a yɛmpa abaw. Yesusuw ho wie a, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn abusua hwɛ baabi a yɛtɔ sin na yɛkeka yɛn ho.

 YEHYIAM HYƐ YƐN HO NKURAN, YEHYIAM SOM

4. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ efi tete nyinaa nhyiam yɛ ade titiriw wɔ nokware som mu?

4 Efi tete nyinaa, ade biako a Yehowa asomfo yɛ ne sɛ wɔne wɔn ho hyiam. Ɛyɛ ade a ɛho hia paa. Bible ma yehu sɛ Yehowa mpo ne n’abɔfo hyiam wɔ soro. (1 Ahe. 22:19; Hiob 1:6; 2:1; Dan. 7:10) Tete no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israel man no sɛ wonhyiam na “wontie na wonsua” n’ahyɛde. (Deut. 31:10-12) Na Yudafo a wɔwɔ afeha a edi kan no mu de ayɛ wɔn su sɛ wɔbɛkɔ hyiadan mu akɔkenkan Kyerɛwnsɛm no. (Luka 4:16; Aso. 15:21) Bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, na nhyiam yɛ wɔn som no fã titiriw. Ɛnnɛ nso nhyiam yɛ ade a ɛho hia paa wɔ yɛn som mu. Nokware Kristofo ‘susuw wɔn ho wɔn ho ho, na wokanyan wɔn ho wɔn ho kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ Ehia sɛ ‘yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a yehu sɛ ɛda no rebɛn no.’—Heb. 10:24, 25.

5. Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyehyɛ yɛn ho nkuran wɔ yɛn nhyiam ase?

5 Sɛ yehyiam a, ɔkwan titiriw biako a yɛfa so hyehyɛ yɛn ho nkuran ne sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ dwumadi no mu. Yɛkɔ asafo nhyiam a, yɛwɔ hokwan pii a yɛde bɛma mmuae. Sɛ wobisa asɛm a ɛwɔ nhoma no mu a, obi betumi abua asɛm no tee; ɔfoforo betumi de kyerɛwsɛm asi mmuae no so; onipa foforo nso betumi aka osuahu tiawa de akyerɛ nea enti a ɛyɛ papa sɛ yɛde Bible mu nsɛm bɔ yɛn bra. Yɛyɛ eyinom nyinaa a, na yɛrepae mu aka yɛn gyidi akyerɛ yɛn nuanom. (Dw. 22:22; 40:9) Sɛ yɛwɔ asafo nhyiam ase na yɛte sɛ anuanom nkumaa ne mpanyin de anigye rema mmuae a, ɛka yɛn koma paa. Sɛ yɛakyɛ wɔ asafo no mu mpo a, wɔn mmuae no boa yɛn.

6. Ɔkwan bɛn so na yɛn nhyiam ahorow boa ma yɛkɔ so de ahokeka som Yehowa?

6 Ade foforo bɛn nti na Onyankopɔn pɛ sɛ yehyiam daa? Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam, ɔmansin nhyiam anaa ɔmantam nhyiam a, yenya akokoduru ka asɛmpa no. Afei ɛhyɛ yɛn den ma yegyina ɔsɔretia biara ano wɔ yɛn asasesin mu. (Aso. 4:23, 31) Bio, nsɛm a yesusuw ho wɔ yɛn nhyiam ase no gyina Bible so, na ɛhyɛ yɛn den ma yɛn ase tim wɔ gyidi no mu. (Aso. 15:32; Rom. 1:11, 12) Sɛ yehyiam som Onyankopɔn a, nkyerɛkyerɛ ne nkuranhyɛ a yenya fi yɛn nuanom hɔ no ma yɛn ani gye, na nna bɔne mu mpo, yɛn ho dwo yɛn. (Dw. 94:12, 13) Nkyerɛkyerɛ Boayikuw a ɛhyɛ Akwankyerɛ Kuw no ase no na ɛhwɛ ma Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa nya nsɛm a wobesusuw ho wɔ wɔn nhyiam ase. Yɛda Yehowa ase paa sɛ dapɛn biara yenya nkyerɛkyerɛ a ɛtɔ asom na ɛte apɔw wɔ yɛn nhyiam ahorow ase!

7, 8. (a) Ade titiriw bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ asafo nhyiam? (b) Ɔkwan bɛn so na nhyiam ahorow boa wo?

7 Nanso ɛnyɛ nea yɛaka yi nko ara nti na yehyiam. Biribi foforo wɔ hɔ a ɛho hia paa—yehyiam som Yehowa. (Monkenkan Dwom 95:6.) Ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ yɛbɛto dwom ayi yɛn Nyankopɔn nuonyamfo no ayɛ! (Kol. 3:16) Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam na yɛma mmuae a, na yɛde rekyerɛ sɛ Yehowa fata sɛ yɛsom no daa. (Adi. 4:11) Eyi nti na wotu yɛn fo sɛ “yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no”!—Heb. 10:25.

8 Yehowa ayɛ yɛn adom de Kristofo nhyiam akyɛ yɛn sɛ ɛnhyɛ yɛn den mma yennyina yɛn nan so kosi sɛ ɔbɛsɛe wiase bɔne yi. Saa na yehu no anaa? Sɛ saa a, ɛnde yebehu sɛ adesuakɔ ka “nneɛma a ehia koraa” wɔ yɛn asetenam no ho, enti sɛ yenni adagyew mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛma ɛpa yɛn ti so. (Filip. 1:10)  Sɛ ɛnyɛ biribi a yɛyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye a, ɛnsɛ sɛ nhyiam anaa adesua pa yɛn ti so da.

HWEHWƐ NNIPA A WƆWƆ KOMA PA

9. Dɛn na ɛma yehu sɛ asɛnka adwuma no ho hia paa?

9 Sɛ yebetumi ne Yehowa ahyehyɛde no abɔ anan a, ehia sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Yesu na ofii asɛnka adwuma no ase wɔ asase so. (Mat. 28:19, 20) Efi saa bere no, ade titiriw a esi Yehowa ahyehyɛde no ani so ne Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no. Yɛwɔ osuahu pii a ɛkyerɛ sɛ abɔfo no taa asɛnka adwuma no akyi, na wɔrekyerɛ yɛn kwan kɔ “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” nkyɛn. (Aso. 13:48; Adi. 14:6, 7) Nea enti a Yehowa ahyehyɛde no fã wɔ asase so ne sɛ ɛbɛtoto nneɛma na aboa ma yɛayɛ asɛnka adwuma no. Ɛnde, asɛnka adwuma no ho hia wo paa wɔ w’asetenam?

10. (a) Ma nhwɛso bi fa kyerɛ nea ɛma yɛn ani gye wɔ nokware no mu. (b) Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no aboa ma woaso nokware no mu denneennen?

10 Sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no a, ɛma yɛn ani gye sɛ yɛwɔ nokware no mu. Wo de, ma yɛmfa onua bi a wɔfrɛ no Mitchel asɛm no nyɛ nhwɛso. Ɔde mfe pii asom sɛ asafo mu panyin ne daa kwampaefo. Ɔkae sɛ: “Nea ɛda me koma so ne sɛ mɛka nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo. Sɛ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! bi ba na mihu sɛnea emu da hɔ na ɛtɔ asom a, ɛka me koma paa.  Enti ɛyɛ a me ho pere me sɛ mede bɛkɔ asɛnka na mahwɛ sɛnea afoforo ani begye ho. Asɛnka adwuma no boa ma misi pi wɔ nokware no mu. Memfa biribiara nsesa asɛnka. Sɛ mewɔ biribi yɛ mpo a, mebɔ mmɔden wie no ntɛm kɔ asɛnka anaa mekɔ ba bɛyɛ.” Yɛn nso, sɛ yɛyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu a, ɛbɛboa yɛn ma yɛatintim wɔ nna a edi akyiri yi mu.—Monkenkan 1 Korintofo 15:58.

MA YƐN NHOMA NO MMOA WO

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkenkan yɛn nhoma ahorow no na yedwinnwen ho?

11 Yehowa ama yɛn nhoma ahorow pii a ɛhyɛ yɛn den honhom fam. Ebia woakan asafo nhoma bi ma woaka sɛ, ‘Eyi deɛ aba bere pa mu! Wobɛka sɛ gyama Yehowa ma wɔkyerɛw maa me!’ Sɛ saa a, ɛnde, hu sɛ amma kwa. Yehowa ahyɛ da na wama yɛanya nhoma a ɛte saa sɛ yensua na ɛnkyerɛ yɛn kwan. Yehowa aka sɛ: “Mɛma woanya nhumu na makyerɛ wo ɔkwan a fa so.” (Dw. 32:8) So yɛyere yɛn ho kenkan nhoma biara a ɛbɛba, na yegye bere dwinnwen ho? Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so de nsi ne ahokeka asom Onyankopɔn wɔ nna a edi akyiri yi mu a yɛremmrɛ.—Monkenkan Dwom 1:1-3; 35:28; 119:97.

12. Dɛn na ɛbɛma yɛahu sɛ yɛn nhoma ahorow no som bo?

12 Sɛ yɛhwɛ adwuma a anuanom yɛ wɔ yɛn nhoma no ho a, yebehu sɛ ɛnyɛ adwuma ketewa. Enti ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ paa. Wo de hwɛ, anuanom yɛ nhwehwɛmu ansa na wɔakyerɛw nhoma no. Wɔkyerɛw wie a, wɔkenkan mu hwɛ sɛ emu da hɔ, na wɔyɛ mfonini ahorow wom. Ebinom nso kyerɛ nhoma no ase kɔ kasa ahorow mu. Afei nso ebinom hwɛ sɛ wɔde eyinom nyinaa begu Intanɛt so. Akyerɛw Boayikuw a ɛhyɛ Akwankyerɛ Kuw no ase na ɛhwɛ saa dwumadi yi nyinaa so. Sɛ wɔkyerɛw nsɛm no kyerɛ ase wie a, wɔde kɔ Betel ahorow bi ma wotintim, na ɛno akyi no, wɔde mena asafo ahorow wɔ wiase baabiara. Dɛn nti na Yehowa ahyehyɛde no yɛ saa adwuma yi nyinaa? Wɔyɛ saa na ama Yehowa nkurɔfo adidi yiye wɔ honhom fam. (Yes. 65:13) Enti momma yɛnyere yɛn ho nkenkan nhoma ahorow a Yehowa ahyehyɛde no yɛ ma yɛn no nyinaa.—Dw. 119:27.

TAA YEHOWA AHYEHYƐDE NO AKYI

13, 14. Henanom na wɔtaa Yehowa ahyehyɛde no akyi wɔ soro? Dɛn na yɛn nso yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛtaa ahyehyɛde no akyi wɔ asase so?

13 Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi. Ohui sɛ Yesu te pɔnkɔ fitaa bi so rekodi Yehowa atamfo so nkonim. (Adi. 19:11-15) Ohui nso sɛ abɔfo anokwafo ne Kristofo a wɔasra wɔn a wɔanyan wɔn kɔ soro tete apɔnkɔ so di Yesu akyi. Eyi kyerɛ sɛ wɔtaa wɔn Kannifo Yesu akyi. (Adi. 2:26, 27) Wɔatwa ɛsa fɛfɛɛfɛ bi ato hɔ ama yɛn, enti ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛtaa Yehowa ahyehyɛde no akyi.

14 Ɛnnɛ, Kristo nuanom a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no na wodi nneɛma anim wɔ ahyehyɛde no mu, na nnipa kuw kɛse no taa wɔn akyi. (Monkenkan Sakaria 8:23.) Ɛnde, dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛtaa Yehowa ahyehyɛde no akyi? Ade biako a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase ama wɔn a wodi yɛn anim no. (Heb. 13:7, 17) Ɛsɛ sɛ yefi ase wɔ yɛn asafo mu. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Enti nsɛm a meka fa m’asafo mu mpanyimfo ho ma afoforo bu wɔn na wɔkyerɛ wɔn adwuma no ho anisɔ? Mekyerɛkyerɛ me mma ma wobu mmarima anokwafo yi na wotie wɔn afotu?’ Nneɛma foforo wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛtaa ahyehyɛde no akyi. Wo de hwɛ, ɛyɛ a yɛn abusua no gye bere susuw ho hwɛ ntoboa a yebetumi  de aboa wiase nyinaa adwuma no? (Mmeb. 3:9; 1 Kor. 16:2; 2 Kor. 8:12) Sɛ yɛka sɛ yensiesie Ahenni Asa so a, yɛfa no asɛnhia? Sɛ Yehowa hu sɛ yɛayi yɛn yam reyɛ eyinom nyinaa a, ɔde ne honhom kronkron boa yɛn. Honhom koro yi ara na ɔde hyɛ yɛn den sɛnea yɛremmrɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu.—Yes. 40:29-31.

FA ASƐM NO BƆ WO BRA

15. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho na yɛatumi ayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani daa?

15 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so ne Yehowa ahyehyɛde no bɔ anan a yɛmmrɛ a, ɛsɛ sɛ ‘yehu nea ɛsɔ Awurade ani’ na yɛde asɛm a yɛka no bɔ yɛn bra. (Efe. 5:10, 11) Yɛtɔ sin, na Satan ne ne wiase no nso mma yɛn ho ntɔ yɛn, enti ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ. Yɛn mu pii wɔ hɔ a tebea a yɛfa mu da biara da no, sɛ yɛanka ntim a yɛne Yehowa ntam bɛsɛe. Yehowa ani gye anuanom a wɔrebɔ mmɔden ayɛ n’apɛde ho. Enti mia w’ani, mpa abaw! Sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛnea Yehowa pɛ a, yebenya akomatɔyam kɛse na yɛn som renyɛ kwa.—1 Kor. 9:24-27.

Fa nsi ne ahokeka boa afoforo ma wonhu sɛ wɔn nso betumi abɛka Yehowa ahyehyɛde no ho

16, 17. (a) Sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Anne asɛm no mu?

16 Nanso sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa ntɛm ara, ɛnsɛ sɛ yɛkata so. Sɛ yɛkata so a, ɛbɛsɛe asɛm no koraa. Kae sɛ bere a Dawid kataa ne bɔne so no, ‘ne mu apinisi wewee ne nnompe mu daa.’ (Dw. 32:3) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛkata yɛn bɔne so a, ɛbɛma yɛabotow; ebetumi mpo asɛe yɛne Yehowa ntam. Nanso “nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.”—Mmeb. 28:13.

17 Wo de, ma yɛmfa Anne * asɛm yi nyɛ nhwɛso. Bere a ɔyɛ ababaa no, na ɔyɛ daa kwampaefo. Nanso na obu brabɔne sie, na ɛhaw n’ahonim paa. Ɔkae sɛ: “M’ani annye da; daa na midi awerɛhow.” Dɛn na ɔyɛe? Ɔkae sɛ da bi a ɔkɔɔ adesua no, wosusuw Yakobo 5:14, 15 ho. Ɛhɔ na ohui sɛ ohia mmoa, enti ɔkɔɔ asafo mu mpanyimfo hɔ kɔhwehwɛɛ mmoa. Kyerɛwsɛm no ma ohui sɛ ɔyare, na ɛte sɛ nea Yehowa akyerɛw aduru a ɛbɛsa no yare ama no. Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Aduru no nom yɛ den nanso ɛyɛ tatahwe. Mede saa kyerɛwsɛm no mu afotu yɛɛ adwuma, na ɛboaa me paa.” Seesei Anne asan agyina ne nan so de nsi ne ahonim pa resom Yehowa.

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ?

18 Ɛyɛ hokwan kɛse paa na yɛanya sɛ yɛwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu wɔ nna a edi akyiri yi mu! Mommma yemmmu nneɛma a yɛwɔ no adewa. Mmom, momma yɛne yɛn mmusua nyere yɛn ho nkɔ asafo nhyiam daa, yɛmfa nsi nhwehwɛ nnipa komapafo a wɔwɔ yɛn asasesin mu, na yɛnkenkan asafo nhoma biara a ɛbɛba. Bio, momma yɛntaa wɔn a wodi yɛn anim no akyi, na yɛmmɔ yɛn bra sɛnea Yehowa pɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛne Yehowa ahyehyɛde no rebɔ anan, na yɛremmrɛ papayɛ ho da!

^ nky. 17 Ɛnyɛ ne din ankasa ne no.