Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woyɛ Ɔsɛmpakafo—Yɛ W’adwuma no Pɛpɛɛpɛ

Woyɛ Ɔsɛmpakafo—Yɛ W’adwuma no Pɛpɛɛpɛ

“Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, yɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ.”2 TIM. 4:5.

1. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa ne Ɔsɛmpakafo kunini?

ƆSƐMPAKAFO yɛ obi a ɔka asɛmpa. Yehowa Nyankopɔn ne obi a odii kan kaa asɛmpa; ɔno ne Ɔsɛmpakafo kunini. Bere a yɛn awofo a wodi kan tew atua no, Yehowa de asɛmpa bi too gua. Ɔkae sɛ wɔbɛsɛe ɔwɔ no—Satan Bonsam. (Gen. 3:15) Yehowa de ne honhom kaa mmarima anokwafo bi ma wɔkyerɛw ɔkwan a ɔbɛfa so atew ne din ho, nea ɔbɛyɛ de asiesie nneɛma a Satan asɛe no, ne sɛnea adesamma nsa bɛka nea Adam ne Hawa hweree no.

2. (a) Dɛn na abɔfo yɛ wɔ asɛmpaka adwuma no ho? (b) Ɛsa bɛn na Yesu twaa too hɔ maa asɛmpakafo?

2 Abɔfo nso yɛ asɛmpakafo. Wɔn ankasa ka asɛmpa no bi, na wɔbɔ afoforo kyidɔm ma wɔyɛ saa. (Luka 1:19; 2:10; Aso. 8:26, 27, 35; Adi. 14:6) Ɔbɔfo panyin Mikael nso ɛ? Bere a Yesu wɔ asase so no, otwaa ɛsa bi too hɔ maa nnipa a wɔbɛka asɛmpa no. Nokwasɛm ne sɛ na asɛmpaka adwuma no yɛ Yesu aduan!—Luka 4:16-21.

3. (a) Asɛmpa bɛn na yɛka? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnyɛ asɛmpakafo. (Mat. 28:19, 20; Aso. 1:8) Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne yɔnko dwumayɛni Timoteo sɛ: “Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, yɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ.” (2 Tim. 4:5) Asɛmpa bɛn na yɛn a yɛyɛ Yesu akyidifo no ka? Ebi ne sɛ yɛn soro Agya Yehowa dɔ yɛn. (Yoh. 3:16; 1 Pet. 5:7) Ɔkwan titiriw biako a Yehowa Nyankopɔn fa so da ne dɔ adi ne n’Ahenni no. Enti yɛde anigye ne ahokeka ma amamfo hu sɛ, sɛ wogye Onyankopɔn Ahenni tom na wotie no na wɔyɛ nea ɛteɛ a, wobetumi abɛyɛ ne nnamfo. (Dw. 15:1, 2) Yehowa abɔ ne tirim sɛ obeyi amanehunu nyinaa afi hɔ, na yɛrenkae biribiara nni yaw. Eyi yɛ asɛmpa ankasa! (Yes. 65:17) Ehia sɛ yɛn a yɛyɛ  asɛmpakafo nyinaa susuw nsɛmmisa abien bi ho: Adɛn nti koraa na ehia sɛ nkurɔfo te asɛmpa no nnɛ? Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ asɛmpaka adwuma no pɛpɛɛpɛ?

ADƐN NTI NA EHIA SƐ NKURƆFO TE ASƐMPA NO?

Nsɛmmisa a ɛfata boa nkurɔfo ma wohu nea wobegyina so agye biribi adi

4. Atosɛm bɛn na nnipa ka fa Onyankopɔn ho?

4 Wo de, ma yɛnyɛ mfatoho yi. Fa no sɛ obi aka akyerɛ wo sɛ wo papa ato wo ne wo nuanom paahwii. Wɔn a wɔka sɛ wonim wo papa no ka sɛ ɔyɛ otirimɔdenfo na obiara asɛm mfa ne ho. Ebinom mpo ka sɛ monhaw mo ho nhwehwɛ mo papa efisɛ wawu. Asɛm koro yi ara na nnipa bi ka fa Onyankopɔn ho. Ebinom kyerɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ ade a yebetumi ahwehwɛ Onyankopɔn ahu no, na wɔka mpo sɛ ne tirim yɛ den. Nyamesom akannifo bi ka sɛ Onyankopɔn bɛyɛ abɔnefo aninyanne daa. Ebinom mpo ka sɛ atoyerɛnkyɛm a esisi nyinaa farebae ne Nyankopɔn. Hwɛ asɛm, atoyerɛnkyɛm si a, apapafo ne abɔnefo nyinaa wuwu, nanso wɔka sɛ Onyankopɔn na ɔretwe wɔn aso.

Nsɛmmisa bue nkurɔfo adwene ne wɔn koma mu ma wogye nokware no

5, 6. Adannandi ne atoro nkyerɛkyerɛ aka nnipa dɛn?

5 Ebinom ka no pen sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Wo de, momma yɛnhwɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no. Wɔn a wogye saa nkyerɛkyerɛ yi di no ka sɛ nneɛma a nkwa wom bae ara kwa; ɛnyɛ obi na ɔhyɛɛ da bɔe. Wɔka sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ. Ebinom mpo ka sɛ nnipa yɛ aboa, enti sɛ obi yɛ n’ade sɛ aboa a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Wɔka sɛ, sɛ nnipa de wɔn tumi hyɛ afoforo so a, ɛnyɛ nwonwa efisɛ saa ara na wiase te. Enti nnipa pii gye di sɛ atɛnkyea ne asisisɛm de, ɛrempa yɛn ho da. Enti wɔn a wogye adannandi di no nni anidaso biara wɔ asetenam.

6 Nokwasɛm ne sɛ adannandi ne atoro nkyerɛkyerɛ ka ho bi na adesamma rehu amane wɔ awiei bere mu. (Rom. 1:28-31; 2 Tim. 3:1-5) Eyi nyinaa yɛ nnipa nkyerɛkyerɛ a anidaso anaa asɛmpa biara nnim. Mmom sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, ama nkurɔfo “adwene aduru sum, na wɔyɛ Onyankopɔn nkwa ho ananafo.” (Efe. 4:17-19) Bio nso adannandi ne atoro nkyerɛkyerɛ atwe nnipa afi Onyankopɔn ho, na wonhu asɛmpa a efi ne hɔ no.—Monkenkan Efesofo 2:11-13.

Bio, nsɛmmisa boa nkurɔfo ma wosusuw nsɛm ho hu nea ɛfata sɛ wɔyɛ

7, 8. Dɛn paa na ɛbɛboa nnipa ma wɔate asɛmpa no?

7 Sɛ nnipa ne Onyankopɔn ntam betumi ayɛ papa a, ehia sɛ wogye tom sɛ ɔwɔ hɔ. Afei ɛsɛ sɛ wohu sɛ, sɛ wɔbɛn Onyankopɔn a, eye ma wɔn ankasa. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn ma wɔayɛ saa? Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔhwehwɛ nneɛma a Onyankopɔn abɔ mu. Sɛ obi resua adebɔ ho ade, na ɔrepɛ biribi ahu ampa a, obehu sɛ Onyankopɔn wɔ nyansa ne tumi paa. (Rom. 1:19, 20) Nhoma abien bi wɔ hɔ a yebetumi de aboa nkurɔfo ma wɔahu Ɔbɔadeɛ Kunini no nnwuma akɛse na wɔagye no adi. Nhomawa no ne, Was Life Created? ne The Origin of Life—Five Questions Worth Asking. Nanso sɛ obi sua adebɔ nkutoo a, nsɛmmisa bi wɔ hɔ a, ɔrennya ho mmuae. Ebi ni: Dɛn nti na Onyankopɔn ama kwan ma nnipa rehu amane? Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase? Onyankopɔn dwen me ho?

8 Sɛ obi pɛ sɛ ɔte asɛmpa no ne nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ a, gye sɛ osua Bible. Ɛyɛ akwannya kɛse sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔanya wɔn nsɛmmisa ho mmuae! Nanso sɛ yebetumi aka asɛm ma aka nnipa koma a, ɛnyɛ nokwasɛm kɛkɛ na ehia, na mmom ɛsɛ sɛ yɛka ma ɛtɔ wɔn asom. (2 Tim. 3:14)  Sɛ yebetumi aka asɛm ma atɔ nkurɔfo asom a, ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu. Dɛn na ɛboaa Yesu ma ɔyɛɛ ɔsɛmpakafo a otu mpɔn? Ade biako ne sɛ na otumi bisa n’atiefo nsɛm de hu wɔn komam. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?

NSƐMMISA BOA ASƐMPAKAFO MA WOTU MPƆN

9. Sɛ yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔagye asɛmpa no atom a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

9 Sɛ yɛreka asɛmpa no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn atiefo nsɛm sɛnea Yesu yɛe no? Momma yɛnhwɛ mfatoho yi: Fa no sɛ woakɔ ayaresabea na dɔkota no kae sɛ ɔwɔ asɛmpa bi ma wo. Ɔkae sɛ, sɛ woma ɔyɛ wo oprehyɛn kɛse bi a, wo yare nyinaa betu ayera. Ebia wubegye no adi. Nanso fa no sɛ wokɔtenaa n’anim ara na ɔkaa saa kyerɛɛ wo; wammisa wo hwee. Ebia worennye nea ɔreka no nni. Sɛ dɔkota no aben sɛ dɛn koraa a, ehia sɛ obisabisa wo nsɛm hu nea ɛhaw wo ansa na ɔwɔ mmoa bi a ɔde ama wo. Yɛn nso sɛ yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔagye Ahenni ho asɛmpa no atom a, ɛsɛ sɛ yetumi bisa wɔn nsɛm de hu nea ɛwɔ wɔn komam. Sɛ yehu nea ɛwɔ wɔn komam a, ɛnna yebetumi aboa wɔn.

Sɛ yɛn asɛm bɛka nkurɔfo koma a, ɛsɛ sɛ yɛka ma ɛtɔ asom

10, 11. Sɛ yesuasua Yesu nkyerɛkyerɛ a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ?

10 Na Yesu nim sɛ, sɛ ɔkyerɛkyerɛfo bisa nsɛm a ɛfata a, ɛboa ɔkyerɛkyerɛfo no ma ohu osuani no yiye, na ɛma osuani no nso kyerɛ n’adwene. Nhwɛso bi ni: Bere bi na Yesu pɛ sɛ ɔboa n’asuafo no ma wosua ahobrɛase. Enti odii kan bisaa wɔn asɛm bi. (Mar. 9:33) Da bi Yesu bisaa Petro asɛm bi ma ɔkyerɛɛ n’adwene. Eyi boaa Petro ma ohuu asɛm no ani so yiye. (Mat. 17:24-26) Bere foforo nso Yesu bisabisaa n’asuafo no nsɛm de huu wɔn adwene. (Monkenkan Mateo 16:13-17.) Yesu bisaa nkurɔfo nsɛm de huu nea ɛwɔ wɔn komam, na eyi kaa wɔn ma wɔde asɛmpa no bɔɔ wɔn bra.

11 Sɛ yɛde nsɛmmisa di dwuma sɛnea Yesu yɛe no a, ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ nneɛma abiɛsa bi. Yebehu sɛnea yɛbɛboa afoforo, ebetumi aboa ma yɛne obi a ɔmpɛ sɛ otie asɛm no mpo asusuw nsɛm ho, na ɛbɛma yɛatumi akyerɛkyerɛ ahobrɛasefo ma wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ asɛm bi ho. Momma yɛnyɛ nhwɛso abiɛsa mfa nkyerɛkyerɛ sɛnea nsɛmmisa tumi boa yɛn wɔ asɛnka adwuma no mu.

12-14. Wobɛyɛ dɛn aboa wo ba ma wanya akokoduru aka asɛmpa no? Ma nhwɛso.

12 Nhwɛso a edi kan: Fa no sɛ wo ba abɛka akyerɛ wo sɛ, sɛ ɔne ne mfɛfo sukuufo resusuw adebɔ ho a, ontumi nkyerɛkyerɛ ne gyidi mu yiye. Ɛba saa a, wobɛboa no ma wanya akokoduru de aka asɛmpa no. Nanso hwɛ yiye na woanka n’anim anaa woampere wo ho ankyerɛ no nea ɔnyɛ. Mmom suasua Yesu na bisa nsɛm bi a wode behu wo ba no adwene. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa?

13 Wubetumi ne wo ba no akenkan The Origin of Life—Five Questions Worth Asking nhomawa no mu nsɛm bi, na woabisa no nea n’ani gye ho. Ma ɔno ankasa nkyerɛ nea enti a ogye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ ne nea enti a ɔpɛ sɛ otie Onyankopɔn asɛm. (Rom. 12:2) Ma abofra no nhu sɛ, sɛ nea ɔbɛka ne  wo de nhyia pɛpɛɛpɛ mpo a, ɛnkyerɛ sɛ watĩ.

14 Ma wo ba no nhu sɛ, sɛ ɔne ne mfɛfo sukuufo rebɔ nkɔmmɔ a, obetumi afa ɔkwan koro yi ara so aboa wɔn. Sɛ wo ba no ne ne mfɛfo resusuw asɛm bi ho a, obetumi abisa wɔn nsɛm de ahu wɔn adwene. Obetumi ama sukuuni no akan adaka a ɛwɔ Origin of Life nhomawa no kratafa 21. Afei wo ba no betumi abisa no sɛ, “Ɛyɛ nokware sɛ DNA anaa nkwammoaa tumi kora nsɛm so sen kɔmputa biara a wɔayɛ nnɛ?” Ebia sukuuni no bɛka sɛ ɛyɛ nokware. Afei wo ba no betumi abisa sɛ, “Sɛ kɔmputa amma kwa na mmom nnipa na wɔyɛe a, ɛnde wunnye nni sɛ obi na ɔyɛɛ DNA anaa nkwammoaa?” Ɛtɔ da bi a wubetumi ayɛ wo ho sukuuni ma wo ba no adi wo adanse. Sɛ motaa yɛ saa a, ɛbɛboa wo ba no ma wanya akokoduru ne ne mfɛfo asusuw ne gyidi ho. Sɛ woboa no ma ohu sɛnea obebisa nsɛm de ahu afoforo adwene a, ɛbɛma wayɛ asɛmpaka adwuma no pɛpɛɛpɛ.

15. Sɛ obi ka sɛ Onyankopɔn nni hɔ a, yɛbɛyɛ dɛn de nsɛmmisa aboa no?

15 Nhwɛso a ɛto so abien: Sɛ yɛkɔ asɛnka a, ɛtɔ da bi a yehyia nkurɔfo a wɔka sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Sɛ obi ka saa kyerɛ yɛn a, ɛnsɛ sɛ yetwa nkɔmmɔ no so. Mmom yebetumi abisa no sɛ: ‘Mesrɛ wo wunyaa saa adwene no akyɛ? Dɛn na ɛma wunyaa saa adwene no?’ Yɛ aso tie mmuae a ɔbɛma na kamfo no sɛ wakyerɛ n’adwene. Afei wubetumi aka akyerɛ no sɛ nhoma bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ obi na ɔhyɛɛ da bɔɔ nneɛma. Bisa no sɛ n’ani begye ho sɛ ɔbɛkan anaa. Sɛ onii no pɛ biribi ahu a, ebia ɔbɛka sɛ ɔpɛ sɛ ohu nhoma ko a ɛkyerɛ sɛ obi na ɔbɔɔ nneɛma. Afei wubetumi de nhomawa a wɔato din Was Life  Created? anaa The Origin of Life—Five Questions Worth Asking no ama no. Sɛ yɛto yɛn bo ase bisa nsɛm a, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛde safoa rebue onipa no koma ma watie asɛmpa no.

16. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma Bible suani kenkan mmuae fi nhoma no mu kɛkɛ?

16 Nhwɛso a ɛto so abiɛsa: Sɛ yɛne obi resua Bible a, anhwɛ a yebebisa nsɛm ma osuani no akenkan mmuae no afi nhoma no mu kɛkɛ. Nanso yɛyɛ saa a, yɛbɛma osuani no atɔ ape; ɔrentumi nkɔ n’anim. Adɛn ntia? Asɛm no ne sɛ, sɛ osuani no kenkan mmuae a ɛwɔ nhoma no mu kɛkɛ na wannwinnwen ho a, n’ase rentim wɔ nokware no mu. Ɛba saa na ohyia ɔtaa a, ɔbɛyɛ sɛ afifide bi a enni nhin; owia bɔ so kakra pɛ na ahyew. (Mat. 13:20, 21) Sɛ yɛmpɛ sɛ biribi a ɛte saa si a, bere a yɛne obi resua ade no, yebetumi abisa no sɛ: ‘Nea woresua yi, wo ara wudwen ho dɛn?’ Hwɛ sɛ ogye nea ɔresua no tom anaa. Sɛ ogye tom a, ma ɔnkyerɛ nea enti a ogye tom; sɛ onnye ntom nso a, ma ɔnkyerɛ nea enti a onnye ntom. Eyi ho hia paa. Sɛ mokan kyerɛwsɛm bi a, boa no ma onnwinnwen ho sɛnea ɔno ankasa behu adwene a ɛwɔ akyiri. (Heb. 5:14) Sɛ yebisa osuani no nsɛm de hu nea ɛwɔ ne komam a, ɛbɛma n’ase atim wɔ gyidi no mu. Ɛba saa na sɛ afoforo sɔre tia no anaa wɔdaadaa no a, ɔrennyae ne gyidi mu. (Kol. 2:6-8) Dɛn bio na yebetumi ayɛ na ama yɛayɛ asɛmpaka adwuma no pɛpɛɛpɛ?

ASƐMPAKAFO BOA WƆN HO WƆN HO

17, 18. Sɛ yɛne obi kɔ asɛnka a, dɛn na yɛbɛyɛ de aboa no?

17 Yesu somaa n’asuafo no baanu baanu kɔyɛɛ asɛnka adwuma no. (Mar. 6:7; Luka 10:1) Akyiri yi ɔsomafo Paulo kae sɛ ɔwɔ “mfɛfo adwumayɛfo” bi a wɔne no “abom adi apere asɛmpa no mu.” (Filip. 4:3) Afe 1953 mu no, asafo no yɛɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo tetee afoforo wɔ asɛmpaka adwuma no mu, sɛnea wɔayɛ ho nhwɛso wɔ Bible mu no.

18 Sɛ wo ne wo nua Kristoni kɔ asɛnka a, dɛn na obiara bɛyɛ de aboa ne yɔnko? (Monkenkan 1 Korintofo 3:6-9.) Sɛ wo nua no bɔ kyerɛwsɛm bi so a, bue wo Bible di akyi. Sɛ ɔrekasa a, tie no; sɛ ofiewura no nso rekasa a, tie no. Fa w’adwene di nkɔmmɔ no akyi yiye na sɛ onipa no ka asɛm bi anaa obisa asɛm a, woatumi aboa. (Ɔsɛnk. 4:12) Nanso hyɛ no nsow: Sɛ wo nua no ne ofiewura no rekasa a, mpere wo ho ntwa n’ano. Sɛ wutwa n’ano a, ebetumi abu n’abam na ofiewura no nso bɛyɛ basaa. Edu baabi na wuhu sɛ ɛfata sɛ wode w’ano to nkɔmmɔ no mu a, ma w’asɛm nyɛ tiawa na gyaw ma wo nua no ntoa so.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae, na dɛn ntia?

19 Sɛ wo ne wo nua Kristoni reyɛ asɛnka adwuma no a, bere a monam kwan so no, dɛn na mo mu biara betumi ayɛ de aboa ne yɔnko? Mubetumi ahwɛ kwan a mobɛfa so aka asɛm no ma atɔ nkurɔfo asom. Monhwɛ yiye na moanka mpɔtam hɔfo ho nsɛm a ɛmfata. Afei nso ɛnyɛ saa bere no na mubetwa mo nuanom asɛmpakafo adapaa. (Mmeb. 18:24) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛyɛ anwenne, nanso asɛmpaka adwuma no yɛ ademude, enti ɛyɛ adom ara kwa sɛ Yehowa de adwuma a ɛte saa ahyɛ yɛn nsa. (Monkenkan 2 Korintofo 4:1, 7.) Enti momma yɛn nyinaa nyere yɛn ho nyɛ asɛmpaka adwuma no pɛpɛɛpɛ mfa nkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ saa ademude no.