Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkɔmmɔdɛ Ma Aware Sɔ

Nkɔmmɔdɛ Ma Aware Sɔ

“Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛfata mu no te sɛ sika aduaba a egu dwetɛ anwenne mu.”—MMEB. 25:11.

1. Ɔkwan bɛn so na nkɔmmɔ ama ebinom aware asɔ?

ONUA bi a ɔwɔ Canada kae sɛ: “M’ani nka obiara ho sɛ me yere.” Ɔde kaa ho sɛ, “Sɛ me yere wɔ me nkyɛn a, na me ho abae me, na me haw so atew.” Ɔbarima bi a ɔwɔ Australia kyerɛw sɛ: “Me ne me yere atena mfe 11 ni, nanso da koro mpo ntwaam a me ne no nkasae. Yɛn mu biara gye ne yɔnko di, na yensuro sɛ yɛn aware begu. Eyi nyinaa amma kwa. Asɛm no ara ne sɛ yegye bere twetwe nkɔmmɔ.” Onuawa bi a ɔwɔ Costa Rica nso kae sɛ: “Nkɔmmɔdɛ ama yɛn aware asɔ, nanso ɛnyɛ ɛno nko ara. Nea ɛte ne sɛ ama yɛabɛn Yehowa paa na ayi yɛn afi sɔhwɛ pii mu. Yɛn mu biara nkɔ nnyaw ne yɔnko, na yehu sɛ yɛn dɔ asɔ.”

2. Adɛn nti na ɛtɔ da bi a nkɔmmɔbɔ yɛ den?

2 Ɛnde, wo ne wo hokafo gye bere bɔ nkɔmmɔ ma mo ani gye, anaa ɛtɔ da a na nneɛma ayɛ bisibasaa? Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ awarefo no mu biara nyɛ pɛ; ɛsono obiara suban ne baabi a wɔteetee no. Eyi nti ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ wɔbɛbɔ nkɔmmɔ. (Rom. 3:23) Bio, ɛsono ɔkwan a awarefo no mu biara fa so kasa. Eyi nti aware ho abenfo a wɔfrɛ wɔn John M. Gottman ne Nan Silver kae sɛ: “Aware nna fam. Egye animia ne adwumaden na atumi agyina.”

3. Dɛn na ɛboa awarefo ma wɔn aware sɔ?

3 Ampa, aware bɛsɔ a, egye adwumaden. Nanso sɛ awarefo dɔ wɔn ho a, wobenya anigye a enni kabea. (Ɔsɛnk. 9:9) Momma yɛmfa Isak ne Rebeka nyɛ nhwɛso. Na wɔdɔ wɔn ho. (Gen. 24:67) Wɔtena kyɛe nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔn ho fonoo wɔn ho anaa wɔn dɔ ano dwoe. Saa na nnipa pii aware te nnɛ. Dɛn na aboa wɔn? Obiara ka ne tirim asɛm kyerɛ ne yɔnko; wɔmfa biribiara nsie. Wɔrebɔ nkɔmmɔ a, wɔde nhumu, ɔdɔ, obu, ne ahobrɛase na ɛyɛ saa. Sɛ  awarefo ma saa su yi di akoten wɔ wɔn aware mu a, nkɔmmɔdɛ rempa aware no mu da. Momma yensusuw saa su yi ho.

NYA NHUMU

4, 5. Awarefo wɔ nhumu a, ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa wɔn ma wɔate wɔn ho ase? Ma nhwɛso.

4 Mmebusɛm 16:20 ka sɛ: “Nea ɔda nhumu adi wɔ asɛm mu no, ebesi no yiye.” Ampa, sɛ obi da nhumu adi wɔ n’aware anaa n’abusua mu a, esi no yiye. (Monkenkan Mmebusɛm 24:3.) Sɛ obi pɛ nhumu ne nyansa a, ɔrentumi nkwati Onyankopɔn Asɛm. Genesis 2:18 ma yehu sɛ Onyankopɔn yɛɛ ɔbea sɛ ɔnyɛ ɔbarima hokafo. Wanyɛ no sɛ ɔbarima sɛso pɛpɛɛpɛ. Eyi nti ɛsono ɔbarima ɛnna ɛsono ɔbea koraa. Ɛsono ɔkwan a mmea fa so bɔ nkɔmmɔ ɛnna ɛsono mmarima de. Mmea dodow no ara taa ka nea ɛhaw wɔn ne nea wɔn ani gye ho. Wutie wɔn nkɔmmɔ a, wuhu sɛ nnipa ho hia wɔn na ayɔnkofa yɛ wɔn fɛ. Enti sɛ wo ne mmea rebɔ nkɔmmɔ a, wɔpɛ sɛ wokorɔkorɔ wɔn na woka nsɛm a ɛbɛma wɔn koma atɔ wɔn yam. Ɛno na ɛma wohu sɛ wodɔ wɔn. Nanso mmarima rebɔ nkɔmmɔ a, wɔntaa nka wɔn haw. Sɛ ɛnyɛ adwuma na wɔreka ho asɛm a, na ɛyɛ asɛm bi a asi a wɔrepɛ ano aduru. Bio, mmarima pɛ sɛ wo ne wɔn rekasa a, wudi wɔn ni.

5 Onuawa bi a ɔwɔ Britain kae sɛ: “Sɛ asɛm bi si na me ne me kunu reka ho asɛm a, ɔnto ne bo ase ntie me; ɛno ara ne sɛ ‘yɛ sɛɛ, nyɛ sɛɛ.’ Nea ehia no ne sɛ obesiesie asɛm no, na ɛnyɛ sɛ obetie me. Sɛ ɛba saa a, etumi haw me paa efisɛ nea mepɛ ara ne sɛ me kunu betie me.” Ɔbarima bi kyerɛwee sɛ: “Mewaree foforo no, na mento me bo ase ntie me yere. Ɔrekasa a, n’ano nsi koraa na makyerɛ no nea ɔnyɛ. Nanso akyiri yi mibehui sɛ nea ɔpɛ ara ne sɛ mɛyɛ aso atie no.” (Mmeb. 18:13; Yak. 1:19) Ɔbarima a ɔwɔ nhumu nim sɛnea ne yere te nka, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea ɛbɛma ne yere ani agye. Ɔma ne yere hu sɛ odwen ne ho, na ne haw yɛ ne haw. (1 Pet. 3:7) Ɔbea a ɔwɔ nhumu nso to ne bo ase tie ne kunu. Sɛ okunu ne ɔyere nyinaa ma Bible kyerɛ wɔn kwan a, wɔma aware yɛ akɔnnɔ. Bio, sɛ ehia sɛ wosi gyinae bi a, wotumi ka wɔn ti pam ho yɛ saa.

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 3:7 boa awarefo ma wonya nhumu? (b) Sɛ ɔbea ne ne kunu rebɔ nkɔmmɔ a, ɔbea no bɛyɛ dɛn ada nhumu adi? Dɛn na ɛsɛ sɛ okunu yɛ?

6 Afei nso awarefo a wɔwɔ nhumu nim sɛ “kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere.” (Ɔsɛnk. 3:1, 7) Onuawa bi a w’aware mfe du kae sɛ: “Afei na mahu sɛ asɛm biara wɔ ne bere. Sɛ mepɛ sɛ me ne me kunu ka asɛm bi na mihu sɛ adwuma anaa asɛyɛde foforo gu no so a, metwɛn kosi bere a ɛfata. Eyi nti yɛn nkɔmmɔ yɛ dɛ.” Bio nso ɔbea a ɔwɔ nhumu ma ne kasa ho ba nyam, na onim “bere a ɛfata” sɛ ɔkasa. Ɛba saa a, ne kunu ani begye na wayɛ aso atie no.—Monkenkan Mmebusɛm 25:11.

Nneɛma nketenkete tumi kyerɛ pii wɔ aware mu

7 Eye sɛ Kristoni barima yɛ aso ma ne yere, nanso ɛsɛ sɛ ɔma ne yere hu sɛnea ɔno barima no nso te nka. Asafo mu panyin bi a waware mfe 27 kae sɛ: “Sɛ asɛm bi hyɛ me so a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ mɛka akyerɛ me yere; egye animia na matumi aka akyerɛ no.” Onua bi a waware mfe 24 nso kae sɛ: “Sɛ biribi haw me a, metaa ka hyɛ. Ɛyɛ a m’adwene yɛ me sɛ manka ho asɛm a, ɛno ara bɛkɔ. Nanso mabehu sɛ, sɛ biribi haw me na meka a, ɛnkyerɛ sɛ ‘menyɛ barima.’ Sɛ biribi haw me na minhu sɛnea menka no a, nea edi kan, mebɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma minhu sɛnea mɛkasa. Afei migu ahome, na mifi ase kasa.” Sɛ awarefo hu bere a ɛfata a wɔde besusuw nsɛm ho a, ɛbɛboa wɔn. Ebia wobetumi asusuw nsɛm bi ho bere  a wɔn nkutoo reyɛ daa asɛm anaa wɔrekenkan Bible.

8. Dɛn na ɛbɛboa awarefo ma wɔn nkɔmmɔ ayɛ dɛ?

8 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ okunu ne ɔyere bɛma wɔn nkɔmmɔ ayɛ dɛ, efisɛ ɛsono kwan a obiara fa so bɔ nkɔmmɔ. Ɛnde, dɛn na ebetumi aboa wɔn? Ehia sɛ wɔbɔ Yehowa mpae srɛ ne honhom na wɔn ankasa nso yere wɔn ho ma wɔn nkɔmmɔ yɛ dɛ. Sɛ wɔdɔ Yehowa, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ n’ani, na wobu aware sɛ ɛyɛ kronkron a, ebepusuw wɔn ma wɔasakra ɔkwan a wɔfa so bɔ nkɔmmɔ. Onuawa bi a waware mfe 26 kyerɛwee sɛ: “Me ne me kunu bu aware sɛnea Yehowa bu no; yɛfa no aniberesɛm, enti ɛmmaa yɛn adwenem mpo da sɛ yɛbɛtetew mu. Sɛ yehyia ɔhaw bi a, yemia yɛn ani siesie ma yiye tɔ yiye.” Sɛ awarefo yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wɔde Yehowa di kan wɔ wɔn aware mu. Eyi bɛma Yehowa ani agye na wahyira wɔn.—Dw. 127:1.

MUNNYA ƆDƆ KANN

9, 10. Nneɛma bɛn na awarefo betumi ayɛ ma wɔn dɔ mu ayɛ den?

9 Su a ehia wɔ aware mu paa ne ɔdɔ. Bible ka sɛ “ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” (Kol. 3:14) Ɔdɔ kann nsa da, enyin. Anigye mu oo, ahohia mu oo, sɛ awarefo bom yɛ ade a, na wɔn dɔ ara na ɛrenyin no. Eyi ma wɔbɛyɛ nnamfo paa, na sɛ obi anhu ne yɔnko a, ontumi ntena. Ɛba saa a, wɔn dɔ renyɛ sɛ TV so dɔ. TV ne sini mu de, awarefo yɛ nneɛma akɛse akɛse de kyerɛ wɔn dɔ. Nanso nea ɛma aware sɔ yɛ nneɛma nketenkete. Sɛ awarefo wewe, wɔfomfam wɔn ho, wɔpa wɔn ani akyi kyerɛ wɔn ho, na wɔserew kyerɛ wɔn ho a, ɛma aware sɔ paa. Sɛ wo kunu anaa wo yere fi baabi ba a, wubetumi abisa no sɛ: “Me dɔ, nneɛma kɔɔ sɛn?” Eyinom yɛ nneɛma nketenkete, nanso nea etumi yɛ wɔ aware mu sõ. Ɔbarima bi a ɔne ne yere atena mfe 19 kae sɛ wɔtaa frɛfrɛ wɔn ho anaa wɔkyerɛw nsɛm mema wɔn ho wɔ fon so. Ɛyɛ a obiara pɛ sɛ ɔte ne yɔnko nka.

10 Sɛ awarefo dodɔ wɔn ho a, obiara gye bere de hu ne yɔnko yiye. (Filip. 2:4) Ɛwom, obiara wɔ mmerɛwyɛ nanso sɛ wohu wɔn ho yiye a, ɔdɔ no yɛ kɛse. Ɛnsɛ sɛ awarefo ma wɔn aware tɔ ape. Ɛsɛ sɛ daa wɔyɛ biribi ma aware no sɔ. Enti sɛ woaware a, bisa wo ho sɛ: ‘Minim me kunu anaa me yere yiye? Minim nea ɛma n’ani gye ne nea ɛhaw no? Ɛyɛ a migye bere kaakae nea midii kan hui wɔ me  yere anaa me kunu ho a ɛma metɔɔ ne dɔ mu?’

BU WO HOKAFO

11. Dɛn nti na obu ma aware gyina? Ma nhwɛso.

11 Sɛ awarefo ani gye wɔ wɔn aware mu mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ biribiara kɔ pɛpɛɛpɛ. Ɛtɔ da bi a wɔn adwene renhyia wɔ biribi ho. Ɛho nhwɛso ne Abraham ne Sara; ɛnyɛ daa na na wɔn adwene hyia. (Gen. 21:9-11) Nanso eyi amma wɔn aware annyigya. Adɛn ntia? Na obiara di ne yɔnko ni, na na wobu wɔn ho. Ɛho nhwɛso ni: Sɛ Abraham ne Sara rekasa a, na asɛm te sɛ “mesrɛ wo” mpa ne kasa mu. (Gen. 12:11, 13) Ná Sara nso tie Abraham na ɔfrɛ no “me wura.” (Gen. 18:12) Ɛtɔ da bi a, awarefo ano kasa ne ɛnne a wɔde kasa kyerɛ wɔn ho mpo kyerɛ sɛ wommu wɔn ho. (Mmeb. 12:18) Sɛ wɔannya obu amma wɔn ho a, ebetumi ama aware no agyigya.—Monkenkan Yakobo 3:7-10, 17, 18.

12. Nkurɔfo ware foforo a, adɛn nti na egye animia na wɔatumi akasa akyerɛ wɔn ho obu so?

12 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaware foforo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn kasa ayɛ dɛ na wɔakyerɛ obu ama wɔn ho. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛbɔ nkɔmmɔ. Onua bi kae sɛ: “Sɛ woware foforo a, wuhu sɛ anigye wɔ aware no mu, nanso ɛtɔ da bi a nneɛma betumi ayɛ basaa. Afei na morehu mo ho, enti ebia wo yere bɛyɛ nneɛma bi a worente ase, na ɛnyɛ nea ohia anaa ɔpɛ nyinaa na wubehu no ntɛm. Saa ara na ɔno nso renhu wo de. Enti ebia morente mo ho ase papa.” Nanso onua no kae sɛ, sɛ awarefo no nya wɔn ho abotare na wɔde nsɛm no bi yɛ serew a, ɛbɛboa wɔn. Afei nso ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔde wɔn ho to Yehowa so. Eyi yɛ afotu pa!

MUNNYA AHOBRƐASE

13. Sɛ aware bɛyɛ dɛ a, adɛn nti na ehia sɛ awarefo no brɛ wɔn ho ase?

13 Aware mu nkɔmmɔ te sɛ asuten a ɛnam turo mu yɔɔ. “Ahobrɛase adwene” bɛma nsu no atene daa. (1 Pet. 3:8) Onua bi a waware mfe 11 kae sɛ: “Ahobrɛase boa ma awarefo siesie wɔn ntam, efisɛ obi wɔ ahobrɛase a, ɛnyɛ den sɛ ɔbɛka ‘mepa wo kyɛw’ anaa ‘kafra.’” Asafo  mu panyin bi aware mfe 20. Ɔyɛ obi a n’ani ka n’aware mu, na ɔkae sɛ: “Ɛtɔ da bi a, ‘mepa wo kyɛw’ ho hia sen ‘medɔ wo.’” Ɔde kaa ho sɛ: “Ade a ɛboa awarefo ma wonya ahobrɛase ne mpaebɔ. Sɛ me ne me yere bom bɔ Yehowa mpae a, ɛkae yɛn sɛ yɛnyɛ pɛ na Onyankopɔn adom ara kwa nti na yɛwɔ hɔ. Eyi boa ma mebrɛ me ho ase, na asɛm ba nso a mihu sɛnea mɛka no.”

Ma nkɔmmɔdɛ ntena w’aware mu

14. Sɛ ahomaso ba aware mu a, ɛka aware no dɛn?

14 Nanso ahomaso yɛ osiakwan; ɛsɛe nkɔmmɔbɔ. Obi yɛ ahomaso a, ɛyɛ den ma no sɛ obebue n’ano aka sɛ, “Mepa wo kyɛw, fa kyɛ me.” Ɔfom obi a onnye ntom; wobɛhwɛ na watwa ne ho aprɛ asɛm no ato onii no so. Obi a ɔyɛ ahomaso nnim fakyɛ; obi fom no a, onnyae mu. Ebia ɔne no bɛtwe no tann anaa ɔne no bɛyɛ aka mpo. (Ɔsɛnk. 7:9) Ampa, ahomaso betumi asɛe aware. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”—Yak. 4:6.

15. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Efesofo 4:26, 27 betumi aboa awarefo ma wɔasiesie wɔn ntam?

15 Nanso nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ ahomaso renyi ne ti koraa. Asɛm no ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ɛwɔ hɔ na yɛyɛ ho biribi ntɛm. Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu, na mommma Ɔbonsam kwan nso.” (Efe. 4:26, 27) Sɛ awarefo amfa afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu yi anyɛ adwuma a, wɔn asom nnwo wɔn. Onuawa bi kae sɛ: “Sɛ asɛm bi si na me ne me kunu amfa Efesofo 4:26, 27 anyɛ adwuma a, egyaw me kɔdaanna.” Asɛm ba a, ɛyɛ papa sɛ yɛtena ase siesie no ntɛm ma asomdwoe ba. Nanso ɛtɔ da bi a, ebehia sɛ awarefo ma wɔn bo dwo kakra ansa na wɔaka asɛm no. Ɛyɛ papa nso sɛ wɔbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma wɔn ahobrɛase adwene. Eyi bɛboa wɔn na obiara anni ne koko so asɛm, na mmom wɔde wɔn adwene asi asɛm no so aka no bɔkɔɔ.—Monkenkan Kolosefo 3:12, 13.

16. Sɛ awarefo wɔ ahobrɛase a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wɔn ma obiara ahwɛ adepa a ɛwɔ ne yɔnko ho?

16 Sɛ awarefo wɔ ahobrɛase a, wɔn mu biara bɛhwɛ adepa a ɛwɔ ne yɔnko ho. Momma yɛnyɛ nhwɛso: Yɛmfa no sɛ ɔbea no bɔ mmɔden wɔ biribi mu, na ɔde boa abusua no. Sɛ ne kunu brɛ ne ho ase a, ɔrennya adwene sɛ ne yere regye n’anuonyam. Mmom ɔbɛhyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ so saa ara. Ɔyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ ne yere da ne koma so na ɔsom bo ma no. (Mmeb. 31:10, 28; Efe. 5:28, 29) Sɛ ɔbea no nso brɛ ne ho ase a, ɔremfa ne mmɔdenbɔ nhoahoa ne ho, na ɔremmu ne kunu animtiaa. Adeɛ yi wɔn nyinaa yɛ “ɔhonam koro,” enti sɛ biako ma ne ho so a, wɔn nyinaa na epira wɔn.—Mat. 19:4, 5.

17. Dɛn na ebetumi ama awarefo ani agye na wɔn aware ahyɛ Onyankopɔn anuonyam?

17 Wo yam a anka w’aware te sɛ Abraham ne Sara anaa Isak ne Rebeka de no? Wopɛ sɛ w’aware mu yɛ dɛ na ɛtena hɔ daa na ɛhyɛ Yehowa anuonyam? Sɛ saa a, ɛnde bu aware sɛnea Onyankopɔn bu no. Sua n’Asɛm na nya nhumu ne nyansa. Monhwɛ adepa a ɛwɔ mo mu biara ho. Eyi bɛma moanya ɔdɔ kann, “Yah gyaframa,” ama mo ho. (Nmd. 8:6) Monyere mo ho nsua ahobrɛase na obiara nni ne yɔnko ni. Sɛ moyɛ eyinom nyinaa a, mo ani begye mo aware mu na mo soro Agya no koma atɔ ne yam. (Mmeb. 27:11) Woyɛ saa a, wo nso wubetumi aka asɛm a onua bi kae yi bi. Onua yi de mfe 27 na aware; ɔkae sɛ: “Sɛ manhyia me yere a, anka mɛyɛ dɛn? Ade rekye a ade resa nyinaa na yɛn aware sɔ ara na ɛresɔ. Nea ama eyi nyinaa ayɛ yiye ne sɛ yɛdɔ Yehowa, na nkɔmmɔdɛ mpa yɛn aware mu.”