Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awofo, Mo ne Mo Mma Mmɔ Nkɔmmɔ

Awofo, Mo ne Mo Mma Mmɔ Nkɔmmɔ

“Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa, na ɔnyɛ nyaa mfa abufuw.”—YAK. 1:19.

1, 2. Dɛn na wubetumi aka afa awofo ne wɔn mma ho? Nanso nsɛnnennen bɛn na ɛtɔ bere bi a wohyia?

NNIPA bi bisabisaa mmofra pii wɔ United States sɛ: “Sɛ wunim sɛ wo maame ne wo papa bewu ɔkyena a, anka asɛm bɛn na wobɛka akyerɛ wɔn?” Wɔn mu pii kae sɛ anka wɔbɛka akyerɛ wɔn awofo sɛ: “Oo, Maa ne Daa, mesrɛ mo momfa me bɔne nkyɛ me, medɔ mo paa.” Ɔhaw ne nsɛmnsɛm a ɛwɔ wɔne wɔn awofo ntam de, wɔammɔ so koraa.—For Parents Only, a Shaunti Feldhahn ne Lisa Rice kyerɛwee.

2 Mmofra dɔ wɔn awofo, na awofo nso dɔ wɔn mma. Kristofo mmusua mu na yehu eyi paa. Awofo ne wɔn mma nyae a, anka mframa mpo mfa wɔn ntam, nanso ɛtɔ bere bi a, na nkɔmmɔ abɔ wɔn. Sɛ wɔyɛ sɛ wɔrebɔ nkɔmmɔ mpo a, nsɛm bi wɔ hɔ a wɔmmɔ so koraa. Adɛn ntia? Nneɛma bɛn na etumi sɛe nkɔmmɔbɔ? Awofo ne wɔn mma bɛyɛ dɛn ayi saa nneɛma no akwa?

Abusuafo, monnye bere mmɔ nkɔmmɔ; mommma biribiara nnyɛ osiakwan

MUNNYE BERE MMƆ NKƆMMƆ

3. (a) Dɛn nti na ɛyɛ den ma mmusua pii sɛ wɔbɛbɔ nkɔmmɔ? (b) Adɛn nti na na ɛnyɛ den sɛ Israelfo mmusua bɛbɔ nkɔmmɔ?

3 Mmusua pii wɔ hɔ a, ɛbere a wobenya abɔ nkɔmmɔ mpo yɛ asɛm. Nanso ɛnyɛ saa na na ɛte wɔ Israelfo bere so. Mose ka kyerɛɛ agyanom a na wɔwɔ hɔ no sɛ wɔmfa Onyankopɔn mmara nkyerɛkyerɛ wɔn mma. Ɔkae sɛ: “Fa dua wo ba komam na ka ho asɛm bere a wote wo fie, bere a wonam kwan so, bere a woda hɔ, ne bere a woasɔre.” (Deut. 6:6, 7) Saa bere no, sɛ abofra ne ne maame nni fie a, na ɔne ne papa wɔ afuw mu anaa n’adwumam. Na awofo ne wɔn mma nya bere pii bɔ nkɔmmɔ. Enti na awofo tumi hu nea wɔn mma  pɛ, nea wɔn ani gye ho, ne wɔn suban yiye. Na mmofra no nso hu wɔn awofo yiye.

4. Adɛn nti na ɛnnɛ mmusua pii nnya bere mmɔ nkɔmmɔ?

4 Ɛnnɛ deɛ, nneɛma asesa koraa! Aman pii so no, mmofra fi sukuu ase ntɛm. Ɛtɔ mmere bi a, wonni mfe abien mpo na wɔde wɔn akɔto sukuu mu. Adwuma nti agyanom ne ɛnanom pii nso ntena fie. Afei sɛ awofo ne wɔn mma behyia fie a, bere kakra a wɔde bɛbɔ nkɔmmɔ nso, TV ne kɔmputa ne telefon pɛ sɛ ehwim fi wɔn nsam. Baabi mpo deɛ, mmofra ne awofo no biara nam ne kwan; wɔayɛ ahɔho ara ne sa. Nkɔmmɔ a ɛde nkɔmmɔ deɛ, atu ayera.

5, 6. Dɛn na awofo binom yɛ na wɔanya bere pii ama wɔn mma?

5 Wubetumi atwitwa nneɛma so na woanya bere pii ama w’abusua? (Monkenkan Efesofo 5:15, 16.) Nea mmusua bi ayɛ ne sɛ, wɔtew bere a wɔsɛe wɔ TV ne kɔmputa ho no so. Ebinom bɔ mmɔden sɛ anyɛ yiye koraa no, da biara wɔbɛbom adidi pɛnkoro. Abusua som nso boa awofo ne wɔn mma ma wɔbɛn wɔn ho. Dapɛn biara abusua no de bɛyɛ dɔnhwerew biako si hɔ sua Bible. Ɛwom, eyi boa ma wonya bere bɔ nkɔmmɔ, nanso ɛno nkutoo nnɔɔso. Ɛsɛ sɛ wogye bere bɔ nkɔmmɔ da biara. Ansa na wo ba befi fie akɔ sukuu no, ka biribi ma n’ani nnye, wo ne no nsusuw daa asɛm ho na wo ne no mmɔ mpae. Mmu nneɛma a ɛte saa adewa; ebetumi aboa abofra no paa.

6 Awofo bi tumi toto nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii ama wɔn mma nkumaa. Wo de, momma yɛmfa Laura * nyɛ nhwɛso. Ɔwɔ mma nkumaa baanu, na ogyaee adwuma a ɔyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere pii ama wɔn. Ɔkae sɛ: “Anɔpa biara yɛn nyinaa de gidigidi—ebinom rekɔ adwuma no, na ebinom rekɔ sukuu. Anwummere biara mɛba  fie no, na m’abaawa adeda mmofra no dedaw. Efi bere a migyaee adwuma no, me sikasɛm nhyɛ da nyɛ papa, nanso seesei paa na metumi aka sɛ minim me mma no—wɔn nsusuwii ne wɔn haw. Mmofra no rebɔ mpae a mitie. Eyi ma mihu sɛnea mɛboa wɔn ma wɔn mpaebɔ atu mpɔn na ayɛ papa.”

‘MONYƐ NTƐM NTIE’

7. Sobo bɛn na mmofra ne awofo nyinaa bɔ wɔn ho?

7 Wɔn a wɔkyerɛw nhoma a wɔato din For Parents Only no bisabisaa mmofra bi nsɛm. Eyi ma wohuu ade foforo a esiw nkɔmmɔbɔ kwan. Bere a wobisaa mmofra no nsɛm no, wɔn mu pii kae sɛ wɔn awofo ntie wɔn. Nanso ɛnyɛ awofo nkutoo na wɔanya asɛm, efisɛ awofo no nso ka sɛ wɔn mma ntie wɔn. Enti sɛ awofo ne wɔn mma nyinaa pɛ sɛ wotumi bɔ nkɔmmɔ yiye a, ɛsɛ sɛ obiara yɛ aso tie ne yɔnko.—Monkenkan Yakobo 1:19.

8. Dɛn na awofo bɛyɛ de akyerɛ sɛ wotie wɔn mma ampa?

8 Awofo, mubetumi aka paa sɛ moyɛ aso tie mo mma? Eyi nna fam. Ɛtɔ da bi a na moabrɛ nanso mobɛhwɛ na mo mma de asɛm bi a ɛho nhia reguan mo ho. Ɛba saa a, monkae sɛ nea mususuw sɛ ɛho nhia no, ɛno ne mmofra no ahiasɛm. Sɛ Bible ka sɛ ‘yɛnyɛ ntɛm ntie asɛm’ a, ɛnyɛ nea abofra no reka nkutoo na wubetie, na mmom wobɛhwɛ ɔkwan a ɔfa so ka n’asɛm nso. Ne nne ne n’anim yɛbea nyinaa bɛma woahu nea ɛwɔ ne komam. Bio nso ehia sɛ wubisa no nsɛm. Bible ka sɛ: “Onipa komam nsusuwii te sɛ nsu a emu dɔ, na nhumufo na ɔbɛsaw.” (Mmeb. 20:5) Wuhia nhumu na woahu nea ɛwɔ wo ba komam, ɛnkanka bere a wo ne no reka asɛm bi a ɔfɛre ho.

9. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mmofra tie wɔn awofo?

9 Mmofra, moyɛ aso tie mo awofo? Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Me ba, tie wo papa nteɛso, na mpo wo maame mmara.” (Mmeb. 1:8) Munhu sɛ mo awofo dɔ mo na wodwen mo ho, enti ɛsɛ sɛ mutie wɔn asɛm. (Efe. 6:1) Sɛ mutumi ne mo awofo bɔ nkɔmmɔ na mokae sɛ wɔdɔ mo a, ɛrenyɛ den sɛ mubetie wɔn asɛm. Enti sɛ biribi haw mo a, monka ho asɛm nkyerɛ mo awofo. Eyi bɛma wɔahu mo yiye. Monkae sɛ, ɛsɛ sɛ mo nso muhu wɔn yiye.

10. Dɛn na yesua fi Rehoboam asɛm no mu?

10 Mmofra, sɛ mo atipɛnfo na wotu mo fo a, ɛnde monhwɛ yiye. Ebia wɔbɛka nsɛm a ɛbɛyɛ mo asom dɛ, nanso ɛremfa mo nkosi baabiara. Anhwɛ a ɛde mo bɛkɔ asiane mu mpo. Mmofra nni nyansa ne osuahu te sɛ mpanyimfo. Sɛ wɔreyɛ biribi a, wontumi nhu ne nsunsuanso anaa nea ɛbɛkɔ akowie. Monkae nea ɛtoo Ɔhene Solomon ba Rehoboam. Bere a Rehoboam bɛyɛɛ Israel hene no, wantie mpanyimfo afotu. Mmom mmerante a ɔne wɔn sii so no afotu bɔne na otiei. Eyi nti ne mamfo dodow no ara sɔre tiaa no. (1 Ahe. 12:1-17) Munnsuasua Rehoboam, na mmom mo ne mo awofo mmɔ nkɔmmɔ. Monka mo tirim asɛm nkyerɛ wɔn. Muntie wɔn afotu na munhu nyansa.—Mmeb. 13:20.

11. Sɛ awofo antew wɔn anim amma wɔn mma a, dɛn na ɛbɛba?

11 Awofo, sɛ mompɛ sɛ mo mma kɔ wɔn atipɛnfo hɔ kogye afotu a, ɛnde montew mo anim mma wɔn na wontumi ne mo mmɔ nkɔmmɔ. Onuawa kumaa bi kae sɛ: “M’awofo nya te sɛ merebɔ ɔbarima din pɛ na wɔn yam de wɔn pram. Ɛba saa a, na wɔama me nsɛm nyinaa aka me tirim.” Abeawa  foforo nso kyerɛwee sɛ: “Mmofra pɛ sɛ wɔka wɔn asɛm kyerɛ wɔn awofo na wogye afotu, nanso sɛ wohu sɛ wɔn awofo mfa wɔn asɛm aniberesɛm a, wɔde wɔn ani bɛhwɛ baabi foforo, sɛ wɔn atipɛnfo nkyɛn mpo a, wɔbɛkɔ.” Sɛ woyɛ aso tie asɛm biara a wo mma bɛka akyerɛ wo a, ɛnde wɔremfa asɛm biara nsie wo, na wobetie afotu a wode bɛma wɔn.

‘MONYƐ NYAA NKASA’

12. Sɛ awofo annya wɔn mma ho abotare a, adɛn nti na ebetumi asɛe wɔne wɔn mma nkɔmmɔbɔ?

12 Sɛ mmofra rekasa na awofo annya abotare amma wɔn a, ebetumi aka mmofra no kasaboa ahyɛ wɔn yam. Ɛyɛ nokware sɛ asiane pii wɔ “nna a edi akyiri mu,” enti awofo pɛ sɛ wɔbɔ wɔn mma ho ban. (2 Tim. 3:1-5) Nanso bere a mususuw sɛ morebɔ mo mma ho ban no, mmofra no betumi anya adwene sɛ moreka wɔn ahofadi ahyɛ.

13. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ awofo pere wɔn ho wɔ nsɛm ho?

13 Ɛnsɛ sɛ awofo pere wɔn ho wɔ nsɛm ho. Ɛwom, sɛ wo ba ka asɛm bi ma ɛhyew wo a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ komm. Nanso ehia sɛ woyɛ aso tie no ansa na sɛ wowɔ biribi ka a, woaka. Onyansafo Solomon kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi bua asɛm ansa na wate a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.” (Mmeb. 18:13) Sɛ woyɛ komm tie wo ba no a, ɔbɛka nea ɛwɔ ne mu nyinaa akyerɛ wo. Sɛ woyɛ aso tie asɛm no nyinaa a, ɛnna wubetumi aboa wo ba no. Afei wubehu nea enti a wo ba no kasa “hatuhatu” no. (Hiob 6:1-3) Awofo, momfa mo aso nte mo mma ase, na momfa mo tɛkrɛma nsa wɔn yare. Eyi bɛma wɔahu sɛ modɔ wɔn ampa.

14. Mmofra ne wɔn awofo rekasa a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔto wɔn bo ase?

14 Mmofra, sɛ mo ne mo awofo rekasa a, monto mo bo ase; mompere mo ho nkasa. Monkae sɛ Onyankopɔn de ahyɛ mo awofo nsa sɛ wɔntete mo, enti monnyɛ nyiyiano. (Mmeb. 22:6) Munhu sɛ mo awofo ayɛ mmofra pɛn enti nea morefa mu no, ebia wɔn nso afa mu pɛn. Bere a mo awofo yɛ mmofra no, ebia wɔyɛɛ nneɛma bi, na ɛnnɛ mpo wɔkae a na ɛyɛ wɔn yaw. Wɔmpɛ sɛ mudi mfomso koro no ara. Enti mummu mo awofo sɛ mo nnamfo, ɛnyɛ mo atamfo; wɔpɛ sɛ esi mo yiye, wɔmpɛ mo bɔne. (Monkenkan Mmebusɛm 1:5.) “Di wo papa ne wo maame ni” na ma wonhu sɛ wodɔ wɔn sɛnea wɔdɔ wo no. Woyɛ saa a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ ‘wɔbɛtete wo Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.’—Efe. 6:2, 4.

‘MONYƐ NYAA MFA ABUFUW’

15. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya yɛn adɔfo ho abotare?

15 Ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ yebenya yɛn adɔfo ho abotare. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa “akronkronfo ne anuanom anokwafo a wɔwɔ Kristo mu wɔ Kolose” no sɛ: “Okununom, monkɔ so nnɔ mo yerenom na mommma mo bo mmfuw wɔn denneennen. Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw na wɔn abam ammu.” (Kol. 1:1, 2; 3:19, 21) Paulo ka kyerɛɛ Efesofo no sɛ: “Momma wonyi menasepɔw nyinaa ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia mfi mo mu.” (Efe. 4:31) Sɛ yenya honhom aba te sɛ abodwokyɛre, odwo, ne ahosodi na sɛ obi reteetee yɛn mpo a, yɛbɛhyɛ yɛn ho so.—Gal. 5:22, 23.

16. Ɔkwan bɛn so na Yesu teɛteɛɛ n’asuafo no? Wohwɛ tebea a na Yesu wom a, adɛn nti na nea ɔyɛe no ka koma paa?

 16 Awofo, munsua biribi mfi nea Yesu yɛe no mu. Wo de twa mfonini wɔ w’adwenem. Na Yesu nim sɛ aka bere tiaa bi na wawu owu yawyaw. Onim sɛ, sɛ n’Agya din ho bɛtew a, egyina ne nokwaredi so; sɛ adesamma benya nkwa a, egyina ɔno koro yi ara so. Enti hwɛ sɛnea Yesu ho bɛyeraw no bere a ɔne n’asomafo no redidi anadwo a etwa to no! Nanso bere a ebia eyinom ahyɛ no so no, hwɛ nea esii. Saa adidi no ase no, ‘akasakasa gyegyeegye bi sɔree wɔn ntam.’ Na asomafo no mu biara susuw sɛ ɔno na ɔyɛ kɛse. Yesu bo amfuw ankekam angu wɔn so, na wantwiw wɔn anim. Mmom ɔtoo ne bo ase ne wɔn susuw nsɛm ho. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔn na wɔda so bata ne ho wɔ ne sɔhwɛ mu. Ná Satan pɛ sɛ ohuw asomafo no so sɛ awi, nanso Yesu ma wohui sɛ ogye wɔn di sɛ wobedi nokware. Ɔne wɔn yɛɛ apam mpo.—Luka 22:24-32.

Wo ba rekasa a, woyɛ aso tie?

17. Dɛn na ɛbɛboa mmofra ma wɔato wɔn bo ase wɔ nneɛma ho?

17 Mmofra, mo nso monto mo bo ase wɔ nneɛma ho. Sɛ mmofra du wɔn mmerantebere anaa mmabaabere mu na sɛ wɔn awofo tu wɔn fo a, wɔntaa mfa wɔn ti nnye. Ebia ɛbɛyɛ wɔn sɛ wɔn awofo nnye wɔn nni. Sɛ saa mpo na ɛyɛ wo a, kae sɛ ɔdɔ nti na w’awofo tu wo fo. Sɛ wobrɛ wo ho ase tie w’awofo a, wobehu sɛ w’adwenem da hɔ na woyɛ w’ade sɛ panyin. Ɛba saa a, wɔbɛma wo ahofadi ayɛ nneɛma pii. Bible ma yehu sɛ, sɛ obi hyɛ ne ho so a, ɛkyerɛ sɛ onim nyansa. Ɛka sɛ: “Ɔkwasea yi n’abufuw nyinaa adi, na onyansafo dwudwo ne de kosi ase.”—Mmeb. 29:11.

18. Adɛn nti na ɔdɔ ma nkɔmmɔ sɔ?

18 Awofo ne mmofra, yɛsrɛ mo muntie: Sɛ mo abusua ntumi mmɔ nkɔmmɔ sɛnea mopɛ mpo a, mompa abaw. Monkɔ so ara mmɔ ho mmɔden; momma nokware no nkyerɛ mo kwan. (3 Yoh. 4) Wiase foforo no mu yɛn nyinaa bɛyɛ pɛ, na yɛbɛbɔ nkɔmmɔ a twitwitwitwi biara remma mu. Nanso ɛnnɛ de, mfomso mpa yɛn kasa mu. Enti ehia sɛ wopa kyɛw a, pa kyɛw ntɛm. Afei yi wo yam fa bɔne firi. Momfa ‘biakoyɛ mmom wɔ ɔdɔ mu.’ (Kol. 2:2) Ɔdɔ wɔ tumi. ‘Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye. Ne bo nhaw no. Ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu. Ɛtɔ ne bo ase biribiara mu, egye biribiara di, ɛwɔ biribiara mu anidaso, na egyina biribiara ano.’ (1 Kor. 13:4-7) Sɛ ɔdɔ wɔ abusua no mu a, nkɔmmɔ bɛsɔ, obiara ani begye na ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam.

^ nky. 6 Ɛnyɛ ne din ankasa ne no.