Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASETENAM NSƐM

Yɛn Asetena Nyɛɛ Kwa

Yɛn Asetena Nyɛɛ Kwa

BERE a mewoo me babarima Gary wɔ afe 1958 mu no, mehwɛ no a, na mihu sɛ nneɛma nkɔ yiye. Nanso egyee asram du ansa na dɔkotafo rehu yare a ɛhaw no, na egyee mfe anum ansa na dɔkotafo akukudam bi reka ato so sɛ ɛyɛ nokware. Mewoo Gary akyi mfe akron no, mewoo me babea Louise, na yare a ɔde bae de, anka Gary de no mpo ye. Me werɛ howee paa.

Adɔkotafo no ka kyerɛɛ me sɛ: “Wo mma baanu no nyinaa anya yare huhuuhu bi a wɔfrɛ no LMBB, * na awerɛhosɛm ne sɛ enni aduru.” Saa bere no na adɔkotafo nhyɛ da nni saa yare no ho nimdeɛ papa. Yare no nsunsuanso bi ne anifurae, kɛse mmoroso, asikreyare, kwaha, nsateaa ne nansoaa a ebi tumi fefɛw ho. Afei ɛmma obi nyin yiye na ogyina hɔ koraa a na ɔretew ahwe. Bio, n’asaabo nyɛ adwuma yiye. Enti na mmofra no hwɛ nna fam. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi daa no adi sɛ, sɛ woyi nnipa 125,000 biara si hɔ wɔ Britain a, wɔn mu 1 anya yare yi bi. Wɔn a yare yi bi hyehyɛ wɔn ho a wɔde kɔ ba de, wɔdɔɔso sen saa mpo.

YEHOWA YƐ YƐN “ABANTENTEN”

Mewaree no, ankyɛ na me ne Yehowa Dansefo bi bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ, na ɛhɔ ara na mihui sɛ nea wɔreka no ne nokware no. Nanso me kunu de, na n’ani nnye ho koraa. Ná n’adwuma ma yetutu akwan, enti mantumi ne asafo biara ammɔ saa bere no. Nanso mekɔɔ so ara kenkan Bible bɔɔ Yehowa mpae. Mekenkan asɛm bi wɔ Bible mu ma ɛkyekyee me werɛ paa. Ɛka sɛ: “Yehowa bɛyɛ abantenten ama ɔwerɛhoni, ahohia bere mu abantenten” na ‘wɔn a wɔhwehwɛ no no, ɔrennyaw wɔn.’—Dw. 9:9, 10.

Ná Gary nhu ade papa, enti bere a odii mfe asia no mede no kɔtoo sukuu bi mu wɔ England anafo fam. Ɔkɔɔ hɔ no, sɛ asɛm bi haw no a, na wafa telefon afrɛ me. Ɛyɛ a me nso mefrɛ no de Bible kyerɛkyerɛ no. Mewoo Louise no, mfe kakraa akyi na yare bi bɔɔ me. Na yare no ma me ho tutu me paa, na ɛkaa m’akyi berɛmo. Bere a Gary wiee sukuu baa fie no, na wadi mfe 16. Saa bere no de, na n’ani afura ara ne sa. Enti afe 1975 mu no wɔkan no fraa anifuraefo. Me kunu guan gyaw yɛn 1977.

Gary baa fie no, yɛamfa yɛn som nni agoru koraa; asafo dwumadi biara na yɛde yɛn ho hyem. Mebɔɔ asu 1974. Bere a Gary renyin no, asafo mu panyin bi boaa no ma ohuu sɛnea ɔbɛbɔ ne bra, na m’ani gyei paa. Anuanom bi nso bɛboaa me fie adeyɛ, na akyiri yi aban faa wɔn mu baanum tuaa wɔn ka sɛ wɔmmoa yɛn wɔ fie. Eyi yɛ nhyira kɛse paa.

Gary yeree ne ho suaa nokware no yiye na ɔbɔɔ asu afe 1982. Na akwampaefo boafo adwuma no wɔ n’ani so, enti me ne no yɛɛ saa adwuma yi mfe kakra. Bere bi akyi yɛn mansin sohwɛfo bisaa asɛm bi maa n’ani gyei paa. Obisaa no sɛ: “Gary, wunim sɛ wubetumi ayɛ daa kwampaefo?” Asɛm yi hyɛɛ Gary  nkuran, na 1990 mu no wɔpaw no daa kwampaefo.

Wɔyɛɛ Gary oprehyɛn mprenu wɔ ne sisi mu. Wɔyɛɛ nea edi kan no 1999, na wɔyɛɛ nea ɛtɔ so abien no 2008. Nanso na Louise yare no ani soso sen Gary de no koraa. Mewoo no no, na n’ani afura koraa. Afei mihui sɛ nansoaa a ɛwɔ ne nan biako ho yɛ asia. Eyi ma mihui sɛ Louise nso anya LMBB yare no bi. Akyiri yi wɔyɛɛ nhwehwɛmu hui sɛ ne yam nneɛma pii ho aka. Wɔyɛɛ no oprehyɛn akɛse pii. Wɔayɛ n’asaabo nkutoo oprehyɛn mpɛn anum. Louise nso wɔ asikreyare.

Louise taa ne adɔkotafo mpanyimfo bɔ nkɔmmɔ kyerɛkyerɛ ne gyidi mu kyerɛ wɔn na sɛ ɛba sɛ wɔyɛ no oprehyɛn na mogyasɛm sɔre a, ankɔfa ɔhaw biara amma. Enti ɔne wɔn a wɔhwɛ no nyinaa ntam yɛ kama.

YƐREYƐ NNEƐMA A MFASO WƆ SO

Woba yɛn fie a, ɛnyɛ obi na ɔbɛka akyerɛ wo sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo. Kan no na mede nnɔnhwerew pii kan asafo nhoma kyerɛ Gary ne Louise. Nanso seesei yɛanya CD ne DVD ahorow. Afei nso nneɛma pii wɔ hɔ a yɛbɔ tie wɔ www.pr418.com. Eyi nyinaa ma yetumi siesie yɛn ho ma asafo nhyiam dapɛn biara na yetumi ma mmuae.

Yɛda Yehowa ase sɛ wabue nokware no so akyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm mu!

Ɛtɔ mmere bi a Gary kyere mmuae a ɔbɛma gu ne tirim, na sɛ ɔwɔ dwumadi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu a, ɔno ara de ne nsɛm kyerɛkyerɛ mu. Wɔpaw no asafo mu somfo 1995. Ɔkɔ Ahenni Asa so a, sɛ ɔredi akɔneaba ara ni; okyiakyia anuanom na ɔboa wɔn a wɔhwɛ akasam mfiri so.

Ɔkwaha nti, mpɛn pii Gary tena mmubuafo akongua mu, na anuanom taa pia no ne no kɔ asɛnka. Onua biako boa no ma ɔne obi yɛ Bible adesua, na seesei osuani no kɔ adesua. Afei Gary aboa Ɔdansefo bi a na wate atena mfe 25 ma ɔno nso afi ase rekɔ adesua.

Louise dii mfe akron no, ne nanabea kyerɛɛ no adenwene. Me ne wɔn a wɔhwɛ no mu biako nso kyerɛɛ no sɛnea wodi adwini gu ntade mu. N’ani gye adwuma yi ho paa, na ɔtaa nwene kuntu fɛfɛɛfɛ ma mmofra ne mpanyin wɔ asafo no mu. Afei nso ɔyɛ nkrataa de mfonini tetare so ma nkurɔfo. Obiara nsa ka a, na n’ani agye. Bere a Louise yɛ ababaa no, osuaa sɛnea yɛbɔ typewriter. Seesei ɔwɔ kɔmputa bi a ɔne ne nnamfo di nkitaho wɔ so. Louise dii mfe 17 na ɔbɔɔ asu. Sɛ ɔsatu titiriw bi du so a, me ne no bom yɛ akwampaefo boafo. Louise nso kyere kyerɛw nsɛm gu ne tirim de kyerɛ sɛ ogye di sɛ wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no bɛba. Saa bere no “anifuraefo ani bebue” na “ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”—Yes. 33:24; 35:5.

Yɛda Yehowa ase sɛ wabue nokware no so akyerɛ yɛn wɔ n’Asɛm mu! Yɛn ani sɔ nea asafo no mufo ayɛ ama yɛn paa. Wɔayi wɔn yam aboa yɛn; ɛnyɛ wɔn a, anka yennim nea yɛbɛyɛ. Nokwasɛm ni, Yehowa adaworoma yɛn asetena nyɛɛ kwa.

^ nky. 5 LMBB gyina hɔ ma Laurence-Moon-Bardet-Biedl. Wɔde saa yare yi too adɔkotafo baanan a wodii kan huu yare no. Ɛyɛ mogya mu yare a yɛde wo. Ɛnnɛ wɔfrɛ yare no Bardet-Biedl. Enni aduru.