Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MOMFA NKYERƐKYERƐ MO MMA

Dɛn na Yesua Fi Ɔdebɔneyɛfo Bi Hɔ?

Dɛn na Yesua Fi Ɔdebɔneyɛfo Bi Hɔ?

Ɔdebɔneyɛfo a yɛreka ne ho asɛm no ne ɔbarima a Yesu ne no rekasa wɔ mfonini no mu no. Ɔdebɔneyɛfo no anu ne ho. Nea ɔreka akyerɛ Yesu ne sɛ: “Sɛ woba w’ahenni mu a, kae me.” Enti sɛ wohwɛ mfonini no a, wubehu sɛ Yesu rekasa akyerɛ no. Wunim asɛm a Yesu reka akyerɛ no? * Yesu rehyɛ no bɔ sɛ: “Nokwarem mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”

Wohwɛ a, saa Paradise no bɛyɛ sɛn?— Bere a Onyankopɔn bɔɔ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa no, ma yɛnhwɛ Paradise a ɔde maa wɔn no na ama yɛanya asɛm yi ho mmuae. Saa Paradise no, na ɛwɔ he? Ná ɛwɔ soro anaa asase so?

Sɛ woka sɛ na ɛwɔ asase so a, woatwa. Enti sɛ yɛka sɛ ɔbɔnefo no bɛtena “Paradise” a, nea ɛsɛ sɛ ɛba yɛn adwenem ne sɛ asase a yɛte so yi bɛdan paradise, enti asase yi ara so na ɔbɛtena. Wohwɛ a, sɛn na saa Paradise no bɛyɛ?— Ma yɛnhwɛ.

Bible ka sɛ bere a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ Adam ne Hawa no, ɔde wɔn tenaa paradise wɔ asase yi ara so. Ɔfrɛɛ no ‘Eden turo.’ Wunim sɛnea na ‘Eden turom’ hɔ yɛ fɛ fa?— Yebetumi aka sɛ sɛnea na ɛhɔ yɛ fɛ na ɛhɔ yɛ anika no de, baabiara rento hɔ!

W’adwene yɛ wo sɛn? Ɔdebɔneyɛfo a ɔsakraa n’adwene no, asase yi so na Yesu ne no bɛtena anaa?— Dabi, Yesu bɛtena soro adi Paradise asase no so hene. Enti Yesu ka sɛ ɔbɛka ɔdebɔneyɛfo no ho a, ɛkyerɛ sɛ obenyan no afi awufo mu na wahwɛ sɛ obenya nea ohia wɔ asase so Paradise hɔ. Adɛn nti na Yesu bɛma ɔdebɔneyɛfo a ɔte saa akɔ Paradise?— Ma yɛnhwɛ.

 Ɛyɛ nokware sɛ ɔdebɔneyɛfo no dii bɔne paa. Nanso ɛnyɛ ɔno nko ara; nnipa mpempem pii atena asase so pɛn a wɔadi bɔne saa. Nea enti a wɔn mu dodow no ara dii bɔne saa ne sɛ, wɔannya obiara ankyerɛ wɔn Yehowa akwan ne n’apɛde.

Enti nnipa a wɔte saa ne ɔdebɔneyɛfo a Yesu ne no kasae wɔ dua no so no, wobenyan wɔn nyinaa aba Paradise wɔ asase yi ara so. Wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn apɛde. Saa bere no, wobenya kwan akyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa.

Wunim nea wobetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa?— Ɛno ne sɛ wɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ. Sɛ Paradise ba a, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yɛne nnipa a wɔdɔ Yehowa na wɔdɔ wɔn yɔnko bɛtena daa!

^ nky. 3 Sɛ worekenkan akyerɛ abofra na wuhu sɛ wɔasan baabi sei (—) a, ɛkyerɛ sɛ gyina na ma abofra no nkyerɛ n’adwene.