Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASETENAM NSƐM

Matie Yehowa Anya Nhyira Pii

Matie Yehowa Anya Nhyira Pii

Meda so ara kae asɛm a na me papa taa ka kyerɛ yɛn. Na ɔka sɛ: “Yesua nneɛma pii fi Noa hɔ. Noa tiee Yehowa, na na ɔdɔ n’abusua. Abusua no nyinaa nyaa nkwa wɔ nsuyiri no mu efisɛ wɔn nyinaa kɔɔ adaka no mu.”

NA ME papa yɛ ɔbarima hobrɛasefo a ɔpɛ adwuma. Na ɔpɛ nokware enti bere a ɔtee Bible mu asɛm wɔ 1953 mu no, ɛkaa ne koma ntɛm ara. Efi saa bere no ɔyɛɛ nea obetumi biara de nea ɔresua no kyerɛkyerɛɛ ne mma. Na Katolek som agye me maame ti, enti mfiase no na ɛyɛ den sɛ obegyae asɔre no. Nanso akyiri yi ɔno nso gyee Bible nkyerɛkyerɛ toom.

Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛn awofo ne yɛn besua ade efisɛ na Maame nnim akenkan papa, na me papa nso kɔ afum a ommedu ntɛm. Ɛtɔ da bi a ɔbrɛ paa, enti yɛresua ade a, na ɔreda. Nanso ne mmɔdenbɔ anyɛ kwa. Na me na meyɛ wɔn ba panyin, enti na meboa kyerɛkyerɛ me nuabea ne me nua mmarima baanu Bible mu nsɛm. Na yɛtaa ka Noa ho asɛm sɛnea na me papa yɛ no. Yesuaa sɛnea Noa dɔ n’abusua ne osetie a ɔyɛ maa Onyankopɔn. Na m’ani gye saa asɛm no ho paa! Bere a yefii ase suaa Bible no, ankyɛ koraa na yɛn nyinaa fii ase kɔɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so wɔ Roseto degli Abruzzi. Ɛyɛ kurow bi a ɛda Adriatic mpoano wɔ Italy.

Afe 1955 mu no, me ne me maame tuu kwan kɔɔ atɔe fam kɔɔ yɛn nhyiam a edi kan wɔ Rome. Saa bere no na afei ara na madi mfe 11. Efi saa bere no, nhyiam akɛse du so a, na me ho pere me sɛ mɛkɔ.

Afe 1956 mu no, mebɔɔ asu na ntɛm ara na mifii bere nyinaa som adwuma ase. Midii mfe 17 no, mekɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Latina, Rome anafo. Efi me kurom rekɔ hɔ yɛ kilomita 300 (akwansin 190). Na ɛyɛ kurow foforo, enti sɛ obi resua Bible a, ɛnhaw no sɛ afoforo bɛka ho asɛm. Na me ne onuawa biako na ɛyɛ akwampae adwuma no, na yɛkyekyɛɛ asafo nhoma pii. Na adwuma no yɛ me dɛ nanso na misua, enti na m’ani taa gyina fie. Nanso mihui sɛ Yehowa na ɔde adwuma yi ahyɛ me nsa, enti na mepɛ sɛ mitie no.

Ɛda a yehyiaa ayeforo

 Akyiri yi wɔde me kɔɔ Milan sɛ menkɔboa ntotoe a wɔreyɛ ama “Daa Asɛmpa” Amanaman Ntam Nhyiam a yɛyɛe 1963 no. Mituu me ho sii hɔ yɛɛ nnwuma pii wɔ nhyiam no ase. Me ne anuanom pii yɛɛ adwuma. Wɔn mu biako ne aberante bi a wɔfrɛ no Paolo Piccioli; na ofi Florence. Nhyiam no da a ɛto so abien no, ɔmaa kasa bi a ɛka koma paa; na ɛfa sigyadi ho. Mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Minnye nni sɛ onua yi bɛware.’ Nanso nhyiam no akyi no, yefii ase kyerɛw yɛn ho. Mihui sɛ ade a m’ani gye ho no, ɛno ara na ɔno nso ani gye ho; na yɛwɔ botae biako. Na yɛn nyinaa dɔ Yehowa na na yɛayɛ krado sɛ yebetie no. Me ne Paolo waree afe 1965 mu.

YƐNE ASƆFO HYIAE

Meyɛɛ daa akwampae adwuma no mfe du wɔ Florence. Asafo no dɔree, na mmofra pii nyaa nkɔso wɔ nokware no mu. Eyi kaa me koma paa. Saa bere no, na me ne Paolo ne mmofra no taa hyia bɔ Bible mu nkɔmmɔ. Ɛtɔ da bi nso a na yedi agorɔ; na Paolo taa ne wɔn bɔ bɔɔl. Paolo wɔ me nkyɛn a m’ani gye, nanso mihui sɛ ehia sɛ onya bere boa mmofra ne mmusua a wɔwɔ asafo no mu.

Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ nnipa dodow a yɛne wɔn suaa Bible a, m’ani gye paa. Onipa biako a yɛne no suaa ade ne Adriana. Ɔkaa nea ɔresua no kyerɛɛ mmusua abien bi. Afei wɔne ɔsɔfo bi yɛɛ nhyehyɛe sɛ wonhyia nsusuw asɔre no nkyerɛkyerɛ te sɛ Baasakoro ne ɔkra a enwu da ho. Asɔre no mpanyimfo baasa na wɔbae. Wohwɛ asɛm a wɔreka a, wunhu ne ti nhu ne nan. Yɛn Bible asuafo no hui ntɛm ara sɛ nea wɔreka no ne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia. Nhyiam yi akyi no, mmusua yi mufo 15 bɛyɛɛ Adansefo.

Seesei de, ɔkwan a yɛfa so ka asɛm no asesa. Kan no na Paolo taa ne asɔfo hyia susuw Bible mu nsɛm ho. Da bi ɔne nnipadɔm bi a wɔnyɛ Adansefo hyiae. Yehui sɛ na asɔfo ne nkurɔfo bi abɔ pɔw sɛ wommisa nsɛm mfa ngu n’anim ase. Nanso nneɛma ankɔ sɛnea na asɔfo no pɛ. Obi bisae sɛ eye sɛ asɔre no de ne ho begyigye amanyɔsɛm mu anaa. Afei wuhu sɛ na asɔfo no ho hyehye wɔn. Ɛhɔ ara na nkanea no dumii, na wɔde nhyiam no soo hɔ ara. Mfe bi akyi no yɛtee sɛ asɔfo no na wɔne nkurɔfo hyehyɛɛ ho sɛ, sɛ nneɛma ankɔ sɛnea wɔpɛ a, wonnum nkanea no.

DWUMADI FOFORO

Bere a me ne Paolo waree mfe du no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔyɛ ɔmansin adwuma. Na  Paolo kura adwuma pa enti na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebesi gyinae. Nanso yɛbɔɔ asɛm no ho mpae na yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛkɔ. Sɛ yɛkɔsoɛ abusua bi a na yɛne wɔn bom yɛ nneɛma pii. Edu anwummere a, yɛtaa bom sua ade. Afei na Paolo boa mmofra no ma wɔyɛ wɔn homework. Sɛ ɛyɛ akontaa a, ɛnde na ɛyɛ Paolo deɛ mu. Bio, na Paolo pɛ akenkan paa, enti daa na ɔka biribi de hyɛ yɛn nkuran. Edu Dwoda a, na yɛkɔka asɛm no wɔ nkurow a Adansefo nni hɔ, na na yɛto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wommetie ɔkasa anwummere no.

Na yɛne mmofra no taa hyia di agorɔ; na Paolo taa ne wɔn bɔ bɔɔl

Bere a yɛyɛɛ ɔmansin adwuma no mfe abien pɛ na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔsom wɔ Rome Betel. Paolo yɛɛ adwuma wɔ Mmara Dwumadibea ɛnna me nso meyɛɛ adwuma wɔ Nsɛmma Nhoma Dwumadibea. Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebegyae ɔmansin adwuma akɔsom wɔ Betel, nanso yesii yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ osetie. Bere a yɛwɔ hɔ no adwuma no mu trɛwee na wosisii adan foforo wɔ Betel, na nnipa pii gyee nokware no wɔ Italy. Saa bere no na Italy aban gyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu. Eyi nyinaa maa yɛn ani gyei.

Na Paolo ani gye adwuma a ɔyɛ wɔ Betel ho

Bere a yɛresom wɔ Betel no, mogya ho asɛm bi sɔree ma ekopuee Italy asɛnnibea. Eyi sii afe 1980 akyi hɔ baabi. Wɔkae sɛ awarefo bi a wɔyɛ Adansefo amma wɔamfa mogya amma wɔn babea ma wawu, enti ɛho asodi da wɔn so. Nanso nokwasɛm ne sɛ mogya mu yare bi a atu atese wɔ Italy ne aman a ɛwɔ mpɔtam hɔ na ekum no. Anuanom a wɔwɔ Betel boaa lɔyafo a wɔreka asɛm ama awofo no. Afei nso asafo no yɛɛ kratawa ne Nyan! titiriw bi de kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu ne nea Bible ka fa mogya ho, na wɔkyekyɛ maa nkurɔfo. Saa bere no na Paolo nni adagyew koraa; na ɔtaa yɛ adwuma bɛyɛ nnɔnhwerew 16 da biara. Meyɛɛ nea metumi biara de boaa no.

NSAKRAE FOFORO

Yɛwaree no, mfe 20 akyi na biribi a yɛnhwɛ kwan sii. Saa bere no na madi mfe 41, na na Paolo adi mfe 49. Meka kyerɛɛ no sɛ ɛyɛ me sɛ m’afa afuru. Saa da no Paolo kyerɛw wɔ ne nhoma bi mu sɛ: “Mpaebɔ: Sɛ ɛyɛ nokware a, boa yɛn ma yɛntena bere nyinaa som adwuma no mu, mma yɛntoto yɛn som ase, na boa yɛn ma yɛnyɛ nhwɛso pa mma yɛn ba no. Afei boa ma memfa afotu a m’agyina asafo no anim de ama mfe 30 a atwam no mu fã ketewaa bi mpo nyɛ adwuma.” Sɛ mehwɛ sɛnea nneɛma te seesei a,  mitumi hu sɛ Yehowa tiee ne mpaebɔ ne me deɛ nyinaa.

Bere a yɛwoo yɛn ba Ilaria no, nneɛma sesae wɔ yɛn asetenam koraa. Nokwasɛm ni, ɛtɔ da bi a na yɛn abam abu sɛnea Mmebusɛm 24:10 ka no. Ɛka sɛ: “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.” Nanso obiara nyaa awerɛkyekye fii ne yɔnko hɔ.

Ilaria taa ka sɛ ɛyɛ no dɛ sɛ onyaa awofo a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma. Ɔntee nka da sɛ wɔagyaw no wɔ biribiara mu. Edu anɔpa a, mewɔ ne nkyɛn. Edu anwummere na Paolo ba fie a, ɔne no di agorɔ na ɔboa no ma ɔyɛ ne homework. Ɛyɛ a na adwuma gu Paolo so nanso onya bere ma Ilaria. Ɛtɔ da bi a na ɛsɛ sɛ ɔtena ase kosi ahemadakye nnɔnabien anaa nnɔnabiɛsa wie n’adwuma. Na Ilaria taa ka sɛ, “Dada yɛ m’adamfo paa.”

Sɛ woretete abofra ma wabɛsom Yehowa a, ɛnna fam. Ɛtɔ da a, na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nan si fam na Ilaria ahu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Mekae sɛ bere bi na ɔne n’adamfo bi redi agorɔ na odii mmofrabɔnesɛm bi. Yɛde Bible kyerɛkyerɛɛ no ma ohui sɛ nea ɔyɛe no nye. Afei nso yɛmaa ɔpaa n’adamfo no kyɛw wɔ yɛn anim hɔ ara.

Ilaria taa ka sɛ anigye a n’awofo de yɛ asɛnka adwuma no na wɔde awo no. Seesei waware, na afei paa na wahu sɛ ɛho hia sɛ yetie Yehowa na yedi n’akwankyerɛ akyi.

AWERƐHOW MU MPO, MEYƐ OSETIE

Afe 2008 mu no, ɛbɛdaa adi sɛ Paolo anya kokoram. Mfiase no na yesusuw sɛ Paolo ho bɛtɔ no, enti ɔno mpo na na otwa ne ho hyɛ me nkuran. Yɛhwehwɛɛ adɔkotafo a wɔaben ma wɔhwɛɛ no, na me ne Ilaria bɔɔ mpae daa srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn ahoɔden a yɛde begyina tebea no ano. Eyi nyinaa akyi no, mihui sɛ me kunu a kan na ne ho yɛ den a ogyina ne nan so no reyɛ mmerɛw. Paolo wui afe 2010 mu; eyi bubuu me koraa. Nanso mibu kɔmpɔ hwɛ mfe 45 a yɛtenae sɛ awarefo ne nea yetumi yɛe a, ɛkyekye me werɛ. Yefi yɛn komam nyinaa som Yehowa, na minim sɛ ne werɛ remfi yɛn brɛ da. Seesei mehwɛ kwan denneennen sɛ Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 5:28, 29 bɛbam na wɔanyan Paolo.

“Efi me mmofraase besi nnɛ m’ani gye Noa asɛm no ho. M’asi me bo sɛ biribiara a Yehowa bɛka no, metie”

Efi me mmofraase besi nnɛ m’ani gye Noa asɛm no ho. M’asi me bo sɛ biribiara a Yehowa bɛka no, metie. Sɛ mehwɛ nhyira a manya afi Onyankopɔn hɔ a, mihu sɛ ɔhaw a mafa mu, afɔre a mabɔ, ne nneɛma a mahwere nyinaa yɛ ade ketewaa bi koraa. Nea mereka yi nyɛ bɔsrɛmka; me ara mahu sɛ osetie so wɔ mfaso.