Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Su Yɛ Fɛ—Ne Yam Ye, Ɔwɔ Ntease

Yehowa Su Yɛ Fɛ—Ne Yam Ye, Ɔwɔ Ntease

“Yehowa ye ma nnipa nyinaa na ne mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.”DW. 145:9.

1, 2. Hokwan bɛn na Yehowa nnamfo wɔ?

ONUAWA bi a wɔfrɛ no Monika aware bɛyɛ mfe 35 ni. Ɔkae sɛ: “Me kunu nim me na me nso minim no. Ɛwom, yɛatena akyɛ nanso daa obiara hu biribi foforo wɔ ne yɔnko ho!” Awarefo pii betumi aka asɛm koro yi ara. Nnamfo mpo begye atom sɛ saa na ɛte.

2 Wodɔ obi a, daa wopɛ sɛ wuhu biribi foforo wɔ ne ho. Sɛ yɛhwɛ yɛn nnamfo nyinaa a, nea ɔda mu fua a yɛrentumi nkwati no ne Yehowa. Enti yɛn ho pere yɛn sɛ yebehu ne ho nsɛm pii. Ne ho nsɛm nso de, pii wɔ hɔ a yebetumi asua; ɛremfono yɛn da. (Rom. 11:33) Yebenya hokwan asua Yehowa su ahorow afebɔɔ, na yebehu sɛ ampa ne su ahorow yɛ fɛ.Ɔsɛnk. 3:11.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Adesua a edi eyi anim no, yehuu Yehowa su ahorow bi a ɛyɛ fɛ paa. Yehui sɛ Yehowa yɛ obi a n’anim kɔ nyɛ den na ɔnyɛ animhwɛ. Seesei yɛrebɛhwɛ ne su foforo abien a ɛno nso yɛ fɛ paa. Yebehu sɛ ne yam ye na ɔwɔ ntease. Eyi bɛma yɛahu sɛ “Yehowa ye ma nnipa nyinaa na ne mmɔborɔhunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.”Dw. 145:9.

YEHOWA YAM YE

4. Sɛ yɛka sɛ obi yam ye a, ɛkyerɛ dɛn?

4 Sɛ yɛka sɛ obi yam ye a, ɛkyerɛ dɛn? Yesu asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 20:35 ma yehu mmuae no. Ɔkae sɛ: “Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” Enti sɛ yɛka sɛ obi yam ye a, nea ɛkyerɛ ne sɛ oyi ne yam de ne bere, n’ahoɔden, ne n’ahode boa afoforo. Ɛnyɛ ɔyamyefo ne obi a ɔkyɛ nneɛma akɛse akɛse,  na mmom obi a ɔtew n’anim anaa ofi ne komam kyɛ ade. (Monkenkan 2 Korintofo 9:7.) Obiara nni hɔ a ne yam ye sen Yehowa; ɔno ne “anigye Nyankopɔn” no.—1 Tim. 1:11.

5. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa yam ye?

5 Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ne yam ye? Bible ka sɛ: “Yehowa ye ma nnipa nyinaa.” Ɔma nnipa nyinaa nea wohia. Wɔn a wɔnsom no mpo nya wɔn de. Ɔma “n’awia pue nnipa bɔne ne nnipa papa so na ɔma osu tɔ gu treneefo ne abɔnefo so.” (Mat. 5:45) Ɔsomafo Paulo maa nkurɔfo bi a wɔnyɛ Kristofo huu saa nokwasɛm yi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Yehowa ‘yɛɛ papa, maa wɔn osu fii soro ne mmere a aduan ba, na ɔde aduan ne abotɔyam hyɛɛ wɔn koma mã.’ (Aso. 14:17) Ampa, Yehowa bue ne nsam ma obiara.—Luka 6:35.

6, 7. (a) Henanom na wɔn asɛm hia Yehowa paa? (b) Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn hwɛ n’asomfo anokwafo?

6 Yehowa asomfo anokwafo de, ɔnte wɔn ho gyae koraa; ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribiara de boa wɔn. Ɔhene Dawid kae sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa, nanso minhuu onipa trenee a wɔagyaw no, anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” (Dw. 37:25) Kristofo anokwafo pii nim sɛ Dawid asɛm yi yɛ nokware. Ɛho nhwɛso ni:

7 Bere bi yɛn nuabea kwampaefo bi a yɛfrɛ no Nancy kɔɔ ahokyere mu. Na Nancy hia dɔla 66 atua ne dan ka. Na ɛsɛ sɛ otua sika no ɛda a edi hɔ ara. Nanso Nancy rekɔfa sika no wɔ he? Ɔkae sɛ: “Mede asɛm no too Yehowa anim, na misiesiee me ho kɔɔ adwuma. Na meyɛ adwuma wɔ adidibea bi, na saa da no na menhwɛ kwan sɛ nkurɔfo pii bɛba abedidi na wɔama me biribi kakra ahyɛ me ho. Nanso anwonwasɛm, saa da no nnipa bɛhyɛɛ hɔ ma. Bere a mepɔn adwuma a mesesee sika a nkurɔfo de akyɛ me no, na abɔ ano pɛpɛɛpɛ—dɔla 66.” Nancy gye di paa sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔyɛɛ no adom ma onyaa sika a ohia no.—Mat. 6:33.

8. Yehowa akyɛde bɛn na ɛsen akyɛde biara?

8 Yehowa wɔ akyɛde bi a ɛsen akyɛde biara. Saa akyɛde no wɔ hɔ ma obiara. Ɛyɛ akyɛde bɛn? Ɛno ne agyede afɔre a ne Ba no bɔe no. Yesu kae sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa ma enti ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no ansɛe na mmom wanya daa nkwa.” (Yoh. 3:16) “Wiase” a kyerɛwsɛm yi ka ho asɛm no gyina hɔ ma adesamma nyinaa. Yehowa de n’akyɛde a ɛsom bo yi ma wɔn a wɔpɛ nyinaa. Enti wɔn a wɔkyerɛ Yesu mu gyidi benya nkwa na wɔanya no mmoroso; wobenya daa nkwa! (Yoh. 10:10) Sɛ eyi nkyerɛ sɛ Yehowa wɔ ayamye a, dɛn bio?

 SUASUA YEHOWA

Na Yehowa pɛ sɛ Israelfo suasua no na wɔda ayamye adi (Hwɛ nkyekyɛm 9)

9. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa na yɛayɛ nkurɔfo ayɛ?

 9 Ɛde besi ha yi yɛahu sɛ Yehowa yam ye paa. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn asuasua no? Yehowa ma yɛn “ade nyinaa ma ebu so ma yɛn ani gye.” Enti ɛsɛ sɛ yɛn nso ‘yebue yɛn nsam kyɛ ade’ ma afoforo ani gye. (1 Tim. 6:17-19) Sɛ yeyi yɛn yam de yɛn ahode boa yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo a, yɛn ani gye. (Monkenkan Deuteronomium 15:7.) Dɛn na ɛbɛma yɛakae ayɛ afoforo adɔe? Nea Kristofo bi yɛ ni: Bere biara a obi bɛkyɛ wɔn ade no, wɔn nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyɛ obi ade. Yɛwɔ anuanom mmarima ne mmea pii wɔ Kristofo asafo no mu a wɔn yam ye paa.

10. Ɔkwan biako bɛn na yebetumi afa so ada ayamye adi?

10 Ɔkwan biako a yebetumi afa so ada ayamye adi ne sɛ yebekum yɛn ho aboa afoforo na yɛahyɛ wɔn nkuran. Eyi hwehwɛ sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden nyinaa boa wɔn. (Gal. 6:10) Sɛ yɛpɛ sɛ yehu paa sɛ yɛn yam ye a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Mewɔ afoforo ho adagyew? Sɛ biribi haw obi a, migye bere tie no? Sɛ obi ka sɛ memmoa no anaa menkɔyɛ biribi mma no a, meyɛ? Da bɛn na me busuani anaa asafo no muni bi yɛɛ biribi ma mekamfoo no?’ Sɛ yebue yɛn nsam kyɛ ade anaa yeyi yɛn yam boa afoforo a, ɛka yɛn bɛn Yehowa na yɛne yɛn nnamfo ntam yɛ kama.—Luka 6:38; Mmeb. 19:17.

11. Nneɛma bɛn na yebetumi de ayɛ Yehowa ayɛ?

 11 Yebetumi nso ayɛ Yehowa ayɛ. Bible tu yɛn fo sɛ yɛmfa yɛn ‘ahonyade nhyɛ Yehowa anuonyam.’ (Mmeb. 3:9) ‘Ahonyade’ yi bi ne yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn sika a yɛde boa Yehowa  som. Mmofra mpo betumi ayɛ Yehowa ayɛ. Onua bi a wɔfrɛ no Jason kae sɛ: “Sɛ yɛn abusua no yi ntoboa wɔ Ahenni Asa so a, yɛde ma yɛn mma no gu ntoboa adaka mu. Sɛ mmofra no de sika kogu mu saa a, ɛyɛ wɔn dɛ na wɔka sɛ ‘wɔrekyɛ Yehowa adeɛ.’” Sɛ mmofra sua sɛ wobeyi biribi ama Yehowa a, ɛbɛka wɔn hɔ na sɛ wonyin a, wɔrennyae.—Mmeb. 22:6.

YEHOWA WƆ NTEASE

12. Sɛ yɛka sɛ obi te asɛm ase a, ɛkyerɛ dɛn?

12 Yehowa su foforo a ɛyɛ fɛ ne ntease. Sɛ yɛka sɛ obi te asɛm ase a, ɛkyerɛ dɛn? Tete Hela kasa mu no, asɛmfua a Wiase Foforo Nkyerɛase no kyerɛ ase ‘te asɛm ase’ no betumi akyerɛ ‘gyae nsɛm mu,’ anaa ‘ma biribi ho kwan.’ (Tito 3:1, 2) Obi a ɔwɔ ntease nyɛ tititirinti, ɔntwe nsɛm mu tann, n’asɛm nyɛ den, na ɔmpoopoo n’ani nkyerɛ nkurɔfo. Mmom odwo, ne yam ye, na odwen afoforo ho. Ɔyɛ aso tie afoforo, na sɛ ogyae asɛm bi mu na ɛbɛyɛ yiye a, ogyae mu.

13, 14. (a) Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔwɔ ntease? (b) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn ne Lot dii a, dɛn na yesua?

13 Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔwɔ ntease? Sɛ ɔne n’asomfo redi a, osusuw wɔn ho, na ɛtɔ da bi mpo a, otumi yɛ wɔn apɛde ma wɔn. Wo de, ma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa ne ɔtreneeni Lot dii. Bere a Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sodom ne Gomora no, ɔka kyerɛɛ Lot sɛ onguan nkɔ bepɔw bi so. Nanso Lot srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma ɔnkɔ beae foforo. Hwɛ asɛm! Lot mmom na ɔrekyerɛ Yehowa baabi a ɔpɛ sɛ ɔkɔ.—Monkenkan Genesis 19:17-20.

14 Sɛ wokan saa asɛm yi a, ebia wobɛka sɛ: ‘Lot paa, adɛn wunni gyidi anaa? Anaa w’aso na ɛyɛ den? Adeɛ yi, baabi a wowɔ biara Yehowa betumi akora wo so, enti wusuro ayɛ dɛn?’ Nanso asɛm no ara ne sɛ na Lot suro na Yehowa nso tee no ase. Enti ɔpenee so maa Lot kɔɔ kurow a ɔkyerɛe sɛ ɔbɛkɔ no. Ná Yehowa ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛsɛe saa kurow no nanso ɔpenee so maa Lot kɔɔ hɔ. (Monkenkan Genesis 19:21, 22.) Asɛm yi ma yehu sɛ Yehowa nyɛ katee, n’asɛm nyɛ den, na ɔwɔ ntease ampa.

15, 16. Ɔkwan bɛn so na Mose Mmara no ma yehu sɛ Yehowa wɔ ntease? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

15 Sɛ yɛhwɛ Mose Mmara no nso a, yehu sɛ Yehowa wɔ ntease. Tete no, sɛ Israelni rekɔbɔ afɔre na ne nsa nsõ oguan anaa abirekyi so a, na Mmara no ma kwan sɛ obetumi de mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma abien abɔ afɔre no. Na sɛ ahia no araa ma ne nsa nsõ mmorɔnoma abien so nso ɛ? Ɛba saa a, Yehowa ma kwan sɛ obetumi de esiam kakra abɔ afɔre no. Nanso na ɛnyɛ esiam biara kɛkɛ. Mmara no kae sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ esiam muhumuhu anaa esiam papa paa. Sɛ obi nya ɔhɔho nuonyamfo bi a, esiam a ɛte saa na na ɔde som no. (Gen. 18:6) Dɛn na ɛwɔ asɛm yi mu a ɛma yehu sɛ Yehowa wɔ ntease?—Monkenkan Leviticus 5:7, 11.

16 Fa no sɛ woyɛ Israelni hianiwa na wode esiam kakra kɔɔ ntamadan mu sɛ worekɔbɔ afɔre. Wuduu hɔ no, wuhui sɛ wo mfɛfo Israelfo a biribi wɔ wɔn nsam de mmoa rebɛbɔ afɔre. Sɛ wohwɛ mmoa a wɔde aba na wohwɛ esiam a ekura wo a, ebia wobɛfɛre. Nanso ɛhɔ ara na wokaee sɛ w’afɔrebɔde no som bo wɔ Yehowa ani so. Adɛn ntia? Na Yehowa hwehwɛ “esiam muhumuhu,” kyerɛ sɛ esiam a ɛyɛ papa paa. Sɛ yɛbɛka a, na Yehowa reka akyerɛ Israelfo a ahia wɔn no sɛ: ‘Minim sɛ morentumi mmɔ afɔre akɛse sɛnea mo mfɛfo yɛ  no, nanso minim sɛ nea moaprapra mo ho anya abrɛ me no mpo di mũ paa.’ Ampa, asɛm yi ma yehu sɛ Yehowa wɔ ntease. Sɛ ɔne n’asomfo redi a, ɔnhwehwɛ biribi a ɛboro wɔn so.—Dw. 103:14.

17. Ɔsom bɛn na ɛsɔ Yehowa ani?

 17 Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Yehowa wɔ ntease, na sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu som no a, n’ani sɔ. (Kol. 3:23) Onuawa aberewa bi a wɔfrɛ no Constance a ɔwɔ Italy kae sɛ: “Me koma so ade ara ne sɛ mɛka me Bɔfo no ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɛno nti, daa mekɔ asɛnka na me ne nkurɔfo sua Bible. Ɛtɔ da bi a yare nti, mintumi nkɔ asɛnka sɛnea mepɛ. Ɛba saa a, na m’abam abu. Nanso minim sɛ Yehowa te me ase, ɔdɔ me na nea mitumi yɛ biara n’ani sɔ.”

SUASUA YEHOWA NA DA NTEASE ADI

18. Ɔkwan bɛn so na awofo betumi asuasua Yehowa?

18 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa na yɛada ntease adi? Momma yɛnsan nhwɛ Yehowa ne Lot asɛm no. Yehowa ne tumi wura; ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ Lot baabi a ɔnkɔ. Nanso ɔyɛɛ aso tiee Lot na ɔma ɔkɔɔ baabi a ɔno Lot pɛ. Sɛ wowɔ mma a, wubetumi asuasua Yehowa anaa? Wo mma de wɔn adesrɛ to w’anim a, wubetumi atie wɔn na sɛ ɛfata a, woayɛ nea wɔpɛ ama wɔn. Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? September 1, 2007 Ɔwɛn-Aban no kae sɛ, sɛ awofo bi pɛ sɛ wɔhyɛ mmara wɔ fie a, wodi kan tie wɔn mma adwene. Yɛmfa no sɛ awofo pɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn mma bere a ɛsɛ sɛ wofi abɔnten ba fie. Awofo no wɔ tumi sɛ wɔhyɛ mmara ma wɔn mma. Nanso wobetumi ne wɔn mma no asusuw ho ahwɛ bere a ɛfata ansa na wɔahyɛ mmara no. Sɛ awofo hyɛ mmara a ɛte saa na akyiri yi wohu sɛ ehia sɛ wɔyɛ nsakrae na nsakrae no rensɛe hwee a, wobetumi ayɛ saa. Sɛ awofo ne wɔn mma susuw ho ansa na wɔahyɛ mmara bi a, mmofra no bɛte mmara no ase yiye na ɛrenyɛ den mma wɔn sɛ wobedi so.

19. Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de asuasua Yehowa na wɔada ntease adi?

19 Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo nso suasua Yehowa na wɔda ntease adi. Sɛ wɔne wɔn nuanom redi a, ɛsɛ sɛ wosusuw wɔn tebea ho. Monkae sɛ na Yehowa ani sɔ afɔre a Israelfo ahiafo bɔ no. Ɛnnɛ nso ebia yare anaa onyin nti, yɛn nuanom mmarima ne mmea binom rentumi nyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Sɛ wɔhwɛ tebea a wɔwom a, ebia wɔn abam bebu. Ɛba saa a, dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ? Mpanyimfo no betumi ama wɔanya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ wɔn na n’ani sɔ kakra biara a woyi wɔn yam yɛ.Mar. 12:41-44.

20. Yɛwɔ ntease a, ɛkyerɛ sɛ yɛngogow yɛn ho wɔ Onyankopɔn som mu? Kyerɛkyerɛ mu.

20 Ɛsɛ sɛ yenya ntease, nanso eyi nkyerɛ sɛ yɛngogow yɛn ho wɔ Onyankopɔn som mu. (Mat. 16:22) Sɛ yɛwɔ ahoɔden a yɛde bɛyɛ pii a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nkokoaasa. Mmom ehia sɛ yɛn nyinaa ‘yere yɛn ho denneennen’ yɛ Ahenni adwuma no. (Luka 13:24) Ɛsɛ sɛ nneɛma abien bi tena yɛn adwenem: Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho de yɛn ahoɔden nyinaa som Onyankopɔn. Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Yehowa nhwehwɛ nea ɛboro yɛn so. Enti sɛ yeyi yɛn yam som no a, n’ani gye paa. Ɛnyɛ wo dɛ sɛ woresom Owura a ɔwɔ ntease saa? Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ Yehowa su foforo abien a ɛno nso yɛ fɛ paa.Dw. 73:28.

“Fa w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam.”—Mmeb. 3:9 (Hwɛ nkyekyɛm 11)

“Biribiara a moreyɛ no, mumfi ɔkra nyinaa mu nyɛ.”—Kol. 3:23 (Hwɛ nkyekyɛm 17)