Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Henanom ne “nokware Nyankopɔn mma” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Genesis 6:2, 4 a wɔtenaa ase ansa na Nsuyiri no reba no?

Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ eyinom yɛ Onyankopɔn abɔfo. Ɛnde, ɛyɛ adanse bɛn?

Asɛm a edi kan a yɛbɛhwɛ wɔ Genesis 6:2. Ɛhɔ ka sɛ: “Nokware Nyankopɔn mma no hui sɛ nnipa mmabea ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.”Gen. 6:2.

Sɛ yɛhwɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a, nsɛm te sɛ “nokware Nyankopɔn mma” ne “Onyankopɔn mma” pue wɔ Genesis 6:2, 4; Hiob 1:6; 2:1; 38:7; ne Dwom 89:6. Dɛn na saa kyerɛw nsɛm yi ma yehu fa “Onyankopɔn mma” yi ho?

“Nokware Nyankopɔn mma” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Hiob 1:6 no yɛ abɔfo a na wɔahyiam wɔ Onyankopɔn anim. Wɔn mu biako ne Satan a na ‘ɔrekyinkyin asase so’ no. (Hiob 1:7; 2:1, 2) Afei nso Hiob 38:4-7 ma yehu sɛ ‘Onyankopɔn mma bɔɔ ose’ bere a Onyankopɔn too asase “tweatibo” no. Yebetumi aka sɛ abɔfo ho asɛm na na ɛreka efisɛ saa bere no na wɔmmɔɔ nnipa. “Onyankopɔn mma” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Dwom 89:6 no yɛ abɔfo a wɔne Onyankopɔn wɔ soro, na ɛnyɛ nnipa.

Ɛnde, henanom ne “nokware Nyankopɔn mma” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Genesis 6:2, 4 no? Bible mu nsɛm a yɛasusuw ho yi ma yehu sɛ eyinom ne Onyankopɔn abɔfo a wɔbaa asase so no.

Ebinom nnye ntom sɛ abɔfo betumi anya akɔnnɔ ne nnipa ada. Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 22:30 ma yehu sɛ ɔsoro de, aware ne nna nni hɔ. Nanso abɔfo adan wɔn ho nnipa abedidi anom wɔ asase so pɛn. (Gen. 18:1-8; 19:1-3) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ abɔfo betumi adan wɔn ho nnipa ne mmea abɛda wɔ asase so.

Nsɛm bi wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ abɔfo ne nnipa bɛdae wɔ asase so. Yuda 6, 7 ka sɛ “abɔfo a wɔantena baabi a na wɔte mfiase no na mmom wogyaw wɔn ankasa tenabea a ɛsɛ” no te sɛ mmarima a na wɔwɔ Sodom no. Asɛm no ne sɛ abɔfo no ne Sodomfo no nyinaa “de wɔn ho maa aguamammɔ na wokodii ɔhonam akyi a ɛnyɛ ne kwan so.” Asɛm a ɛwɔ 1 Petro 3:19, 20 nso ma yehu sɛ, “Noa nna” no mu no, na abɔfo bɔne bi wɔ hɔ. (2 Pet. 2:4, 5) Enti yebetumi de bɔne a saa abɔfo bɔne no yɛe wɔ Noa nna no mu no atoto Sodom ne Gomora bɔne no ho.

Nea yɛasusuw ho yi nti yebetumi aka sɛ “nokware Nyankopɔn mma” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Genesis 6:2, 4 no ne abɔfo a wɔdan wɔn ho nnipa ne mmea bɛdedae no.

 Bible ka sɛ Yesu kɔkaa asɛm no kyerɛɛ “ahonhom a wɔwɔ afiase.” (1 Pet. 3:19) Dɛn na ɛkyerɛ?

Ɔsomafo Petro ka sɛ saa ahonhom yi na “wɔyɛɛ asoɔden bere a Onyankopɔn de abodwokyɛre twɛnee wɔ Noa nna no mu” no. (1 Pet. 3:20) Yebetumi aka sɛ abɔfo a wɔkɔkaa Satan ho tew atua no na na Petro reka wɔn ho asɛm. Yuda kae sɛ “abɔfo a wɔantena baabi a na wɔte mfiase no na mmom wogyaw wɔn ankasa tenabea a ɛsɛ no,” Onyankopɔn de “daa mpokyerɛ akyekyere wɔn akora wɔn wɔ esum kabii mu ama da kɛse no mu atemmu.”Yuda 6.

Asoɔden bɛn na abɔfo no yɛe wɔ Noa nna no mu? Ansa na Nsuyiri no reba no, saa abɔfo bɔne no danee wɔn ho nnipa. Nanso saa bere no na Onyankopɔn mmaa wɔn kwan sɛ wɔnyɛ saa. (Gen. 6:2, 4) Bio nso na ɛnyɛ ne kwan so sɛ abɔfo ne mmea bɛda. Onyankopɔn ammɔ abɔfo sɛ wɔne mmea nna. (Gen. 5:2) Sɛ Onyankopɔn bere a wahyɛ so a, ɔbɛsɛe saa abɔfo bɔne a wɔyɛɛ asobrakye no. Yuda ka sɛ seesei de wɔwɔ “sum kabii” mu. Sɛ yɛbɛka a, wɔwɔ honhom fam afiase.

Ɛnde, bere bɛn na Yesu kaa asɛm no kyerɛɛ “ahonhom a wɔwɔ afiase” no, na ɔkwan bɛn so na ɔkaa asɛm no? Petro kyerɛwee sɛ wɔmaa Yesu ‘tenaa ase honhom mu’ ansa na eyi resi. (1 Pet. 3:18, 19) Hyɛ no nsow sɛ Petro kae sɛ Yesu ‘kɔkaa asɛm’ no. Eyi kyerɛ sɛ ansa na Petro rekyerɛw ne krataa a edi kan no na Yesu aka asɛm no dedaw. Enti nea eyi kyerɛ ne sɛ ebia Yesu wusɔre akyi no, ɔmaa ahonhommɔne no huu asotwe a ɛda hɔ retwɛn wɔn. Nea Yesu kae no, na ɛnyɛ asɛmpa a ɛbɛma wɔanya anidaso bi. Mmom na ɛyɛ atemmusɛm. (Yona 1:1, 2) Bere a Yesu dii nokware kosii owu mu na wonyan no no, ɔdaa no adi sɛ Ɔbonsam nni tumi biara wɔ ne so. Afei na Yesu betumi apae mu aka atemmu a ɛda hɔ retwɛn ahonhommɔne no.—Yoh. 14:30; 16:8-11.

Daakye, Yesu bɛkyekyere Satan ne abɔfo bɔne no agu amoa donkudonku mu. (Luka 8:30, 31; Adi. 20:1-3) Seesei de, saa ahonhommɔne no wɔ honhom fam sum kabii mu. Wɔn sɛe da hɔ retwɛn wɔn.—Adi. 20:7-10.