Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

So woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi no? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Gyidi bɛn na ebinom wɔ wɔ Bible ho, na ɛsɛ sɛ Kristofo bu no sɛn?

Ebinom wɔ gyidi sɛ, sɛ wɔkata wɔn ani bue Bible mu a, nkyekyɛm biara a wɔn ani bedi kan abɔ so no betumi aboa wɔn. Nokware Kristofo mmfa Bible nni dwuma saa kwan no so. Mmom wosua Bible nya nokware nimdeɛ ne akwankyerɛ pa.12/15, kratafa 3.

“Wiase” bɛn na Bible ka sɛ ebetwam no?

“Wiase” a ebetwam no yɛ wiase no mu nnipa a wɔn abrabɔ ne Onyankopɔn apɛde nhyia. (1 Yoh. 2:17) Asase ne nnipa anokwafo bɛkɔ so atena hɔ.1/1, kratafa 5-7.

Ɛwom sɛ Abel awu de, nanso ɔda so kasa kyerɛ yɛn. (Heb. 11:4) Ɔkwan bɛn so na ɔyɛ saa?

Ɔnam gyidi so na ɛyɛ saa. Sɛ yɛhwɛ Habel suasua ne gyidi a, ɛbɛyɛ sɛ nea ɔte ase a ɔrekasa kyerɛ yɛn tẽẽ.1/1, kratafa 12.

Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na antwe yɛn amfi Onyankopɔn ho?

Ebi ni: Yɛn adwuma, nneɛma a yɛde gye yɛn ani, abusuafo a yɛatu wɔn a yɛne wɔn bɛbɔ, kɔmputa ne mfiri a aba so, apɔwmuden ho nsɛm, sika ho adwene a ɛmfata, ahomaso anaa yɛn ho a yebebu atra so.1/15, kratafa 12-21.

Dɛn na yebetumi asua afi Mose ahobrɛase mu?

Tumi a Mose nyae no amma wanyɛ ahomaso; wanka sɛ obetumi ayɛ biribiara, mmom ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Sɛ yɛwɔ tumi anaa ɔdom akyɛde bi a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na amma yɛanyɛ ahomaso. Mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so. (Mmeb. 3:5, 6)2/1, kratafa 5.

Wɔn a wobenyan wɔn no, ɛhe na wɔbɛtena?

Wobenyan nnipa bi a wɔn dodow si 144,000 ma wɔakɔtena soro. Nanso nnipa dodow no ara a wobenyan wɔn no bɛtena asase so daa.3/1, kratafa 6.

Sɛ Bible ka sɛ Israelfo yɛ “komam momonotofo” a, ɛkyerɛ dɛn? (Yer. 9:26)

Na wɔasen wɔn koma, enti na ehia sɛ woyi biribiara a ama wɔn koma asi kyekye no akwa. Na wɔn nsusuwii ne wɔn suban yɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so. Eyi na na ama wɔn koma asi kyekye no. (Yer. 5:23, 24)3/15, kratafa 9-10.

Sɛ yɛpɛ akomatɔyam a, dɛn nti na yebetumi asuasua Yesu?

Na botae bi si Yesu ani so; ɛne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Na ɔdɔ a ɔwɔ ma n’Agya sõ; bio na ɔdɔ nnipa nso. Enti na Yesu nim sɛ n’Agya dɔ no na ogye no tom. Eyi na ɛma obi nya akomatɔyam wɔ asetenam.4/1, kratafa 4-5.

Dɛn ne Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so?

Akwankyerɛ Kuw no, baa boayikuw ahorow, ahwɛfo akwantufo, mpanyimfo akuw, asafo ahorow, ne Adansefo nkorɛnkorɛ nyinaa ka bom yɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so.4/15, kratafa 29.

Dɛn nti na yebetumi aka sɛ atemmu a Onyankopɔn de ba nkurɔfo so no nkyerɛ sɛ ne tirim yɛ den?

Yehowa ani nnye ɔbɔnefo wu ho. (Hes. 33:11) Onyankopɔn de atemmu reba a, yetumi hu sɛ ne dɔ nti odi kan bɔ nnipa kɔkɔ ansa na ɔde aba. Eyi ma yenya awerɛhyem sɛ daakye Onyankopɔn de atemmu ba a, yebenya yɛn ti adidi mu.5/1, kratafa 5-6.

Sɛ Israelfo rekum ɔbɔnefo bi a na wɔsɛn no dua so anikan anaa?

Dabi. Na aman a aka no yɛ saa nanso na Israelfo no nyɛ saa. Anyɛ yiye koraa no, bere a wɔrekyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no de, na Israelfo di kan kum ɔbɔnefo no wie ansa na sɛ wɔde no bɛsɛn dua so a wɔde no asɛn so. Mpɛn pii no na wosiw no abo ma owu. (Lev. 20:2, 27) Na wɔde amu no sɛn dua so na ayɛ kɔkɔbɔ ama afoforo.5/15, kratafa 13.

Wiase nyinaa asomdwoe—adɛn nti na abɔ nnipa saa?

Ɛwom sɛ nnipa atumi ayɛ nneɛma akɛse pii de, nanso wɔammɔ nnipa sɛ wɔn ankasa ntutu wɔn anammɔn. (Yer. 10:23) Satan na edi wiase yi so, enti nnipa rentumi mmfa asomdwoe mma wiase. (1 Yoh. 5:19)6/1, kratafa 16.