Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO: WUBETUMI DE WO WERƐ AHYƐ ƆSOM MU?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛhwehwɛ Yɛn Som Mu?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛhwehwɛ Yɛn Som Mu?

Fa no sɛ yare kɛse bi abɔ wo, na gye sɛ woayɛ oprehyɛn ansa na wo ho atɔ wo. Ɛba saa a, wo nkwa hyɛ dɔkota a ɔbɛyɛ oprehyɛn no nsa, enti ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wubetumi agye no adi paa. Wunnye nni sɛ ɛsɛ sɛ wuhu sɛ onim adwuma ansa na woagye no adi?

Enti ɛho hia nso sɛ wohwehwɛ wo som mu yiye. Sɛ wowɔ ɔsom bi mu a, ɛkyerɛ sɛ wode wo gyidi nyinaa ahyɛ ɔsom no mu, na sɛ wubenya nkwa daakye mpo a, egyina ɔsom no so.

Yesu ama yɛn biribi a ebetumi aboa yɛn ama yɛahwehwɛ yɛn som mu. Ɔkae sɛ: “Dua biara aba na wɔde hu.” (Luka 6:44) Enti sɛ wofa ɔsom bi na wohwɛ sɛnea ɛte no a, aba bɛn na ɛsow? Ɔsom no mpanyimfo ka sika ho asɛm dodo anaa? Asɔremma no nso, wɔde nea Bible ka wɔ akokoakoko ne abrabɔ pa ho no yɛ adwuma anaa? Afei ma yemmisa sɛ, enti ɔsom bi wɔ hɔ a yebetumi de yɛn werɛ ahyɛ mu? Yɛsrɛ wo, kenkan ɛho nsɛm a edidi so no.

“Dua biara aba na wɔde hu.”—Luke 6:44