Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mfonini Yi Yɛ Fɛ!”

“Mfonini Yi Yɛ Fɛ!”

Wo nsa nkaa Ɔwɛn-Aban foforo ma wonkaa asɛm a ɛte saa pɛn? Egye bere ne adwumaden na yɛanya mfonini anaa foto fɛfɛ a ɛte saa. Enti enni hɔ kwa. Ɛboa ma yesusuw nsɛm ho kɔ akyiri na yɛte nea yɛresua no ase. Mfonini no boa ma yetumi siesie yɛn ho yiye wɔ fie na sɛ yɛkɔ Ɔwɛn-Aban Adesua a, yɛatumi ama mmuae a ɛtɔ asom.

Ɛho nhwɛso ni: Adesua asɛm biara mfiase no, mfonini bi wɔ hɔ. Enti gye bere dwinnwen ho na bisa wo ho sɛ: ‘Adɛn nti koraa na mfonini yi wɔ ha? Dɛn na ɛkyerɛ? Ɛfa asɛmti anaa kyerɛwsɛm a adesua no gyina so no ho sɛn?’ Saa ara na ɛsɛ sɛ wususuw mfonini a aka nyinaa ho. Hwɛ sɛnea ɛfa adesua no ho ne sɛnea ɛbɛboa w’ankasa.

Ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua so no ma anuanom bere ma wɔka mfonini biara ho asɛm na wɔkyerɛ sɛnea ɛfa adesua no ho ne sɛnea ɛbɛboa wɔn ankasa. Ɛtɔ da bi a wɔkyerɛ nkyekyɛm pɔtee a mfonini no gyina so, enti sɛ mudu hɔ a mubetumi asusuw mfonini no ho. Ebi wɔ hɔ nso a, wɔnkyerɛ nkyekyɛm pɔtee a mfonini no gyina so, enti nea ɔhwɛ so no bɛkyerɛ nkyekyɛm a wɔbɛka mfonini no ho asɛm. Wɔayɛ mfonini no na aboa obiara ma watwa nneɛma a yesua fi Onyankopɔn Asɛm mu no ho mfonini. Enti sɛ anuanom nya bere susuw ho a, ɛboa wɔn paa.

Nea onua bi kae ni: “Sɛ worekan nsɛmma nhoma a, wuhu sɛ mfonini no ma asɛm no yɛ akɔnnɔ paa.”