Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Hwɛ! Me Ne Mo Wɔ Hɔ Nna Nyinaa”

“Hwɛ! Me Ne Mo Wɔ Hɔ Nna Nyinaa”

“Hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.”MAT. 28:20.

1. (a) Bɔ awi ne nwura bɔne ho mfatoho no mua. (b) Yesu kyerɛkyerɛɛ mfatoho no mu sɛn?

BERE bi Yesu yɛɛ mfatoho faa Ahenni no ho. Ɔkae sɛ okuafo bi duaa awi (anaa ayuo) na ɔtamfo bi koduaa nwura bɔne wom. Nwura no bunkam awi no so, nanso okuafo no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ ‘wɔmma ne nyinaa nnyin nkosi twabere.’ Otwabere no soe no, wɔsɛee nwura no na wɔboaboaa awi no ano. Yesu ankasa kyerɛkyerɛɛ mfatoho no mu. (Monkenkan Mateo 13:24-30, 37-43.) Dɛn na mfatoho yi ma yehu? (Hwɛ adaka a wɔato din “Awi ne Nwura Bɔne No.”)

2. (a) Nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ okuafo no afuw mu no gyina hɔ ma dɛn? (b) Mfatoho no fã bɛn na yebesusuw ho?

2 Nea ɛkɔɔ so wɔ okuafo no afuw mu ma yehu sɛnea Yesu bɛboaboa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔne no bedi ade wɔ n’Ahenni mu no ano. Eyinom te sɛ “awi” (anaa “ayuo”) a wɔreboaboa ano afi adesamma mu. Mfatoho yi nso ma yehu bere a ɔbɛboaboa saafo no ano. Pentekoste 33 Y.B. mu na ofii ase guu aba no. Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔte wiase nhyehyɛe yi awiei nya wɔn nsɔano a etwa to na wɔkɔ soro a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔaboaboa awi no ano awie. (Mat. 24:31; Adi. 7:1-4) Sɛ obi gyina bepɔw bi atifi a, ohu ade kɔ akyiri, saa ara na mfatoho yi nso ama yɛahu nneɛma a akɔ so bɛyɛ mfe 2,000 ni. Sɛ yɛhwɛ nneɛma a asisi a, Ahenni no ho nneɛma bɛn na yehu? Mfatoho no kyerɛ bere a ogufo bi guu aba, bere a enyinii ne otwabere. Nanso nea yɛbɛka ho asɛm titiriw wɔ adesua yi mu ne otwabere no. *

YESU ANI WƆ SO

3. (a) Dɛn na ɛkɔɔ so wɔ asomafo no wu akyi? (b) Asɛmmisa bɛn na ɛwɔ Mateo 13:28? Henanom na wobisaa saa asɛm no? (Hwɛ awiei asɛm no nso.)

3 Asomafo no wu akyi no, atoro Kristofo yii wɔn ti wɔ wiase baabiara. Eyi te sɛ ‘nwura bɔne a eyii ne  ho adi’ wɔ mfatoho no mu no. (Mat. 13:26) Asomafo no wu akyi bɛyɛ mfe 200 no, Kristofo ‘nwurawura’ no bunkam Kristofo a wɔasra wɔn no so. Wobɛkae sɛ mfatoho no mu no, nkoa no srɛɛ wɔn wura sɛ ɔmma wonkotutu nwura bɔne no. * (Mat. 13:28) Asɛm bɛn na owura no kae?

4. (a) Mmuae a Yesu mae no ma yehu dɛn? (b) Bere bɛn na awi no yii ne ti?

4 Yesu mfatoho no mu no, Owura a ogyina hɔ ma Yesu no kae sɛ wɔmma awi ne nwura bɔne no nyinaa “nnyin nkosi otwabere.” Asɛm yi ma yehu sɛ efi afeha a edi kan besi nnɛ nyinaa “awi” (anaa “ayuo”) a egyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no mpaa asase so da. Asɛm a akyiri yi Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no si eyi so dua. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mat. 28:20) Eyi kyerɛ sɛ Yesu bɛbɔ Kristofo a wɔasra wɔn no ho ban nna nyinaa akosi awiei bere no. Nanso esiane sɛ atoro Kristofo bunkam Kristofo a wɔasra wɔn no so bere tenteenten nti, yɛnhyɛ da nnim Kristofo a wɔasra wɔn anaa awi a wɔtenaa ase saa bere no. Nanso aka bɛyɛ mfe 30 ma otwabere no aso no, Kristofo a wogyina hɔ ma awi no yii wɔn ti. Dɛn na ɛma yehu wɔn?

ƆBƆFO BI ‘SIESIE KWAN MU’

5. Ɔkwan bɛn so na Malaki nkɔmhyɛ no baam wɔ afeha a edi kan no mu?

 5 Yehowa maa odiyifo Malaki kaa asɛm bi too hɔ bere tenten ansa na Yesu reyɛ ne mfatoho a ɛfa awi ne nwura bɔne ho no. Asɛm a Malaki kae no ne Yesu mfatoho no wɔ twaka bi. (Monkenkan Malaki 3:1-4.) Yohane Suboni ne ‘ɔbɔfo a osiesiee kwan mu no.’ (Mat. 11:10, 11) Bere a Yohane Suboni hyɛɛ n’adwuma  ase afe 29 Y.B. no, na Israel man no atemmu abɛn. Ná Yesu ne ɔbɔfo a ɔto so abien. Ɔtew Yerusalem asɔrefie no ho mprenu. Ɔtew ho nea edi kan bere a ofii ne som adwuma ase wɔ asase so; ɔtew ho nea ɛto so abien bere a ɔde ne som reba awiei no. (Mat. 21:12, 13; Yoh. 2:14-17) Enti Yesu de bere tenten bi na ɛtew asɔrefie no ho.

6. (a) Malaki nkɔmhyɛ no mmamu korakora ne sɛn? (b) Bere bɛn na Yesu baa honhom fam asɔrefie hɔ bɛhwɛɛ sɛnea nneɛma te? (Hwɛ awiei asɛm no nso.)

 6 Malaki nkɔmhyɛ no mmamu korakora ne sɛn? Ansa na 1914 reba no, C. T. Russell ne ne mfɛfo yɛɛ adwuma bi te sɛ Yohane Suboni de no. Wɔde sii wɔn ani so sɛ wɔbɛtweetwee Bible mu ma nokware no apue. Bible Asuafo yi maa nkurɔfo huu nea Kristo agyede afɔre no kyerɛ ankasa. Bio nso wɔkyerɛe sɛ ɛnyɛ nokware sɛ wɔbɛhyew nnipa wɔ Ɔbonsam gya mu. Afei wɔkae sɛ Amanaman no Mmere reba awiei. Nanso saa bere no, na akuw ahorow pii wɔ hɔ a wɔn na wɔseɛ sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo. Enti na asɛm no ne sɛ: Wɔn mu hena ne awi no? Yesu yɛɛ biribi maa asɛm yi twae. Afe 1914 no, ɔbaa honhom fam asɔrefie hɔ bɛhwɛɛ sɛnea nneɛma te. Ɛnyɛ da koro bi na Yesu de bɛhwɛɛ asɔrefie hɔ tew hɔ na mmom egyee bere tenten bi, efi 1914 kosi 1919 mfiase hɔ baabi. *

ƆBƐHWƐƐ WƆN A WƆASRA WƆN NO TEW WƆN HO

7. Bere a Yesu bɛhwɛɛ sɛnea nneɛma te 1914 no, dɛn na ohui?

7 Bere a Yesu bɛhwɛɛ sɛnea nneɛma te no, dɛn na ohui? Ohuu Bible Asuafo kakraa bi a wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn ahode reyɛ asɛnka adwuma no denneennen.  Na wɔayɛ adwuma no bɛboro mfe 30. * Hwɛ sɛnea Yesu ne abɔfo no ani begye sɛ Bible Asuafo kakra yi gyina wɔn nan so pintinn a Satan nwura bɔne no nkaa wɔn nguu fam! Nanso na ehia sɛ ‘oyi Lewifo mu fĩ.’ Lewifo no gyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn. (Mal. 3:2, 3; 1 Pet. 4:17) Adɛn nti na na ehia sɛ oyi wɔn mu fĩ?

8. Nsɛm bɛn na esisii afe 1914 akyi?

8 Bere a 1914 rekɔ awiei no, Bible Asuafo no bi abam bui sɛ wɔankɔ soro. Afe 1915 ne afe 1916 mu no, nkurɔfo tuu wɔn ani sii ahyehyɛde no so, na ɛmaa ahokeka a wɔde yɛ asɛnka adwuma no kɔɔ fam. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne bere a Onua Russell wui wɔ October 1916 mu no. Bere a owui no, anuanom ankasa twaa wɔn ho sɔre tiaa ahyehyɛde no. Saa bere no nnipa baason na na wɔda Watch Tower Bible and Tract Society no ano, na wɔn mu baanan kae sɛ wɔrempene mma Onua Rutherford nni ahyehyɛde no anim da. Anka wɔreyɛ akɔfa mpaapaemu aba anuanom mu, nanso August 1917 no, wofii Betel. Yebetumi aka sɛ eyi nyinaa tew ahyehyɛde no ho! Bio nso Bible Asuafo no bi maa nnipa ho suro sum wɔn afiri. Nanso wɔn mu dodow no ara brɛɛ wɔn ho ase maa Yesu tew wɔn ho na wɔyɛɛ nsakrae. Enti Yesu gyee wɔn tom sɛ wɔne nokware Kristofo anaa “awi” no. Nanso atoro Kristofo ne wɔn mfɛfo a wɔwɔ Kristoman asɔre ahorow mu de, ɔpoo wɔn nyinaa. (Mal. 3:5; 2 Tim. 2:19) Dɛn na esii bio? Momma yɛnsan nhwɛ Yesu mfatoho a ɛfa awi ne nwura bɔne ho no.

OTWABERE NO FII ASE NO, DƐN NA ESII?

9, 10. (a) Dɛn na yɛrebɛhwɛ wɔ twabere no ho? (b) Dɛn na wodii kan yɛe wɔ twabere no mu?

9 Yesu kae sɛ: “Otwa bere no ne wiase nhyehyɛe awiei.” (Mat. 13:39) Otwabere no fii ase 1914. Yɛbɛhwɛ nneɛma anum bi a Yesu kae sɛ ɛbɛkɔ so wɔ twabere no mu.

10 Nea edi kan, wɔboaboa nwura no ano. Yesu kae sɛ: “Otwabere du a mɛka akyerɛ atwafo no sɛ, munni kan mmoaboa nwura no ano na monkyekyere no afiafi.” Afe 1914 akyi no, abɔfo fii ase ‘boaboaa’ Kristofo ‘nwurawura’ no ano, kyerɛ sɛ, wɔtew wɔn fii Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ “ahenni mma no” ho.—Mat. 13:30, 38, 41.

11. Ɛde besi nnɛ nyinaa, dɛn na ɛma nokware Kristofo da nsow wɔ atoro Kristofo ho?

11 Bere a wogu so reboaboa nwura no ano no, nsonsonoe a ɛwɔ awi ne nwura bɔne no mu no daa adi yiye. (Adi. 18:1, 4) Eduu afe 1919 no, na biribiara kyerɛ sɛ Babilon Kɛse no ahwe ase. Ɛnde, dɛn paa na ɛmaa nokware Kristofo daa nsow wɔ atoro Kristofo ho? Ɛno ne asɛnka adwuma no. Mpanyimfo a wɔda Bible Asuafo no ano sii so dua sɛ ehia sɛ obiara ka Ahenni ho asɛmpa no bi. Ɛho nhwɛso ni: Afe 1919 no wotintim nhomawa bi a wɔato din To Whom the Work Is Entrusted (Wɔn a Wɔde Adwuma no Ahyɛ Wɔn Nsa). Wɔde nhomawa yi hyɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnka asɛm no wɔ afie afie. Nhomawa no kae sɛ: “Adwuma no sõ paa, nanso ɛyɛ Awurade adwuma, enti ɔbɛbɔ yɛn kyidɔm ma yɛayɛ. Ɛyɛ akwannya kɛse sɛ moreyɛ adwuma yi bi.” Dɛn na efii mu bae? Ɔwɛn-Aban bi bɔɔ amanneɛ wɔ 1922 mu sɛ efi saa bere no, Bible Asuafo no maa wɔn homene so yɛɛ asɛnka adwuma no. Ankyɛ na afie afie asɛnka bɛyɛɛ nokware Kristofo no ahyɛnsode; saa ara na ɛte nnɛ.

12. Efi bere bɛn na wɔaboaboa awi no ano?

12 Nea ɛto so abien, wɔboaboa awi no ano. Yesu ka kyerɛɛ n’abɔfo sɛ: “Mommoaboa awi no ano ngu m’asan so.” (Mat. 13:30) Efi 1919 reba nyinaa, wɔaboaboa  wɔn a wɔasra wɔn no ano aba Kristofo asafo a wɔatew ho no mu. Kristofo a wɔasra wɔn a awiei no bɛba abɛto wɔn de, wɔbɛboaboa wɔn ano korakora bere a wɔanya wɔn soro akatua no.—Dan. 7:18, 22, 27.

13. Tebea bɛn na Adiyisɛm 18:7 ma yehu sɛ aguaman no anaa Babilon Kɛse ne ne Kristoman no wom nnɛ?

13 Nea ɛto so abiɛsa, wosu twɛre wɔn sẽ. Sɛ abɔfo no kyekyere nwura no wie a, dɛn na ebesi? Yesu kyerɛɛ tebea a atoro Kristofo anaa nwura bɔne no bɛkɔ mu. Ɔkae sɛ: “Ɛhɔ na wobesu atwɛre wɔn sẽ.” (Mat. 13:42) Eyi rekɔ so nnɛ anaa? Dabi. Ɛnnɛ aguaman no fã a ɛne Kristoman no ka sɛ: “Meredi ade sɛ ɔhemmaa, merenni kuna, na merenhu awerɛhow da.” (Adi. 18:7) Enti Kristoman redi ne bere, na onsusuw sɛ biribiara betumi no. Otu ne ho mpo sɛ ɔte wiase atumfoɔ so ‘redi ade.’ Ɛnnɛ atoro Kristofo anaa nwura bɔne no rehoahoa wɔn ho; wonsui. Nanso nneɛma rebɛsesa.

Kristoman ne wiase atumfoɔ di hwebom, nanso ɛrenkyɛ nneɛma bɛsesa (Hwɛ nkyekyɛm 13)

14. (a) Bere bɛn na atoro Kristofo ‘bɛtwɛre wɔn sẽ,’ na adɛn ntia? (b) Adɛn nti na ntease foforo a yɛanya wɔ Mateo 13:42 ho no ne Dwom 112:10 hyia? (Hwɛ awiei asɛm no.)

14 Sɛ wɔsɛe atoro som nhyehyɛe ahorow nyinaa wie wɔ ahohiahia kɛse no mu a, asɔremma no bɛkɔ akɔpɛ baabi abɔ wɔn ho aguaa nanso wɔrennya bi. (Luka 23:30; Adi. 6:15-17) Ɛba saa a, anibere ne ahoyeraw bɛma wɔasu “atwɛre wɔn sẽ.” Saa bere no bɛyɛ esum bere, na sɛnea Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa ahohiahia kɛse no ho ma yehu no, ‘wɔbɛbɔ abubuw.’ *Mat. 24:30; Adi. 1:7.

15. Dɛn na ɛbɛto nwura bɔne no, na bere bɛn na eyi besi?

15 Nea ɛto so anan, wɔtow wɔn gu fononoo mu. Dɛn na ɛbɛto nwura bɔne a wɔakyekyere no afiafi no? Abɔfo no ‘bɛtow wɔn agu ogya fononoo mu.’ (Mat. 13:42) Eyi kyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa; wɔn ho biribiara renka. Enti wɔbɛsɛe atoro som mufo wɔ Harmagedon, ahohiahia kɛse no fã a etwa to no mu.—Mal. 4:1.

16, 17. (a) Ade a etwa to bɛn na Yesu kae wɔ ne mfatoho no mu? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛyɛ daakye asɛm?

16 Nea ɛto so anum, wɔhyerɛn. Asɛm yi na Yesu de wiee ne nkɔmhyɛ no: “Saa bere no treneefo bɛhyerɛn paa sɛ owia wɔ wɔn Agya ahenni mu.” (Mat. 13:43) Bere bɛn na wɔbɛhyerɛn na ɛhe na wɔbɛyɛ saa? Saa asɛm yi bɛbam daakye. Nea Yesu kae no nyɛ biribi a ɛrekɔ so nnɛ wɔ asase so, na mmom ɛyɛ biribi a ɛbɛkɔ so daakye wɔ soro. * Yɛnhwɛ nneɛma abien nti a ɛte saa.

17 Nea edi kan, bere bɛn na wɔbɛhyerɛn? Yesu kae sɛ: “Saa bere no treneefo  bɛhyerɛn.” “Saa bere no” a Yesu kaa ho asɛm no kyerɛ ɛbere a ‘wɔbɛtow nwura bɔne no agu ogya fononoo no mu.’ Ɔbɛyɛ saa wɔ ahohiahia kɛse no fã a etwa to mu. Enti yebetumi aka sɛ saa bere no ara nso na wɔn a wɔasra wɔn no “bɛhyerɛn.” Eyinom nyinaa yɛ daakye asɛm. Nea ɛto so abien, ɛhefa na wɔbɛhyerɛn? Yesu kae sɛ treneefo ‘bɛhyerɛn ahenni no mu.’ Eyi kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ ahohiahia kɛse no fã a edi kan betwam no, na wɔasɔ anokwafo a wɔasra wɔn a wɔda so ara wɔ asase so no nyinaa ano korakora. Afei sɛnea Yesu kae wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa ahohiahia kɛse no ho mu no, wɔbɛboaboa wɔn ano akɔ soro. (Mat. 24:31) Ɛhɔ na wɔbɛhyerɛn “wɔ wɔn Agya ahenni mu.” Harmagedon ko no ba awiei a, wobegye wɔn aware ama Yesu; eyi ne “Oguammaa no ayeforohyia” no.—Adi. 19:6-9.

ƐBOA YƐN SƐN?

18, 19. Ntease a yɛanya wɔ Yesu mfatoho a ɛfa awi ne nwura bɔne ho no boa yɛn sɛn?

18 Dɛn na mfatoho yi aboa yɛn ma yɛahu? Yɛnhwɛ nneɛma abiɛsa. Nea edi kan, abue yɛn adwenem. Mfatoho no ma yehu nea enti a Yehowa ma kwan ma nsɛmmɔnedi kɔ so. Bible ka sɛ Yehowa ‘de abodwokyɛre maa abufuw anwenne tenaa hɔ’ sɛnea obesiesie “mmɔborɔhunu anwenne.” Saa “mmɔborɔhunu anwenne” no ne awi anaa Kristofo a wɔasra wɔn no. * (Rom. 9:22-24) Nea ɛto so abien, ɛma yenya ahotoso kɛse. Bere a wiase yi rekeka kɔ awiei no, yɛn atamfo bɛma wɔn homene so ne yɛn adi asi, nanso yenim sɛ ‘wɔrentumi yɛn.’ (Monkenkan Yeremia 1:19.) Sɛnea efi tete nyinaa Yehowa abɔ Kristofo a wɔasra wɔn no ho ban no, saa ara na yɛn soro Agya no bɛma Yesu ne abɔfo no aka yɛn ho ‘nna a ɛda yɛn anim nyinaa.’Mat. 28:20.

19 Nea ɛto so abiɛsa, mfatoho no ama yɛahu nea awi (anaa ayuo) no gyina hɔ ma. Eyi boa yɛn sɛn? Ɛboa yɛn ma yenya asɛm bi a Yesu bisae ho mmuae. Bere a ɔrehyɛ nkɔm afa nna a edi akyiri ho no, obisae sɛ: “Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no? (Mat. 24:45) Adesua nsɛm abien a edi so no bɛma yɛanya mmuae a ɛtɔ asom.

 

^ nky. 2 Nkyekyɛm 2: Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea mfatoho no fã a aka kyerɛ a, kenkan asɛm a wɔato din “Treneefo Bɛhyerɛn Paa Sɛ Owia” wɔ March 15, 2010 Ɔwɛn-Aban mu.

^ nky. 3 Nkyekyɛm 3: Saa bere no, na Yesu asomafo no awu dedaw. Bio nso mfatoho no mu no, wɔn a wɔasra wɔn a wɔaka no gyina hɔ ma awi na ɛnyɛ nkoa. Enti nkoa no gyina hɔ ma abɔfo. Akyiri yi Yesu kae wɔ mfatoho no mu sɛ wɔn a wobetwa nwura bɔne no ne abɔfo.—Mat. 13:39.

^ nky. 6 Nkyekyɛm 6: Eyi yɛ ntease foforo a yɛanya. Kan no na yegye di sɛ 1918 na Yesu bɛhwɛɛ sɛnea nneɛma te.

^ nky. 7 Nkyekyɛm 7: Efi 1910 kosi 1914 no, Bible Asuafo no kyekyɛɛ nhoma bɛyɛ 4,000,000 ne nkratawa ne nhomawa bɛboro 200,000,000.

^ nky. 14 Nkyekyɛm 14: Eyi yɛ ntease foforo a yɛanya wɔ Mateo 13:42 ho. Kan no yɛn nhoma ahorow kae sɛ atoro Kristofo ‘su twɛree wɔn sẽ’ akyɛ, efisɛ “ahenni mma no” apa wɔn ho ntama ama obiara ahu sɛ wɔne “ɔbɔnefo no mma.” (Mat. 13:38) Nanso nea ɛsɛ sɛ yehu ne sɛ ɔsɛe na ɛbɛma wɔatwɛre wɔn sẽ.—Dw. 112:10.

^ nky. 16 Nkyekyɛm 16: Daniel 12:3 ka sɛ “mmadwemma [anaa Kristofo a wɔasra wɔn] no bɛhyerɛn sɛnea wim hyerɛn.” Seesei a wɔwɔ asase so yi de, asɛnka adwuma a wɔreyɛ no na ɛma wɔhyerɛn. Nanso Mateo 13:43 ka bere a wɔbɛhyerɛn paa wɔ soro Ahenni mu. Bere bi a atwam no na yegye di sɛ kyerɛw nsɛm abien yi nyinaa kyerɛ ade koro. Na yesusuw sɛ ne nyinaa fa asɛnka adwuma no ho.