Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Atew Yɛn Ho

Yehowa Atew Yɛn Ho

“Wɔaguare mo kama, wɔatew mo ho.”1 KOR. 6:11.

1. Bere a Nehemia san kɔɔ Yerusalem no, dɛn na ɔkɔtoe a na ɛhaw adwene paa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

TWA ho mfonini hwɛ. Afe 443 A.Y.B. atwam. Nehemia asan kɔ Yerusalem. Ohu biribi a ɛhaw adwene paa, na Yerusalemfo rekasakasa ho. Ɛyɛ dɛn asɛm? Ɔnanani huhuni bi akɔtena asɔrefie hɔ. Lewifo agyaw wɔn adwuma hɔ. Mpanyimfo a wɔbɛkyerɛkyerɛ ɔman no nso redi gua Homeda. Israelfo pii rewareware ananafo.—Neh. 13:6.

2. Ɛyɛɛ dɛn na Israel bɛyɛɛ ɔman kronkron?

2 Na Israel yɛ ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Onyankopɔn. Afe 1513 A.Y.B. mu no, Israelfo penee so sɛ wɔbɛyɛ Yehowa apɛde. Wɔkaa wɔn anom ton sɛ: “Nea Yehowa aka nyinaa yɛbɛyɛ.” (Ex. 24:3) Enti Onyankopɔn tew wɔn ho, na ɔde wɔn yɛɛ ne man. Na ɛyɛ akwannya kɛse paa! Mfe 40 akyi no, Mose kaee ɔman no sɛ: “Woyɛ ɔman kronkron ma Yehowa wo Nyankopɔn. Na Yehowa wo Nyankopɔn apaw wo afi asase so aman nyinaa mu de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw.”—Deut. 7:6.

3. Bere a Nehemia san kɔɔ Yerusalem ne mprenu so no, na Yudafo no som te sɛn?

3 Bere a Israelfo bɛyɛɛ ɔman kronkron no, wɔantoto Yehowa apɛde ase koraa, nanso awerɛhosɛm ne sɛ eyi anni gyina. Ná Yudafo bi yi wɔn yam som Onyankopɔn, nanso na wɔn mu dodow no ara mfa Onyankopɔn apɛde nyɛ hwee; nea na ehia wɔn ara ne sɛ nkurɔfo behu sɛ wɔyɛ kronkron. Nehemia kɔɔ Yerusalem ne mprenu so. Saa bere no, na Yudafo anokwafo afi Babilon akɔ Yerusalem de nokware som akosi hɔ ma mfe ɔha atwam. Bere a ɔsan kɔe no, na nsi ne ahokeka a ɔman no de som Yehowa asan kɔ fam.

4. Nneɛma a ɛbɛma yɛakɔ so ayɛ kronkron bɛn na yebesusuw ho?

4 Ɛnnɛ Yehowa atew n’Adansefo ho sɛnea ɔtew Israelfo ho no. Kristofo a wɔasra wɔn ne “nnipakuw  kɛse” no mufo yɛ kronkron, kyerɛ sɛ Onyankopɔn atew wɔn ho ama ne som. (Adi. 7:9, 14, 15; 1 Kor. 6:11) Yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ne ho gu fĩ wɔ Onyankopɔn anim sɛnea ɛtoo Israelfo no. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ kronkron na Yehowa de yɛn adi dwuma wɔ ne som mu? Nehemia ti 13 si nneɛma anan bi so dua, na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu. (1) Kwati fekubɔne; (2) boa Yehowa som; (3) fa Onyankopɔn som di kan; (4) bɔ w’agyiraehyɛde ho ban. Afei momma yɛmfa no mmiako mmiako nsusuw ho.

KWATI FEKUBƆNE

Dɛn na Nehemia yɛe de kyerɛe sɛ ɔbata Yehowa ho? (Hwɛ nkyekyɛm 5, 6)

5, 6. Eliasib ne Tobia yɛ nnipa bɛn? Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa Eliasib ne Tobia dii hwebom?

5 Monkenkan Nehemia 13:4-9. Nneɛma bɔne atwa yɛn ho ahyia, enti ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ kronkron. Momma yensusuw Eliasib ne Tobia ho. Na Eliasib yɛ ɔsɔfo panyin, na na Tobia yɛ Ammonni a ebia ɔyɛ adwuma wɔ Yudea ma Persia ahemman no. Bere a Nehemia yɛe sɛ wɔbɛsan asi Yerusalem afasu no, Tobia ne n’apamfo sɔre tiae. (Neh. 2:10) Ná Ammonfo nni ho kwan sɛ wɔkɔ asɔrefie hɔ. (Deut. 23:3) Enti adɛn na ɔsɔfo panyin no hyɛɛ da maa Tobia baabi tenae wɔ asɔrefie adidibea hɔ?

6 Asɛm no ne sɛ na Tobia ne Eliasib abɛyɛ nnamfo papee. Na Tobia ne ne ba Yehohanan aware Yudafo mmea, na na Yudafo pii nso ka Tobia ho asɛmpa. (Neh. 6:17-19) Eliasib banana nso waree Sanbalat babea. Na Sanbalat yɛ amrado wɔ Samaria, na na ɔyɛ Tobia yɔnko berɛbo. (Neh. 13:28) Ɛbɛyɛ sɛ eyi nyinaa na ɛmaa Ɔsɔfo Panyin Eliasib maa obi a ɔnyɛ gyidini, obi a ɔsɔre tia nokware som nyaa ne koma. Nanso Nehemia kõ maa Yehowa; oyii Tobia dan mu nneɛma nyinaa fii adidibea hɔ tow guu abɔnten.

7. Dɛn na mpanyimfo ne afoforo bɛyɛ na wɔn ho angu fĩ wɔ Yehowa anim?

7 Yɛahyira yɛn ho so ama Onyankopɔn, enti Yehowa na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho fam no bere nyinaa. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ho tew wɔ Yehowa anim a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛde ne mmara yɛ adwuma. Ɛnsɛ sɛ yɛma abusuafo nya yɛn koma na yepia Bible nnyinasosɛm to nkyɛn. Asafo mu mpanyimfo ma Yehowa kyerɛ wɔn kwan; wɔmfa wɔn nsusuwii nyɛ biribiara. (1 Tim. 5:21) Enti mpanyimfo no hwɛ sɛ wɔrenyɛ biribiara a ɛbɛsɛe wɔne Onyankopɔn ntam.—1 Tim. 2:8.

8. Dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so kae wɔ fekubɔ ho?

8 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ “fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Kor. 15:33) Ɛnyɛ yɛn abusuafo nyinaa na wɔbɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛayɛ adepa. Na Eliasib ayɛ nhwɛso pa ama nkurɔfo. Ɔtaa Nehemia akyi ma ɔsan sii Yerusalem afasu no. (Neh. 3:1) Nanso akyiri yi Tobia ne afoforo maa Eliasib yɛɛ nneɛma bi maa ne ho guu fĩ wɔ Yehowa anim. Sɛ yɛne abusuafo anaa nnamfo a wɔdɔ Yehowa bɔ a, ɛhyɛ yɛn mpamden ma yɛkeka yɛn ho wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɛba saa a, yɛremfa yɛn Bible akenkan ne Kristofo nhyiam nni agorɔ koraa, na yɛrentoto asɛnka adwuma no ase. Sɛ yɛwɔ abusuafo a wɔhyɛ yɛn nkuran ma yɛyɛ adepa a, yensi wɔn fam.

BOA YEHOWA SOM

9. Adɛn nti na na nhyehyɛe a ɛwɔ asɔrefie hɔ ayɛ basaa? Henanom na Nehemia de ɛho asodi too wɔn so?

9 Monkenkan Nehemia 13:10-13. Bere a Nehemia san baa Yerusalem no, na ntoboa a wogyigye kɔ asɔrefie hɔ no mma. Ntoboa yi ara na na wɔde hwɛ Lewifo no, enti bere a wohui sɛ ɛmma no, wogyaw wɔn nnwuma hɔ kɔɔ wɔn mfuw mu. Nehemia de eyi ho asodi too asoafo no so. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔntene wɔn ho nyɛ  adwuma a ɛhyɛ wɔn nsa no. Ebetumi aba sɛ na wonnyigye ntotoso dudu no, na wogyigye mpo a wɔmfa nkɔ asɔrefie hɔ. (Neh. 12:44) Enti Nehemia yɛɛ nhyehyɛe ma wogyigyee ntotoso dudu no. Ɔpaw mmarima a wobetumi ayɛ adwuma no, na ɔma wɔhwɛɛ asɔrefie adekoradan no so kyekyɛɛ nneɛma.

10, 11. Dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo betumi ayɛ de aboa nokware som?

10 Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? Ɛma yehu sɛ yɛwɔ akwannya kɛse bi a ɛnsɛ sɛ yɛtoto n’ase. Ɛne sɛ yɛde yɛn ahonyade bɛhyɛ Yehowa anuonyam. (Mmeb. 3:9) Nea yɛwɔ biara fi Yehowa hɔ, enti sɛ yɛde yɛn sika anaa ahonyade boa Yehowa adwuma a, ɛyɛ ɔno ara n’ade na yɛredan ama no. (1 Be. 29:14-16) Ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ yenni bi, nanso sɛ ɔpɛ no wɔ hɔ a, yɛn mu biara betumi ayɛ biribi de aboa Yehowa som.—2 Kor. 8:12.

11 Nhwɛso bi ni: Nnawɔtwe biara na abusua bi to nsa frɛ akwampaefo titiriw bi ba wɔn fie ne wɔn didi pɛnkoro. Na akwampaefo no yɛ awarefo a wɔn ani afi. Abusua no ne wɔn boom didii mfe pii. Na abusua no sõ; na wɔwɔ mmofra baawɔtwe. Ná maame no taa ka sɛ, “Sɛ yenya nnipa du ano aduan a, ɛnde nnipa baanu pɛ a yɛde wɔn bɛka ho na ɛbɛyɛ dɛn?” Ebia obi bɛka sɛ, sɛ woma obi aduan pɛnkoro nnawɔtwe a, ɛnkyɛn so, nanso akwampaefo no buu no ade kɛse paa; na wɔn ani sɔ saa ahɔhoyɛ no. Abusua no nso twaa wɔn papayɛ no so aba. Akwampaefo no suahu ne wɔn nkuranhyɛsɛm boaa mmofra no ma wonyaa nkɔso wɔ Yehowa som mu. Akyiri yi mmofra no nyinaa bɛyɛɛ bere nyinaa asomfo.

12. Nhwɛso pa bɛn na asafo mu mpanyimfo yɛ?

12 Asuade foforo ni: Ɛnnɛ nso wɔapaw mpanyimfo sɛ wɔnhwɛ nni nneɛma anim na biribiara nkɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu, sɛnea Nehemia yɛe no. Wɔyɛ saa a, asafo no mufo bɛhwɛ wɔn asua wɔn. Mpanyimfo no suasua ɔsomafo Paulo nso. Paulo de akwankyerɛ mae sɛnea nokware som bɛkɔ so. Ɛho nhwɛso ne sɛ ɔmaa anuanom huu ɔkwampa a wɔbɛfa so ayi ntoboa.—1 Kor. 16:1-3; 2 Kor. 9:5-7.

FA ONYANKOPƆN SOM DI KAN

13. Dɛn na Yudafo bi yɛe a ɛkyerɛ sɛ wommu Homeda no?

13 Monkenkan Nehemia 13:15-21. Sɛ yɛma wiase ahonyade gye yɛn adwene a, yɛn ani bɛba yɛn ho so no na yɛadwudwo  wɔ Yehowa som mu. Exodus 31:13 ma yehu ade biako nti a na Israelfo di Homeda nnawɔtwe biara. Ná ɛbɛkae wɔn sɛ wɔyɛ ɔman kronkron. Na ɛsɛ sɛ wɔde Homeda no yɛ abusua som, bɔ mpae, na wodwinnwen Onyankopɔn Mmara ho. Nanso na Nehemia beresofo no bi bu Homeda no sɛ da hunu biara, enti wɔmaa wɔn ho so ara na wɔrekɔyɛ wɔn nnwuma. Saa bere no na wɔapia Yehowa som ato nkyɛn. Bere a Nehemia huu nea ɛrekɔ so no, ɔpamoo ananafo aguadifo no fii kurow no mu da a ɛto so asia, na ɔma wɔtotoo kurow no apon mu ansa na Homeda no refi ase.

14, 15. (a) Sɛ yɛde yɛn adwene nyinaa si yɛn nnwuma so a, dɛn na ebetumi asi? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛn Onyankopɔn home mu?

14 Dɛn na yebetumi asua afi nea Nehemia yɛe no mu? Ade biako ne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene nyinaa si yɛn nnwuma ne mfaso a yebenya so. Anyɛ saa a, adwuma no bɛfa yɛn dommum. Sɛ yɛn ani gye adwuma no ho a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa. Nanso kae Yesu kɔkɔbɔ yi: ‘Yɛrentumi nsom awuranom baanu.’ (Monkenkan Mateo 6:24.) Sɛ Nehemia pɛ sɛ onya ne ho a, anka ɛnyɛ den koraa. Anka obetumi ne Tirofo ne afoforo adi gua, nanso wanyɛ saa. Ɛnde, dɛn na ɔde ne bere yɛe wɔ Yerusalem? (Neh. 5:14-18) Otuu ne ho sii hɔ boaa ne nuanom, na ɔyɛɛ nneɛma a ɛbɛma Yehowa din ho atew. Ɛnnɛ nso asafo mu mpanyimfo ne asomfo yɛ nneɛma a ɛbɛboa asafo no. Wɔn adwumaden nti anuanom nsi wɔn fam koraa. Enti Onyankopɔn nkurɔfo wɔ ɔdɔ ne asomdwoe ne ahobammɔ.—Hes. 34:25, 28.

15 Wɔnhyɛɛ mmara mmaa Kristofo sɛ wonni Homeda nnawɔtwe biara, nanso Paulo kae sɛ “homeda bi wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo.” Ɔde kaa ho sɛ: “Onipa a wahyɛn Onyankopɔn home mu no, n’ankasa nso ahome afi ne nnwuma ho, sɛnea Onyankopɔn home fii ne de ho no.” (Heb. 4:9, 10) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristofo ahyɛn Onyankopɔn home mu? Ɛno ara ne sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ayɛ nneɛma a ɛne Onyankopɔn atirimpɔw behyia. Ɛnde, wo ne w’abusua da no adi sɛ asafo nhyiam, asɛnkakɔ ne abusua som ho hia mo paa? Sɛ yɛn adwumawura anaa wɔn a yɛne wɔn di gua pɛ sɛ yɛtoto yɛn som ase a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nan si fam ma wohu sɛ yɛn som ho hia yɛn. Enti yɛbɛka a, ɛsɛ sɛ yesuasua Nehemia na ‘yɛtoto kurow apon no mu na yɛpam Tirofo no’ na yɛatumi de yɛn adwene asi akronkronne so. Esiane sɛ Yehowa atew yɛn ho nti ɛsɛ sɛ yebisa sɛ, ‘Me nkɔree ne me mmae nyinaa da no adi sɛ mayi me ho asi hɔ ama Yehowa som?’—Mat. 6:33.

WOYƐ KRISTONI, BƆ W’AGYIRAEHYƐDE HO BAN

16. Nehemia bere so no, dɛn na anka ɛreyɛ ama ɔman no ahwere gyinabea kronkron a wɔwɔ no?

16 Monkenkan Nehemia 13:23-27. Nehemia bere so no, Israelfo mmarima warewaree ananafo mmea. Bere a edi kan a Nehemia kɔɔ Yerusalem no, ɔmaa mpanyimfo no nyinaa de wɔn nsa hyɛɛ krataa ase sɛ wɔrenware abosonsomfo. (Neh. 9:38; 10:30) Nanso mfe bi akyi no, ohui sɛ Yudafo mmarima akɔfa ananafo mmea; nokwasɛm ne sɛ na wɔrebɛhwere gyinabea kronkron a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no. Na mmofra a wɔne ananafo mmea awo wɔn no ntumi nka Hebri kasa mpo na wɔatumi akenkan. Wonyin a, wɔbɛka sɛ wɔyɛ Israelfo? Anaa wɔbɛka sɛ wɔyɛ Asdodfo, Ammonfo, anaa Moabfo? Sɛ wɔnte Hebri kasa a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔatumi ate Onyankopɔn Mmara ase? Wɔbɛyɛ dɛn ahu Yehowa na wɔasom no na wɔapo  wɔn maamenom atoro anyame? Na ehia sɛ Nehemia de ne nan si fam yɛ ho biribi ntɛm.—Neh. 13:28.

Boa wo mma ma wɔmfa Yehowa adamfo (Hwɛ nkyekyɛm 17, 18)

17. Ɔkwan bɛn so na awofo bɛboa wɔn mma ma wɔne Yehowa afa adamfo?

17 Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani boa yɛn mma ma wɔbɛyɛ Kristofo mapa. Awofo, mummisa mo ho sɛ, ‘Me mma tumi ka “kasa kronn” no, kyerɛ sɛ wonim Bible mu nokware no yiye? (Sef. 3:9) Mitie me mma nkɔmmɔ a, mihu sɛ Onyankopɔn honhom na ɛkyerɛ wɔn kwan anaa wiase honhom?’ Sɛ wuhu sɛ wɔtɔ sin baabi a, mma w’abam mmu. Kasasua nna fam, ɛnkanka bere a nkurɔfo a wɔatwa wo ho ahyia nka bi. Nneɛma a ɛtwetwe wo mma ne nea wɔn atipɛnfo de ba wɔn so nyɛ asɛm ketewa. Enti sɛ moreyɛ Abusua Som anaa wunya hokwan foforo biara a, to wo bo ase boa wo mma ma wɔmfa Yehowa adamfo. (Deut. 6:6-9) Ɛyɛ a si so dua kyerɛ mmofra no sɛ, sɛ yɛtwe yɛn ho fi Satan wiase no ho a, ɛboa yɛn ankasa. (Yoh. 17:15-17) Bɔ mmɔden sɛ wobɛma asɛm no aka wɔn koma.

18. Adɛn nti na awofo paa na wobetumi aboa wɔn mma ma wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa?

18 Sɛ abofra bi bɛsom Onyankopɔn oo, ɔrensom no oo, egyina ɔno ara so. Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a awofo betumi ayɛ de aboa no. Nea wobetumi ayɛ no bi ne sɛ, wobetwa sa pa ato hɔ ama mmofra no, wɔbɛma mmofra no ahu nea ɛwɔ sɛ wɔyɛ ne nea enni sɛ wɔyɛ, na wɔama wɔahu nsunsuanso a ebefi wɔn gyinaesi mu aba. Awofo, mo paa na mubetumi aboa mo mma ma wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. Mo mma hia mo mmoa na wɔatumi abɛyɛ Kristofo na agyiraehyɛde a wɔanya sɛ Kristofo no ansɛe. Ehia sɛ yɛn nyinaa da yɛn ho so na obiara anyi yɛn “ntade nguguso,” kyerɛ sɛ wansɛe su a ɛhyɛ yɛn agyirae sɛ Kristo akyidifo no.—Adi. 3:4, 5; 16:15.

YEHOWA ‘BƐKAE YƐN MA ASI YƐN YIYE’

19, 20. Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa akae yɛn ‘ma asi yɛn yiye’?

19 Nehemia beresofo no mu biako ne odiyifo Malaki. Ɔkae sɛ “wɔkyerɛw nkae nhoma bi . . . maa wɔn a wosuro Yehowa na wodwen ne din ho no.” (Mal. 3:16, 17) Onyankopɔn werɛ remfi wɔn a wosuro no na wɔdɔ ne din no da.—Heb. 6:10.

20 Nehemia bɔɔ mpae sɛ: “O me Nyankopɔn, kae me ma ensi me yiye.” (Neh. 13:31) Sɛ yɛkwati fekubɔne na yɛboa Yehowa som na yɛde Onyankopɔn som di kan na yɛbɔ yɛn agyiraehyɛde ho ban sɛnea Nehemia yɛe no a, Onyankopɔn bɛkyerɛw yɛn din wɔ ne nkae nhoma no mu. Enti momma ‘yɛnkɔ so nsɔ nhwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu anaa.’ (2 Kor. 13:5) Sɛ yɛamma biribiara ansɛe gyinabea kronkron a yɛwɔ wɔ Yehowa anim no a, ɔbɛkae yɛn ‘ma asi yɛn yiye.’