Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 TETE WƆ BI KA

Ɛkaa Ɔhene no Koma Paa!

Ɛkaa Ɔhene no Koma Paa!

ASƐM yi sii August 1936. Esii wɔ Swaziland ahemmoboano. Robert ne George Nisbet de kar a akasam si so bɔɔ nnwom. Wowiei no, wɔbɔɔ Onua J.  F. Rutherford kasa toaa so. Ɛkaa Ɔhene Sobhuza II koma paa. George bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔhene no kae sɛ ɔbɛtɔ mfiri ne akasam a yɛde bɔ Ahenni no ho dawuru ne mpaawa no. Afei na asɛm no twetwere yɛn bo!”

Robert ne ɔhene no kasae nidi mu sɛ wɔntɔn saa nneɛma no efisɛ ɛyɛ obi dea. Ɔhene no kae sɛ ɔpɛ sɛ ohu nipa kõ a ɛyɛ ne dea.

Robert kae sɛ, “Ɛyɛ Ɔhene foforo bi dea.” Afei Sobhuza bisae sɛ, ‘Ɛyɛ Ɔhene bɛn’? Robert kae sɛ: “Ɛyɛ Yesu Kristo, ɔno ne Onyankopɔn Ahenni no so hene.”

Sobhuza kaa no nidi mu sɛ: “Mehwɛ a ɔyɛ Ɔhene kɛse paa. Mempɛ sɛ mɛfa biribiara a ɛyɛ ne dea.”

Robert kyerɛwee sɛ: ‘Ɔhene Sobhuza ahobrɛase maa me ho dwiriw me. Na ɔka Borɔfo frenkyemm nanso wamfa antu ne ho. Bere a George wɔ abɔnten rebɔ dwom no, na me ne ɔhene no wɔ ne ɔfese. Midii bɛyɛ simma 45 wɔ hɔ.’

Robert toaa so sɛ: ‘Saa da no ara yɛkɔɔ Swazi Ntoaso Sukuu mu ma wogyee yɛn fɛw so. Yedii sukuu panyin no adanse; ɔyɛɛ aso tiei paa. Yɛka kyerɛɛ no sɛ yɛwɔ apaawa bi a yɛpɛ sɛ yɛbɔ kyerɛ sukuufo no nyinaa. Enti ɔbɔɔ dɔn frɛɛ sukuufo bɛyɛ ɔha na wɔbɛtenaa nsensan so tiei. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔkyerɛ mmarimaa no kuayɛ, adansi, duadwumfo adwuma, Borɔfo kasa, ne akontaa wɔ sukuu hɔ. Na wɔkyerɛ mmeawa no sɛnea wɔhwɛ ayarefo, sɛnea wɔyɛ fie nnwuma, ne nnwuma foforo.’ Ɔhene no nanabea na ɔtew saa sukuu no. *

Ntoaso sukuufo a wɔretie baguam kasa wɔ Swaziland, 1936

Afe 1933 nyinaa na akwampaefo bi kɔ Ɔhene Sobhuza ahemfie ne no kɔbɔ nkɔmmɔ, na na ɔyɛ aso tie wɔn. Bere bi mpo deɛ ɔboaboaa asraafo 100 a wɔbɔ ne ho ban ano ma wotiee Ahenni asɛm a wɔabɔ agu apaawa so no. Na ɔkra yɛn nsɛmma nhoma no bi, na na ogye nhoma foforo nso. Eduu  baabi no, ɛkame ayɛ sɛ na Ɔhene no wɔ asafo nhoma biara bi! Bere a Britain aban baraa yɛn nhoma ahorow wɔ wiase ko a ɛto so abien mu no, wanyi nhoma no biako mpo amfi ne nhomakorabea hɔ.

Ɔhene Sobhuza II kɔɔ so ara buee n’apon maa Adansefo no, na na wotumi kɔ n’ahemfie hɔ wɔ Lobamba bere biara. Ɛtɔ da mpo a, na ɔhene no frɛfrɛ asɔfo ma wobetie Bible mu kasa no bi. Da bi, bere a Ɔdansefo bi a yɛfrɛ no Helvie Mashazi rekyerɛkyerɛ Mateo ti 23 mu no, asɔfo bi a wɔwɔ hɔ koko paee, enti wɔsɔree sɛ wɔrekɔka onua no to asi n’akongua so. Nanso Ɔhene no amma kwan, na ɔka kyerɛɛ Onua Mashazi sɛ ɔntoa n’asɛm so. Bio, Ɔhene no ka kyerɛɛ wɔn a wɔretie asɛm no mpo sɛ kyerɛwsɛm biara onua no bɛbɔ so no, wɔnkyerɛw nto hɔ!

Bere foforo nso asɔfo baanan kotiee ɔkasa bi a ɔkwampaefo bi mae. Ɔkasa no rekɔ so no, asɔfo no kae sɛ: “Yɛde yɛn asɔfodwuma ato hɔ. Efi nnɛ rekɔ yɛyɛ Yehowa Adansefo.” Asɔfo no bisaa ɔkwampaefo no sɛ wobetumi anya Ɔhene no nhoma no bi ama wɔn anaa.

Na Ɔhene no di Yehowa Adansefo ni paa. Na Adansefo no mmfa wɔn ho nhyɛ Swazilandfo amanneɛ mu, nanso ɔhene no amma kwan amma obiara anteetee wɔn. Ɔhene no di boaa Adansefo no fi bɛyɛ afe 1930 kosii ne wuda wɔ 1982 mu. Na Adansefo no nni ne ho agorɔ koraa, na ne wuo yɛɛ wɔn yaw paa.

Bere a afe 2013 hyɛɛ ase no, na nnipa bɛboro 3,000 na wɔbɔ Ahenni no dawuru wɔ Swaziland. Nnipa bɛboro ɔpepem biako na wɔwɔ Swaziland, na yɛkyekyem a, ɔdawurubɔfo biara bɛka asɛm no akyerɛ nnipa 384. Asafo 90 na ɛwɔ ɔman no mu, na emu akwampaefo yɛ 260. Nnipa 7,496 na wɔkɔɔ Nkaedi no wɔ afe 2012 mu. Eyi kyerɛ sɛ nnipa pii betumi abegye nokware no wɔ ɔman no mu. Yebetumi aka sɛ adawurubɔfo a wodii kan kɔɔ Swaziland 1930 akyi no too fapem pa.—Tete wɔ bi ka, South Africa.

^ nky. 8 The Golden Age, June 30, 1937, kratafa 629.