Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO: ADƐN NE AMANEHUNU BEBREBE YI? EBEGYAE DA BƐN?

Nnipa Pii a Wɔte Wɔn Baabi Redwen Wɔn Ho Wuwu Kwa!

Nnipa Pii a Wɔte Wɔn Baabi Redwen Wɔn Ho Wuwu Kwa!

Ná Noelle yɛ abofra a ne ho yɛ anika paa, na na ɔtaa yɛ mfonini. Ná wɔwɔ sutare (swimming pool) bi da wɔn mfikyiri, na da koro anwummere abofra no puei sɛ ɔrekodi agoru; nea wohui ara ne sɛ wakɔtɔ nsu no mu awu. Ná osua koraa; mfe anan mpo, afei na na ɔreyɛ anya.

December 14, 2012 no, obi twee tuo kɔɔ sukuu bi mu kokunkum nnipa 26 wɔ Connecticut, U.S.A. Nnipa a okunkum wɔn no, na emu 20 yɛ mmofra a wɔanya mfe asia anaa mfe ason pɛ; saa mmofra no bi ne Charlotte, Daniel, Olivia, ne Josephine. Da a wɔreyɛ wɔn ayi no, Ɔmampanyin Obama kɔkasae wɔ ase, na ɔbobɔɔ mmofra no nyinaa din ka kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ayi no ase sɛ: “Yɛrentumi ntena hɔ mma nneɛma bɔne yi nkɔ so saa.”

Bere a Bano ne n’abusua tu fii Iraq kɔtenaa Norway afe 1996 no, na wadi mfe 18. Ná ne nnamfo taa ka ne ho asɛm sɛ n’ani gye ne ho paa. Nanso awerɛhosɛm bi sii July 22, 2011; omumɔyɛfo bi kunkum nnipa 77 da koro, na na Bano ka ho. Akyiri yi, omumɔyɛfo no hoahoaa ne ho sɛ: “Mepɛ sɛ mepa . . . kyɛw sɛ mantumi akunkum nnipa no bi anka ho.”

Wokɔ wiase baabiara a, wobɛte amanneɛbɔ a ɛhyɛ awerɛhow te sɛ nea yɛaka ho asɛm yi. Akwanhyia, nsɛmmɔnedi, akokoakoko, amumɔyɛ, atoyerɛnkyɛm ne nsɛm foforo a etu koma akɔfa awerɛhow pii aba. Nnipa pii rehu amane a enni sɛ ɛba saa, na pii nso ahwere wɔn nkwa kwa!

Ebinom ka sɛ ne nyinaa fi Onyankopɔn, na wɔte nka sɛ Ɔbɔadeɛ no nnwen nnipa ho. Ebinom nso ka sɛ Onyankopɔn ani tua yɛn amanehunu, nanso wahyɛ da abu n’ani agu so. Ebinom koraa se nneɛma bɔne a esisi no nyinaa, ɔno na wahyehyɛ ato hɔ. Ɛsono obiara ne adwene a okura wɔ asɛm no ho. Ɛhe na yebetumi anya mmuae a ɛtɔ asom? Asɛm a edi hɔ no ne nea ɛtoa so no de yɛn bɛkɔ Onyankopɔn Asɛm Bible mu, na yebehu nea ɛde amanehunu ba na yɛahu sɛnea ɛbɛyɛ a ebefi hɔ.