Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yehowa Nkaesɛm Yɛ Nokware”

“Yehowa Nkaesɛm Yɛ Nokware”

“Yehowa nkaesɛm yɛ nokware, ɛma nea onni nimdeɛ hu nyansa.”DW 19:7.

1. Nneɛma bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo taa sua, na mfaso bɛn na yenya wɔ so?

‘EYI deɛ, sɛ yɛasua pɛn.’ Wonkaa asɛm a ɛte saa da bere a woresiesie wo ho ama Ɔwɛn-Aban Adesua? Sɛ wo ne Kristofo asafo no abɔ akyɛ kakra a, wubehu sɛ nsɛm bi wɔ hɔ a, yɛtaa sua. Nsɛm te sɛ Onyankopɔn Ahenni, agyede no, ne asɛnka adwuma no deɛ, yɛnkɔ nnyaw hɔ koraa. Bio, yesua su te sɛ ɔdɔ ne gyidi ho ade daa. Bere a yɛretĩ nsɛm a ɛte saa mu no, na yɛn ase retim gyidi no mu. Eyi bɛma ‘yɛayɛ asɛm no yɛfo, na ɛnyɛ atiefo nko.’Yak 1:22.

2. (a) Sɛ yɛka Onyankopɔn nkaesɛm a, ɛtaa kyerɛ sɛn? (b) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Onyankopɔn mmara ne nnipa mmara mu?

2 Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “nkaesɛm” wɔ Bible mu no taa kyerɛ mmara anaa ahyɛde a Onyankopɔn de ma ne nkurɔfo. Yehowa mmara yɛ nokware na yebetumi de yɛn ho ato so. Ɛnte sɛ nnipa mmara a ɛnnɛ ɛse sɛɛ, ɔkyena ɛse sei. Ampa, mmara bi wɔ hɔ a Onyankopɔn hyɛɛ da de maa tetefo no nko ara; ɛnnɛ ɛnyɛ adwuma, nanso ɛno nkyerɛ sɛ asɛm wɔ mmara no ho. Ɔdwontofo no kae sɛ: “Wo nkaesɛm teɛ afebɔɔ.”Dw 119:144.

3, 4. (a) Yehowa nkaesɛm no bi ne dɛn? (b) Dɛn na na ɛda hɔ retwɛn Israelfo a wɔbɛyɛ osetie no?

3 Ebia woahyɛ no nsow sɛ Yehowa nkaesɛm no bi yɛ kɔkɔbɔ. Ná Onyankopɔn taa soma n’adiyifo ma wɔkɔbɔ Israel man no kɔkɔ. Wo deɛ yɛnhwɛ, aka kakra ma Israelfo adu Bɔhyɛ Asase no so no, Mose bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ yiye na biribiara antwetwe mo koma na moankɔsom anyame foforo ankotow wɔn. Sɛ moyɛ saa a, Yehowa abufuw bɛdɛw ahyɛ mo.” (De 11:16, 17) Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn de nkaesɛm pii maa ne nkurɔfo.

 4 Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo mpɛn pii sɛ wonsuro no, wontie no, na wɔntew ne din ho. (Deut. 4:29-31; 5:28, 29) Yehowa ma wohui sɛ, sɛ wotie ne nkaesɛm a, obehyira wɔn mmɔho mmɔho.Lev. 26:3-6; Deut. 28:1-4.

NEA ISRAELFO YƐE WƆ ONYANKOPƆN NKAESƐM HO

5. Adɛn nti na Onyankopɔn ko maa Ɔhene Hesekia?

5 Bere a Israelfo kɔɔ ahokyere mu nyinaa, Onyankopɔn dii ne bɔhyɛ so. Ɛho nhwɛso ne bere a Asiria hene Senaherib tow hyɛɛ Yuda so na ɔyɛe sɛ obetu Ɔhene Hesekia ade so no. Yehowa de ne ho gyee mu, na anadwo biako pɛ, ne bɔfo kunkum Asiria “mmarima akokodurufo a wɔn ho yɛ den” nyinaa, na Senaherib de animguase san kɔɔ ne kurom. (2 Be. 32:21; 2 Ahe. 19:35) Adɛn nti na Onyankopɔn ko maa Ɔhene Hesekia? Efisɛ Hesekia ‘bataa Yehowa ho, na wannan amfi n’akyi; mmom odii ne mmara nsɛm so.’2 Ahe. 18:1, 5, 6.

Yehowa nkaesɛm pusuw Yosia ma ɔpagyaw nokware som (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Dɛn na Ɔhene Yosia yɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ Yehowa mu ahotoso?

6 Ɔhene foforo a odii Yehowa ahyɛde so ne Ɔhene Yosia. Obedii ade no na wadi mfe awotwe pɛ, nanso ‘ɔyɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so, na wamman ankɔ nifa anaa benkum.’ (2 Be. 34:1, 2) Yosia kyerɛe sɛ ɔwɔ Yehowa mu ahotoso; ɔpraa abosonsom fii asase no so na ɔpagyaw nokware som wɔ ɔman no mu. Nea Yosia yɛe no de nhyira brɛɛ ɔne ɔman mũ no nyinaa.Monkenkan 2 Beresosɛm 34:31-33.

7. Bere a Israelfo antie Yehowa nkaesɛm no, dɛn na efii mu bae?

7 Nanso awerɛhosɛm ne sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Onyankopɔn nkurɔfo tiee ne nkaesɛm—wotie nnɛ, ɔkyena na wɔde ato nkyɛn. Eyi kɔɔ so mfe pii. Wɔn gyidi yɛ mmerɛw a, sɛnea ɔsomafo Paulo kae no, ‘nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba.’ (Efe. 4:13, 14) Onyankopɔn kae sɛ, sɛ wɔantie ne nkaesɛm a, ɔbɛtwe wɔn aso. Ampa-ne-ampa ara bere biara a wɔyɛɛ asobrakye no, wotwaa so aba yayaayaw.Lev. 26:23-25; Yer. 5:23-25.

8. Dɛn na yebetumi asua afi Israelfo asɛm no mu?

8 Dɛn na yebetumi asua afi Israelfo asɛm no mu? Ɛnnɛ nso Onyankopɔn tu n’asomfo fo na ɔteɛ wɔn so, sɛnea ɔyɛe tete no. (2 Pet. 1:12) Bere biara a yɛbɛkan Onyankopɔn Asɛm no, na ɛrekaakae yɛn Onyankopɔn ahyɛde ahorow.  Yehowa de yɛn pɛ ama yɛn, kyerɛ sɛ ɔnhyɛ yɛn sɛ yɛnsom no. Enti yɛn ara na yɛbɛkyerɛ sɛ yebedi n’akwankyerɛ so anaa yɛbɛyɛ nea ɛteɛ wɔ yɛn ani so. (Mmeb. 14:12) Momma yɛnhwɛ nea enti a yebetumi de yɛn ho ato Yehowa nkaesɛm so ne mfaso a yebenya afi so.

TIE ONYANKOPƆN NA NYA NKWA

9. Bere a Israelfo nam sare no so no, dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛe sɛ ɔka wɔn ho?

9 Bere a Israelfo de mfe 40 faa “sare kɛse a ɛso yɛ hu” so no, Yehowa ankyerɛ wɔn nea ɔbɛyɛ pɔtee de akyerɛ wɔn kwan. Saa ara nso na wankyerɛ wɔn ɔkwan a ɔbɛfa so abɔ wɔn ho ban na wahwɛ wɔn. Nanso daa na ɔyɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔman no betumi de wɔn ho ato no so na wɔatie n’akwankyerɛ. Bere a Israelfo nam sare no so no, Yehowa nam omununkum dum so kyerɛɛ wɔn kwan awia, na anadwo nso ɔde ogya dum kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔyɛɛ eyi nyinaa de kaee wɔn sɛ ɔka wɔn ho. (Deut. 1:19; Ex. 40:36-38) Afei nso nea wohia biara Yehowa de maa wɔn. ‘Wɔn ntade ansuw, na wɔn nan ase antaataa.’ Nokwasɛm ne sɛ “hwee anhia wɔn.”Neh. 9:19-21.

10. Dɛn na Yehowa de kyerɛ ne nkurɔfo kwan nnɛ?

10 Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo gyina wiase foforo no aboboano pɛɛ. Sɛ saa a, ɛnde asɛmmisa no ne sɛ, yegye di sɛ Yehowa bɛma yɛn nea yehia na yɛatumi atwa “ahohiahia kɛse” no? (Mat. 24:21, 22; Dw. 119:40, 41) Ɛwom, ɛnnɛ deɛ ɛnyɛ omununkum dum anaa ogya dum na Yehowa de rekyerɛ yɛn kwan akɔ wiase foforo no mu. Nanso ɔnam n’ahyehyɛde no so reboa yɛn ma yɛn ani ada hɔ. Asafo no akyerɛ yɛn nea yɛyɛ a yɛne Yehowa adamfofa mu bɛyɛ den. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, asafo no aka aka ara sɛ yɛnkenkan Bible daa na yɛnyɛ abusua som. Bio nso wotu yɛn fo daa sɛ yɛnhwɛ sɛ yɛrentoto adesuakɔ ne asɛnka ase. Ɛnde, yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ biara de saa nkaesɛm no reyɛ adwuma anaa? Yɛyɛ saa a, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den na yɛatumi atwa akɔ wiase foforo no mu.

Yetie Yehowa nkaesɛm a, ɛboa ma yɛkwati asiane wɔ yɛn Ahenni Asa so (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Dɛn na Onyankopɔn yɛ de kyerɛ sɛ odwen yɛn ho?

11 Akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ma yɛn no ma yɛn ani da hɔ, na ɛsan nso boa yɛn wɔ asetenam biribiara mu. Nhwɛso bi ni: Ahyehyɛde no tu yɛn fo sɛ yennya honam fam nneɛma ho adwempa na yɛnhwɛ tẽẽ. Eyi nyinaa tew yɛn dadwen so. Afei nso Yehowa ahyehyɛde no ama yɛn akwankyerɛ a ɛboa yɛn ma yesiesie yɛn ho yiye na yɛpaw anigyede a ɛfata. Sɛ ɛba sukuukɔ nso a, ahyehyɛde no ama yɛn akwankyerɛ a ɛbɛboa ma yɛahu baabi a yɛbɛkɔ akodu. Afei yenya nkaesɛm a ɛma yehu sɛnea yebesiesie yɛn fie, yɛn kar, ne Ahenni Asa na asiane biara amma. Nkaesɛm yi ara nso boa ma yesiesie yɛn ho ma atoyerɛnkyɛm. Eyi nyinaa kyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn na odwen yɛn ho.

NKAESƐM BOAA TETE KRISTOFO MA WOGYINAA PINTINN

12. (a) Ade biako bɛn na na Yesu taa ka ho asɛm kyerɛ n’asuafo no? (b) Dɛn na Yesu yɛe a amfi Petro adwenem da? Dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi Yesu nhwɛso no mu?

12 Afeha a edi kan no, Onyankopɔn maa ne nkurɔfo nyaa nkaesɛm daa. Na Yesu taa ka kyerɛ n’asuafo sɛ ehia sɛ wonya ahobrɛase. Nanso ɛnyɛ n’ano kɛkɛ na ɔde ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase, na mmom ɔno ankasa yɛɛ ho nhwɛso. Ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔne n’asomafo no hyia dii  Twam afahyɛ no. Bere a Yesu asomafo no redidi no, ɔsɔre fii aduan no ho hohoroo wɔn nan ho. Eyi yɛ biribi a anka akoa na ɛsɛ sɛ ɔyɛ. (Yoh. 13:1-17) Nea Yesu yɛe yi amfi wɔn adwenem da. Na ɔsomafo Petro wɔ adidi no ase, na mfe 30 akyi no otuu ne mfɛfo gyidifo fo sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase. (1 Pet. 5:5) Ɛsɛ sɛ ade a Yesu yɛe yi ka yɛn nyinaa ma yɛbrɛ yɛn ho ase ma yɛn nuanom.Filip. 2:5-8.

13. Su bɛn na Yesu kaee n’asuafo no sɛ wohia?

13 Ade foforo a na Yesu ne n’asuafo no taa susuw ho ne gyidi. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ɛsɛ sɛ wɔn gyidi yɛ den. Bere bi, papa bi de ne babarima brɛɛ Yesu asuafo no sɛ wontu adaemone mfi ne so, nanso wɔantumi. Enti asuafo no bisaa Yesu sɛ: “Adɛn nti na yɛantumi antu?” Yesu buae sɛ: “Mo gyidi a esua ntia. Nokwarem mise mo sɛ, sɛ mowɔ gyidi a ne kɛse te sɛ sinapi aba mpo a, . . . biribiara nni hɔ a ɛrenyɛ yiye mma mo.” (Mat. 17:14-20) Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no daa sɛ gyidi yɛ ade a ɛho hia paa. (Monkenkan Mateo 21:18-22.) Nneɛma a ɛboa ma yɛn gyidi yɛ den no bi ne amantam ne amansin nhyiam ne asafo nhyiam. Enti asɛmmisa ne sɛ, yɛkɔ nhyiam a ɛte saa nyinaa de hyɛ yɛn gyidi den? Yɛkɔ nhyiam a ɛte saa a, yɛn ho sɛpɛw yɛn, nanso ɛnyɛ ɛno nko; ɛkyerɛ nso sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso.

14. Adɛn nti na ehia sɛ ɛnnɛ yeyi yɛn yam dɔ yɛn yɔnko nnipa?

14 Nsɛm pii wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkae yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho. Yesu kae sɛ ahyɛde a ɛto so abien a ɛsõ paa ne sɛ ‘yɛbɛdɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho.’ (Mat. 22:39) Yesu nua Yakobo nso kae sɛ ɔdɔ yɛ “mmara titiriw.” (Yak. 2:8) Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Adɔfo, nea merekyerɛw abrɛ mo yi nyɛ ahyɛde foforo, na mmom ahyɛde dedaw a munya fii mfiase.” (1 Yoh. 2:7, 8) Bere a Yohane kaa “ahyɛde dedaw” ho asɛm no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Na ɔreka ɔdɔ ho asɛm. Na ɛyɛ ahyɛde “dedaw” efisɛ na Yesu aka ‘fi mfiase’ sɛ n’asuafo nnodɔ wɔn ho. Ná ɛsan yɛ ahyɛde “foforo” efisɛ ebia na asuafo no behyia tebea bi a wɔnhwɛ kwan a ebehia sɛ wɔtrɛw wɔn dɔ mu anaa wɔde wɔn kra mpo to hɔ ma wɔn nuanom. Wiase a yɛte mu yi, obi nnwene obi ho. Enti ɛyɛ yɛn dɛ sɛ ɛnnɛ yenya afotusɛm anaa kɔkɔbɔ a ɛboa ma yeyi wiase no su akwa na yeyi yɛn yam dɔ yɛn yɔnko nnipa.

15. Adwuma titiriw bɛn na Yesu bɛyɛe wɔ asase so?

15 Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔdaa no adi sɛ nnipa ho hia no. Eyi nti na  ɔsaa nnipa bi yare na onyanee awufo no. Nanso na ɛnyɛ honam fam ayaresa ne Yesu adwuma titiriw. N’asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no maa nnipa nyaa nhyira a enni kabea. Ɔkwan bɛn so? Yenim sɛ wɔn a Yesu saa wɔn yare anaa onyan wɔn fii awufo mu no bobɔɔ nkwakoraa ne mmerewa, na wowuwui. Nanso daa nkwa da hɔ retwɛn nkurɔfo a wotiee asɛmpa a na Yesu reka no.Yoh. 11:25, 26.

16. Ɛhe na yɛayɛ Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no akodu?

16 Asɛnka adwuma a Yesu hyɛɛ ase no, ɛnnɛ yɛreyɛ ne kɛse paa. Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa efisɛ Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.” (Mat. 28:19) Ampa tete Kristofo no yɛɛ saa adwuma no, na ɛnnɛ nso yegu so reyɛ paa! Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem ason de nsi ne ahokeka reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm wɔ aman bɛboro 230 so. Bio, Adansefo no ne nnipa mpempem pii sua Bible daa. Asɛnka adwuma yi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu.

FA WO HO TO YEHOWA SO NNƐ

17. Afotu bɛn na Paulo ne Petro de mae?

17 Nkaesɛm boaa Kristofo a wɔtenaa ase tete no maa wɔn ase tim gyidi no mu. Bere a ɔsomafo Paulo da afiase wɔ Roma no, ɔkyerɛw Timoteo kaa biribi a yebetumi aka sɛ ɛhyɛɛ no nkuran paa. Ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Kɔ so kura nsɛm a eye no nhwɛsode a wote fii me nkyɛn no mu.” (2 Tim. 1:13) Ɔsomafo Petro nso hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ wonnya boasetɔ, onuadɔ, ne ahosodi. Ɔtoaa so kae sɛ: “Mede bɛyɛ me su sɛ mɛkae mo eyinom daa, ɛwom sɛ munim na mugyina nokware a ɛwɔ mo mu no mu pintinn de.”2 Pet. 1:5-8, 12.

18. Tete Kristofo buu nkaesɛm sɛn?

18 Enti “nsɛm a adiyifo kronkron no aka ato hɔ no” bi na Paulo ne Petro nyinaa kyerɛwee. (2 Pet. 3:2) Tete Kristofo no kae sɛ asɛm no afono wɔn anaa? Dabida. Mmom nkaesɛm a ɛte saa ma wohui sɛ Nyankopɔn dɔ wɔn, na ɛboaa wɔn ma ‘wɔkɔɔ so nyinii wɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu.’2 Pet. 3:18.

19, 20. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa nkaesɛm so? Yɛyɛ saa a, mfaso bɛn na yebenya?

19 Ɛnnɛ nso ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa nkaesɛm a ɛwɔ n’Asɛm Bible mu no so. Yɛwɔ adanse pii nti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. (Monkenkan Yosua 23:14.) Yɛkan Bible a, yehu sɛnea Onyankopɔn ne nnipa a wɔnyɛ pɛ dii mfe mpempem. Wɔakyerɛw saa nsɛm no ato hɔ ama yɛn. (Rom. 15:4; 1 Kor. 10:11) Bible nkɔmhyɛ abam ma yɛn ankasa de yɛn ani ahu. Nkɔmhyɛ te sɛ nkaesɛm bi a yɛaka ato hɔ dedaadaw. Eyi ho nhwɛso biako ne nnipa mpempem a wɔresen yuu ba Yehowa som mu no. Eyi yɛ nkɔm a wɔhyɛe sɛ ɛbɛbam wɔ “nna a edi akyiri” yi mu. (Yes. 2:2, 3) Wiase yi mu yɛ ara na ɛreyɛ den; eyi nso yɛ Bible nkɔmhyɛ a ɛrenya mmamu. Saa ara na asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase afanan nyinaa no nso yɛ Yesu anom asɛm a ɛreba mu.Mat. 24:14.

20 Efi tete besi nnɛ nyinaa yɛn Bɔfo no ada no adi sɛ yebetumi de yɛn ho ato no so. Ɛnde, yɛde yɛn ho to no so anaa? Ehia sɛ yɛde yɛn ho to ne nkaesɛm so. Saa na ɔbea bi a yɛfrɛ no Rosellen yɛe. Ɔkae sɛ: “Bere a mede me ho nyinaa too Yehowa so no, mihui paa sɛ Yehowa kurakura me nkakrankakra na ɔhyɛ me den.” Momma yɛn nso yentie Yehowa nkaesɛm. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ɛnnɛ ne daa.