Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woayɛ Wo Ho Foforo?

Woayɛ Wo Ho Foforo?

“Munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo.”ROM. 12:2.

1, 2. Ɔkwan bɛn so na ntetee ko a yenyae anaa nnipa a yɛne wɔn bɔ tumi nya yɛn so nkɛntɛnso?

OBI ahosiesie, ne kasa, aduan a ɔpɛ, ne ne nneyɛe nyinaa kyerɛ baabi a yɛteetee no anaa ntetee ko a onyae. Yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo nyinaa nsa wɔ saa ntetee no mu. Asɛm no ara ne sɛ nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia tumi nya yɛn so nkɛntɛnso wɔ akwan pii so.

2 Nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ɛho hia koraa sen aduan a yedi anaa ɔkwan a yɛfa so siesie yɛn ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a yɛrenyin no yehui sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a asɛm biara nni ho, ebi nso wɔ hɔ a ɛmfata. Ɛno mpo no ɛsono obiara adwene; nea obi susuw sɛ enye no, ebia ɔfoforo remmu no saa. Sɛ yɛbɛyɛ biribi oo, sɛ yɛrenyɛ oo, ɛtɔ da a yɛn ahonim anaa yɛn tiboa na ɛbɛkyerɛ. Enti Bible ka sɛ: “Amanaman mufo a wonni mmara no fi awosu mu yɛ mmara no mu nneɛma.” (Rom. 2:14) Ɛnde, nea yɛreka yi kyerɛ sɛ, sɛ Onyankopɔn nhyɛɛ mmara pɔtee wɔ biribi ho a yɛbɛfa nea wɔde atete yɛn anaa yebedi ɔmanfo akyi?

3. Nneɛma abien bɛn nti na Kristofo nni ɔmanfo akyi nyɛ nea wɔreyɛ no bi kɛkɛ?

3 Nneɛma abien bi nti na Kristofo nyɛ wɔn ade saa, kyerɛ sɛ wɔmma ntetee a wonyae anaa ɔmanfo nnya wɔn so nkɛntɛnso. Nea edi kan, Bible tu yɛn fo sɛ: “Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so, na n’awiei yɛ owu kwan.” (Mmeb. 16:25) Yɛnyɛ pɛ, enti yentumi nkyerɛ yɛn anammɔn kwan yiye. (Mmeb. 28:26; Yer. 10:23) Nea ɛto so abien, Bible ma yehu sɛ Satan ne “wiase yi nyame,” enti ne susudua na ɛkyerɛ wiase yi mu nnipa nea eye ne nea enye. (2 Kor. 4:4; 1 Yoh. 5:19) Enti sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa gye yɛn tom na yenya  ne nhyira a, ɛsɛ sɛ yetie afotusɛm a ɛwɔ Romafo 12:2 no.Monkenkan.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Nsɛntitiriw bi wɔ Romafo 12:2 a yebesusuw ho wɔ adesua yi mu. (1) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ yɛn ho foforo’? (2) Dɛn paa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no foforo? (3) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ yɛn ho foforo? Momma yensusuw nsɛmmisa abiɛsa yi ho.

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ ‘YƐYƐ YƐN HO FOFORO’?

5. Ɛhefo na Paulo kyerɛw afotu a ɛwɔ Romafo 12:2 no kɔmaa wɔn?

5 Ɔsomafo Paulo kyerɛw Romafo nhoma no kɔmaa ne mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn, ɛnyɛ wɔn a wonnye nni anaa Roma man no. (Rom. 1:7) Otuu wɔn fo sɛ ‘wɔmmfa wiase nhyehyɛe yi su,’ na mmom wɔnyɛ wɔn ho foforo. Bere a ɔrekyerɛw krataa akɔma Kristofo a wɔwɔ Roma afe 56 Y.B. no, na “wiase nhyehyɛe” a ɔreka ho asɛm no bi ne Romafo amammerɛ anaa wɔn amanneɛ, wɔn abrabɔ, ne wɔn ahosiesie. Paulo asɛm no kyerɛ sɛ na anuanom bi da so ara kura wiase no su. Wiase no su kaa anuanom sɛn?

6, 7. Paulo bere so no, adɛn nti na na ɛyɛ den sɛ obi bɛyɛ Kristoni wɔ Roma?

6 Ɛnnɛ sɛ obi kɔ Roma a, obehu tete Roma asɔrefie, amusiei, nkaedum, agoprama, adehwɛbea ne nea ɛkeka ho a wɔyɛe bɛyɛ mfe mpem abien ni. Saa nneɛma yi boa yɛn ma yehu tete Romafo no asetena ne wɔn som. Yɛkan abakɔsɛm nhoma nso a, yehu sɛ na wosi akan ahorow pii—nnipa ne mmoa ntɔkwaw ne nteaseɛnam akansi. Afei na wɔyɛ drama to dwom. Nokwasɛm ni na ebi yɛ aniwude. Ná Roma yɛ aguadi kurow a sika wɔ hɔ, enti sɛ obi pɛ sɛ onya ne ho a, na ɛnyɛ den koraa.Rom. 6:21; 1 Pet. 4:3, 4.

7 Na Romafo anyame ne wɔn abosonnan nni ano, nanso na twaka titiriw biara nni ɔmanfo no ne wɔn anyame no ntam. Ná wɔn som adan amanne nkutoo—awo, aware, ne ayiyɛ ho amanne. Na amanne ahorow yi ka wɔn asetenam biribiara. Wubetumi de w’ani abu sɛnea ɛbɛyɛ den ama Kristofo a na wɔwɔ Roma sɛ wɔbɛtena baabi a ɛte saa. Tebea a ɛte saa mu na wɔtetee wɔn mu pii, enti na ehia sɛ wɔsakra wɔn adwene yɛ wɔn ho foforo ansa na wɔatumi abɛyɛ nokware Kristofo. Wɔn asubɔ akyi mpo, na ehia sɛ wɔkɔ so yɛ wɔn ho foforo.

8. Adɛn nti na wiase no mu tena ayɛ hu ama Kristofo nnɛ?

8 Ɛnnɛ nso wiase yi mu tena ayɛ hu ama Kristofo. Adɛn ntia? Efisɛ wiase honhom awurawura baabiara. (Monkenkan Efesofo 2:2, 3; 1 Yohane 2:16.) Yɛrekɔ a yɛreba nyinaa, wiase no su, n’akɔnnɔ, ne ne nsusuwii bɔ  hyia yɛn; sɛ yɛn ani anna hɔ a, ebenya yɛn. Enti nyansa wom paa sɛ yetie Paulo afotu no na yɛkwati “wiase nhyehyɛe yi su” na ‘yɛyɛ yɛn ho foforo.’ Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no foforo?

DƐN NA ƐSƐ SƐ YƐYƐ NO FOFORO?

9. Nsakrae bɛn na nnipa pii yɛ ansa na wɔatumi abɔ asu?

9 Sɛ obi sua Bible na ɔde nea ɔresua no di dwuma wɔ n’asetenam a, ɛma ɔbɛn Yehowa. Ɔyɛ nsakrae pii wɔ n’asetenam: Ogyae atorosom ne subammɔne biara, na ɔbɔ mmɔden sɛ obenya nipasu foforo na wasuasua Kristo. (Efe. 4:22-24) Afe biara nnipa mpempem yɛ nsakrae a ɛte saa na wohyira wɔn ho so ma Yehowa Nyankopɔn ma wɔbɔ wɔn asu. Yehu saa a, na yɛn ani agye, na Yehowa nso koma tɔ ne yam. (Mmeb. 27:11) Nanso ɛsɛ sɛ yebisa sɛ: Eyi ara ne nsakrae a ehia sɛ obi yɛ?

Ehia sɛ nnipa pii fi Satan wiase ma wɔyɛ wɔn foforo (Hwɛ nkyekyɛm 9)

10. Adɛn nti na sɛ yetumi yɛ nsakrae bi a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ yɛayɛ yɛn ho foforo?

10 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, sɛ obi yɛ nsakrae anaa onya nkɔso a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ wayɛ ne ho foforo. Ɛtɔ da a adetɔnfo bɔ wɔn nneɛma ho dawuru sɛ, ‘eyi deɛ yɛasesa mu; yɛayɛ no papa paa.’ Nanso wobɛhwɛ na wɔnsesaa ade titiriw biara wom. Ebia ade ketewa bi na wɔde aka ho anaasɛ nnuraho no na wɔayɛ ma ayɛ fɛ kɛkɛ. Bible nsɛm asekyerɛ nhoma bi ka sɛ asɛm a wɔkyerɛ ase ‘monyɛ mo ho foforo’ no kyerɛ sɛnea honhom kronkron bɛboa obi ma wayɛ n’adwene foforo. Enti sɛ Kristoni bi agyae su bi a ɛmfata anaa kasafi anaa ahohwibra a, ɛno ara nkyerɛ sɛ wayɛ ne ho foforo. Ebinom nsuaa Bible da nanso wɔbɔ mmɔden sɛ wɔrenyɛ nea yɛaka yi mu biara. Ɛnde, dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ na wɔatumi aka paa sɛ wɔayɛ wɔn ho foforo?

11. Dɛn na Paulo kae sɛ ehia na obi ayɛ ne ho foforo?

11 Paulo kae sɛ: “Munnya adwensakra mfa nyɛ mo ho foforo.” Sɛ wɔde asɛmfua “adwene” di dwuma wɔ Bible mu a, mpɛn pii no ɛkyerɛ yɛn nsusuwii ne yɛn su. Ná Paulo adi kan aka wɔ Romafo ti 1 sɛ nnipa bi ‘adwene nteɛ,’ efisɛ na ‘nneɛma a ɛnteɛ, amumɔyɛ, anibere, bɔneyɛ, ahoɔyaw, awudi’ ne akyide foforo ahyɛ wɔn mã. (Rom. 1:28-31) Nnipa a wɔte saa mu na na Kristofo te. Eyi ma yehu nea enti a Paulo tuu wɔn fo sɛ ‘wonnya adwensakra mfa nyɛ wɔn ho foforo’ no.

‘Momma wonyi abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia mfi yɛn mu.’Efe. 4:31

12. Adwene bɛn na nnipa pii kura nnɛ? Ɛbɛyɛ dɛn na adwene a ɛte saa atumi aka Kristofo?

12 Awerɛhosɛm ne sɛ nnipa a atwa yɛn ho ahyia no te sɛ wɔn a Paulo kaa wɔn ho asɛm no ara. Woka kyerɛ wɔn sɛ ‘eyi yɛ papa,’ ‘eyi yɛ bɔne’ a,  wosusuw sɛ wo bere atwam anaa woyɛ kyenkyenee dodo. Akyerɛkyerɛfo ne awofo gyae mmofra ma wɔyɛ nea wɔpɛ. Wɔkyerɛ wɔn sɛ ade a ɛyɛ bɔne anaa papa wɔ obi ani so no, ɛnte saa wɔ afoforo ani so enti yennyae ma obiara mpaw nea ɔpɛ. Wɔn a wɔseɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn mpo, ɛba nsɛm a ɛte saa a, wopia Onyankopɔn mmara to baabi. Wosusuw sɛ nea ɛteɛ wɔ wɔn ani so na ɛsɛ sɛ wɔyɛ. (Dw. 14:1) Ade a ɛte saa yɛ hu; ebetumi aka Kristofo. Sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ a yɛbɛpo akwankyerɛ a Onyankopɔn ahyehyɛde no de ma yɛn, na sɛ biribi ankɔ sɛnea yɛpɛ a ebia yɛbɛkeka ho nsɛm mpo. Anaa sɛ asafo no de Bible tu yɛn fo wɔ anigyede, Intanɛt ne nhomasua a ɛkɔ akyiri ho a, ebia yɛremfa yɛn ti nnye.

13. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpɛnsɛmpɛnsɛ yɛn mu hwɛ?

13 Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛfa wiase yi su anaa yɛma wiase no nwene yɛn a, ɛnde yɛwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛpɛnsɛmpɛnsɛ yɛn mu hwɛ nneɛma a yɛtaa dwen ho, nea yɛn ani gye ho, nea esi yɛn ani so, ne nea ɛkyerɛ yɛn kwan. Eyinom yɛ biribi a ɛwɔ yɛn mu; ɛnna adi mma amansan nhu. Ebia nkurɔfo hu yɛn a, wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛrebɔ mmɔden, nanso sɛ ɛyɛ ampa sɛ yɛama nea yɛasua afi Bible mu ayɛ yɛn foforo anaa ɛreyɛ yɛn foforo a, yɛn nko ara na yenim.Monkenkan Yakobo 1:23-25.

YƐBƐYƐ DƐN AYƐ YƐN HO FOFORO?

14. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nsakrae a ehia?

14 Sɛ yebetumi ayɛ yɛn ho foforo a, ɛsɛ sɛ yefi ase wɔ yɛn komam, enti yehia biribi a ebetumi awura yɛn komam tɔnn. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa? Sɛ yesua Bible hu nea Yehowa pɛ a, nea yɛbɛyɛ wɔ ho na ɛbɛkyerɛ nea ɛwɔ yɛn komam ankasa. Eyi bɛma yɛahu nsakrae a ehia sɛ yɛyɛ na yɛatumi ayɛ nea “Onyankopɔn pɛ.”Rom. 12:2; Heb. 4:12.

15. Sɛ Yehowa nwene yɛn a, dɛn na ɛsakra?

15 Monkenkan Yesaia 64:8. Mfatoho a Yesaia yɛe no ma yenya asuade titiriw bi. Yehowa ne Ɔnwemfo na yɛte sɛ dɔte wɔ ne nsam. Sɛ ɔnwene yɛn a ɔnsesa sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so. Ɛnyɛ n’atirimpɔw ne sɛ ɔbɛsesa yɛn ma yɛn ho ayɛ fɛ, na mmom sɛnea yɛte wɔ komam na ɔsesa. Enti yɛma kwan ma ɔnwene yɛn a, na ɔreyɛ yɛn foforo, kyerɛ sɛ, ɔresesa yɛn adwene anaa yɛn nsusuwii. Nsakrae saa na yehia na wiase honhom ammunkam amfa yɛn so. Ɛnde, ɔkwan bɛn na Yehowa fa so nwene yɛn?

16, 17. (a) Dɛn na ɔnwemfo yɛ ansa na wafi ase de dɔte anwene biribi? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa de N’Asɛm nwene yɛn ma yɛbɛyɛ anwene a ɛho wɔ nyam wɔ n’ani so?

16 Sɛ ɔnwemfo pɛ sɛ ɔnwene biribi ma ɛyɛ fɛ a, ɔhwehwɛ dɔte pa. Nanso nneɛma abien bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ansa na wafi ase anwene ade no. Nea edi kan, obeyiyi efi biara a ɛwɔ dɔte no mu. Nea edi hɔ, ɔde nsu bɛfra dɔte no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi awɔw ma asɔ. Eyi bɛma ayɛ mmerɛw sɛ ɔde bɛnwene ade a ɔpɛ sɛ ɔyɛ no.

17 Hyɛ no nsow sɛ ɔnwemfo yiyi dɔte no mu fĩ, na ɔde nsu fra ma ɛsɔ na watumi de anwene biribiara a ɔpɛ. Sɛnea nsu tumi sesa dɔte no, saa ara na Onyankopɔn Asɛm tumi sesa yɛn. Ɛboa yɛn ma yeyi adwene a kan na  yekura tow gu, na yefi ase susuw nsɛm ho te sɛ Onyankopɔn. Afei nkakrankakra Onyankopɔn yɛ yɛn foforo ma yɛn ho ba nyam wɔ n’ani so. (Efe. 5:26) Wubetumi akan mpɛn dodow a wɔahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkan Bible da biara na yɛnkɔ asafo nhyiam biara? Adɛn nti na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ saa? Yɛyɛ saa a, na yɛrema kwan ma Yehowa de N’Asɛm no anwene yɛn.Dw. 1:2; Aso. 17:11; Heb. 10:24, 25.

Woyɛ wo ho foforo na wuhyia ɔhaw bi mpo a, wubetumi adi ho dwuma yiye asen kan no (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. (a) Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ yɛn foforo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedwinnwen nea yɛresua no ho? (b) Nsɛmmisa bɛn na ebetumi aboa yɛn?

18 Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ yɛn foforo a, yɛbɛkenkan Bible asua mu nsɛm, nanso ɛnso hɔ ara. Nnipa pii kenkan Bible na wonim mu nsɛm pii. Ebia woahyia saafo no bi wɔ asɛnka mu pɛn. Ebinom mpo akyere Bible mu nsɛm pii agu wɔn tirim. * Nanso entumi nsesaa wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe. Adɛn ntia? Sɛ Onyankopɔn Asɛm betumi asakra obi ma wayɛ foforo a, ɛsɛ sɛ ɔma esian kɔ ne komam tɔnn. Enti sɛ yesua Bible a ɛsɛ sɛ yegye bere dwinnwen nea yɛresua no ho. Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Nea meresua yi, migye di paa sɛ ɛnyɛ nyamesɛm bi kɛkɛ? Mihu paa sɛ nea meresua ne nokware no? Mede nea meresua no di dwuma wɔ m’asetenam na ɛnyɛ sɛ mede bɛkyerɛ afoforo kɛkɛ? Sɛ mekan Bible a, mihu sɛ Yehowa na ɔrekasa kyerɛ me?’ Yesusuw nsɛmmisa a ɛte saa ho a, ɛbɛma yɛadɔ Yehowa paa. Sɛ nea yɛresua no ka yɛn koma a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛayɛ nsakrae biara a ehia wɔ yɛn asetenam.Mmeb. 4:23; Luka 6:45.

19, 20. Bible afotu bɛn na yɛde yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn?

19 Sɛ yɛkan Bible daa dwinnwen ho a, ɛbɛboa ma yɛakɔ so ayɛ nea Paulo kae yi: “Munyi nipasu dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ nipasu foforo a wɔnam nokware nimdeɛ so reyɛ no foforo” no. (Kol. 3:9, 10) Sɛ yɛte Onyankopɔn Asɛm ase yiye na yɛde yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahyɛ nipasu foforo no. Eyi bɛhyɛ yɛn den na Satan amfa ne nnɛɛdɛɛ anto yɛn brada.

20 Ɔsomafo Petro tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ sɛ mma a wɔyɛ osetie, na ɛnsɛ sɛ yedi akɔnnɔ a na yɛwɔ no akyi, na mmom yɛnyɛ kronkron yɛn nneyɛe nyinaa mu.’ (1 Pet. 1:14, 15) Sɛnea adesua a edi hɔ bɛkyerɛkyerɛ mu no, sɛ yɛbɔ mmɔden yi adwene ne nsusuwii a kan na yɛwɔ no gu na yɛma Yehowa yɛ yɛn foforo a, yebenya nhyira pii.

^ nky. 18 Hwɛ ɛho nhwɛso wɔ February 1, 1994, Ɔwɛn-Aban, kratafa 9, nkyekyɛm 7.