Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Si Gyinae Pa

Si Gyinae Pa

“Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.”MMEB. 3:5.

1, 2. W’ani gye ho sɛ wubesi gyinae? Wohwɛ gyinae bi a woasisi a, wuhu no sɛn?

DA BIARA a yɛbɛsɔre afi kɛtɛ so no, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesi ho gyinae. Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wusi biribi ho gyinae a, dɛn na woyɛ? Nnipa bi wɔ hɔ a, ɛreyɛ ara ni na wɔasi wɔn gyinae; wɔpɛ sɛ wɔn ankasa si wɔn gyinae wɔ biribiara mu. Wɔka sɛ ɛnyɛ obi na obesi gyinae ama wɔn, enti wontie obiara adwene. Afoforo nso suro sɛ wobesi gyinae, ɛnkanka bere a nsɛm no ani sõsõ. Ebinom nso repɛ akwankyerɛ asi gyinae bi a, wɔdan kɔ nhoma mu anaa afotufo hɔ; ɛtɔ da mpo a wotua sika kɛse de hwehwɛ akwankyerɛ.

2 Yɛn mu bi wɔ hɔ a yegyina mfinimfini. Yenim sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ɛboro yɛn so sɛ yɛn ankasa besi ho gyinae. Nanso nneɛma pii wɔ hɔ a yɛn ara betumi asi ho gyinae. (Gal. 6:5) Ɛno mpo no yenim sɛ ɛnyɛ gyinae a yesi nyinaa na ɛyɛ papa.

3. Akwankyerɛ bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae? Adɛn nti na ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ yebesi gyinae?

3 Yehowa asomfo deɛ ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa ama yɛn akwankyerɛ a yɛde besisi nneɛma pii ho gyinae wɔ yɛn abrabɔ mu. Yenim sɛ, sɛ yɛde akwankyerɛ a ɛte saa yɛ adwuma a, ɛbɛma yɛasisi gyinae a Yehowa ani begye ho na ɛbɛboa yɛn ankasa nso. Nanso nsɛm bi wɔ hɔ a Onyankopɔn Asɛm nhyɛ da mma ho akwankyerɛ pɔtee. Ɛba saa a, yɛbɛyɛ dɛn ahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho? Wo deɛ yɛnhwɛ, yenim sɛ Bible ka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛbɔ korɔn. (Efe. 4:28) Nanso dɛn paa na obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ wabɔ korɔn? Ade a ɔfae no kɛse na ɛbɛkyerɛ anaa nea enti a ɔfae, anaa biribi foforo? Nsɛm bi wɔ hɔ a, ebia ebinom bɛka sɛ Bible nhyɛ da nkyerɛkyerɛ mu. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea yɛbɛyɛ wɔ nsɛm a ɛte saa ho?

 FA ADWENEMTEW SI GYINAE

4. Sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, afotu bɛn na ebia ebinom de bɛma yɛn?

4 Sɛ yɛka kyerɛ yɛn yɔnko Kristoni bi sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a, ebia ɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yennwen asɛm no ho yiye ansa na yɛasi gyinae. Ɛba saa a na nea ɔreka ne sɛ yɛmfa adwenemtew nsi gyinae. Ɛno yɛ afotu pa. Bible tu yɛn fo sɛ yɛnhwɛ yiye na yɛansi gyinae gya-so-gya-so. Ɛka sɛ: “Obiara a ɔpere ne ho de, ohia na ebehia no.” (Mmeb. 21:5) Sɛ yɛka sɛ yɛmfa adwenemtew nsi gyinae a ɛkyerɛ sɛn? So nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yɛbɛto yɛn bo ase apɛɛpɛe asɛm no mu ahu n’ani so yiye? Eyi betumi aboa ma yɛasi gyinae pa nanso sɛ yɛka adwenemtew a, ɛkyerɛ pii sen saa.Rom. 12:3; 1 Pet. 4:7.

5. Adɛn nti na yɛka adwenemtew a, yɛn nyinaa tɔ sin baabi?

5 Sɛ yɛka adwenemtew a, yɛn nyinaa tɔ sin baabi. Adɛn nti na ɛte saa? Wɔwoo yɛn nyinaa bɔne mu; yɛn mu biara nni hɔ a ɔyɛ pɛ. Enti nipaduam ne adwenem nyinaa yɛtɔ sin. (Dw. 51:5; Rom. 3:23) Bio nso kan no, na Satan “afura” yɛn mu bebree adwene ani; na yennim Yehowa mpo na yɛahu ne mmara. (2 Kor. 4:4; Tito 3:3) Obi betumi de bere tenten asusuw asɛm bi ho, nanso sɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so nkutoo na ogyina so si gyinae a, ebia ne nsa besi fam.Mmeb. 14:12.

6. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛn adwenem atew?

6 Yɛtɔ sin nipaduam ne adwenem, nanso yɛn soro Agya Yehowa deɛ ne biribiara yɛ pɛ. (Deut. 32:4) Anigyesɛm ne sɛ Yehowa ama yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ yɛn adwene foforo na yɛn adwenem atew. (Monkenkan 2 Timoteo 1:7.) Sɛ Kristofo reyɛ biribi a wɔde nyansa to ho. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn adwene, yɛn nsusuwii, ne yɛn akɔnnɔ gye nsam, mmom ɛsɛ sɛ yɛfa no dommum ma Yehowa na yesusuw nneɛma ho sɛ Yehowa na yɛyɛ yɛn ade sɛ ɔno.

7, 8. Osuahu bɛn na ɛkyerɛ sɛ, sɛ biribi nti nkurɔfo tu wɔn ano gu yɛn so anaa yɛkɔ ahokyere mu mpo a, yebetumi asi gyinae pa?

7 Yɛmfa biribi a ɛrekɔ so wɔ mmeae bi nyɛ nhwɛso. Sɛ nkurɔfo tu bata kodi paa wɔ nkurɔfo aman so na wɔwo mma a, wɔde mmofra no mena wɔn abusuafo wɔ fie. Awofo no yɛ saa a, wɔn ho hare wɔn ma wɔkɔ so yɛ adwuma pɛ sika. * Ɔbea bi a watu bata woo abarimaa tobomm fɛfɛɛfɛ bi. Emu hɔ ara na ɔbea no fii ase suaa Bible, na osii ne bo sɛ ɔde nea ɔresua no bɛbɔ ne bra. Ɔbea no nnamfo ne n’abusuafo ka kyerɛɛ ɔne ne kunu sɛ wɔmfa abofra no nkɔ fie nkɔma ne nananom. Daa na wɔde asɛm no tuatua wɔn aso. Nanso ade a na ɔbea no resua ma ohui sɛ ɔne ne kunu na Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔntete abofra no. (Dw. 127:3; Efe. 6:4) Ɛnde, ɔbea yi bedi nnipa dodow akyi de ne ba no amena fie? Anaa ɔde nea ɔresua wɔ Bible mu no bɛyɛ adwuma ma ne sikasɛm agye agu na wasan agye mpoatwa ahyɛ ne ho? Sɛ ɛyɛ wo a anka wobɛyɛ dɛn?

8 Asɛm no gyaw ɔbea no tipae, na na onhu nea ɔnyɛ. Enti ɔbɔɔ Yehowa mpae hwiee ne haw guu n’anim, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma onhu nea ɔnyɛ. Ɔde asɛm no too nea ɔne no sua Bible anim, na ɔne asafo no mufo bi nso bɔɔ ho nkɔmmɔ. Afei asɛm no ani so daa hɔ ma ohuu Yehowa adwene wɔ ho. Bio, ohui sɛ, sɛ abofra ketewa saa fi n’awofo nkyɛn a, ebetumi aka n’adwene. Bere a ɔhwɛɛ asɛm no dinn na ɔhwɛɛ nea Bible ka wɔ ho no, ohui sɛ dabi, ɛnyɛ papa sɛ ɔde  abofra no bɛkɔ. Sɛ ɔbea no kunu hwɛ sɛnea asafo no mufo soo wɔn mu yɛɛ wɔn mmoa na abofra no nso te apɔw na ne ho yɛ anika a, na nea ɔbɛyɛ ara ne sɛ ɔne anuanom befi ase asua ade na ɔne ne yere akɔ asafo nhyiam.

9, 10. Sɛ yɛka sɛ obi adwenem tew a, dɛn na ɛkyerɛ? Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn adwenem atew?

9 Eyi yɛ nhwɛso biako pɛ nanso ɛma yehu sɛ, sɛ yɛka sɛ yɛn adwenem tew a, ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ara ne sɛ yɛbɛyɛ nea yesusuw sɛ nyansa wom anaa yebedi nkurɔfo akyi. Yɛn adwene ne yɛn koma nyinaa tɔ sin; akɔyɛ te sɛ wɔɔkye a ɛkɔ ntɛmntɛm anaa ɛka akyi. Sɛ wɔɔkye a ɛte saa na wode hwɛ bere a, ɛnde kosɛ. (Yer. 17:9) Enti sɛ yɛmpɛ amanehunu biara a, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn asɛm kyerɛ yɛn adwene ne yɛn koma kwan.Monkenkan Yesaia 55:8, 9.

10 Enti Bible tu yɛn fo sɛ: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.” (Mmeb. 3:5, 6) Hyɛ no nsow sɛ Bible ka sɛ “mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.” Afei ɛtoa so sɛ ‘hu Yehowa w’akwan nyinaa mu.’ Yehowa nkutoo na n’adwene ne ne nsusuwii nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ. Enti bere biara a yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Bible mu kɔhwɛ nea Onyankopɔn ka wɔ asɛm no ho na yesi gyinae a ɛne n’adwene hyia. Sɛ yɛka adwenemtew a, nea ɛkyerɛ ni—sɛ́ yebesua Yehowa adwene.

TETE W’ADWENE

11. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa?

11 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebesi gyinae pa na sɛ yetumi si mpo a, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde bɛyɛ adwuma nna fam. Wɔn a ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛyɛ saa ne wɔn a wɔabɔ asu foforo anaa wɔn a afei na wɔrenya nkɔso wɔ nokware no mu. Nanso saafo no betumi anya nkɔso. Bible frɛ wɔn ‘nkokoaa’ efisɛ wɔte sɛ mmofra a wɔresua nantew. Sɛ akokoaa resua nantew a, otutu ne nan nkakrankakra. Saa ara na wɔn a Bible frɛ wɔn nkokoaa no nso resi gyinae a, wɔyɛ. Ɔsomafo Paulo kae sɛ wɔn a wɔn ho akokwaw ne “wɔn a wɔde wɔn adwene yɛ adwuma nti wɔatete no  ma etumi hu papa ne bɔne mu nsonsonoe.” Paulo kae sɛ yɛmfa yɛn adwene ‘nyɛ adwuma’ na ‘yɛntete no.’ Nsɛm abien yi nyinaa kyerɛ sɛ sɛ obi ho bɛkokwaw wɔ biribi mu a, ehia sɛ ɔde animia kɔ so yɛ dekode no. Eyi ne ade a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ foforo wɔ nokware no mu yɛ.Monkenkan Hebrifo 5:13, 14.

Sɛ yɛbɔ mmɔden si gyinae pa daa a, ɛbɛboa ma yɛatete yɛn adwene (Hwɛ nkyekyɛm 11)

12. Yɛbɛyɛ dɛn atete yɛn adwene na yɛatumi asi gyinae pa?

12 Sɛnea yɛaka dedaw no, da biara a yɛbɛsɔre afi kɛtɛ so no, yɛwɔ gyinae pii a ɛsɛ sɛ yesisi; ebi sõsõ, ebi susua. Nnipa bi yɛɛ nhwehwɛmu hwɛɛ sɛnea nkurɔfo sisi gyinae. Wohui sɛ nneɛma pii aka nnipa hɔ, enti wɔnhyɛ da nnwen ho na wɔasi ho gyinae. Wo deɛ hwɛ, anɔpa biara wosɔre a wobɛhwɛ atade a wobɛhyɛ. Ebia eyi nyɛ biribi a wobɛhyɛ da atena ase adwen ho, ɛnkanka mpo ne sɛ worepɛ ntɛm akɔ baabi. Nanso biribi wɔ hɔ a wuntumi mmu w’ani ngu so; ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ atade a ɛhyɛ wo no fata Yehowa somfo anaa. (2 Kor. 6:3, 4) Sɛ worekɔto atade a, ebia nea ɛyɛ wo fɛ anaa aba so foforo na wobɛhwehwɛ. Nanso ɛyɛ a wohwɛ sɛ atade no fata Kristoni? Na atade no bo nso ɛ, ɛyɛ a wudwen ho? Sɛ yesi gyinae pa wɔ nsɛm nketenkete saa ho a, ne nyinaa bɛboa ma yɛatete yɛn adwene na sɛ daakye asɛnkɛse bi bɛtɔ yɛn anim a, yɛatumi asi ho gyinae pa.Luka 16:10; 1 Kor. 10:31.

SI W’ADWENE PI SƐ WOBƐYƐ NEA ƐTEƐ

13. Sɛ yesi gyinae sɛ yɛbɛyɛ biribi a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ nea yɛaka no?

13 Ebia yebetumi asi gyinae pa, nanso nea aka ne sɛ yɛde ‘ɔseɛ bɛyɛ ɔyɔ.’ Wo deɛ yɛnhwɛ wɔn a wɔnom sigaret a wɔpɛ sɛ wogyae. Ɛtɔ da a wɔyɛ a na agye agu. Dɛn na ɛma ɛba saa? Asɛm no ara ne sɛ wontumi nsi pi. Sɛ yesi gyinae sɛ yɛbɛyɛ biribi a, nea ehia ne sɛ yebesi yɛn adwene pi sɛ yɛbɛyɛ. Ɛte sɛ nea obi reteɛteɛ n’apɔw mu ma ne were mu ayɛ den. Ehia sɛ ɔyɛ no daa na ama ne were mu ayɛ den. Sɛ ɔntaa nteɛteɛ n’apɔw mu a, ne were mu bɛyɛ mmerɛw. Ɛnde, sɛ yɛasi gyinae sɛ yɛbɛyɛ biribi a, dɛn na ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛayɛ nea yɛaka no? Nea ehia paa ne sɛ yɛbɛdan akɔ Yehowa nkyɛn akɔpɛ mmoa.Monkenkan Filipifo 2:13.

14. Ɛyɛɛ dɛn na Paulo nyaa ahoɔden yɛɛ nea ɛteɛ?

14 Nea Paulo ankasa faa mu no ma ohui sɛ ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛyɛ nea ɛteɛ. Bere bi ɔkae sɛ: “Ɔpɛ no de ɛwɔ hɔ, nanso tumi a mede bɛyɛ papa no nni hɔ.” Na ɔno ara nim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ, nanso ɛtɔ da a, na ayere ama no. Ɔkae sɛ: “M’ani gye Onyankopɔn mmara ho yiye, nanso mihu mmara foforo bi wɔ m’akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ m’akwaa mu no.” Ná anidaso asa anaa? Dabida! Ɔno ara kae sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!” (Rom. 7:18, 22-25) Baabi foforo nso ɔkyerɛwee sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.”Filip. 4:13.

15. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesi pi sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ?

15 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ yesi yɛn adwene pi. Kae asɛm a Elia ka kyerɛɛ Baal asomfo ne Israelfo awaefo wɔ Bepɔw Karmel so no. Ɔkae sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi? Sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn a, munni n’akyi, na sɛ Baal nso a, munni n’akyi.” (1 Ahe. 18:21) Na Israelfo no nim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ nanso wɔansi pi, ‘wohinhimii.’  Nanso na Yosua nte saa koraa. Bere bi ɔka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “Sɛ . . . mompɛ sɛ mosom Yehowa a, ɛnde ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no . . . Me ne me fie de, yɛbɛsom Yehowa.” (Yos. 24:15) Yosua sii n’adwene pi. Ɛnde, nhyira bɛn na efii mu bae? Ɔne wɔn a wotiee n’asɛm no kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so, “asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so.”Yos. 5:6.

SI GYINAE PA NA NYA NHYIRA

16, 17. Sɛ yesi gyinae a ɛne Yehowa apɛde hyia a, dɛn na efi mu ba?

16 Yɛmmra yɛn bere yi mu na yɛnhwɛ nea ebinom ayɛ. Onua bi a ɔbɔɔ asu nkyɛe ne ne yere wɔ mma baasa. Akatua a ogye wɔ adwumam nyɛ papa, nanso nea ɛma n’ani gye n’adwuma no ho ne sɛ ɔnkɔ adwuma Memeneda ne Kwasida, enti otumi ne n’abusua bom kɔ adesua ne asɛnka. Da bi, ɔbarima bi a ɔne no yɛ adwuma ka kyerɛɛ no sɛ wanya adwuma foforo bi. Ɔkae sɛ akatua no sõ na adwumayɛfo no nya nneɛma foforo pii. Enti ɔka kyerɛɛ onua no sɛ wonnyae wɔn adwuma no nkɔ hɔ. Onua no dwen asɛm no hɔ bɔɔ ho mpae. Ohui sɛ, sɛ ɔkɔyɛ adwuma foforo no a, ɔrennya Memeneda ne Kwasida; na obenya mpo a, ɛbɛkyɛ. Ɛyɛ wo a anka wobɛyɛ dɛn?

17 Onua no hui sɛ ampa sika wɔ adwuma no mu, nanso ɛbɛka ne som. Enti osii gyinae sɛ ɔrenyɛ adwuma foforo no. Wohwɛ a, onuu ne ho? Dabida. Ohui sɛ ɛyɛ papa sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛbɛka ɔne n’abusua abɛn Yehowa sen sɛ obedi akatua kɛse akyi. Da bi, wɔn babea a wadi mfe du kaa asɛm bi ma ɔne ne yere ani gyei paa. Abeawa no ka kyerɛɛ n’awofo sɛ ɔpɛ wɔn asɛm, ɔpɛ anuanom nso asɛm, na ɔdɔ Yehowa paa. Ɔka kaa ho sɛ ɔpɛ sɛ ohyira ne ho so ma Yehowa na ɔbɔ asu. Sɛ ɛnyɛ ɛsa pa a papa no twa too hɔ maa abofra no a, anka dɛn bio na ɛbɛma Yehowa som ho ahia no saa?

Si gyinae pa na w’ani nka Onyankopɔn nkurɔfo mu (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Da biara a wubesi gyinae no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwɛ hu sɛ ɛyɛ gyinae pa?

18 Mose dii Israelfo no anim de wɔn faa sare no so. Saa ara na Mose Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, adi Yehowa asomfo anim mfe pii afa Satan wiase yi mu. Ɛrenkyɛ koraa ɔbɛsɛe wiase bɔne yi. Bio nso sɛnea Yosua dii Israelfo no anim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no, saa ara na Yosua Ɔkɛseɛ, Yesu, bedi n’akyidifo anim akɔ wiase foforo a trenee wom no mu. (2 Pet. 3:13) Seesei aka to na borɔ na saa da no aba, enti ɛnyɛ saa bere yi na yɛrebɛsan yɛn akyi akɔfa akɔnnɔ, nsusuwii ne su a yɛatow agu dedaw no. Mmom ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn apɛde yiye na yɛyɛ. (Rom. 12:2; 2 Kor. 13:5) Ɛnde, gyinae biara a wubesi no, ma ɛnna adi sɛ woyɛ obi a wopɛ paa sɛ Onyankopɔn hyira wo nnɛ ne daa.Monkenkan Hebrifo 10:38, 39.

^ nky. 7 Ade foforo nti a wɔde mmofra no mena fie ne sɛ mmofra no nananom bɛma wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo ahu sɛ wɔn nso anya mmanana.