Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | ASƐM BƐN PAA NA ƐWƆ BIBLE MU?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Bible Ho Asɛm Hia Wo?

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma Bible Ho Asɛm Hia Wo?

Nhoma a agye din paa wɔ wiase ne Bible. Adɛn ntia? Ade biako a ɛwɔ Bible ho ne sɛ wokan a wuhu n’ani so ntɛm, efisɛ nsɛm a ɛwom no fa nnipa a wɔatena ase pɛn ho; ɛma yehu sɛnea wɔne wɔn yɔnko nnipa tenae ne sɛnea na wɔne Onyankopɔn ntam te. Nsɛm a ɛwom no, yebetumi de abɔ bra; emu nyɛ den na wotumi kyerɛ ase kɔ kasa bebree mu ma nnipa a wɔte baabiara kenkan te ase bere biara. Bible mu afotu nso boa yɛn biribiara mu.

Ɛnyɛ sɛ Bible ka Onyankopɔn ho asɛm kɛkɛ, na mmom ɛka sɛ ɛyɛ nhoma a efi Onyankopɔn hɔ. Ɛma yehu Onyankopɔn din ne ne suban; ɛma yehu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase ne nnipa. Efi tete na papa ne bɔne adi asi, na Bible ka ɛno nso ho asɛm; ɛma yehu awerɛhosɛm bi a ɛfa obiara ho, nanso ɛkyerɛ yɛn sɛ ebewie yiye. Sɛ wode adwempa kenkan Bible a, ɛbɛma woanya gyidi ne anidaso.

Nsɛm bi wɔ hɔ a, yɛrentumi nhu wɔ baabiara, gye sɛ Bible mu nko ara. Bible ma yɛte nsɛm bi ase yiye paa. Nsɛm no bi ni:

  • Nea enti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn, ne nea enti a yehu amane

  • Nhyehyɛe a Onyankopɔn de begye adesamma

  • Nea Yesu ayɛ ama yɛn

  • Asase ne nnipa daakye

Yɛsrɛ wo gye bere kakra kenkan nhoma yi mu nsɛm a aka no, na wubehu asɛm pɔtee a ɛwɔ Bible mu.