Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mpae a Ɛka Koma—Sua Biribi Fi Mu

Mpae a Ɛka Koma—Sua Biribi Fi Mu

“Ma wɔnkamfo w’anuonyam din.”NEH. 9:5.

1. Nhyiam bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo yɛe a yebesusuw ho? Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

“MONSƆRE na munyi Yehowa, mo Nyankopɔn ayɛ nkosi daa daa.” Asɛm yi na Lewifo de frɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ wommehyiam mmɔ mpae. Sɛ yɛreka mpae a ɛware paa wɔ Bible mu a, eyi ka ho. (Neh. 9:4, 5) Yudafo bosome a ɛto so ason, Tisri, da a ɛto so 24, afe 455 A.Y.B. mu na ɔman no hyiaam wɔ Yerusalem. Bere a yɛrehwɛ nneɛma a esisii ansa na wɔreyɛ nhyiam no, susuw nsɛmmisa yi ho: ‘Su bɛn na na Lewifo wɔ a ɛboa maa nhyiam no yɛɛ anigye? Dɛn na yebetumi asua afi wɔn mpae no mu?’Dw. 141:2.

ƆSRAM TITIRIW

2. Bere a Israelfo hyiae no, ɛsa fɛfɛ bɛn na wotwae a yebetumi adi akyi nnɛ?

2 Aka bosome biako ma nhyiam no aba so na Yudafo no too Yerusalem fasu no wiei. (Neh. 6:15) Onyankopɔn nkurɔfo de nnafua 52 pɛ na ewiee adwuma no. Afei wɔde wɔn adwene sii honhom fam nneɛma so. Enti Tisri da a edi kan no, wohyiaam wɔ abɔnten maa Esra ne Lewifo a aka no kenkan Onyankopɔn Mmara no den kyerɛɛ wɔn, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu. Mmusua mmusua nyinaa gyinaa ntenten tiei “fi ahemadakye kosii owigyinae.” Nokwasɛm ne sɛ “obiara a otumi tie asɛm te ase,” kyerɛ sɛ mmofra mpo, baa nhyiam no bi. Israelfo yi twaa ɛsa fɛfɛɛfɛ a yebetumi adi akyi nnɛ. Ɛnnɛ yɛn mu pii hyiam wɔ Ahenni Asa so tena nkogua pa so. Ɛnde, asɛmmisa ne sɛ, ɛyɛ a yɛn adwene fi asa no so kodi nneɛma a ɛho nhia akyi? Sɛ saa a, ɛnde yɛnsan nhwɛ Israelfo asɛm no bio. Ɛnyɛ wɔn aso kɛkɛ na wɔde tiei, na mmom asɛm no kaa wɔn koma ma wofii ase sui sɛ wɔde Onyankopɔn Mmara ato baabi reyɛ nea wɔpɛ.Neh. 8:1-9.

3. Akwankyerɛ bɛn na Israelfo yɛɛ aso tiei?

 3 Nanso na ɛnyɛ saa bere no na wɔka bɔne. Mmom na ɛyɛ afahyɛ bere, ɛbere a wɔde bɛsom Yehowa adi ahurusi. (Num. 29:1) Enti Nehemia ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Monkɔ nkodi sradeduan na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi nkɔma wɔn a wonsiesiee hwee mmaa wɔn, efisɛ ɛnnɛ da yi yɛ da kronkron ma yɛn Awurade, enti mommma mo werɛ nnhow, na Yehowa mu anigye ne mo abannennen.” Nkurɔfo no yɛɛ aso tiei, na “wodii ahurusi kɛse” saa da no.Neh. 8:10-12.

4. Dɛn na Israel mmusua ti yɛe? Bere a wɔredi Asese Afahyɛ no, dɛn na na wɔyɛ da biara da?

4 Da a edi hɔ no, mmusua ti nyinaa hyiaam tweetwee Onyankopɔn Mmara no mu hwɛe sɛ wobedi Mmara no nyinaa so. Bere a wogu so rehwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu no, wohui sɛ efi Tisri da a ɛto so 15 kosi da a ɛto so 22 yɛ Asese Afahyɛ bere, na na da a etwa to no yɛ nhyiam titiriw. Enti ɛhɔ ara na wofii ase de nneɛma guguu akwan mu maa afahyɛ no. Efi Yosua nna no mu besi saa da no na wonnii Asese Afahyɛ a ɛte saa da. Nokwasɛm ni “wodii ahurusi kɛse.” Ade biako a ɛkɔɔ so wɔ afahyɛ no ase ne sɛ wɔkenkan Onyankopɔn Mmara ‘fi da a edi kan kosii da a etwa to.’Neh. 8:13-18.

DA A WƆKAA WƆN BƆNE

5. Ansa na Lewifo rebɔ mpae ama Onyankopɔn nkurɔfo no, dɛn na nkurɔfo no yɛe?

5 Wowiee afahyɛ no Tisri da a ɛto so 22, na ne nnanu akyi, kyerɛ sɛ Tisri da a ɛto so 24 no, biribi titiriw kɔɔ so: Ná ɛyɛ bere a Israel man no ka wɔn bɔne. Ná saa da no nyɛ afahyɛ bere a wodidi gye wɔn ani. Mmom Onyankopɔn nkurɔfo dii mmuada furaa atweaatam de kyerɛe sɛ ɛyɛ wɔn yaw sɛ wɔantumi anni Onyankopɔn Mmara so. Lewifo no san kenkan Onyankopɔn Mmara kyerɛɛ nkurɔfo no anɔpa; wɔyɛɛ saa nnɔnhwerew abiɛsa. Eduu awiabere no, nkurɔfo no “kaa wɔn bɔne kyerɛe, na wɔkotow Yehowa, wɔn Nyankopɔn anim.” Afei Lewifo no bɔɔ mpae a ɛka koma maa ɔman no. Neh. 9:1-4.

6. Dɛn na ɛmaa Lewifo mpae tuu mpɔn? Dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ?

6 Ná Lewifo no kenkan Onyankopɔn Mmara daa, na ɛno na ɛma wɔbɔɔ mpae a ɛka koma saa. Wohwɛ mpae no fã a edi kan a, nea edi mu akoten paa ne Yehowa nnwuma ne ne su ahorow. Mpae no fã aka no, Lewifo no ka tĩĩ mu mpɛn pii sɛ Onyankopɔn wɔ “mmɔborɔhunu bebrebe.” Afei wogye toom sɛ Israelfo bɔne dɔɔso, enti wɔmfata sɛ Onyankopɔn da mmɔborɔhunu a ɛte saa adi kyerɛ wɔn. (Neh. 9:19, 27, 28, 31) Dɛn na yebetumi  asua afi Lewifo no hɔ? Ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm da biara da na yedwinnwen ho. Yɛyɛ saa a na yɛrema Yehowa akasa akyerɛ yɛn. Afei sɛ yɛrebɔ mpae a, yebenya nneɛma pii aka ho asɛm ma yɛn mpae atu mpɔn.Dw. 1:1, 2.

7. Dɛn na Lewifo no srɛɛ Onyankopɔn, na dɛn na yesua fi mu?

7 Mpae no nyinaa mu no, adesrɛde biako pɛ na Lewifo no de too Yehowa anim. Yehu eyi wɔ Nehemia 9:32 fã a etwa to. Ɛhɔ ka sɛ: “O yɛn Nyankopɔn, Onyankopɔn pumpuni, otumfoɔ a wo ho yɛ hu a wokora apam ne adɔe so, mma amanehunu a aba yɛne yɛn ahene ne yɛn mmapɔmma ne yɛn asɔfo ne yɛn adiyifo ne yɛn agyanom, ne wo nkoa nyinaa so fi Asiria ahene bere so besi nnɛ da yi nnyɛ ade ketewa w’anim.” Yebetumi asua biribi afi nea Lewifo no yɛe mu. Sɛ yɛrebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ kamfo no na yɛda no ase ansa na yɛwɔ adesrɛ bi a yɛde ato n’anim.

WOYII ONYANKOPƆN DIN KƐSE NO AYƐ

8, 9. (a) Nsɛm bɛn na Lewifo no de fii wɔn mpae no ase a ɛma yehu sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase? (b) Ɔsoro asafodɔm abien bɛn na Lewifo no kaa ho asɛm?

8 Ná Lewifo no brɛ wɔn ho ase. Ɛwom sɛ na wɔn mpae no ka koma, nanso wɔn ankasa gye toom sɛ wontumi nnya nsɛm a ɛfata nyi Yehowa ayɛ sɛnea ɛsɛ. Enti bere a wɔkɔɔ Yehowa anim no, wofii wɔn mpae no ase nidi mu sɛ: “Ma wɔnkamfo w’anuonyam din a wɔama so atra nkamfo ne ayeyi nyinaa no.”Neh. 9:5.

9 Wɔtoaa mpae no so sɛ: “Wo nkutoo ne Yehowa, na ɔsoro, ɔsoro mu soro ne emu asafodɔm nyinaa, asase ne nea ɛwɔ so nyinaa, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa, wo na woyɛe; wo na wokora wɔn nyinaa so ma wɔtena ase; ɔsoro asafodɔm nyinaa nso kotow wo.” (Neh. 9:6) Ampa, Yehowa Nyankopɔn na ɔbɔɔ ɔsoro ne emu “asafodɔm,” kyerɛ sɛ nsoromma huhaa a enni ano no nyinaa. Bio nso ɔno na ɔbɔɔ asase ne emu nneɛma nyinaa na ɔhwɛe sɛ mmoa ne afifide ahorow ahorow nyinaa betumi atena asase so na wɔanya wɔn sɛso. Afei nso wɔkaa asafodɔm foforo ho asɛm. Eyinom ne Onyankopɔn abɔfo kronkron anaa “ɔsoro asafodɔm” no. (1 Ahe. 22:19; Hiob 38:4, 7) Abɔfo yi brɛ wɔn ho ase ma Onyankopɔn na wɔsom nnipa a wɔtɔ sin mpo, nnipa a “wɔbɛyɛ nkwagye adedifo no.” (Heb. 1:14) Yɛn nso, ɛnnɛ yebom som Yehowa te sɛ asafo anaa asraafodɔm a wɔatete wɔn yiye. Enti momma yensuasua abɔfo no na yɛmfa ahobrɛase nsom.1 Kor. 14:33, 40.

10. Yɛhwɛ nea Onyankopɔn yɛ maa Abraham no a, dɛn na yesua fi mu?

10 Afei Lewifo no kaa nea Onyankopɔn yɛ maa Abram. Bere a odii mfe 99 no, na ɔne ne yere Sarai nni ɔba biara.  Saa bere no na Yehowa sesaa ne din frɛɛ no Abraham; ase ne “aman pii agya.” (Gen. 17:1-6, 15, 16) Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ n’asefo na ɔde Kaanan asase no bɛma wɔn. Nnipa hyɛ bɔ nnɛ, ɔkyena na wɔn werɛ afi, nanso Yehowa nte saa. Yehu eyi wɔ Lewifo mpaebɔ no mu. Wɔkae sɛ: “Wone Yehowa, nokware Nyankopɔn no, wo na wopaw Abram, na wuyii no fii Kaldeafo asase Ur so, na wotoo no din Abraham. Na wuhui sɛ ne koma di mu w’anim; ɛno nti, wo ne no yɛɛ apam sɛ wode Kanaanfo . . . asase bɛma ɔne n’asefo, na woteɛ nti, wudii w’asɛm so.” (Neh. 9:7, 8) Momma yensuasua yɛn Nyankopɔn a ɔteɛ no; ɛbɔ biara a yɛbɛhyɛ no momma yemmia yɛn ani nni so.Mat. 5:37.

WƆKAEE YEHOWA ANWONWADWUMA

11, 12. Yehowa din kyerɛ sɛn? Dɛn na Yehowa yɛ maa Abraham asefo a ɛkyerɛ sɛ ne din fata no?

11 Yehowa din kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn hyɛ bɔ a, ɔyɛ ho adwuma nkakrankakra kosi sɛ ɛbɛbam. Eyi ho nhwɛso ne ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham asefo no. Bere a wɔyɛ nkoa wɔ Egypt no, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ obegye wɔn de wɔn akɔtena Bɔhyɛ Asase no so. Wohwɛ sɛnea na nneɛma te saa bere no a, na ayɛ sɛ nea ɛrentumi nyɛ yiye sɛ obegye ɔman mũ no nyinaa afi nkoasom mu. Nanso Onyankopɔn de nkakrankakra maa ne bɔhyɛ baam. Ɔnam eyi so kyerɛe sɛ ampa, ne din kɛse Yehowa no fata no.

12 Bere a Lewifo no rebɔ mpae no, wɔkyerɛɛ nneɛma a Yehowa yɛ maa ne nkurɔfo no bi. Wɔkae sɛ: “Wuhuu amanehunu a ɛtoo yɛn agyanom wɔ Egypt no, na wutiee wɔn sufrɛ Po Kɔkɔɔ no ho. Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tiaa Farao ne ne nkoa ne nnipa a wɔwɔ n’asase so nyinaa, efisɛ na wunim sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm; na wode nyaa din de abesi nnɛ. Wopaee ɛpo no mu wɔ wɔn anim ma wɔfaa asase kesee so wɔ ɛpo no mfinimfini twae; na wɔn ataafo no, wotow wɔn guu abun no mu te sɛ ɔbo wɔ nsu a ano yɛ den no mu.” Afei Lewifo no toaa so kaa nneɛma foforo a Yehowa yɛ maa ne nkurɔfo. Wɔkae sɛ: “Woma wodii asase no sofo, Kanaanfo so . . . Wodii nkurow a ɛyɛ den ne asase a adɔ srade so, na wonyaa afie a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu mã, mmura a wɔatu, bobe nturo ne ngodua mfuw ne nnua a ɛsow aba pii, na wodidi mee na wɔyeyɛɛ akɛse na wonyaa ahotɔ, wo papayɛ kɛse mu.”Neh. 9:9-11, 24, 25.

13. Bere a Israelfo fii Egypt no, dɛn na Yehowa yɛ maa wɔn? Dɛn na wɔyɛe wɔ ho?

13 Onyankopɔn yɛɛ nneɛma pii maa ne bɔhyɛ baam. Ɛho nhwɛso ni: Bere a Israelfo fii Egypt no, ankyɛ na Yehowa maa wɔn mmara a ɛbɛma wɔahu sɛnea wɔbɛsom no. Lewifo no kae wɔ mpae no mu sɛ: “Wusian baa Bepɔw Sinai so ne wɔn kasa fii soro, na wode w’atemmusɛm a ɛteɛ ne nokware mmara ne akwankyerɛ pa ne ahyɛde maa wɔn.” (Neh. 9:13) Yehowa de Israelfo no yɛɛ ne man, na na wabɔ ne tirim sɛ ɔde Bɔhyɛ Asase no bɛma wɔn. Enti ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛnea ɔde ne din kronkron no to wɔn so a, ɛbɛyɛ yiye. Nanso nneɛma pa a Yehowa kyerɛɛ wɔn nyinaa guu wɔn aso akyi.Monkenkan Nehemia 9:16, 18.

NA WOHIA NTƐESO

14, 15. (a) Dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛe sɛ ohuu Israelfo asobrakyefo no mmɔbɔ? (b) Yɛhwɛ sɛnea Onyankopɔn ne Israelfo no dii a, dɛn na yesua fi mu?

14 Bere a Israelfo hyɛɛ Onyankopɔn bɔ wɔ Bepɔw Sinai so sɛ wobedi ne Mmara so no, ankyɛ na wɔyɛɛ nneɛma abien bi a ɛmfata. Lewifo no kaa bɔne yi ho asɛm  wɔ wɔn mpaebɔ no mu. Israelfo no bɔne nti na anka nea ɛsɛ wɔn ara ne owu. Nanso Yehowa huu wɔn mmɔbɔ, na bere a wɔwɔ sare no so nyinaa ɔkɔɔ so hwɛɛ wɔn. Lewifo no kamfoo Yehowa wɔ wɔn mpaebɔ no mu sɛ: “Womaa wɔn aduan mfirihyia aduanan . . . Hwee anhia wɔn. Na wɔn ntade nso ansuw, na wɔn nan ase antaataa.” (Neh. 9:19, 21) Ɛnnɛ nso Yehowa ma yɛn biribiara a yehia na yɛatumi asom no nokwarem. Yɛmpɛ sɛ yɛn gyidi yɛ mmerɛw na yɛyɛ asobrakye te sɛ Israelfo mpempem pii a wowuwui sare no so no. Nea ɛtoo wɔn no nyinaa, “wɔakyerɛw de rebɔ yɛn a wiase nhyehyɛe yi awiei ato yɛn no kɔkɔ.”1 Kor. 10:1-11.

15 Awerɛhosɛm ne sɛ Israelfo a wɔkɔɔ Bɔhyɛ Asase no so ankɔ so anni Yehowa nokware. Wofii ase som Kanaanfo anyame, enti wɔyeyɛɛ adapaade de wɔn mma mpo bɔɔ afɔre. Eyi nti Yehowa maa kwan maa aman a atwa wɔn ho ahyia dii wɔn ani. Nanso bere a wonuu wɔn ho no, Yehowa huu wɔn mmɔbɔ de wɔn bɔne kyɛɛ wɔn, na ogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam. Eyi kɔɔ so daa. (Monkenkan Nehemia 9:26-28, 31.) Lewifo no kae sɛ: “Wunyaa wɔn ho koma mfe pii na wonam wo honhom ne w’adiyifo so kasa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔanyɛ asõ antie. Ɛno nti, wode wɔn hyɛɛ nsase no so aman nsa.”Neh. 9:30.

16, 17. (a) Bere a Israelfo fii nkoasom mu bae a wɔkɔɔ so yɛɛ Yehowa so asoɔden no, dɛn na efii mu bae? (b) Dɛn na Israelfo no ankasa gye toom, na dɛn na wɔkaa ntam sɛ wɔbɛyɛ?

16 Bere a Israelfo fii Babilon nkoasom mu bae mpo wɔsan yɛɛ Yehowa so asoɔden. Dɛn na efii mu bae? Lewifo no ma yehu eyi wɔ wɔn mpaebɔ no mu. Wɔkae sɛ: “Hwɛ! Ɛnnɛ yɛyɛ nkoa; na asase a wode maa yɛn agyanom sɛ wonni so aba ne emu nneɛma pa no, hwɛ, yɛyɛ nkoa wɔ so, na ɛresow nnɔbae pii ma ahene a yɛn bɔne nti wode wɔn asisi yɛn so no, . . . yɛaba ahohia kɛse mu.”Neh. 9:36, 37.

17 Enti na Lewifo no repɛ akyerɛ sɛ Onyankopɔn ne wɔn anni no yiye anaa? Dabida! Wɔn ankasa kae sɛ: “Woteɛ wɔ nea aba yɛn so nyinaa mu, efisɛ woadi nokware wɔ nea woayɛ mu, na yɛn na yɛayɛ bɔne.” (Neh. 9:33) Afei bere a wɔde wɔn mpaebɔ no reba awiei no, wɔkaa ntam sɛ efi saa bere no rekɔ no, ɔman no bedi Onyankopɔn Mmara so. (Monkenkan Nehemia 9:38; 10:29) Wɔkyerɛw ntam a wɔaka no maa Yudafo akannifo 84 sɔɔ ano.Neh. 10:1-27.

18, 19. (a) Dɛn na yehia na ama yɛatumi akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ ho mpae, na adɛn ntia?

18 Sɛ yɛpɛ paa sɛ Yehowa ani so no yɛyɛ nnipa a wɔfata sɛ ɔde yɛn kɔ ne wiase foforo a trenee wom no mu a, ɛnde ehia sɛ ɔteɛ yɛn so. Ɔsomafo Paulo bisae sɛ: “Ɔba bɛn na ne papa ntwe n’aso?” (Heb. 12:7) Sɛ yɛkɔ so de nokwaredi som Onyankopɔn na yɛma kwan ma ne honhom no nwene yɛn a, ɛkyerɛ sɛ yegye Onyankopɔn akwankyerɛ tom. Sɛ ɛba sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru na yenu yɛn ho na yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa teɛ yɛn so a, yebetumi anya ahotoso sɛ ɔde befiri yɛn.

19 Ɛrenkyɛ koraa Yehowa bɛkeka ne ho ma obiara ahu n’anuonyam ne ne din kɛse no; eyi bɛsen nea ɔyɛe bere a ogyee Israelfo fii Egypt no. (Hes. 38:23) Sɛ Onyankopɔn keka ne ho saa a, Kristofo a wɔde nokwaredi som Yehowa nyinaa bɛkɔ wiase foforo a trenee wom no mu sɛnea Israelfo no kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no. (2 Pet. 3:13) Eyi yɛ akwannya kɛse, enti momma yɛnkɔ so mmɔ mpae sɛ Onyankopɔn din kɛse no ho ntew. Yebesusuw mpae foforo ho wɔ adesua a edi hɔ no mu. Saa mpae no bɛma yɛahu nea ehia sɛ yɛyɛ na yɛanya Onyankopɔn nhyira ɛnnɛ ne daa.