Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | ATOSƐM A ƐMMA NNIPA NTUMI MMƐN ONYANKOPƆN

Atosɛm a Ama Onyankopɔn Ayɛ Otirimɔdenfo

Atosɛm a Ama Onyankopɔn Ayɛ Otirimɔdenfo

NEA NNIPA PII GYE DI

“Nnebɔneyɛfo wui ara na wɔn kra kɔ hell, ‘ogya a ennum da’ mu, na wɔtwe wɔn aso wɔ hɔ.” (Catechism of the Catholic Church) Nyamesom mu mpanyimfo bi kyerɛ sɛ hell yɛ tebea a ɛma obi ne Onyankopɔn ntam tew koraa.

NOKWASƐM A ƐWƆ BIBILE MU

“Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4) Awufo de, “wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Ɔkra wu na sɛ ɔnkae biribiara bio de a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na watumi ahu amane wɔ “ogya a ennum da” mu, na ɛbɛyɛ dɛn na ɔne Onyankopɔn ntam atumi atew ama ayɛ no yaw?

Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔtaa kyerɛ ase “hell” no, nea ɛkyerɛ paa ne adesamma adamena. Wo de, hwɛ Hiob asɛm no. Yare bɔne bi bɔɔ no, na ɔbɔɔ mpae sɛ: “O sɛ wode me resie Adamena mu ɛ [“hell,” Douay-Rheims Version].” (Hiob 14:13, Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ, Asante) Ná Hiob pɛ sɛ ɔkɔhome wɔ adamena mu; wanka sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ baabi a wɔyɛ nnipa ayayade anaa baabi a ɛbɛma ɔne Onyankopɔn ntam atew.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Sɛ yenya adwene sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den a, ɛbɛpampam yɛn afi ne ho, na yɛrentumi mmɛn no. Rocío te Mexico, na ɔka sɛ: “Efi me nkwadaaberem tɔnn na wɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ hellgya wɔ hɔ. Ɛbɔɔ me hu araa maa m’adwene yɛɛ me sɛ Onyankopɔn nni suban pa biara. M’adwene yɛɛ me sɛ onni koko na ne tirim yɛ sum.”

Bere a Rocío kenkan Bible huu Onyankopɔn atemmu ho asɛm na ohuu tebea a awufo wom no, ɛsesaa adwene a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn ho no. Rocío ka sɛ: “Me ho tɔɔ me; ɛyɛɛ me sɛ nea masoɛ adesoa kɛse bi asi hɔ. Afei mihui sɛ Onyankopɔn pɛ yɛn yiye, ɔdɔ yɛn, na me nso metumi adɔ no bi. Ɔte sɛ agya bi a okura ne ba nsa a ɔpɛ ne ba no yiye.”Yesaia 41:13.

Ebinom wɔ hɔ a, hellgya a wosuro nti na wɔyere wɔn ho som Onyankopɔn, nanso Onyankopɔn mpɛ sɛ obiara de ne ho hu som no. Mmom no, Yesu kae sɛ: “Dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Marko 12:29, 30) Afei sɛ yehu sɛ Onyankopɔn nyɛ bɔne nnɛ a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem sɛ daakye nso nea ɔbɛyɛ biara bɛyɛ papa. Yebetumi asuasua Hiob adamfo Elihu na yɛde ahotoso aka sɛ: “Ɛmpare nokware Nyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ bɔne, ne ade nyinaa so Tumfoɔ sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnteɛ.”Hiob 34:10.