Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahwɛfo, Munsuasua Ahwɛfo Kunini No

Ahwɛfo, Munsuasua Ahwɛfo Kunini No

“Kristo mpo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.”1 PET. 2:21.

1, 2. (a) Sɛ oguanhwɛfo hwɛ ne nguan yiye a, dɛn na efi mu ba? (b) Adɛn nti na Yesu bere so no, na nnipa pii ayɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo?

SƐ OGUANHWƐFO ma n’ani kũ ne nguan ho a, wonyin yɛ fɛfɛɛfɛ. Nhoma bi ka sɛ, “Sɛ obi wɔ nguan na nea ehia no ara ne sɛ ɔbɛka wɔn akɔ adidi na wagyaa wɔn akɔpɛ ne baabi atena a, n’ani bɛba ne ho so no na nguan no afonfɔn ayɛ tantaantan.” Nanso sɛ oguanhwɛfo ma n’ani ku ne nguan ho na ɔhwɛ wɔn yiye a, wɔbɛyɛ fɛfɛɛfɛ, na wohwɛ wɔn a wubehu sɛ nguan ni.

2 Saa na Onyankopɔn nguan nso te. Sɛ mpanyimfo ma wɔn ani kɔ nguan no ho na wɔhwɛ wɔn yiye a, ɛbɛma asafo no mufo nyinaa akeka wɔn ho fɛfɛɛfɛ. Wobɛkae sɛ bere bi Yesu huu nkurɔfo bi ma wɔn asɛm yɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ “na wɔayɛ sɛ nguan a wonni hwɛfo a wɔapirapira wɔn agyaw wɔn agu hɔ.” (Mat. 9:36) Adɛn nti na na wɔn asɛm ayɛ mmɔbɔ saa? Asɛm no ne sɛ na wɔn a ɛda wɔn mmati so sɛ wɔde Onyankopɔn Mmara bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no nni tema; na wɔhyɛ wɔn so. Afei nea wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ wɔnyɛ no wɔn ankasa nyɛ. Anka ɛsɛ sɛ akannifo yi yɛ nkurɔfo no brɛbrɛ na wɔhwɛ wɔn yiye, nanso wɔanyɛ saa. Mmom wɔmaa Onyankopɔn som yɛɛ den maa wɔn. Enti yɛbɛka a, wɔde “nnesoa a emu yɛ duru” soaa nkurɔfo no.Mat. 23:4.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma ɛtena wɔn adwenem bere a wɔrehwɛ nguan no?

3 Ɛnnɛ, adwuma a ɛda ahwɛfo anaa mpanyimfo mmati so nyɛ adwuma ketewa. Nguan a wɔhyɛ mpanyimfo nsa no yɛ Yehowa ne Yesu dea. Yesu ne “oguanhwɛfo pa” no, na nguan no da ne koma so ara ma ɔde ne nkwa mpo too hɔ ma wɔn. (Yoh. 10:11) Nokwasɛm ne sɛ Yesu ‘tɔɔ nguan no aboɔden’; ɔde ne “mogya a ɛsom bo” no na ɛtɔɔ wɔn.  (1 Kor. 6:20; 1 Pet. 1:18, 19) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma ɛtena wɔn adwenem sɛ wɔhyɛ Yesu Kristo ase. Ɔno ne “nguan no hwɛfo kɛse” no. Enti nea mpanyimfo yɛ nguan no biara, wobebu ho akontaa akyerɛ no.Heb. 13:20.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Ɛnde, sɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ nguan no? Yehowa tu asafo no mufo fo sɛ ‘wɔnyɛ osetie mma wɔn a wodi wɔn anim no.’ Mpanyimfo no nso ɛ? Yehowa tu wɔn fo sɛ wɔnhwɛ yiye na ‘wɔanni Onyankopɔn agyapade so bakoma.’ (Heb. 13:17; monkenkan 1 Petro 5:2, 3.) Ɛnde, mpanyimfo bɛyɛ dɛn adi nguan no anim a wonni wɔn so bakoma? Yɛbɛka no kwan foforo so a, bere a mpanyimfo rehwɛ nguan no, dɛn na wɔbɛyɛ na wɔamfa tumi a Onyankopɔn de ama wɔn no anhyɛ wɔn nuanom so?

‘OBETURU WƆN NE KOKOM’

5. Yɛhwɛ Yesaia 40:11 a, dɛn na yehu fa Yehowa ho?

5 Odiyifo Yesaia de Yehowa totoo oguanhwɛfo ho. Ɔkae sɛ: “Ɔbɛhwɛ ne nguan sɛ oguanhwɛfo. Ɔbɛma ne nguammaa so wɔ ne basa so na waturu wɔn ne kokom. Wɔn a wɔma nufu no, ɔbɛka wɔn brɛoo.” (Yes. 40:11) Saa asɛm yi ma yehu sɛ Yehowa ani kũ asafo no mufo a wɔabotow na wɔn asɛm yɛ mmɔbɔ ho. Oguanhwɛfo pa biara nim ne nguan no mu biara yiye; n’ani wɔ mmoa no ho bere nyinaa. Saa ara na Yehowa nso te. Onim asafo no muni biara ahiasɛm na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn. Afei nso, ɛtɔ da a oguanhwɛfo turu oguan ba wɔ ne kokom. Saa ara na Yehowa nso yɛ ne nguan. Sɛ yɛkɔ ahokyere mu anaa yedi abene a, Yehowa kurakura yɛn nkakrankakra fa mu. Ampa, Yehowa ne “ahummɔbɔ Agya” no.2 Kor. 1:3, 4.

6. Mpanyimfo bɛyɛ dɛn asuasua Yehowa?

6 Yɛn soro Agya no atwa ɛsa fɛfɛɛfɛ ato hɔ ama asafo mu mpanyimfo. Yehowa nni ne nguan ho agorɔ, enti ɛsɛ sɛ mpanyimfo no nso ma nguan no asɛm yɛ wɔn asɛm. Sɛ mpanyimfo de wɔn ani to fam a, wobehu nsɛnnennen a anuanom refa mu na wɔama wɔn nkuranhyɛ ne mmoa a wohia. (Mmeb. 27:23) Enti ɛsɛ sɛ mpanyimfo tew wɔn anim ne anuanom bɔ nkɔmmɔ. Ɛwom, nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ mpanyimfo bɛfeefee anuanom nsɛm mu, nanso sɛ wohu ɔhaw bi a anuanom refa mu anaasɛ wɔte ho asɛm a, wobeyi wɔn yam aboa wɔn. Nokwasɛm ne sɛ wɔayɛ krado sɛ ‘wɔbɛboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw’ nyinaa.Aso. 20:35; 1 Tes. 4:11.

7. (a) Hesekiel ne Yeremia bere so no, na Onyankopɔn nguan no tebea te sɛn? (b) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa poo ahwɛfo a wɔtotoo wɔn adwuma ase tete no a, dɛn na yebetumi asua afi mu?

7 Wo deɛ yɛnhwɛ ahwɛfo bi a Onyankopɔn poo wɔn wɔ Hesekiel ne Yeremia bere so. Dɛn na ɛmaa Yehowa poo wɔn? Ná Yehowa de ne nguan ahyɛ wɔn nsa, nanso na wɔato wɔn asaworam. Ná nguan no nenam a wonni ahwɛfo, enti na “wɔadan wuram mmoa nyinaa aduan.” Wɔn a anka ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nguan no twaa wɔn ho didii wɔn ho; “wɔn ankasa yafunu ho” na na wodwen. (Hes. 34:7-10; Yer. 23:1) Ɛnnɛ nso Kristoman mu asɔfo didi asɔremma no ho. Eyi nti Onyankopɔn nso apo wɔn. Saa asɛm yi ma yehu sɛ ehia paa sɛ asafo mu mpanyimfo ma Yehowa nguan da wɔn koma so na woyi wɔn yam hwɛ wɔn yiye.

“MAGYAW MO NHWƐSODE”

8. Sɛ ehia sɛ mpanyimfo no teɛ biribi wɔ anuanom ho a, wɔbɛyɛ dɛn asuasua Yesu?

8 Nnipa tɔ sin, enti nea Yehowa hwɛ  kwan sɛ ne nguan bɛyɛ no, ɛtɔ da a ebinom nyɛ no saa. Ebetumi aba sɛ wobesi gyinae bi a ɛne Bible nhyia anaa wɔbɛyɛ biribi a Kristoni a ne ho akokwaw renyɛ. Ɛba saa a, dɛn na mpanyimfo no bɛyɛ? Ɛsɛ sɛ wonya nguan no ho koma sɛnea Yesu yɛe no. Wobɛkae sɛ na asuafo no taa gye akyinnye; na obiara kyerɛ sɛ ɔno na ɔbɛyɛ kɛse wɔ Ahenni no mu. Nanso Yesu bo amfuw wɔn da, na mmom ɔtɔɔ ne bo ase kyerɛkyerɛɛ wɔn na otuu wɔn fo sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase. (Luka 9:46-48; 22:24-27) Ɛnyɛ Yesu ano kɛkɛ na ɔde kyerɛɛ n’asuafo no ahobrɛase, na mmom ɔno ankasa yɛɛ ho nhwɛso: Ɔhohoroo n’asuafo no nan ho. Eyi yɛ biribi a ehia sɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ suasua.Monkenkan Yohane 13:12-15; 1 Pet. 2:21.

9. Afotu bɛn na Yesu de maa n’asuafo no?

9 Na Yakobo ne Yohane kura adwene bi wɔ ahwɛfo adwuma no ho, nanso ɛnyɛ saa na na Yesu hu no. Asomafo baanu yi kae sɛ Yesu mma wɔn dibea kɛse wɔ Ahenni no mu. Nanso Yesu ma wohui sɛ ɛnyɛ adwempa, enti ɔteɛɛ wɔn adwene. Ɔkae sɛ: “Munim sɛ amanaman sodifo no di wɔn so bakoma na atitiriw no di wɔn so tumi. Nanso ɛnte saa mo mu; mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse mo mu no, ɔnyɛ ɔsomfo.” (Mat. 20:25, 26) Ná ehia sɛ asomafo no hwɛ yiye paa na ‘wɔanni wɔn nuanom no so bakoma,’ kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ mmara ma wɔn.

10. Yesu pɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ nguan no sɛn? Ɛsa bɛn na Paulo twae a mpanyimfo betumi adi akyi?

10 Yesu pɛ sɛ asafo mu mpanyimfo hwɛ nguan no sɛnea ɔno ankasa hwɛ wɔn. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo yi wɔn yam som wɔn nuanom, na ɛnsɛ sɛ wodi wɔn so bakoma. Ɔsomafo Paulo brɛɛ ne ho ase som afoforo. Ɔka kyerɛɛ Efeso asafo mu mpanyimfo no sɛ: “Mo ankasa munim sɛnea efi da a edi kan a mebaa Asia mantam mu no, metenaa mo nkyɛn saa bere no nyinaa, na mede ahobrɛase adwene kɛse . . . som Awurade.” Na Paulo pɛ sɛ mpanyimfo no brɛ wɔn ho ase na wokum wɔn ho som wɔn nuanom. Ɔkae sɛ: “Mada no adi akyerɛ mo wɔ ade nyinaa mu sɛ etwa sɛ moyɛ adwumaden saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw.” (Aso. 20:18, 19, 35) Paulo ka kyerɛɛ Korintofo no sɛ ɔnyɛ wɔn gyidi so tumfoɔ, na mmom ɔyɛ Onyankopɔn akoa te sɛ wɔn ara. (2 Kor. 1:24) Mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asuasua Paulo na wɔabrɛ wɔn ho ase ayɛ adwumaden asom nguan no.

FA “GYINA NOKWASƐM NO SO PINTINN”

11, 12. Sɛ onua bi pɛ sɛ osi gyinae a, dɛn na ɔpanyin betumi ayɛ aboa no?

11 Ɛsɛ sɛ asafo mu panyin biara hwɛ hu sɛ “ɔkwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ gyina nokwasɛm no so pintinn.” (Tito 1:9) Nanso ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa “odwo honhom mu.” (Gal. 6:1) Ɔhwɛfo pa biara nhyɛ anuanom sɛ wɔnyɛ eyi anaa eyi, mmom ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkasa ma aka anuanom koma ma wɔn ankasa ayɛ ho biribi. Yɛmfa no sɛ onua bi pɛ sɛ osi gyinae bi a ehia paa. Nea ɔpanyin betumi ayɛ aboa no ara ne sɛ ɔne no besusuw kyerɛw nsɛm a ɛfa n’asɛm no ho. Obetumi nso ne no asusuw asafo nhoma bi ho. Afei ɔbɛma onua no ahu sɛ gyinae a obesi no betumi aka ɔne Yehowa adamfofa, enti ehia paa sɛ ɔbɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛ akwankyerɛ ansa na watu anammɔn biara. (Mmeb. 3:5, 6) Sɛ ɔpanyin no ne onua no susuw asɛm no ho wie a, obegyaw ama no ma ɔno ankasa asi ne gyinae.Rom. 14:1-4.

12 Tumi a mpanyimfo kura ne Kyerɛwnsɛm  no. Enti ehia paa sɛ wohu sɛnea yɛde Bible tu fo, na ɛnsɛ sɛ wɔman fi ho. Sɛ mpanyimfo yɛ saa a, wɔremfa wɔn tumi nhyɛ anuanom so. Adeɛ yi yɛreka yi, nguan no nyɛ wɔn dea, na nea asafo no muni biara bɛyɛ no, Yehowa ne Yesu na obebu akontaa akyerɛ wɔn.Gal. 6:5, 7, 8.

“MONYƐ NHWƐSO MMA NGUANKUW NO”

Mpanyimfo boa wɔn mmusua ma wohu sɛnea wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13, 14. Nneɛma bɛn mu na ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nhwɛso ma nguan no?

13 Bere a ɔsomafo Petro tuu asafo mu mpanyimfo fo sɛ ɛnsɛ sɛ “wodi Onyankopɔn agyapade so bakoma” no, ɔde kaa ho sɛ ‘wɔnyɛ nhwɛso mma nguankuw no.’ (1 Pet. 5:3) Ɛnde, mpanyimfo bɛyɛ dɛn ayɛ nhwɛso ama nguankuw no? Wo deɛ hwɛ nneɛma abien bi a ɛsɛ sɛ wohu wɔ onua bi ho ansa na watumi ayɛ “ahwɛfo adwuma” no bi. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ “n’adwenem da hɔ.” Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔte Bible ase yiye na ohu sɛnea ɔno ankasa de bɛyɛ adwuma wɔ n’asetenam. Obi a n’adwenem da hɔ hyɛ ne ho so na ɔmpere ne ho nsi gyinae. Nea ɛto so abien, ɛsɛ sɛ ɔpanyin yɛ obi a “odi n’ankasa fie so yiye.” Eyi kyerɛ sɛ, sɛ ɔpanyin bi wɔ abusua a, ɛnsɛ sɛ ɔtoto n’asɛyɛde ase koraa, efisɛ “sɛ obi nnim sɛnea obedi n’ankasa fie so a, ɔbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so?” (1 Tim. 3:1, 2, 4, 5) Sɛ anuanom hu su ahorow yi wɔ mpanyimfo ho a, wɔrensuro sɛ wɔde wɔn werɛ bɛhyɛ wɔn mu.

14 Ade foforo a mpanyimfo betumi ayɛ ma anuanom asua ne sɛ wɔde nsi ne ahokeka bɛyɛ asɛnka adwuma no sɛnea Yesu yɛe no. Bere a Yesu wɔ asase so no, wankɔ annyaw asɛmpaka adwuma no koraa. Sɛ yɛbɛka a, na asɛnka adwuma no yɛ n’aduan, na ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɛyɛ no. (Mar. 1:38; Luka 8:1) Ɛnnɛ sɛ adawurubɔfo nya kwan ne mpanyimfo bom yɛ asɛnka adwuma no na wohu ahokeka a mpanyimfo no de yɛ adwuma no ne ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ nsɛm mu a, wɔn ani gye paa ma wosuasua wɔn! Ɛyɛ nokware sɛ mpanyimfo nni bere koraa, nanso sɛ wɔyere wɔn ho de bere pii ka asɛmpa no a, ɛka asafo mũ no nyinaa ma wɔyɛ hyew wɔ asɛnka mu. Nneɛma foforo wɔ hɔ a mpanyimfo betumi ayɛ ma anuanom asua: Wobegye bere asiesie wɔn ho ansa na wɔakɔ adesua, na wɔkɔ nso a, wɔbɛma mmuae. Afei sɛ edu Ahenni Asa so asiesie anaa asafo dwumadi foforo biara a, wɔde wɔn ho behyem.Efe. 5:15, 16; monkenkan Hebrifo 13:7.

Ahwɛfo de ahokeka yɛ asɛnka adwuma no ma anuanom suasua (Hwɛ nkyekyɛm 14)

“MOMMOA WƆN A WƆYƐ MMERƐW”

15. Nneɛma bɛn saa nti na mpanyimfo srasra anuanom?

15 Oguanhwɛfo pa biara ani kũ ne nguan ho, enti sɛ nguan no bi pira anaa ɔyare a, ɔntenatena ho koraa. Sɛ  mpanyimfo nso hu sɛ onua bi rehu amane anaa ohia afotu a, wɔntena wɔn to so; wɔyɛ ntɛm boa no. Ɛtɔ da bi a ebehia sɛ yɛboa nkwakoraa ne mmerewa ne wɔn a wɔnte apɔw ma wɔyɛ nneɛma bi, nanso nea wohia paa ne sɛ mpanyimfo de Bible bɛkyekye wɔn werɛ ahyɛ wɔn nkuran. (1 Tes. 5:14) Sɛ yɛhwɛ mmerante ne mmabaa a wɔwɔ asafo no mu nso a, ebia “mmerantebere mu akɔnnɔ” regyigye wɔn. (2 Tim. 2:22) Sɛ mpanyimfo ma wɔn nan yɛ ntiantiaa wɔ anuanom fie kɔhyɛ wɔn den a, wobehu ɔhaw a wɔrefa mu na wɔde Kyerɛwnsɛm no aboa wɔn. Sɛ mpanyimfo hu anuanom haw na wɔsɔ ano ntɛm a, ɛrennye nsam mma nsɛnnennen nsɔre.

16. Sɛ asafo no muni bi hyia nsɛnnennen a, dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ aboa no?

16 Sɛ asafo no muni bi hyia nsɛnnennen a ebetumi asɛe ɔne Yehowa ntam nso ɛ? Yakobo kyerɛwee sɛ: “Mo mu bi yare anaa? Ma ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo na wɔmmɔ mpae mma no, na wɔnsra no ngo Yehowa din mu. Na gyidi mpaebɔ no bɛma nea ɔnte apɔw no ho ayɛ no den, na Yehowa bɛma no so. Na sɛ wayɛ bɔne bi nso a, wɔde befiri no.” (Yak. 5:14, 15) Sɛ onua a ‘ɔyare’ no ankasa amfrɛ asafo mu mpanyimfo na sɛ mpanyimfo no te ho asɛm a, ɛnsɛ sɛ wɔtwentwɛn so koraa. Sɛ anuanom hyia nsɛnnennen na mpanyimfo ne wɔn bɔ mpae na wɔboa wɔn a, ɛma wohu sɛ ampa ara ahwɛfo no ani kũ nguan no ho. Eyi nyinaa hyɛ anuanom mpamden ma wɔde anigye som Onyankopɔn.Monkenkan Yesaia 32:1, 2.

17. Sɛ mpanyimfo suasua ‘ɔhwɛfo kɛse’ no a, dɛn na efi mu ba?

17 Biribiara a mpanyimfo no yɛ wɔ Yehowa ahyehyɛde mu no, wɔyere wɔn ho suasua ‘ɔhwɛfo kɛse’ Yesu Kristo. Ahwɛfo boa nguan no ma wɔn ase tim wɔ nokware no mu, na wɔkɔ so yɛ prɔmprɔm wɔ Yehowa som mu. Anuanom, sɛ yɛhwɛ nea yɛn Hwɛfo kunini Yehowa ayɛ ama yɛn yi nyinaa a, ɛnsɛ sɛ epusuw yɛn ma yeyi no ayɛ tontono no anaa?