Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | YEHIA ONYANKOPƆN WƆ YƐN ABRABƆ MU ANAA?

Dɛn na Akɔfa Saa Asɛmmisa no Aba?

Dɛn na Akɔfa Saa Asɛmmisa no Aba?

“Wokwati Onyankopɔn a, wo ho bɛtɔ wo anaa? Mpempem pii ayɛ saa ama wɔn ho atɔ wɔn.” Saa asɛm yi, nnipa bi a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na wɔkyerɛw no kakrakaa bɔɔ baabi. Eyi kyerɛ sɛ wɔn adwene yɛ wɔn sɛ wonhia Onyankopɔn wɔ wɔn abrabɔ mu.

Nanso, nnipa pii a wɔka sɛ wogye Onyankopɔn di tumi yɛ nneɛma bi a wobɛka sɛ Onyankopɔn nni hɔ mpo. Salvatore Fisichella yɛ Roma Katolek sɔfopɔn, na ɔkaa n’asɔremma ho asɛm sɛ: “Sɛ obi hwɛ yɛn a, ɔrenhu sɛ yɛyɛ Kristofo mpo, efisɛ ɛnnɛ yɛbɔ yɛn bra te sɛ wɔn a wɔnkɔ asɔre.”

Ebinom nso koraa de, wonni adagyew a wɔde bedwen Onyankopɔn ho. Wɔte nka sɛ baabi a Onyankopɔn wɔ no, obiara ntumi mmɛn no mpo na kampɛsɛ wanya biribi afi ne hɔ. Saafo no, sɛ wɔbɛhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan mpo a, gye sɛ wɔn ho akyere wɔn. Wɔafa Onyankopɔn sɛ akoa bi a sɛ wohia no a na wɔfrɛ no.

Ebinom nso wɔ hɔ a, wonhu mfaso a ɛwɔ asɔre nkyerɛkyerɛ so na wɔmfa nyɛ hwee wɔ wɔn abrabɔ mu. Ɛho nhwɛso biako ne sɛ, Katolekfo a wɔwɔ Germany no, sɛ woyi wɔn mu baanan biara a, bɛyɛ emu baasa adwene kyerɛ wɔn sɛ mpenatwe nyɛ bɔne. Nanso ɛnyɛ saa na wɔn asɔre kyerɛkyerɛ, na Bible nso nkyerɛkyerɛ saa. (1 Korintofo 6:18; Hebrifo 13:4) Asɛm no ne sɛ, ɛnyɛ Katolekfo nko ara na wɔahu sɛ wɔn asɔremma mfa asɔre nkyerɛkyerɛ mmɔ wɔn bra. Asɔre pii mu asɔfo ka sɛ wɔn asɔremma bɔ wɔn bra te sɛ nnipa a wonnye Onyankopɔn nni.

Saa nsɛm yi nyinaa ma asɛmmisa bi sɔre sɛ: Enti yehia Onyankopɔn wɔ yɛn abrabɔ mu ampa? Saa asɛm yi nyɛ asɛm foforo. Wohwɛ Bible nhoma a edi kan no mu a, wubehu sɛ ɛhɔ na saa asɛm no dii kan puei. Nea ɛbɛyɛ a yebenya saa asɛmmisa no ho mmuae no, momma yɛnhwɛ Bible mu asɛm a ɛwɔ Genesis no.