Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 YEHOWA DANSEFO BI NE OBI BƆ NKƆMMƆ

Adɛn Nti na Onyankopɔn Ama Kwan Ma Amanehunu Rekɔ So?

Adɛn Nti na Onyankopɔn Ama Kwan Ma Amanehunu Rekɔ So?

Nkɔmmɔ a edi so yi yɛ nkɔmmɔ a Yehowa Adansefo taa ne nkurɔfo bɔ no bi. Ma yɛmfa no sɛ Ɔdansefo bi a wɔfrɛ no Felicia akɔ ɔbea bi a wɔfrɛ no Eunice fie.

ONYANKOPƆN TE NKA SƐN WƆ YƐN AMANEHUNU HO?

Felicia: Eunice, m’ani agye sɛ mabɛto wo wɔ fie.

Eunice: Me nso ɛyɛ me dɛ sɛ woaba.

Felicia: Nnaano a mebaa ha no, nkɔmmɔ a yɛbɔe no ma yehuu sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ nnipa amanehunu ho. * Wokae sɛ efi bere a wo maame nyaa kar akwanhyia pirae no, ɛyɛ a wudwen saa asɛm yi ho paa. Enti seesei ne ho te sɛn?

Eunice: Ɛda bi ye, ɛda bi nso nye. Ɛnnɛ de, eye.

Felicia: Asɛmpa. Mitumi hu sɛ tebea no yɛ den ma wo paa.

Eunice: Ɛyɛ asɛm oo. Ɛtɔ da bi a, mintumi nhu nea enti a ɛsɛ sɛ ohu amane kyɛ saa.

Felicia: Woka saa a, wudi ka. Nnaano nkɔmmɔ a yɛbɔe no, migyaw wo asɛm bi sɛ meba nnɛ a yebesusuw ho; ɛne sɛ, sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde beyi amanehunu afi hɔ a, adɛn nti na wama ɛrekɔ so.

Eunice: Mekae paa.

Felicia: Da no nkɔmmɔ a yɛbɔe no, ma yɛnkaakae yɛn adwene kakra, na afei asɛm a yɛde sii hɔ no, yɛahwɛ nea Bible ka wɔ ho.

Eunice: Yoo.

Felicia: Bere a yɛkan Bible no, yehui sɛ ɔbarima nokwafo bi mpo bisaa nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma nnipa hu amane. Nanso Onyankopɔn anka n’anim, na wanka ankyerɛ no sɛ ne gyidi sua.

Eunice: Ɛno de, ɛyɛɛ me asɛm foforo koraa.

Felicia: Afei nso yehui sɛ yehu amane a, Yehowa Nyankopɔn mpɛ koraa. Bible ka sɛ bere a ne nkurɔfo ho hiahiaa wɔn no, “ne ho hiahiaa no.” * Sɛ yehu amane a, sɛnea Onyankopɔn yam hyehye no ma yɛn no, wunhu sɛ ɛsɛ sɛ ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam?

Eunice: Ɛyɛ ampa.

Felicia: Yɛrewie asɛm no, yɛka sii sɛ yɛhwɛ yɛn Bɔfo no tumi dodow a, yetumi hu sɛ anka obetumi atwa amanehunu so prɛko pɛ.

Eunice: Eyi na mente ase no oo. Adɛn nti koraa na Onyankopɔn wɔ tumi a obetumi ayi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ nanso ɔhwɛ ma ɛkɔ so?

HENA NA N’ASƐM YƐ NOKWARE?

Felicia: Yebenya w’asɛmmisa no ho mmuae wɔ Genesis, Bible nhoma a edi kan no mu. Sɛ́ wunim Adam ne Hawa ho asɛm a Bible ka sɛ wokodii aduaba a na wɔabara no?

 Eunice: Aane, misuaa ho ade wɔ “Sunday school.” Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ mma wonnni aduaba bi, nanso wɔantie na wokodii.

Felicia: Ɛyɛ ampa. Afei ma yɛnhwɛ nea ɛyɛe a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no. Ɛno bɛboa yɛn ama yɛahu nea enti a yehu amane. Wubetumi akenkan Genesis ti 3 nkyekyɛm 1 kosi 5 ama me?

Eunice: Ɛnyɛ den. Ɛkan sɛ: “Na ɔwɔ yɛ anifere sen wuram mmoa a Yehowa Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Enti obisaa ɔbea no sɛ: ‘Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn kae sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?’ Ɛnna ɔbea no ka kyerɛɛ ɔwɔ no sɛ: ‘Yetumi di turo yi mu nnua so aba. Na mmom dua a esi turo no mfinimfini no aba de, Onyankopɔn aka sɛ, “Munnni bi, na mommfa mo nsa nnka na moanwu.”’ Ɛnna ɔwɔ no ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Ɛnyɛ owu na mubewu. Na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.’”

Felicia: Mo! Woayɛ ade. Ma yɛntɔ yɛn bo ase nhwehwɛ kyerɛwsɛm yi mu nhwɛ. Woahu sɛ ɔwɔ na ɔne Hawa kasae. Bible san ka wɔ baabi foforo sɛ Satan Ɔbonsam na ɔnam ɔwɔ so ne Hawa kasae. * Onyankopɔn mmara a ɛfa aduaba ho no, Satan bisaa Hawa ho asɛm. Onyankopɔn kae sɛ Adam ne Hawa di aduaba no bi a, dɛn na ɛbɛto wɔn?

Eunice: Ose wobewu.

Felicia: Ampa. Satan kaa asɛm bi kaa ho, na ɛno ma yehu sɛ ɔde sobo kɛse bi bɔɔ Onyankopɔn. Woahu sɛ ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” Ná Satan repɛ akyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo!

Eunice: Eyi de, mentee da.

Felicia: Ka a Satan kae sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo no, ɛkɔpagyaa asɛnkɛse bi bae, na na ɛbɛkyɛ ansa na yɛahu mu nokware. Wunim nea enti a ɛte saa?

Eunice: Dabi oo.

Felicia: OK. Ma memfa mfatoho bi nkyerɛkyerɛ mu. Fa no sɛ da koro mabegyina w’anim aka akyerɛ wo sɛ me ho yɛ den sen wo. Dɛn na wode bɛkyerɛ sɛ nea mereka no meboa?

Eunice: Gye sɛ yɛsɔ yɛn ahoɔden hwɛ.

Felicia: Ɛno ara ne no. Ebia yɛbɛpɛ biribi a emu yɛ du na yɛahwɛ nea obetumi ama so. Woahu sɛ nea ne ho yɛ den sen ne yɔnko de, yɛpɛ sɛ yehu a, yɛrenkyɛ ho.

Eunice: Mate ase.

Felicia: Afei fa no sɛ manka sɛ me ho yɛ den sen wo, na mmom mise me na meka nokware. Wunhu sɛ eyi de, ɛbɛkyɛ ansa na yɛahu?

Eunice: Ɛyɛ me saa.

Felicia: Yɛrenhu no ntɛm, efisɛ nokware nte sɛ ahoɔden na yɛde da koro ahu.

Eunice: Ampa.

Felicia: Nea ɛwom ara ne sɛ, gye sɛ yɛma bere begu mu de hwɛ obiara suban ansa na yɛahu nea ɔka nokware paa.

Eunice: Ntease wom.

Felicia: Afei yɛnhwɛ Genesis asɛm no bio. Wohwɛ a, Satan kae sɛ ne ho yɛ den sen Onyankopɔn?

Eunice: Dabi.

Felicia: Sɛ ɔkaa saa a, anka ɛrenyɛ den koraa sɛ Onyankopɔn bɛkyerɛ n’ahoɔden. Satan kae sɛ ɔno na ɔka nokware. Nea ɔka kyerɛɛ Hawa no, nea na ɔrepɛ aka ara ne sɛ ‘Onyankopɔn redi atoro kyerɛ wo; me na mereka nokware.’

Eunice: Eyi de, woreka me asɛm paa.

Felicia: Onyankopɔn nyansa nti ohui sɛ ɔkwampa a obetumi afa so ama asɛm no mu nokware ada adi ne sɛ ɔbɛma bere pii abegu mu. Enti ɛnyɛ dɛn ara a, nokware no bɛda adi ama yɛahu nea n’asɛm yɛ nokware ne nea ɔretwa atoro.

 ASƐNHIA BI

Eunice: Enti Hawa wui no, amma obiara anhu sɛ Onyankopɔn ne nokwafo anaa?

Felicia: Ɔkwan bi so no, ɛbaa saa. Nanso ɛnyɛ ɛno nko na Satan kae. San hwɛ nkyekyɛm 5 no. Woahu nea Satan san ka kyerɛɛ Hawa no?

Eunice: Ɔkae sɛ, sɛ odi aduaba no a, n’ani bebue.

Felicia: Mo! Ɛnna ɔde kaa ho sɛ ɔbɛyɛ sɛ “Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” Enti Satan kae sɛ Onyankopɔn de adepa bi resie nnipa.

Eunice: Enti saa na asɛm no te?

Felicia: Eyi nso kɔfaa asɛnkɛse foforo bae.

Eunice: Worepɛ akyerɛ sɛn?

Felicia: Asɛm a Satan kae no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛ, sɛ Hawa ne nnipa a aka nyinaa yi Onyankopɔn si nkyɛn a, ebesi wɔn yiye. Yehowa nim sɛ ɔkwampa paa a obetumi afa so ama asɛm no mu ada hɔ ne sɛ ɔbɛma Satan bere. Enti Onyankopɔn ama Satan kwan sɛ onni wiase so nkosi bere bi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ amanehunu adɔɔso wiase saa, efisɛ Satan na ɔredi wiase yi so, ɛnyɛ Onyankopɔn. * Nanso asɛmpa bi wɔ hɔ.

Eunice: Ɛyɛ asɛmpa bɛn?

Felicia: Bible kyerɛkyerɛ Onyankopɔn ho nokwasɛm abien a ɛka koma paa. Nea edi kan ne sɛ, yɛkɔ amanehunu mu a, Yehowa dwen yɛn ho. Ɛho nhwɛso ne asɛm a Ɔhene Dawid kae wɔ Dwom 31:7 no. Dawid asetenam mu no, wamfa no ahogono koraa, nanso hwɛ asɛm a ɔbɔɔ mpae ka kyerɛɛ Onyankopɔn. Mesrɛ wo, kenkan hɔ ma me.

Eunice: Yoo. Ɛkan sɛ: “M’ani begye na madi ahurusi w’adɔe mu, efisɛ woahu m’amanehunu; wunim me kra ahohia.”

Felicia: Ɛwom, Dawid huu amane pii, nanso na onim sɛ Yehowa nim ne haw nyinaa, na ɛkyekyee ne werɛ. Sɛ wuhu sɛ Yehowa nim yɛn haw nyinaa, na ohu nea nnipa ntumi nhu mpo a, ɛmma wo koma ntɔ wo yam anaa?

Eunice: O adɛn?

Felicia: Nokwasɛm a ɛtɔ so abien no ne sɛ Onyankopɔn nhwɛ mma nnipa nhu amane daa. Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn beyi Satan nniso bɔne no afi hɔ. Obeyi nneɛma bɔne nyinaa afi hɔ, na nea wo ne wo maame afa mu nyinaa nso, ebefi hɔ. Wopɛ a, mɛsan aba nnɛ nnawɔtwe ama yɛahwɛ nea enti a yebetumi aka sɛ ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn beyi amanehunu nyinaa afi hɔ. *

Eunice: Eye paa.

Bible mu asɛm bi wɔ hɔ a ɛkyere w’adwene anaa? Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ ne wɔn som mu nneɛma bi wɔ hɔ a wopɛ sɛ wote ase yiye anaa? Sɛ saa a, bere biara a wubehyia Yehowa Dansefo bi no, mma ɛnnhaw wo sɛ wubebisa no. N’ani begye ho sɛ ɔne wo bɛbɔ saa nsɛm no ho nkɔmmɔ.

^ nky. 7 Hwɛ asɛm a wɔato din “Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ—Enti Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Yɛn Amanehunu Mu?” Ɛwɔ July 1, 2013 Ɔwɛn-Aban no mu. Wubehu nso wɔ www.pr418.com.

^ nky. 61 Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 9. Yehowa Adansefo na wotintimii.