Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahenni no Adi Mfe 100—Ɛka Wo Sɛn?

Ahenni no Adi Mfe 100—Ɛka Wo Sɛn?

“Yehowa Nyankopɔn, . . . wo nnwuma yɛ akɛse na ɛyɛ nwonwa. Mmeresanten Hene, w’akwan teɛ.”ADI. 15:3.

1, 2. Dɛn na Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ, na yɛyɛ dɛn hu sɛ Ahenni no bɛba?

NÁ ƐYƐ afe 31 Y.B. mu. Saa bere no na Yesu Kristo ne n’akyidifo wɔ bepɔw bi so wɔ Kapernaum mpɔtam. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “W’ahenni mmra.” (Mat. 6:10) Ɛnnɛ, nnipa pii adwene nsi wɔn pi sɛ saa Ahenni no bɛba. Nanso yɛwɔ ahotoso paa sɛ Yehowa bebua yɛn mpaebɔ ma n’Ahenni no aba.

2 Yehowa nam Ahenni no so bɛka n’abusua a ɛwɔ soro ne nea ɛwɔ asase so abom ma ayɛ abusua biako. Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no bɛbam ɔkwan biara so. (Yes. 55:10, 11) Nokwasɛm ne sɛ Yehowa redi hene dedaw. Nneɛma a akɔ so mfe 100 a atwam no di eyi ho adanse pefee. Onyankopɔn reyɛ nneɛma akɛse akɛse ama n’asomfo mpempem. (Sak. 14:9; Adi. 15:3) Nanso sɛ yɛka sɛ Yehowa abɛyɛ Ɔhene a, ɛnkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni a Yesu kyerɛe sɛ yɛmmɔ ho mpae no aba. Ɛnde, nsonsonoe bɛn na ɛwɔ nneɛma abien no mu, na ɛka yɛn sɛn?

YEHOWA HENE NO KEKA NE HO

3. (a) Bere bɛn na wosii Yesu Hene, na ɛhe na wosii no Hene? (b) Dɛn na wode bɛkyerɛ sɛ Yesu fii ase dii hene 1914? (Hwɛ asehɔ asɛm no.)

3 Aka bɛyɛ mfe 20 ma afe 1900 ahyɛ ase no, hann no fii ase hyerɛn maa Onyankopɔn asomfo tee Daniel nkɔmhyɛ bi ase. Ɔkyerɛw saa nkɔmhyɛ no bɛboro mfe 2,500 ni. Ɔkae sɛ:  “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni bi so. Wɔrensɛe no da.” (Dan. 2:44) Bible Asuafo no de mfe pii kae sɛ 1914 bɛyɛ afe titiriw. Saa bere no, na nnipa pii wɔ anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye daakye. Obi kyerɛwee sɛ: “Ná afe 1914 yɛ anidaso ne bɔhyɛ afe.” Nanso saa afe no ara Wiase Ko I pae gui, na Bible nkɔmhyɛ baam. Aduankɔm, asasewosow, yaredɔm, ne Bible nkɔmhyɛ foforo dii adanse sɛ afe 1914 na Yesu Kristo fii ase dii hene wɔ Onyankopɔn Ahenni no so wɔ soro. * Yehowa na ɔde ne Ba no sii agua so sɛ Ɔhene Mesia, enti ɔkwan bi so no, na Yehowa afi ase redi Hene.

4. Bere a Yesu bɛyɛɛ Ɔhene no, dɛn na odii kan yɛe? Ɛno akyi no dɛn bio na ɔyɛe?

4 Bere a Onyankopɔn de ne Hene foforo no sii agua so no, ade a edi kan a ɔyɛe ne sɛ ɔne n’Agya Tamfo kɛse Satan koe. Yesu ne n’abɔfo pamoo Ɔbonsam ne adaemone no fii soro. Anigye ne ahurusidi baa soro, nanso ɛde amanehunu ne ahokyere a ɛso bi nni baa asase so. (Monkenkan Adiyisɛm 12:7-9, 12.) Ɛno akyi no, Ɔhene no de n’adwene sii asase so. Ofii ase tew ne nkoa ho, ɔtetee wɔn, na osiesiee wɔn sɛnea wobetumi ayɛ Onyankopɔn apɛde. Momma yɛnhwɛ sɛnea nkoa yi atie Yesu akwankyerɛ ne nea yebetumi asua afi mu.

ƆHENE MESIA TEW NE NKOA ANOKWAFO HO

5. Dɛn na ɛkɔɔ so fi afe 1914 kosi 1919 mfiase mu hɔ?

5 Bere a Yesu praa Satan ne n’adaemone fii soro no, Yehowa maa Yesu hwɛɛ n’akyidifo a wɔwɔ asase so, na ɔtew wɔn ho. Odiyifo Malaki hyɛɛ honhom fam ahotew yi ho nkɔm. (Mal. 3:1-3) Abakɔsɛm kyerɛ sɛ eyi kɔɔ so fi afe 1914 kosii 1919 mfiase hɔ baabi. * Sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛka Yehowa abusua kɔntɔnkrɔn yi ho a, ɛsɛ sɛ yɛn ho tew na yɛyɛ kronkron. (1 Pet. 1:15, 16) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa atoro som anaa wiase amanyɔsɛm ho biribiara angu yɛn ho fĩ.

6. Yɛyɛ dɛn nya honhom fam aduan, na adɛn nti na saa aduan no hia paa?

6 Afei Yesu de ne tumi paw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi. Ná akoa yi bɛma Yesu nkoa a wɔka bom yɛ “kuw biako” no honhom fam aduan daa. (Mat. 24:45-47; Yoh. 10:16) Efi 1919 reba no, Kristofo a wɔasra wɔn kakraa bi aso adwumasono yi mu ama “n’asomfo” aduan bere nyinaa. Akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ma yɛn honhom fam aduan pii sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ase betim wɔ gyidi no mu. Eyi hyɛ yɛn mpamden ma yɛn ho tew wɔ biribiara mu—yɛn som mu, yɛn nneyɛe mu, yɛn adwenem, ne yɛn nipaduam. Bio, honhom fam aduan yi tete yɛn, na esiesie yɛn ma yɛde nsi ne ahokeka yɛ adwuma kɛse a wɔde ahyɛ yɛn nsa no. Ɛnde, wudi honhom fam aduan yi daa?

ƆHENE NO TETE NE NKOA MA WƆKA ASƐM NO WƆ WIASE NYINAA

7. Bere a Yesu wɔ asase so no, adwuma kɛse bɛn na ɔhyɛɛ ase, na adwuma no bɛkɔ so ara akosi bere bɛn?

7 Bere a Yesu fii ne som adwuma ase wɔ asase so no, ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.” (Luka 4:43) Yesu de mfe abiɛsa ne fã na ɛyɛɛ saa adwuma yi. Saa bere no na Yesu nkɔree ne ne mmae nyinaa yɛ asɛnka adwuma no. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Sɛ mokɔ a, monka sɛ, ‘Ɔsoro ahenni no abɛn.’” (Mat. 10:7) Bere a wonyan Yesu fii awufo mu no, ɔkae sɛ  n’akyidifo bɛka asɛmpa no akodu “asase ano nohoa.” (Aso. 1:8) Ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔno ankasa bɛbɔ wɔn kyidɔm ma wɔayɛ adwuma no kosi wiase nhyehyɛe no awiei.Mat. 28:19, 20.

8. Dɛn na Ɔhene no de pusuw ne nkoa a wɔwɔ asase so ma wɔkekaa wɔn ho?

8 Eduu 1919 no, na ‘ahenni ho asɛmpaka’ adwuma no ani adan. (Mat. 24:14) Ná Ɔhene no redi tumi wɔ soro, na na ɔwɔ akyidifo bi a wɔn ho tew wɔ asase so. Yesu de ahyɛde maa wɔn sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni a ɛredi tumi no ho asɛmpa wɔ asase so nyinaa! Saa nnipa kakra yi gyee ahyɛde no toom, na wɔde ɔseɛ yɛɛ ɔyɔ. (Aso. 10:42) Ɛho nhwɛso ne nea ɛkɔɔ so wɔ amanaman ntam nhyiam bi ase wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. wɔ September 1922 no. Ahenni no akyitaafo bɛyɛ 20,000 na wɔkɔɔ nhyiam no. Onua Rutherford maa ɔkasa bi a n’asɛmti ne “Ahenni No.” Ɔkae sɛ: “Hwɛ, Ɔhene no di tumi! Mo na moyɛ n’adawurubɔfo. Enti mommɔ, mommɔ, mommɔ, Ɔhene no ne n’ahenni dawuru.” Wo deɛ pɛ ani bɛhwɛ anigye a wɔde gyee saa asɛm no so! Anuanom a wɔaba nhyiam no mu 2,000 tow wɔn ho guu mmɔnten so kaa asɛm no. Ebinom mpo twaa kwan kilomita 72 kɔɔ nkurɔfo afie de asɛmpa no kɔmaa wɔn. Onua biako a ɔkɔɔ nhyiam no bi kae sɛ: “Bere a wɔde too yɛn anim sɛ yɛmmɔ Ahenni no dawuru no, anigye ne ahokeka a anuanom de gyee so no, me werɛ remfi da!” Saa ara na anuanom pii nso kae.

9, 10. (a) Dɛn na Yehowa ahyehyɛde no nam so tete Ahenni adawurubɔfo? (b) Saa ntetee yi aboa wo sɛn?

9 Eduu afe 1922 no, na Ahenni adawurubɔfo bɛboro 17,000 reka asɛmpa no wɔ nsase 58 so wɔ wiase nyinaa. Nanso na adawurubɔfo yi hia ntetee. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkyerɛɛ n’asuafo no asɛm a ɛsɛ sɛ wɔka, baabi a ɛsɛ sɛ wɔka no, ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔka no. (Mat. 10:5-7; Luka 9:1-6; 10:1-11) Ɛnnɛ nso Yesu hwɛ ma wɔn a wɔreka Ahenni ho asɛmpa no nya akwankyerɛ ne nneɛma a ɛbɛboa ma wɔaka asɛm no yiye. (2 Tim. 3:17) Yesu nam Kristofo asafo no so retete n’akyidifo ma wɔahu sɛnea wɔbɛyɛ asɛnka adwuma no. Ade biako a ɔde tete wɔn ne Teokrase Ɔsom Sukuu no. Wɔyɛ sukuu yi wɔ asafo bɛboro 111,000 mu wɔ wiase nyinaa. Sukuu no aboa nnipa bɛboro ɔpepem ason ma wɔaweda asɛmpaka adwuma no mu. Wotumi kyerɛkyerɛ “nnipa ahorow nyinaa” ma ɛka wɔn koma.Monkenkan 1 Korintofo 9:20-23.

10 Teokrase Ɔsom Sukuu akyi no, yɛwɔ Bible sukuu ahorow a ɛtete asafo mu mpanyimfo, akwampaefo, anuanom mmarima asigyafo, Kristofo awarefo, Baa Boayikuw mufo ne wɔn yerenom, ahwɛfo  akwantufo ne wɔn yerenom, ne asɛmpatrɛwfo. * Anuanom bi kɔɔ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo, na bere a wowiee sukuu no wɔkyerɛɛ sɛnea sukuu no aboa wɔn. Wɔkae sɛ: “Eyi yɛ ntetee soronko, na ahyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu kena. Afei ama yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so aboa afoforo.”

11. Nea Satan reyɛ nyinaa akyi, dɛn na aboa Ahenni adawurubɔfo ma wogu so ara reka asɛm no?

11 Sɛ yɛn tamfo Satan hwɛ mmɔden a yɛde reka Ahenni no ho asɛm na yɛrekyerɛkyerɛ afoforo a, ɛnyɛ no abodwo koraa. Ne yam a, anka yɛagyae asɛnka adwuma no. Enti ɔfa akwannuasa nyinaa so sɛ ɔbɛma yɛaka yɛn ano atom. Nanso nea Satan reyɛ nyinaa renkosi aga. Yehowa de ne Ba no atena “baabi a ɔkorɔn koraa sen aban ne tumi ne ahoɔden ne mpanyinni nyinaa.” (Efe. 1:20-22) Yesu redi Hene, na ɔde ne tumi bɔ n’asuafo ho ban kyerɛ wɔn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a n’Agya apɛde bɛyɛ hɔ. * Yegu so ara reka asɛmpa no, na yɛrekyerɛkyerɛ nnipa mpempem ma wɔahu Yehowa akwan. Ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ yɛbɛyɛ adwumasono yi bi!

ƆHENE NO SIESIE NE NKOA MA ADWUMA KƐSE

12. Efi bere a wɔde Ahenni no sii hɔ 1914 no, nsakrae bɛn na aba wɔ ahyehyɛde no mu?

12 Efi bere a Yesu fii ase dii Hene 1914 no, wasakrasakra nneɛma mu sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn asomfo betumi ayɛ n’Agya apɛde yiye. (Monkenkan Yesaia 60:17.) Afe 1919 mu no, wɔpaw ɔsom adwuma kwankyerɛfo wɔ asafo biara mu ma odii asɛnka adwuma no anim. Afe 1927 mu no, asafo ahorow yii Kwasida sii hɔ yɛɛ afie afie asɛnka adwuma no. Afe 1931 no, Ahenni no akyitaafo faa edin Yehowa Adansefo. Eyi koraa na ɛhyɛɛ wɔn mpamden ma wɔkaa asɛm no denneennen. (Yes. 43:10-12) Kan no na wɔtow aba yi asafo mu mpanyimfo, nanso efi 1938 reba no, wɔpaw wɔn teokrase kwan so. Bere bi na ɔpanyin biako na ɔhwɛ asafo no so, nanso afe 1972 no, wɔde asafo no hyɛɛ mpanyimfo kuw nsa. Wɔhyɛɛ anuanom mmarima nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho na wɔatumi aboa ‘ayɛn Onyankopɔn nguankuw no.’ (1 Pet. 5:2) Afe 1976 no, wɔhyehyɛɛ Akwankyerɛ Kuw no yɛɛ no boayikuw asia ma wɔhwɛɛ Ahenni adwuma no so wɔ wiase nyinaa. Enti Ɔhene a Yehowa apaw no no de n’ani di n’akyidifo akyi nkakrankakra sɛ wɔbɛyɛ nneɛma Onyankopɔn kwan so.

13. Wohwɛ mfe 100 a Mesia no de adi ade ne nea Ahenni no atumi ayɛ a, ɛka wo sɛn?

 13 Ɔhene Mesia tenaa agua so no, mfe 100 ni. Wo deɛ hwɛ nneɛma a watumi ayɛ: Watew nnipa ho ama Yehowa din. Wahwɛ ma yɛreka Ahenni ho asɛmpa no wɔ nsase 239 so, na wakyerɛkyerɛ mpempem ma wɔahu Yehowa akwan. Watumi aka nnipa bɛboro ɔpepem ason abom, na wɔn mu biara ayi ne yam reyɛ n’Agya no apɛde. (Dw. 110:3) Anokwa, Yehowa nam Mesia Ahenni no so reyɛ nneɛma akɛse akɛse. Nea ɛwɔ yɛn anim koraa deɛ, yɛrentumi nka mpo.

NEA MESIA AHENNI NO BƐYƐ DAAKYE

14. (a) Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn mma ‘n’ahenni mmra’ a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Dɛn ne 2014 afe asɛm, na adɛn nti na ɛfata?

14 Yehowa de ne Ba Yesu Kristo sii agua so sɛ Ɔhene Mesia afe 1914. Nanso eyi nkyerɛ sɛ mpae a yɛbɔ sɛ “W’ahenni mmra” no abam korakora. (Mat. 6:10) Bible ahyɛ nkɔm sɛ Yesu bɛkɔ ‘n’atamfo mfinimfini akodi wɔn so.’ (Dw. 110:2) Nnipa nniso da Satan aba mu, na ɛko tia Onyankopɔn Ahenni no. Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra a, na yɛresrɛ Onyankopɔn sɛ Ɔhene Mesia ne ne mfɛfo adidifo mmeyi nnipa nniso ne Ahenni no atamfo nyinaa mfi asase so. Ɛba saa a, asɛm a ɛwɔ Daniel 2:44 bɛbam, kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni ‘bebubu ahenni horow no nyinaa ama asã.’ Nokwasɛm ne sɛ ɛbɛpra nniso biara a ɛsɔre tia Ahenni no afi hɔ korakora. (Adi. 6:1, 2; 13:1-18; 19:11-21) Nea yɛreka yi nni akyi koraa; ɛbere no aso ara ne sa. Eyi nti ɛfata paa sɛ yɛayi 2014 afe asɛm no afi Mateo 6:10: “W’ahenni mmra”! Nea ɛma ɛyɛ anika koraa ne sɛ mfe 100 ni a Onyankopɔn de n’Ahenni no sii hɔ wɔ soro.

2014 afe asɛm: “W’ahenni mmra.”Mateo 6:10

15, 16. (a) Nneɛma a ɛyɛ anigye bɛn na ɛbɛkɔ so Mfirihyia Apem Nniso no mu? (b) Dɛn na etwa to koraa a Ɔhene Mesia bɛyɛ? Afei nea Yehowa asusuw afa n’abɔde nyinaa ho no bɛbam sɛn?

15 Sɛ Ɔhene Mesia sɛe Onyankopɔn atamfo wie a, ɔde Satan ne n’adaemone begu “amoa donkudonku” mu mfe apem. (Adi. 20:1-3) Bere a atamfo yi afi hɔ no, Ahenni no bɛboa adesamma ma wɔanya Yesu agyede afɔre no so mfaso na ayi nea Adam bɔne akɔfa aba nyinaa afi hɔ. Ɔhene no benyan nnipa mpempem afi adamena mu, na ɔbɛhwɛ ama yɛakyerɛkyerɛ saafo no nyinaa ma wɔahu Yehowa akwan. (Adi. 20:12, 13) Asase mũ no nyinaa bɛyɛ paradise te sɛ Eden turo. Saa bere no, nnipa anokwafo nyinaa bɛde wɔn ho afi bɔne ne sintɔ biara ho.

16 Ɛntɔ sɛ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no bɛba awiei no, na Mesia Ahenni no awie nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ biara wɔ asase so. Afei Yesu bɛdan Ahenni no ama n’Agya. (Monkenkan 1 Korintofo 15:24-28.) Ɛba saa a, ɛho renhia sɛ Onyankopɔn mma a wɔwɔ asase so nya ntamgyinafo a obegyina Yehowa anim ama wɔn. Saa bere no Onyankopɔn mma a wɔwɔ soro ne wɔn a wɔwɔ asase so nyinaa bɛyɛ abusua biako, na Yehowa ayɛ yɛn nyinaa Agya.

17. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ ama Ahenni no?

17 Mfe 100 ni a wɔde Ahenni no sii hɔ, na yɛhwɛ nneɛma akɛse akɛse ayɛ a, ɛma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa nsa wɔ nea ɛrekɔ so no nyinaa mu, na biribiara a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ wɔ asase so no bɛyɛ hɔ. Enti momma yɛnkɔ so ntaa Ɔhene no akyi na yɛmmɔ Ɔhene no ne n’Ahenni no dawuru. Yɛwɔ ahotoso paa sɛ ɛrenkyɛ koraa Yehowa bebua yɛn mpae yi: “W’ahenni mmra”!

^ nky. 10 Hwɛ asɛm a wɔato din “Teokrase Sukuu Ahorow—Ɛkyerɛ sɛ Yehowa Dɔ Yɛn” wɔ September 15, 2012, Ɔwɛn-Aban no kratafa 13-17.

^ nky. 11 Sɛ wopɛ sɛ wuhu nkonim a yɛadi wɔ aman bi so a, hwɛ December 1, 1998, Ɔwɛn-Aban no kratafa 19-22.