Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Si Gyinae Pa Wo Babunbere Mu

Si Gyinae Pa Wo Babunbere Mu

‘Mmerante ne mmaabun, munyi Yehowa din ayɛ.’DW. 148:12, 13.

1. Hokwan fɛfɛɛfɛ bɛn na abue ama mmabun pii?

BERE a yɛwom yi yɛ anika paa. Yehu sɛ nkurɔfo fi aman nyinaa mu resen yuu ba nokware som mu. (Adi. 7:9, 10) Mmerante ne mmabaa pii di akoten wɔ asɛnka adwuma no mu. Bere a wɔreboa nkurɔfo ma wɔagye “nkwa nsu” no, wɔn ani gye paa. (Adi. 22:17) Wɔne afoforo sua Bible, na wɔboa wɔn ma wɔn abrabɔ yɛ papa. Mmerante ne mmabaa bi ho pere wɔn sɛ wobesua aman foforo so kasa sɛnea wobetumi aka asɛmpa no akyerɛ ahɔho. (Dw. 110:3; Yes. 52:7) Wo nso ɛ, wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ adwuma a Yehowa nkurɔfo reyɛ yi bi na wo koma atɔ wo yam?

2. Ɔkwan bɛn so na Timoteo asɛm no ma yehu sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde dwumadi bɛhyehyɛ mmabun nsa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

2 Seesei a woyɛ aberante anaa ababaa yi, wubetumi asi gyinae bi na abɔ kwan ma woanya hokwan pii wɔ Onyankopɔn som mu daakye. Yɛnyɛ nhwɛso: Timoteo sisii gyinae pa. Enti bere a odii bɛyɛ mfe 20 no, na obetumi ayɛ ɔsɛmpatrɛwfo. (Aso. 16:1-3) Bɛyɛ asram kakraa bi akyi no, ɔsomafo Paulo somaa Timoteo kɔɔ asafo a na wɔahyehyɛ no foforo wɔ Tesalonika no sɛ ɔnkɔhyɛ anuanom den. Saa bere no, na ɔtaa ama Paulo afi hɔ. (Aso. 17:5-15; 1 Tes. 3:1, 2, 6) Sɛ wone Timoteo na wunyaa dwumadi a ɛte saa a, hwɛ sɛnea anka ɛbɛka wo koma!

 GYINAE A EHIA PAA SƐ WUSI

3. Gyinae bɛn paa na ehia sɛ wusi, na bere bɛn na ɛsɛ sɛ wusi saa gyinae no?

3 Wo mmeranteberem anaa wo mmabaaberem na ɛsɛ sɛ wusisi gyinae a ehia paa. Nanso gyinae bi wɔ hɔ a, ɛsen gyinae biara. Ɛyɛ gyinae bɛn? Ɛne sɛ wobɛsom Yehowa. Ɛnde, bere bɛn na ɛyɛ papa paa sɛ wusi saa gyinae no? Yehowa ka sɛ: “Kae wo Bɔfo Kɛse no, wo mmeranteberem [anaa wo mmabaaberem].” (Ɔsɛnk. 12:1) Ade biako pɛ a wode bɛkyerɛ sɛ ‘wokae’ Yehowa ne sɛ wode wo koma nyinaa bɛsom no. (Deut. 10:12) Eyi ne gyinae a ehia paa sɛ wusi; ɛbɛboa wo wo nkwa nna nyinaa.Dw. 71:5.

4. Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛsom Yehowa a, nneɛma foforo bɛn na ebetumi aka wo som?

4 Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ wusi gyinae sɛ wobɛsom Yehowa a na asa. Gyinae foforo pii wɔ hɔ a ebetumi aka wo daakye. Yɛreka yi ebia woredwen ho sɛ wobɛware anaa worenware. Sɛ wobɛware a, hena na wobɛware no? Adwuma bɛn na wobɛyɛ ahwɛ wo ho? Eyinom yɛ biribi a ehia sɛ wususuw ho, nanso ɛsɛ sɛ wohyɛ no nsow sɛ ade a edi kan a ehia sɛ woyɛ ne sɛ wubeyi wo yam asom Yehowa. (Deut. 30:19, 20) Adɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ gyinae biara a wubesi wɔ aware ne adwuma ho no betumi aka sɛnea wobɛsom Nyankopɔn. Saa ara nso na sɛ wusi w’adwene pi sɛ wobɛsom Onyankopɔn a, ɛbɛkyerɛ adwuma kõ a wobɛyɛ anaa gyinae a wubesi wɔ aware ho. (Fa toto Luka 14:16-20 ho.) Enti hu nneɛma a ehia paa na di kan si ho gyinae.Filip. 1:10 .

DƐN NA WOBƐYƐ WƆ WO BABUNBERE MU?

5, 6. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi si gyinae pa a, ebetumi abɔ kwan ma watumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu? (Hwɛ asɛm, “Gyinae a Misii Bere a Misua” nso wɔ Ɔwɛn-Aban yi ara mu.)

5 Sɛ wunya si gyinae sɛ wobɛsom Onyankopɔn a, nea edi hɔ ne sɛ wubehu nea Onyankopɔn pɛ sɛ woyɛ, na wohwɛ ɔkwan a wobɛfa so asom no. Onua bi a ofi Japan kyerɛwee sɛ: “Bere bi me ne asafo mu panyin bi kɔɔ asɛnka. Saa bere no na manya mfe 14. Ɔpanyin no de n’ani too fam hui sɛ asɛnka a merekɔ no nni me mu. Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Yuichiro, kɔ fie wai. Wokɔ a, tena ase dinn na kaakae nea Yehowa ayɛ ama wo.’ Mekɔ kɔyɛɛ nea ɔkae no. Midwen asɛm no ho bɔɔ ho mpae nna pii. Nkakrankakra nneɛma sesae. Afei deɛ na me ara mihu sɛ mede anigye resom Yehowa. Migyee bere kenkan asɛmpatrɛwfo ho nsɛm, na mifii ase hwɛɛ ɔkwan a mɛfa so de bere pii asom Onyankopɔn.”

6 Yuichiro toaa so sɛ: “Mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ nneɛma bi a daakye ɛbɛbɔ kwan ma makɔsom Yehowa wɔ ɔman foforo so. Mikɔɔ sukuu bi kosuaa Borɔfo kasa. Bere a miwiee sukuu no, mepɛɛ adwuma bi a na ennye bere pii sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ayɛ akwampae adwuma. Ná mekyerɛ Borɔfo kasa. Midii mfe 20 no, mifii ase suaa Mongolia kasa, na minyaa hokwan kɔsraa anuanom bi a wɔde Mongolia kasa yɛ adesua. Mfe abien akyi no mekɔɔ Mongolia kɔhwɛɛ hɔ. Na ɛyɛ afe 2007. Me ne akwampaefo bi kɔɔ asɛnka wɔ hɔ, na mihui sɛ nkurɔfo pii repɛ nokware no ahu. Eyi nti na mepɛ sɛ mitu kɔboa wɔn. Enti mesan kɔɔ Japan kɔboaboaa me ho. Mayɛ akwampae adwuma no wɔ Mongolia fi April 2008. Ɛha asetena nna fam. Nanso nkurɔfo tie asɛmpa no, enti matumi aboa nnipa pii ma wɔabɛn Yehowa. Me ara mihu sɛ gyinae a masi no yɛ gyinae pa paa.”

7. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn ankasa si? Dɛn na yebetumi asua afi Mose hɔ?

7 Sɛ obi bɛyɛ Yehowa Dansefo a, gyinae a obesisi wɔ asetenam deɛ, egyina ɔno ara so. (Yos. 24:15) Yɛrentumi nka nkyerɛ wo sɛ ware anaa nware, ware asomasi anaa ɔbenten. Saa ara nso na yɛrentumi  nkyerɛ adwuma kõ a ɛsɛ sɛ woyɛ. Worepɛ adwuma bi ayɛ a, ebia wobɛpɛ nea ne sua rennye bere pii. Mo mu bi tete nkuraase. Ebinom nso tete nkurow akɛse a wodi yiye mu. Enti ɛsono sɛnea mo mu biara te. Ɛsono ntetee a wunyae, wo suban, nneɛma a w’ani gye ho, nea woafa mu wɔ asetenam, ne sɛnea wo gyidi te. Ebia mo tebea gu ahorow sɛnea na Mose ne Hebrifo mmabun a wɔwɔ Egypt tebea gu ahorow no. Ná Mose yɛ ɔdehye a hwee nhia no, nanso na ne mfɛfo Hebrifo yɛ nkoa. (Ex. 1:13, 14; Aso. 7:21, 22) Saa bere no na ehia sɛ wosi gyinae bi a emu yɛ duru. Saa ara na ɛnnɛ nso ehia sɛ yesisi gyinae bi. (Ex. 19:4-6) Ná ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si gyinae hwɛ nea ɔbɛyɛ wɔ n’asetenam. Mose sii gyinae pa.Monkenkan Hebrifo 11:24-27.

8. Ɛhe na mmabun betumi anya mmoa asisi gyinae pa?

8 Yehowa wɔ biribi a ebetumi aboa wo ma woasisi gyinae pa wɔ wo babunbere mu. Ɛyɛ dɛn? Ɔma wuhu Bible mu nsɛm bi a ebetumi aboa wo wɔ tebea biara mu. (Dw. 32:8) Bio nso w’awofo ne asafo mu mpanyimfo betumi aboa wo ma woahu sɛnea wode Bible mu nsɛm bɛyɛ adwuma. (Mmeb. 1:8, 9) Ɛnde, yɛnhwɛ Bible mu nsɛm abiɛsa bi a ebetumi aboa wo ma woasisi gyinae pa nnɛ na daakye woatwa aba pa.

BIBLE MU NSƐM ABIƐSA BI A ƐBƐBOA WO

9. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa di yɛn ni? (b) Sɛ ‘wohwehwɛ Ahenni no kan’ a, hokwan bɛn na ebebue ama wo?

9 Hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan. (Monkenkan Mateo 6:19-21, 24-26, 31-34.) Yehowa di yɛn ni paa. Wo deɛ hwɛ, wama yɛn hokwan a yɛn ankasa de paw nneɛma a yɛpɛ. Ɔnhyɛɛ wo ketee sɛ fa dɔnhwerew sei anaa sei ka Ahenni ho asɛm no wɔ wo babunbere mu. Nanso Yesu ama yɛahu nea enti a mfaso wɔ so sɛ yɛhwehwɛ Ahenni no kan. Sɛ wode Yesu afotu no yɛ adwuma a, ebebue kwan kɛse bi ama wo. Ebi ni: Wubenya hokwan pii de akyerɛ sɛ wodɔ Onyankopɔn ne wo yɔnko nnipa. Bio nso wubenya hokwan de akyerɛ sɛ w’ani sɔ daa nkwa a ɛda hɔ retwɛn yɛn no. Sɛ woredwen aware anaa adwuma ho a, ɛnde susuw ho hwɛ sɛ gyinae a wubesi no bɛma wode w’adwene nyinaa akodi ahonyade akyi anaa ɛbɛma wode nsi ne ahokeka ahwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan.

10. Dɛn na ɛmaa Yesu ani gyei, na dɛn na ɛbɛma w’ani agye?

10 Som afoforo na w’ani nnye. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 20:20, 21, 24, 35.) Yesu asɛm yi yɛ nokware. Sɛ obi som afoforo a, ɔno ankasa ani gye. Ná Yesu ani gye paa efisɛ ɔde nea ɔpɛ too nkyɛn yɛɛ n’Agya apɛde. Ade biako a na ɛyɛ Yesu dɛ ne sɛ obehu sɛ ahobrɛasefo retie asɛmpa no. (Luka 10:21; Yoh. 4:34) Yɛreka yi ebia wo nso woaboa afoforo, na sɛ wokae a w’ani gye paa. Enti gyinae biara a wubesi no, nkɔ nnyaw Yesu asɛm no. Woyɛ saa a, w’ani begye na Yehowa nso koma bɛtɔ ne yam.Mmeb. 27:11.

11. Dɛn na ɛmaa Baruk anigye tu yerae? Afotu bɛn na Yehowa de maa no?

11 Ade a ɛma yɛn ani gye paa ne sɛ yɛbɛsom Yehowa. (Mmeb. 16:20) Ɛbɛyɛ sɛ Yeremia kyerɛwfo Baruk werɛ fii saa nokwasɛm yi. Eduu baabi no na anigye a ɔde resom Yehowa atu ayera. Enti Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nneɛma akɛse na worehwehwɛ. Gyae hwehwɛ. Na hwɛ, mede mmusu reba ɔhonam nyinaa so, . . . na mede wo kra bɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ.” (Yer. 45:3, 5) Wohwɛ a, dɛn na na ɛbɛma Baruk ani agye paa? Nneɛma akɛse a ɔbɛhwehwɛ anaa Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ na wanya ne ti adidi mu Yerusalem sɛe no mu?Yak. 1:12.

12. Gyinae bɛn na Ramiro sii a ama n’ani agye paa?

 12 Sɛ yɛreka wɔn a wɔasom afoforo ma wɔn ani agye a, wɔn mu biako ne onua bi a yɛfrɛ no Ramiro. Ɔkae sɛ: “M’akyi nni bi, akuraase na mifi wɔ Andes Bepɔw so. Enti bere a me nua panyin kae sɛ ɔde me bɛkɔ sukuupɔn no, na ɛyɛ akwannya kɛse. Nanso na mebɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo nkyɛe koraa. Mereka yi na ɔkwampaefo bi nso ato nsa afrɛ me sɛ memmɛka ne ho ma yɛnyɛ asɛnka adwuma no wɔ kurow bi mu. Enti misii gyinae sɛ mɛkɔ hɔ. Mekɔɔ hɔ no, mikosuaa etireyi. Ɛno ara na mede yɛ adwuma hwɛ me ho. Kurom hɔfo ani gye asɛmpa no ho paa, enti yɛne nnipa pii suaa Bible.” Akyiri yi Ramiro kɔɔ asafo bi a ɛde kurom hɔ kasa yɛ adesua mu. Wayɛ bere nyinaa som adwuma no mfe du. Ɔkae sɛ: “Sɛ mehwɛ hokwan a manya reboa nkurɔfo ma wɔasua nokware no wɔ wɔn kurom kasa mu a, midi ahurusi me komam. Adwuma biara nni hɔ a metumi de atoto eyi ho.”

Efi Ramiro babunbere mu besi nnɛ nyinaa ɔde anigye resom Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 12)

13. Seesei a woyɛ ɔbabun no, adɛn nti na saa bere yi paa na wubetumi de wo koma nyinaa asom Yehowa?

13 Fa anigye som Yehowa wo babunbere mu. (Monkenkan Ɔsɛnkafo 12:1.) Nnya adwene sɛ ɛsɛ sɛ wunya adwuma pa yɛ ansa na woayɛ akwampae adwuma no. Saa bere yi a woyɛ aberante anaa ababaa a wunni abusua biara a wohwɛ wɔn yi na wubetumi de wo koma nyinaa asom Yehowa. Sɛ woyɛ ɔbabun a, wo ho yɛ den, wote apɔw, enti asɛyɛde biara a wɔde bɛma wo no, wubetumi aso mu. Bere a woda so ara yɛ ɔbabun yi, dɛn paa na wopɛ sɛ woyɛ ma Yehowa? Ebia wopɛ sɛ woyɛ ɔkwampaefo anaa wopɛ sɛ wusua kasa foforo na woatumi adi ahɔho adanse. Ebia wopɛ sɛ woyɛ pii wɔ w’asafo mu. Botae biara a esi w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu no, ehia sɛ wunya biribi yɛ de hwɛ wo ho. Enti bisa  wo ho sɛ: ‘Adwuma bɛn na mɛyɛ? Bere tenten ahe na mede besua adwuma no?’

MA BIBLE MMOA WO NA SI GYINAE PA

14. Sɛ obi resusuw nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ daakye ho a, ahwɛyiye bɛn na ehia?

14 Bible mu nsɛm abiɛsa a yɛasusuw ho no betumi aboa wo ma woahu adwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ. Ebia w’akyerɛkyerɛfo anaa aban adwumayɛfo bi betumi aboa wo ma woahu adwuma a wubetumi anya wɔ wo mpɔtam hɔ anaa adwuma a wubetumi anya ayɛ wɔ baabi a wopɛ sɛ wutu kɔyɛ ɔsom adwuma no. Ebia akyerɛkyerɛfo anaa aban adwumayɛfo yi betumi aboa wo, nanso yɛ ahwɛyiye. Nkurɔfo a wɔnnɔ Yehowa bɛbɔ mmɔden sɛ wɔde wiase ho dɔ bedua wo komam. (1 Yoh. 2:15-17) Sɛ woma wiase nneɛma yɛ wo fɛ a, ɛnyɛ den koraa sɛ wo koma bɛdaadaa wo.Monkenkan Mmebusɛm 14:15; Yer. 17:9.

15, 16. Henanom paa na wobetumi ama wo afotu pa wɔ adwuma ho?

15 Wunya adwuma bi a wopɛ sɛ woyɛ a, na ɛnsae. Wuhia akwankyerɛ pa na woasi gyinae pa. (Mmeb. 1:5) Henanom na wobetumi aboa wo ma wode Bible mu nsɛm akari adwuma no ahwɛ? Tie wɔn a wɔdɔ wo ne Yehowa, wɔn a wonim wo na wonim wo nsɛm tebea yiye. Wɔbɛboa wo ma wo ara woahwehwɛ wo mu ahu adwuma a wubetumi ayɛ ne nea enti a wopɛ sɛ woyɛ saa adwuma no. Ebia nea wɔbɛka no bɛma woasan asusuw adwuma no ho bio. Sɛ w’awofo yɛ Yehowa asomfo a, ɛnde na woanya paa, efisɛ wɔbɛboa wo! Asafo mu mpanyimfo nso betumi ama wo akwankyerɛ pa. Kae sɛ wɔyɛ mmarima a wɔn ho akokwaw. Bio, wubetumi ne akwampaefo ne ahwɛfo akwantufo asusuw wo botae ho. Bisa wɔn nea ɛkaa wɔn ma wosii gyinae sɛ wɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no. Ntotoe bɛn na wɔyɛe ansa na wɔrefi akwampae adwuma no ase? Dɛn na wɔyɛ de hwɛ wɔn ho? Nhyira bɛn na wɔanya?Mmeb. 15:22.

16 Wɔn a wonim wo betumi ama wo afotu pa. Fa no sɛ wokɔ ntoaso sukuu na wopɛ sɛ wugyae bɛyɛ akwampae adwuma. Ebia nea enti a wopɛ sɛ wugyae ara ne sɛ sukuu adesua yɛ wo den. Obi a ɔdɔ wo betumi ahu nea enti a wopɛ sɛ wugyae sukuu no. Ebia ɔbɛboa wo ma woahu sɛ sukuu no betumi ahyɛ wo den ma wode animia agyina tebea ahorow ano. Kae sɛ wuhia su a ɛte saa na woatumi asom Yehowa yiye.Dw. 141:5; Mmeb. 6:6-10.

17. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

17 Yehowa akoa biara behyia tebea bi a ebetumi asɛe ne gyidi na atwe no afi Yehowa ho. (1 Kor. 15:33; Kol. 2:8) Nnwuma pii betumi asɛe yɛn gyidi, nanso ebi wɔ hɔ a ɛyɛ hu sen bi. Wunim ebinom a wɔn adwuma nti “wɔn gyidi agu asu”? (1 Tim. 1:19) Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛansi gyinae biara a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam.Mmeb. 22:3.

MA ƐNYƐ WO DƐ SƐ WOYƐ KRISTONI BABUN

18, 19. Sɛ biribiara nka wo sɛ yɛ pii wɔ Yehowa som mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

18 Sɛ w’ani gye ho paa sɛ wobɛsom Yehowa a, ɛnde kae sɛ Yehowa abue hokwan pii ato hɔ ama mmabun, enti hwɛ na antwam ankɔ. Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wusisi gyinae a ɛbɛma w’ani agye Yehowa som mu.Dw. 148:12, 13.

19 Nanso sɛ biribiara nka wo sɛ yɛ pii wɔ Yehowa som mu nso ɛ? Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Kɔ so ara hyɛ wo gyidi den; mpa abaw. Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ nea ɔyɛe a ɛma onyaa Onyankopɔn nhyira, na ɔkae sɛ: “Sɛ mukura adwene foforo bi a, Onyankopɔn beyi saa adwene yi akyerɛ mo. Sɛnea ɛte biara no, baabi a yɛanya nkɔso akodu no, momma yɛnkɔ so nnantew pɛpɛɛpɛ wɔ saa kwan yi ara so.” (Filip. 3:15, 16) Kae daa sɛ Onyankopɔn dɔ wo, na n’afotu sen afotu biara. Enti ma Yehowa mmoa wo na sisi gyinae pa wɔ wo babunbere mu.