Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Ɔko a Ɛdanee Wiase Butuwii

Ɔko a Ɛdanee Wiase Butuwii

Bɛyɛ mfe ɔha ni, mmerante mpempem pii fii fie de wɔn ani kyerɛɛ akono. Ɔman ho dɔ sii wɔn so sɛ akɔm ma wɔde ahokeka siim kɔe. Afe 1914 mu no, Amerikani aberante bi a na ɔrekɔ ɔko no bi kyerɛwee sɛ: “Mmere pa a ɛda m’anim no, mede anigye ne ahokeka rehwɛ kwan paa.”

Nanso ankyɛ, anigye danee awerɛhow. Asraafo bebree a wɔde wɔn koguu Belgium ne France no, ntɔkwaw a wɔde gyinaa mu no, na ɛnyɛ asɛm ketewa; obiara anna anso dae sɛ ɛbɛkɔ so mfe pii saa. Saa bere no nkurɔfo frɛɛ no “Ɔko Kɛse” no. Ɛnnɛ yɛfrɛ no wiase ko a edi kan.

Wiase ko a edi kan no, nea enti a yebetumi aka sɛ na ɛyɛ ɔko kɛse ne sɛ, nnipa a wɔn ho kae no dodow nni ano. Akontaabu bi kyerɛ sɛ nnipa dodow a ɔko no kunkum wɔn no bɛyɛ ɔpepem 10, na wɔn a edii wɔn dɛm nso bɛyɛ ɔpepem 20. Nea ɛkɔfaa ɔko no bae nso ne anammɔn bɔne bi a nnipa tui. Europe amanyɔfo tenatenaa hɔ araa maa aman ntam wantwiwantwi nketenkete kowiee wiase ko. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ “Ɔko Kɛse” no kɔtwee ɔhaw akɛse bɛtoo yɛn so. Ɛdanee wiase butuwii, na wiase nsii ne dedaw mu bio besi nnɛ.

 MFOMSO A ƐMAA NKURƆFO NSA SII FAM

Nea ɛmaa wiase ko a edi kan no bae ne sɛ nnipa totoo nneɛma agyaagyaamu. Nhoma bi ka sɛ afe 1914 ahohuru bere mu no, na biribiara da dinn, ɛnna Europe mpanyimfo no yɛɛ wɔn ade te sɛ “akɔwensafo a wohim so a wonhu baabiara; nea wohui ara ne sɛ wogu amena mu.”—The Fall of the Dynasties—The Collapse of the Old Order 1905-1922.

Austria hene ba biako a wokum no nti, anni nnanu anni nnansa, ɛnna ɛkaa Europe aman akɛse no nyinaa ti hyɛɛ ɔko mu bere a wɔnkaa bi nhyɛɛ mu. Ɔko no fii ase no, ankyɛ na wobisaa Germany mampanyin sɛ: “Ɛyɛɛ dɛn na eyi nyinaa bae?” Ɔkaa no awerɛhow mu sɛ: “Aa, obi nim mpo?”

Mpanyimfo a wotutuu anammɔn ma ɛkɔfaa ɔko no bae no, na wonnim nea ɛrebobɔ ba. Ankyɛ na asraafo a wɔdeda amena mu no ani so yɛɛ wɔn nwann. Wobehui sɛ amanyɔfo no adi wɔn huammɔ, asɔfo no adaadaa wɔn, na asraafo mpanyimfo no ayi wɔn ama. Ɔkwan bɛn so?

Wobehui sɛ amanyɔfo no adi wɔn huammɔ, asɔfo no adaadaa wɔn, na asraafo mpanyimfo no ayi wɔn ama

Amanyɔfo no kae sɛ ɔko no bɛma nneɛma akɔ yiye wɔ wiase. Germany mampanyin kae sɛ: “Nkɔso a yɛanya no asomdwoe mu, agyapade a yɛn nananom de agyaw yɛn, ne yɛn daakye yiyeyɛ no, ɛno na yɛreko abɔ ho ban.” Amerika Mampanyin Woodrow Wilson kɔfaa fene bi bae de dwudwoo nkurɔfo bo sɛ ɔko no “bɛma wiase adwo ama ka-bi-ma-menka-bi ayɛ adwuma.” Britain nso, na nkurɔfo susuw sɛ ɛno bɛyɛ “ɔko a ɛbɛma akokoakoko agyae.” Wɔn nyinaa, na wonnim nea wɔrekeka.

Asɔfo no nso, na wɔtaa ɔko no akyi denneennen. Nhoma bi kae sɛ: “Wɔn a wokura Onyankopɔn asɛm no, wɔn mmom na wopiapiaa nkurɔfo koguu ɔko no mu. Ɔko a wɔde fɔrefɔree obiara no maa nnipa de ne yɔnko nnipa too tankuruwa mu tentan wɔn ho.” (The Columbia History of the World) Asɔfo a anka ɛsɛ sɛ wodwudwo ano no, wɔn na wɔsosoo gya guu mu. Nhoma foforo ka sɛ: “Asɔfo no antumi anyɛ biribiara amfa ampagyaw Kristosom ansen ɔman ho dɔ, na na wɔn mu dodow no ara mpo mpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa. Wɔn mu fã kɛse no ara dii nnipa dodow akyi de ɔman ho dɔ frafraa Kristosom. Wɔhyɛɛ asraafo a wɔwɔ Kristofo asɔre nyinaa mu kutupa sɛ wonkunkum wɔn ho wɔ wɔn Agyenkwa din mu.”A History of Christianity.

Asraafo mpanyimfo no hyɛɛ bɔ sɛ asraafo no kɔ ɔko no a, ɛrenkyɛ koraa na wɔde nkonimdi aba fie, nanso amma saa. Wɔde kɔhyehyɛɛ so no, ɔko no yeree sɛ mmɛnta. Tebea a asraafo ɔpepem pii kɔɔ mu saa bere no, abakɔsɛm kyerɛwfo bi kaa ho asɛm sɛ, “aniɛyaa ne ahometesɛm a wɔfaa mu no, ɛnyɛ ɛso bi ni.” Asraafo a wowuwui nyɛ agoru koraa, nanso asraafo mpanyimfo no, ɛno ara ne sɛ wɔrepia dɔm no gu mu; sɛ wɔn dɔm no rekɔtɔ atamfo mfiri mu oo, sɛ atuo na atamfo resan gu wɔn so oo, ɛmfa wɔn ho. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ asraafo no pii tew wɔn mpanyimfo so atua.

Wiase ko a edi kan no kaa nnipa asetena sɛn? Abakɔsɛm nhoma bi kaa obi a ɔkɔɔ ko no bi anom asɛm sɛ: “Wɔn a wɔtenaa ase saa bere no, ɔko no sɛee wɔn adwene ne wɔn abrabɔ.” Ahemman akɛse a na ɛwɔ hɔ no, ɔko yi nti, emu bebree bɔe. Efi saa ɔko kɛse no so no, mogya a agu no, ɛnyɛ ano bi ni. Baabi a wobɛfa biara, nea wubehu ne sɛ nkurɔfo asɔre agyina atew atua anaa wɔde wɔn nnade agu hɔ sɛ wɔrenyɛ adwuma.

Adɛn nti na ɔko no danee wiase butuwii? Biribi na ɛkɔtwe bae anaasɛ ɛyɛ asiane? Nsɛmmisa yi ho mmuae fa yɛn daakye ho anaa?