Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Hwɛ Yehowa Papayɛ’

‘Hwɛ Yehowa Papayɛ’

Sɛ yɛkɔ ahohia mu a ebetumi ama yɛn adwene atu afra na atwe yɛn mu nsu. Ebetumi ama asetena mpo afono yɛn. Israel hene Dawid faa ahohia ne abɛbrɛsɛ pii mu. Dɛn na ɛboaa no ma otumi faa mu? Dawid kae wɔ dwom bi mu sɛ: “Meteɛɛm frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me; misu mefrɛɛ Yehowa sɛ ɔnnom me. Mihwiee me dadwen guu n’anim daa, na mekaa m’ahohia wɔ n’anim daa nyinaa bere a me honhom tɔɔ piti wɔ me mu no. Saa bere no na wunim m’akwan mu.” Enti yehu sɛ Dawid de ne haw too Onyankopɔn anim.Dw. 142:1-3.

Dawid de ne haw too Yehowa anim n’ahohia mu

Dawid too dwom foforo sɛ: “Ade biako na mesrɛ Yehowa—ɛno na mehwehwɛ akyi kwan, sɛ mɛtena Yehowa fie me nkwa nna nyinaa, na mahwɛ Yehowa papayɛ, na mede anisɔ ahwɛ n’asɔrefie.” (Dw. 27:4) Ná Dawid nyɛ Lewini, nanso twa ho mfonini hwɛ: Ogyina adiwo kronkron no akyi, nokware som asoɛe ho pɛɛ. Anisɔ ahyɛ ne koma mã na ne yam a, anka ne nkwa nna nyinaa ɛhɔ na ɔte na watumi ‘ahwɛ Yehowa papayɛ.’

Sɛ yɛhwɛ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible a, asɛm a wɔkyerɛɛ ase “papayɛ” no betumi akyerɛ “biribi a ɛyɛ fɛ anaa ɛyɛ dɛ.” Sɛ Dawid hwɛ nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ a wɔde som no a, na ɛyɛ no fɛ sɛ. Ɛnde, yɛn mu biara betumi abisa ne ho sɛ, ‘Saa na me nso mihu no anaa?’

MA ‘W’ANI NSƆ’ ONYANKOPƆN NHYEHYƐE

Yɛn bere so deɛ, Yehowa wɔ nhyehyɛe foforo koraa a yɛfa so kɔ n’anim; enhia sɛ yɛkɔ dan pɔtee bi mu. Mmom ɛyɛ Onyankopɔn honhom fam asɔrefie kɛse no. Eyi ne nhyehyɛe a wɔayɛ ama nokware som. * Sɛ ‘yɛde anisɔ hwɛ’ saa nhyehyɛe yi a, yɛn nso betumi ‘ahwɛ Yehowa papayɛ.’

Wo deɛ hwɛ kɔbere afɔremuka a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so a na esi ntamadan no ano no. (Ex. 38:1, 2; 40:6) Na saa afɔremuka no gyina hɔ ma ɔpɛ a Onyankopɔn wɔ sɛ obegye Yesu nipadua atom sɛ afɔre. (Heb. 10:5-10) Dɛn na eyi kyerɛ ma yɛn? Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Bere a na yɛyɛ atamfo no wɔnam ne Ba no wu so pataa yɛne Onyankopɔn ntam.” (Rom. 5:10) Sɛ yenya Yesu mogya a ohwie gui no mu gyidi a, yɛbɛba abɛyɛ Onyankopɔn nnamfo na yɛanya n’anim dom. Ɛba saa a, yebetumi ne ‘Yehowa adi atirimsɛm.’Dw. 25:14.

Esiane sɛ yɛwɔ awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ‘bɛpopa yɛn bɔne’ nti, yenya ‘ahosan mmere fi Yehowa ankasa nkyɛn.’ (Aso. 3:19) Yɛn tebea no ayɛ sɛ deduani bi a wɔabu no kumfɔ. Bere a ɔretwɛn ma wɔakum no no, onu ne ho yɛ nsakrae a ɛfata. Sɛ ɔtemmufo no hu nsakrae a wayɛ a, ɛbɛka no ma watwa atemmu no mu; ɔkwan bi so no ɔbɛpopa bɔne a onipa no yɛe no. Ɛba saa a, hwɛ sɛnea ɔdeduani no begu ahome! Yehowa te sɛ saa temmufo no. Bɔne nti wɔabu nnipa kumfɔ, nanso sɛ Yehowa hu sɛ nnipa asakra afi wɔn bɔne ho a, ohu wɔn mmɔbɔ.

MA NOKWARE SOM NYƐ WO DƐ

Nneɛma bɛn saa na Dawid hui sɛ ɛkɔ so wɔ Yehowa fie hɔ? Ohui sɛ ne mfɛfo Israelfo dɔm kɛse hyia wɔ hɔ. Afei na wɔkenkan Mmara no kyerɛkyerɛ mu, na na wɔhyew aduhuam. Bio, na  asɔfo ne Lewifo no som wɔ hɔ. (Ex. 30:34-38; Num. 3:5-8; Deut. 31:9-12) Ná eyinom nyinaa kɔ so wɔ nokware som mu wɔ tete Israel, na yɛwɔ ne sɛso nnɛ.

Ɛnnɛ nso, hwɛ ye a eye ne “fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena biakoyɛ mu!” (Dw. 133:1) Anuanom a yɛwɔ wiase nyinaa dodow abu abɔ ho. (1 Pet. 2:17) Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a, yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ mu. Yehowa nam n’ahyehyɛde no so kyerɛkyerɛ yɛn. Afei nso yɛwɔ nhoma pii, na eyi nyinaa yɛ honhom fam aduan a yebetumi de ayɛ kokoam adesua anaa abusua adesua. Akwankyerɛ Kuw no muni biako kae sɛ: “Sɛ m’ani te anɔpa a, migye bere susuw Yehowa Asɛm ho hwɛ nea ɛkyerɛ. Meyɛ saa de hwehwɛ nhumu ne ntease. Eyi nyinaa ama manya honhom fam ademude pii ne akomatɔyam.” Ampa, yenya nimdeɛ a, ebetumi ‘asɔ yɛn kra ani.’Mmeb. 2:10.

Ɛnnɛ, Onyankopɔn asomfo mpae foro kɔ ne nkyɛn daa. Yehowa bu mpae a ɛte saa sɛ aduhuam a ɛretu hua. (Dw. 141:2) Yenim sɛ yɛde ahobrɛase kɔ Yehowa Nyankopɔn anim a, otie yɛn. Eyi nyinaa ma yɛn kra ani gye.

Mose bɔɔ mpae sɛ: “Yehowa yɛn Nyankopɔn anuonyam mmra yɛn so, na ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye.” (Dw. 90:17) Sɛ yɛde nsi ne ahokeka yɛ ɔsom adwuma no a, Yehowa hyira so. (Mmeb. 10:22) Ebia yɛne ebinom asua ade ma wɔahu nokware no. Ebia yare bi abɛtena yɛn so, anaa yɛrehyia ɔtaa, anaa adwennwene da yɛn so, anaa mpo nkurɔfo ntie asɛm no. Nanso eyi mu biara mmaa yɛnkaa yɛn ano ntoom; yɛagyina mu aka asɛm no mfe pii. (1 Tes. 2:2) Ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi nyinaa akyi, wunhuu “Yehowa papayɛ”? Wunhui sɛ yɛn soro Agya no ani sɔ wo mmɔdenbɔ?

Dawid too dwom sɛ: “Yehowa ne me kyɛfa ne kuruwa a wɔasusuw ama me. Me kyɛfa hyɛ wo nsa. Susuhama no atwa nea ɛhɔ ye ama me.” (Dw. 16:5, 6) Ná Dawid ani sɔ ne “kyɛfa,” kyerɛ sɛ na ɛyɛ no dɛ sɛ ɔne Yehowa afa adamfo na wanya hokwan resom no. Sɛnea Dawid faa ahohia ne amanehunu pii mu no, yɛn nso ebi betumi ato yɛn. Nanso yɛnkae sɛ Yehowa de nneɛma pii adom yɛn! Enti momma nokware som nyɛ yɛn dɛ na ‘yɛmfa anisɔ nhwɛ’ Yehowa honhom fam asɔrefie no daa.

^ nky. 6 Hwɛ July 1, 1996 Ɔwɛn-Aban no kratafa 14-24.