Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abusua Som—Wobɛyɛ Dɛn Ama Ayɛ Anika?

Abusua Som—Wobɛyɛ Dɛn Ama Ayɛ Anika?

Agya bi a ɔwɔ Brazil kae sɛ: “Sɛ yɛreyɛ abusua som a, ɛtɔ da a, etumi yɛ yɛn dɛ ara ma sɛ mamma yɛantwa so a, yebehu na akowie dasum.” Agya bi a ɔwɔ Japan wɔ abarimaa a wadi mfe du. Ɔno nso kae sɛ wɔreyɛ abusua som a, ɛkaa ne ba no nko a, anka wɔrempɔn da. Adɛn ntia? Agya no kae sɛ: “Adesua no yɛ anika, enti ɛyɛ no dɛ.”

Nanso nokwasɛm ne sɛ ɛnyɛ mmofra nyinaa na abusua som yɛ wɔn dɛ saa. Mmofra bi wɔ hɔ mpo a, wɔn ani nnye ho. Adɛn ntia? Nea agya bi a ɔwɔ Togo kae ne sɛ: “Ɛnsɛ sɛ Yehowa som yɛ tayoo.” Sɛ abusua som yɛ tayoo a, ebia na efi sɛnea wɔyɛ no. Mmusua pii ahu sɛ abusua som betumi ayɛ anigye bere te sɛ Homeda bere. Yesaia kae sɛ Homeda yɛ “ahurusidi.”Yes. 58:13, 14.

Agyanom a wɔyɛ Kristofo ahu sɛ, sɛ wobetumi ayɛ abusua som ma obiara ani agye a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ kyenkyenee. Ralf wɔ mmabea baasa ne ɔbabarima biako. Ɔkae sɛ, sɛ wɔreyɛ abusua som a, wɔnyɛ no sɛ adesua denneennen, mmom wɔbɔ nkɔmmɔ ma obiara kyerɛ n’adwene kama. Ɛwom, ɛtɔ da a ɛnyɛ mmerɛw sɛ adesua no bɛyɛ anika na obiara ani agye ho. Ɛna bi kae sɛ: “Me yam a, anka daa mitumi yɛ abusua som ma ɛyɛ anigye. Nanso ɛtɔ da a, na mabrɛ.” Sɛ saa na wo tebea te a, dɛn na ɛbɛboa wo?

YƐ FAKAA NA DANNAN MU

Agya bi a ɔwɔ Germany wɔ mma baanu. Ɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛyɛ fakaa.” Natalia yɛ ɛna a ɔwɔ mma baanu. Ɔno nso kae sɛ: “Yɛdannan nea yesua no mu, dannan mu, dannan mu. Ɛno ne ade a ɛboa yɛn abusua no paa.” Sɛ mmusua pii reyɛ abusua som a, wonsua ade biako. Wɔyɛ eyi kakra, na wɔayɛ eyi kakra. Cleiton yɛ agya a ɔwɔ Brazil; ɔwɔ mmabun  baanu. Ɔkae sɛ: “Sɛ yɛdannan adesua no mu a, ɛma ɛyɛ anika na obiara de ne ho hyɛ mu.” Mmusua bi wɔ hɔ a, mmofra no bi anyin koraa sen wɔn nuanom, enti awofo no betumi akyekyɛ adesua no mu ahwɛ nea ɛbɛboa abofra biara. Sɛ awofo hwɛ nea ɛbɛboa abofra biara na wogyina so paw nea wobesua ne ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ adesua no a, abusua no muni biara benya so mfaso.

Dɛn na mmusua bi yɛ de dannan wɔn abusua som mu? Ebinom rebefi ase a, wɔto dwom yi Yehowa ayɛ. Juan a ɔwɔ Mexico kae sɛ: “Sɛ yɛto dwom a, ɛkanyan obiara ma ɔde n’adwene ne ne koma nyinaa kɔ adesua no so.” Juan ne n’abusua paw nnwom a ɛne nea wobesua no bɛkɔ.

Sri Lanka

Nea mmusua bi yɛ ne sɛ wobom kenkan Bible. Ɛyɛ a wɔkyekyɛ akenkan no ma obiara kan bi. Wɔyɛ no sɛ drama. Enti sɛ edu Bible mu nipa bi so a, na obi akenkan; edu foforo so a na obi foforo akenkan. Agya bi a ɔwɔ Japan kae sɛ bere a edi kan a n’abusua kenkan Bible no saa no, wanhu so. Nanso sɛ ne mma baanu no hwɛ nea wɔne wɔn awofo no nyinaa abom reyɛ a, na wɔn ani agye sɛ. Mmusua bi mpo deɛ nea wɔyɛ ne sɛ, sɛ wɔhwɛ Bible mu asɛm bi a na wɔde ayɛ drama. Agya bi wɔ South Africa a wɔfrɛ no Roger; ɔwɔ mmarimaa baanu. Ɔkae sɛ: “Mmofra taa hu nneɛma bi wɔ Bible mu a yɛn a yɛyɛ awofo mpo nhu.”

South Africa

Ɔkwan foforo a mubetumi asakra abusua som mu ne sɛ mobɛbom ayɛ biribi. Mubetumi ahwɛ Noa adaka no anaa Solomon asɔrefie no so ayɛ bi. Sɛ moyɛ biribi a ɛte saa a, ɛho behia sɛ moyɛ nhwehwɛmu. Abusua bi a wɔwɔ Asia yɛɛ biribi a ɛte saa. Nea wɔyɛe ne sɛ awofo no ne wɔn babea a wadi mfe anum ne ne nanabea tenaa wɔn asa so hwɛɛ ɔsomafo Paulo asɛmpatrɛw akwantu no de hyehyɛɛ agorɔ bi wɔ pon so. Mmusua bi nso de Exodus nhoma no mu nsɛm adi agorɔ a ɛte saa ara. Donald wɔ Togo; wadi mfe 19. Ɔkae sɛ: “Ɛyɛ a yɛdannan abusua som mu, enti ama ayɛ dɛ na mihu sɛ anigye nso aba yɛn abusua no ankasa mu.” Wohwɛ a, dɛn na wo nso wo ne w’abusua betumi abom ayɛ ma ayɛ anika?

United States of America

MUNSIESIE MO HO YIYE

Ɛwom, sɛ wodannan abusua som mu na woyɛ fakaa a, ɛma adesua no yɛ anika, nanso sɛ mubenya adesua no so mfaso paa a, gye sɛ obiara siesie ne ho yiye. Mmofra de, ɛnkyɛ na wɔabrɛ, enti sɛ agya no rehwɛ nneɛma a wobesua a, ɛsɛ sɛ odwen ho yiye na n’ankasa gye bere sua paa. Nea agya bi kae ne sɛ: “Sɛ midi kan siesie me ho yiye a, ɛma obiara nya adesua no so mfaso kɛse.” Agya bi a ɔwɔ Germany nso di kan ka nea abusua no besusuw ho kyerɛ wɔn koraa ansa na adu so. Yɛnkɔ Benin nso nkɔhwɛ agya bi a ɔwɔ mma baasia. Ɛtɔ da a ɔde asafo DVD yɛ abusua som. Nea ɔyɛ ne sɛ, ɔde DVD no ho nsɛmmisa ma abusua no ansa na adesua no adu so. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ abusua som betu mpɔn a, worentumi nkɔ nnyaw ahosiesie.

Sɛ abusua no mufo di kan hu nea wobesua a, wobetumi abɔ ho nkɔmmɔ nnawɔtwe no mu nyinaa. Ɛba saa a, wɔn ho bɛpere wɔn sɛ da no bedu. Sɛ obiara wɔ biribi a ɔrekɔyɛ ho nhwehwɛmu a, obebu no sɛ ɛyɛ ɔno ankasa abusua som.

MONYƐ NO DAA

Mmusua pii wɔ hɔ a, wɔn dadwen kɛse paa ne sɛ wɔbɛyɛ abusua som daa.

Agyanom bebree de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma ansa na wɔn abusua nsa akɔ wɔn ano. Wo deɛ hwɛ agya bi a ɔwɔ Mexico. Ofi fie anɔpa nnɔnsia kɔhyɛ adwuma mu a, gye sɛ anadwo nnɔnwɔtwe ansa na waba fie. Ɛtɔ da bi a asafo mu dwumadi bi nti, ɛho behia sɛ mutu abusua som no hyɛ da.

Ɛno mpo no, ɛsɛ sɛ yesi nketekrakye sɛ yɛbɛyɛ abusua som no daa. Loïs yɛ mfe 11 abeawa a ɔte Togo. Ɔkae sɛ n’abusua asi wɔn bo sɛ wɔrentoto abusua som mu da. Nea ɔkae ni: “Ɛtɔ da a na biribi abɛbom, nanso yɛyɛ adesua no da no ara; twe na yɛtwe kɔ akyiri.” Nneɛma sɛɛ nti, dapɛn no fii ase ara na mmusua bi ayɛ wɔn abusua som. Enti sɛ biribi bɛbom a, wotumi tu hyɛ da foforo wɔ dapɛn no ara mu.

Edin “abusua som” no nko ara mpo kyerɛ sɛ ɛka ɔsom a yɛde ma Yehowa no ho. Enti wo ne w’abusua nyinaa mfa mo ‘ano mmɔ anantwinini afɔre’ mma Yehowa dapɛn biara. (Hos. 14:2) Momma abusua som no nyɛ anigye bere mma abusua no muni biara, efisɛ “Yehowa mu anigye ne mo abannennen.”Neh. 8:9, 10.