Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Dɛn na Yesu bɛyɛ daakye?

Afe 33 Y.B. mu no, Yesu wui, wonyan no fii awufo mu, na ɔkɔɔ soro. Mfe pii akyi no, wɔmaa no tumi sɛ onni ade sɛ Ɔhene. (Daniel 7:13, 14) Daakye, Yesu de tumi a ɔwɔ sɛ Ɔhene no bɛyɛ adwuma. Ɔbɛma asomdwoe aba wiase na obiara renni hia bio.—Kenkan Dwom 72:7, 8, 13.

Ɔhene Yesu bɛpopa bɔne afi asase so

Sɛ Yesu bedi adesamma so hene a, ɔbɛyɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa pii. Ɔde tumi a n’Agya de ama no no bɛyɛ adwuma ama bɔne afi nnipa ho. Obiara bɛtena asase so wɔ anigye mu na obiara mmɔ akwakoraa anaa aberewa na kampɛsɛ wawu.—Kenkan Yohane 5:26-29; 1 Korintofo 15:25, 26.

Dɛn na Yesu reyɛ seesei?

Ɛnnɛ, Yesu rekyerɛ asɛnka adwuma a n’asuafo anokwafo reyɛ no wiase nyinaa no kwan. Wɔkɔ nkurɔfo afie mu kɔkyerɛkyerɛ wɔn nea Bible ka fa Onyankopɔn Ahenni ho. Yesu kae sɛ adwuma a n’asuafo bɛyɛ no, ɔbɛtaa wɔn akyi akosi sɛ Onyankopɔn Ahenni beyi nnipa aban nyinaa afi hɔ.—Kenkan Mateo 24:14; 28:19, 20.

Yesu nam nokware Kristofo asafo no so rekyerɛkyerɛ nkurɔfo na ama wɔn bra asi wɔn yiye. Ɔbɛkɔ so akyerɛkyerɛ wɔn akosi sɛ wiase nhyehyɛe yi bɛkɔ n’awiei. Afei ɔde wɔn bɛkɔ wiase foforo a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no mu.—Kenkan 2 Petro 3:7, 13; Adiyisɛm 7:17.