Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nya Akokoduru—Yehowa Ne Wo Boafo!

Nya Akokoduru—Yehowa Ne Wo Boafo!

‘Nya akokoduru ka sɛ: “Yehowa ne me boafo.”’—HEB. 13:6.

1, 2. Sɛ wɔn a wɔatu bata san ba fie a, nsɛnnennen bɛn na wɔtaa hyia? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

NÁ Eduardo anya adwuma pa bi reyɛ wɔ amannɔne. * Bosome so a, ne sika twoo. Nanso bere a ɔne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible no, ohui sɛ n’asɛde titiriw ne sɛ ɔbɛhwɛ n’abusua na waboa wɔn ma wɔasom Yehowa. Enti ɔsan kɔɔ ne kurom.—Efe. 6:4.

2 Eduardo hui sɛ nea Yehowa pɛ ne sɛ ɔbɛkɔ akɔka n’abusua ho. Adesua a edi eyi anim no, yehui sɛ na nneɛma nyɛ mmerɛw mma Marilyn. Saa ara na Eduardo nso amfa no ahogono. Na ɛsɛ sɛ ɔtoto nneɛma yiye na ɔne ne yere ne ne mma ntam yɛ kama. Bio na ɔman no sikasɛm nyɛ papa, enti na aka sɛ obenya sika ahwɛ ne yere ne ne mma. Dɛn na ɔyɛe? Asafo no mufo bɛboa no anaa?

ƆMAA N’ANI KUU NE SOM HO NA OSIESIEE N’ABUSUA

3. Sɛ awofo gyaw wɔn mma hɔ tu bata a, ɛka mmofra no sɛn?

3 Eduardo kae sɛ: “Bere a me mma hia me no, saa bere no na migyaw wɔn hɔ kɔe. Ná minni hɔ na makenkan Bible mu nsɛm akyerɛ wɔn, ne wɔn abɔ mpae, ayɛ wɔn atuu ne  wɔn adi agorɔ.” (Deut. 6:7) Ne babea panyin a yɛfrɛ no Anna kae sɛ: “Bere a me papa nni hɔ no na m’ani nnye. Ɔbae no, na nea yɛde nim no ara ne n’anim ne ne nne. Bere a ɔyɛɛ me atuu mpo ampusuw me.”

4. Sɛ agya bi tu bata a, adɛn nti na ɛyɛ den sɛ obedi n’abusua so yiye?

4 Sɛ agya bi tu bata a, ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛkɔ so adi n’abusua so. Eduardo yere Ruby kae sɛ: “Me kunu tuu kwan no na madan agya ne ɛna bere koro mu. Me ara na na ɛsɛ sɛ metoto biribiara wɔ abusua no mu. Bere a Eduardo bae no, na ɛsɛ sɛ mihu sɛ ɔbarima wɔ fie enti ɛsɛ sɛ mɛbrɛ me ho ase ma no. Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa mpo, ɛtɔ da a ɛsɛ sɛ mekae me ho sɛ me kunu wɔ hɔ.” (Efe. 5:22, 23) Eduardo nso kae sɛ: “Me mmabea no anim akokwaw wɔn maame anim, enti biribiara a ne nkyɛn na wɔkɔ. Me ne me yere hui sɛ ehia sɛ yɛma mmofra no hu sɛ biakoyɛ wɔ yɛn ntam. Afei, na ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae a ehia na midi m’abusua anim yiye.”

5. Bere a Eduardo fi akwantu mu bae no, dɛn na ɔyɛ de siesiee n’abusua? Dɛn na efii mu bae?

5 Eduardo de sii n’ani so sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara asiesie n’abusua na wɔaboa wɔn ma wɔasom Yehowa. Na ɔpɛ sɛ ɔde nokware no dua ne mma mu. Ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ m’ano kɛkɛ na mede bɛka sɛ medɔ Yehowa, na mmom mede me nneyɛe nso bɛkyerɛ na ayɛ nhwɛso ama me mma no.” (1 Yoh. 3:18) Yehowa hyiraa Eduardo anaa? Ne ba Anna kae sɛ: “Yehui sɛ yɛn papa rebɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛhwɛ abusua no yiye na waka yɛn aba ne nkyɛn. Ɛno boaa yɛn paa.” Ɔtoaa so sɛ: “Bere a yehui sɛ ne nkɔso reda adi wɔ asafo no mu no, na ɛyɛ yɛn dɛ. Na wiase no pɛ sɛ ɛtwe yɛn fi Yehowa ho, nanso yehui sɛ nokware no da yɛn awofo koma so, enti yesuasuaa wɔn. Paapa hyɛɛ yɛn bɔ sɛ ɔrennyaw yɛn hɔ bio, na ampa ara nso wannyaw yɛn hɔ. Sɛ ogyaw yɛn hɔ a, anka ebia minni Yehowa ahyehyɛde no mu nnɛ.”

GYE WO MFOMSO TOM

6. Bere a ɔko gyina mu wɔ Balkan aman so no, dɛn na awofo bi hui?

6 Bere a ɔko sii Balkan aman so no, na Adansefo pii ntumi nkɔ adwuma, enti wonyaa bere maa wɔn mma wɔ fie. Wɔne wɔn mma no dii agorɔ, wɔne wɔn suaa ade na wɔne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ. Enti osuahu ahorow kyerɛ sɛ bere a ɔko no gyina mu mpo no, na mmofra no ani gye. Dɛn na yesua fi mu? Yehu sɛ mmofra hia wɔn awofo sen sika ne akyɛde. Bible ka sɛ, sɛ awofo nya bere ma wɔn mma na wɔtete wɔn a, ‘wonyin a, wɔremfi ho.’—Mmeb. 22:6.

7, 8. (a) Mfomso bɛn na awofo a wofi akwantu mu ba no bi di? (b) Dɛn na awofo betumi ayɛ de asiesie wɔne wɔn mma ntam?

7 Sɛ awofo bi fi akwantu mu san ba fie a, wɔn mma de abufuw ne muna na ehyia wɔn. Wɔnyɛ biribiara nkyerɛ sɛ wɔahu mpo sɛ wɔn awofo aba. Awerɛhosɛm ne sɛ ebia papa anaa maame no bɛka sɛ, “Moyɛ bonniayɛ paa. Munnim sɛ ɔbrɛ bebrebe yi nyinaa mo ntia”? Nanso nokwasɛm ne sɛ mmofra no di yaw sɛ maame anaa papa no gyaw wɔn hɔ. Ɛnde, dɛn na maame anaa papa no bɛyɛ de asiesie tebea no?

8 Srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo nhumu. Eyi bɛboa wo ma woate w’abusua ase. Afei sɛ wo ne wo yere ne wo mma rekasa a, gye tom sɛ woka ho bi na ɔhaw yi nyinaa aba. Sɛ wopa wɔn kyɛw a, ebia ebedwudwo wɔn koma. Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wode yiye bɛto yiye a, wo yere ne wo mma behu sɛ wowɔ adwempa. Sɛ wunya abotare a, nkakrankakra w’abusua bɛka abɛn wo na wɔadi wo ni.

 SƐNEA ‘WOBƐHWƐ W’ANKASA WO NNIPA’

9. Sɛ Bible ka sɛ Kristoni “nhwɛ n’ankasa ne nnipa” a, adɛn nti na ɛnkyerɛ sɛ ɔmfa n’adwene nyinaa nni wiase ahonyade akyi?

9 Ɔsomafo Paulo kae sɛ, sɛ Kristofo nkwakoraa ne mmerewa hia mmoa a, ɛsɛ sɛ wɔn mma ne wɔn mmanana ‘tua wɔn awofo ne wɔn nananom ka sɛnea ɛsɛ.’ Nanso Paulo toaa so kae sɛ nea Kristofo hia ara ne wɔn ano aduan, nea wɔbɛhyɛ ne baabi a wɔde wɔn ti bɛto. Ɛnsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn su sɛ yɛbɛhwehwɛ nneɛma a ɛbɛma afoforo afrɛ yɛn asomasi anaa ɔbenten anaa yebebiri yɛn mogya ani apɛ sika asum hɔ ama daakye. (Monkenkan 1 Timoteo 5:4, 8; 6:6-10.) Sɛ Bible ka sɛ Kristoni “nhwɛ n’ankasa ne nnipa” a, ɛnkyerɛ sɛ onni wiase ahonyade akyi. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ wiase no retwam akɔ. (1 Yoh. 2:15-17) Ɛnsɛ sɛ yɛma ‘ahonyade daadaa’ yɛn anaa yɛma “asetena mu dadwen” bunkam yɛn so. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn abusua ‘rentumi nso nkwa ankasa no mu denneennen,’ na eyi bɛma nkwa a yebenya wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no ho aba asɛm.—Mar. 4:19; Luka 21:34-36; 1 Tim. 6:19.

10. Adɛn nti na ɛbɛyɛ papa sɛ yɛrenyɛ biribi a ɛde ka bɛhyɛ yɛn kɔn?

10 Yehowa nim sɛ yehia sika kakra. Nanso sika ntumi mmɔ yɛn ho ban; mmom nyansa a efi Yehowa hɔ na ebetumi ayɛ saa. (Ɔsɛnk. 7:12; Luka 12:15) Nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔkɔ aburokyiri no pii ntumi nhu nea wɔde wɔn ho rekɔto mu. Afei nso biribiara nkyerɛ sɛ woduu hɔ ara na woanya adwuma reyɛ ma sika reba waawaa. Ɛtɔ da bi mpo a, wɔbɛkɔ no na asiane na ɛda hɔ retwɛn wɔn. Ebinom befi akwantu mu aba fie no na ɛka na ɛso wɔn. Ɛba saa a, bere a wɔde bɛsom Onyankopɔn no na wɔde resom wɔn a wɔde wɔn ka no. (Monkenkan Mmebusɛm 22:7.) Enti ne papa mu no, ɛnsɛ sɛ woyɛ biribi a ɛde ka bɛhyɛ wo kɔn.

11. Sɛ abusua bi tumi toto wɔn sikasɛm yiye a, ɔkwan bɛn so na ɛtew wɔn dadwen so?

11 Bere a Eduardo fi akwantu mu bae no, ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔtoto ne sikasɛm yiye na watumi ahwɛ n’abusua. Ɔne ne yere tena ase sesee nneɛma a wobehia ne sika a wɔbɛsɛe wɔ ho. Wotwitwaa nneɛma so koraa, enti nneɛma a kan na wɔtotɔ no, wogyae pii. Abusua no nyinaa gye toom, na wɔhwɛe sɛ wɔrentotɔ nneɛma biara a ɛho nhia. * Eduardo kae sɛ: “Yeyii yɛn mma fii sukuu a nkurɔfo atew a agye din (private school) de wɔn kɔɔ aban sukuu.” Ɔne ne n’abusua bɔɔ mpae sɛ Yehowa mmoa no na onnya adwuma a ɛrentwitware ne som mu. Yehowa tiee mpaebɔ no anaa?

12, 13. Dɛn na agya bi yɛe de boaa n’abusua, na ɔkwan bɛn so na Yehowa hyiraa no?

12 Eduardo kae sɛ: “Bere a mebae no, na nneɛma mu yɛ den paa. Mfe abien a edi kan no deɛ na minhu so koraa. Na m’akatua nye, enti sika kakra a mewɔ da hɔ no na na yɛde twitwa yɛn ho. Daa mefi adwuma bɛba fie no na mabubu. Nanso yɛantoto adesua mu, na daa na yebom kɔ asɛnka.” Eduardo bɔɔ ne tirim pɔw sɛ ɔrenyɛ adwuma biara a ɛbɛma watu kwan agyaw n’abusua hɔ. Ɔkae sɛ: “Misuaa nnwuma ahorow pii, enti sɛ ha anyɛ yiye a, na madan kɔ foforo so.”

Wubetumi asua nnwuma ahorow de ahwɛ w’abusua? (Hwɛ nkyekyɛm 12)

13 Ná Eduardo de ka bi a ɛsɛ sɛ otua, nanso na ontumi ntua no ntɛmtɛm, enti daa na nsiho no reyɛ kɛse. Nanso eyi anhaw Eduardo; nea na ɛyɛ no dɛ ne sɛ ɔne n’abusua abom resom Yehowa. Eyi na Yehowa hwehwɛ sɛ awofo yɛ. Eduardo kae sɛ: “Sɛ wokyɛ sika a na minya wɔ amannɔne no mu du a, seesei minnya emu biako mpo, nanso yemmua nna. ‘Yehowa nsa nyɛ tiaa.’ Yesii gyinae mpo sɛ yɛbɛyɛ akwampae adwuma no. Anigyesɛm ne  sɛ yefii akwampae adwuma ase no, ankyɛ na ɔman no sikasɛm fii ase yɛɛ yiye. Enti na ɛnyɛ den sɛ yɛn nsa bɛka nneɛma a yehia.”—Yes. 59:1.

BERE A ABUSUAFO REGUAN WO HO

14, 15. Sɛ abusuafo pɛ sɛ obi de honhom fam nneɛma sesa ahonyade a, dɛn na ɔbɛyɛ? Sɛ yɛyɛ nhwɛso pa a, dɛn na ebetumi afi mu aba?

14 Baabi wɔ hɔ a nnipa susuw sɛ ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔma wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo sika anaa akyɛde. Eduardo kae sɛ: “Ɛyɛ yɛn amammerɛ sɛ yɛbɛkyɛ afoforo ade, na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛbɛyɛ saa. Nanso ɛnyɛ biribiara na wubetumi ayɛ.” Eduardo ama n’abusuafo ahu sɛ kakra a obetumi ayɛ aboa wɔn deɛ ɔbɛyɛ, nanso ehia sɛ ɔhwɛ ne yere ne ne mma na wotumi som Yehowa yiye.

15 Ebinom nyaa kwan sɛ wɔbɛkɔ amannɔne, nanso wɔn yerenom ne wɔn mma nti, wɔankɔ. Saa ara na ebinom a wɔwɔ amannɔne sii gyinae sɛ wɔbɛba fie. Saafo no mu pii nnya no ahogono koraa. Abusuafo tu wɔn ano gu wɔn so na wɔka sɛ wɔadi abusua no huammɔ. Ebinom koraa ka sɛ wɔn tirim yɛ den na wɔmpɛ abusua no yiye. Nea enti a asɛm no haw abusuafo no ne sɛ wosusuw sɛ wɔama wɔn ano aduan abɔ wɔn. (Mmeb. 19:6, 7) Eduardo ba Anna kae sɛ: “Sɛ yɛamfa honhom fam nneɛma ansesa ahonyade a, ebia bere rekɔ so no abusuafo no bi behu sɛ yɛn som ne yɛn biribiara. Sɛ wutie abusuafo yɛ nea wɔbɛka biara a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔahu sɛ wo som ho hia wo.”—Fa toto 1 Petro 3:1, 2.

FA WO WERƐ HYƐ ONYANKOPƆN MU

16. (a) Ɔkwan bɛn so na obi betumi ‘de nsusuwii hunu adaadaa ne ho’? (Yak. 1:22) (b) Gyinaesi bɛn na Yehowa hyira so?

16 Onuawa bi gyaw ne kunu ne ne mma hɔ kɔɔ amannɔne. Bere a oduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no sɛ: “Yɛde nneɛma pii bɔɔ afɔre ansa na meretumi aba ha. Na me kunu yɛ asafo mu panyin, na akwantu yi nti ɔde ne mpanyinni too hɔ. Enti migye di paa sɛ Yehowa behyira akwantu yi so.” Sɛ wiase agyapade nti obi de hokwan a ɔwɔ wɔ asafo no mu to hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na asɔ Yehowa ani? Sɛ yesi gyinae a ɛne n’apɛde nhyia a, ɛbɛyɛ dɛn na obehyira yɛn? Nanso sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ Yehowa mu na yesi gyinae pa a, yebenya  n’anim dom.—Monkenkan Hebrifo 11:6; 1 Yohane 5:13-15.

17. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ ansa na yɛasi gyinae, na yɛbɛyɛ no sɛn?

17 Hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ ansa na woasi gyinae, na ɛnyɛ bere a woasi gyinae no awie. Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo honhom kronkron ne nyansa a ɛbɛkyerɛ wo kwan. (2 Tim. 1:7) Bisa wo ho sɛ: ‘Metie Yehowa wɔ biribiara mu anaa? Sɛ mpo merehyia ɔtaa a, metie no?’ Sɛ saa a, ɛnde sɛ ɔka sɛ wo ne w’abusua mmom ntena, na eyi bɛma wo sikasɛm aba fam mpo a, wubetie? (Luka 14:33) Hwehwɛ afotu fi mpanyimfo no hɔ na nya gyidi sɛ, sɛ wudi Yehowa akwankyerɛ akyi a, ɔno nso bedi ne bɔhyɛ so na waboa wo. Mpanyimfo no ntumi nsi gyinae mma wo, nanso wobetumi aboa wo ma woahu nea woyɛ a w’ani begye.—2 Kor. 1:24.

18. Hena na ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔhwɛ abusua no? Dɛn na afoforo betumi ayɛ de aboa?

18 Yehowa hwɛ kwan sɛ abusua ti biara bɛhwɛ n’abusua da biara. Sɛ kwan bi bue ma obi sɛ ɔbɛkɔ amannɔne anaa sɛ afoforo guan ne ho sɛ ɔnkɔ, na osi gyinae sɛ ɔrennyaw n’abusua hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛkamfo no na yɛbɔ mpae ma no. Sɛ atoyerɛnkyɛm si anaa yare bɔ yɛn nua bi mpofirim a, ɛyɛ hokwan a yɛde bɛkyerɛ yɛn dɔ. (Gal. 6:2, 5; 1 Pet. 3:8) Sɛ Kristoni bi ho kam saa a, wubetumi de sika aboa no? Anaa sɛ wuhu sɛ ohia adwuma bi ayɛ a, wubetumi aboa no ma wahwehwɛ bi? Sɛ woyɛ saa a, ebia ɛremma n’adwenem sɛ obegyaw n’abusua hɔ akɔhwehwɛ adwuma wɔ baabi.—Mmeb. 3:27, 28; 1 Yoh. 3:17.

KAE SƐ YEHOWA NE WO BOAFO!

19, 20. Adɛn nti na Kristofo betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa wɔn?

19 Bible ka sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo asetena mu, na momma nea mowɔ no ara nnɔɔso mma mo. Na waka sɛ: ‘Merennyaw wo na merempa wo nso da.’ Ɛma yenya akokoduru ka sɛ: ‘Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?’” (Heb. 13:5, 6) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ asɛm yi yɛ nokware?

20 Asɛm a asafo mu panyin bi kae ma yehu nokwasɛm bi. Ɔpanyin yi wɔ ɔman bi a wodi hia mu, na ɔkae sɛ: “Nkurɔfo taa ka sɛ Yehowa Adansefo deɛ daa na wɔn ani agye. Wohu nso sɛ Adansefo a ahia wɔn mpo siesie wɔn ho kama na wuhu wɔn a wobɛka sɛ wodi yiye sen afoforo.” Eyi ara na Yesu hyɛɛ bɔ sɛ wɔn a wɔde Ahenni no bedi kan no benya. (Mat. 6:28-30, 33) Yɛn soro Agya Yehowa dɔ wo na ɔpɛ sɛ esi wo ne wo mma yiye. Bible ka sɛ, ‘Yehowa de n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.’ (2 Be. 16:9) Yehowa akyerɛ yɛn kwan a yɛbɛfa so ahwɛ yɛn mmusua na yɛn nsa aka nea yehia. Sɛ yedi so a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no na yɛwɔ ne mu gyidi. Efisɛ “eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den.”—1 Yoh. 5:3.

21, 22. Adɛn nti na woasi wo bo sɛ wode wo werɛ bɛhyɛ Yehowa mu?

21 Eduardo kae sɛ: “Bere a migyaw me yere ne me mma hɔ kɔtena amannɔne no deɛ, merentumi nyɛ ho hwee. Nea mmoa adi no, wonni nkɔ. Wɔn a na me ne wɔn yɛ adwuma no pii anya wɔn ho, nanso wonni anigye. Ɔhaw a wɔn mmusua refa mu no nyɛ asɛm ketewa. Nanso me ne me yere ne me mma ani gye paa! Na nea ɛyɛ me anika koraa ne sɛ anuanom a wɔwɔ yɛn man yi mu nni bi, nanso wɔntoto Yehowa som ase koraa. Yɛn nyinaa ahu sɛ asɛm a Yesu kae no yɛ nokware.”—Monkenkan Mateo 6:33.

22 Enti nya akokoduru! Tie Yehowa na fa wo werɛ hyɛ ne mu. Sɛ wodɔ Onyankopɔn, na wodɔ wo yere ne wo mma a, ɛbɛka wo ma woahwɛ w’abusua yiye. Woyɛ saa a, wubehu sɛ ‘Yehowa ne wo boafo’ ampa.

^ nky. 1 Wɔasesa din ahorow no.

^ nky. 11 Hwɛ asɛm a wɔato din “How to Manage Money” (“Sɛnea Wobɛtoto Wo Sikasɛm”) wɔ September 2011 Nyan! (Borɔfo de no) mu.