Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | HENA NA ONIM DAAKYE ASƐM?

Ebi Tumi Ba Mu, Nanso Nea Ɛmma Mu na Ɛdɔɔso

Ebi Tumi Ba Mu, Nanso Nea Ɛmma Mu na Ɛdɔɔso

Wuhu nea ɛbɛto wo daakye a, anka wompɛ? Daakye asɛm hia nkurɔfo paa. Nnipa pii ka nea ɛbɛba daakye. Ebi ba mu, ebi nso mma mu. Ma yɛnhwɛ bi:

  • NYANSAHUFO de sika pii ne abɛɛfo mfiri yɛ nhwehwɛmu de kyerɛ sɛnea nneɛma bi bɛyɛ daakye. Wotumi kyerɛ ɔhaw a efĩ de bɛba asase so daakye, na wotumi ka sɛ ebia ade kye a, osu bɛtɔ wɔ baabi a wote no.

  • NHWEHWƐMUFO pii ka nea ebesi daakye wɔ nnwuma ne amanyɔsɛm mu. Wɔn mu biako ne Warren Buffett. Sɛ wɔka asikafo paa a wɔwɔ wiase a, ɔka ho. Otumi hu sie sɛ ɔde ne sika hyɛ adwuma bi mu a, ɛbɛkɔ yiye. Enti ebinom frɛ no nkɔmhyɛfo. Nhwehwɛmufo bi nso a wɔfrɛ no Nate Silver tumi hwehwɛ kyerɛwtohɔ ne nkontaabu mu kyerɛ nneɛma a ebesisi daakye. Ɔka ara ka nea ebesi wɔ Amerika amanyɔsɛm mu ne wɔn a wobenya sini mu abasobɔde wɔ Hollywood.

  • TETE NNEƐMA bi wɔ hɔ a, ebinom fa no sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ. Ebi ne nsɛm a ɔbarima bi a wɔfrɛ no Michel de Notredame (Nostradamus) kyerɛw too hɔ. Ɔtenaa ase bɛboro mfe 400 ni. Nsɛm a ɔkyerɛwee no, obiara kan a ɛsono sɛnea ɔte ase, nanso ebinom gye di sɛ nea ɔkyerɛwee no yɛ nkɔmhyɛ a yehu sɛ ɛreba mu nnɛ. Biribi foforo nso a ebinom kyerɛe sɛ ɛka daakye asɛm ne nea wɔfrɛ no Maya kalenda. Saa kalenda no, ebinom de buu mmere besii December 21, 2012, na wɔkyerɛe sɛ nsɛm akɛseakɛse besisi saa da no.

  • NYAMESOM MPANYIMFO nso, ɛtɔ da a wɔhyɛ nkɔm sɛ atoyerɛnkyɛm bi besi. Wɔyɛ saa de bɔ nkurɔfo kɔkɔ na wɔde twe nnipa di wɔn akyi. Harold Camping yɛ odiyifo bi a ɔne ne nkurɔfo hyɛɛ nkɔm yɛɛ dede sɛ wiase bɛsɛe wɔ afe 2011 mu. Wiase nso na atena hɔ ara abesi nnɛ yi.

  • WƆN A WƆKA SUNSUM MU ASƐM ka sɛ wɔwɔ tumi soronko a ɛma wotumi hu nea ebesi daakye. Edgar Cayce ne Jeane Dixon nso hyehyɛɛ nkɔm sɛ nneɛma bi besisi wɔ Wiase Ko II akyi. Ebi baa mu, nanso fã kɛse no ara na amma mu. Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, Dixon kaa sɛ Wiase Ko III bɛba afe 1958, na Cayce nso kaa sɛ bɛyɛ afe 1975 mu no, ɛpo bɛfa New York kurow no nyinaa.

Ɔkwan bi wɔ hɔ a yɛbɛfa so ahu nea ebesi daakye pɛpɛɛpɛ anaa? Obi bisa saa a, odi bisa. Sɛ wuhu nea ɛbɛba daakye a, anka w’asetena betumi asesa koraa.