Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 TETE WƆ BI KA

“Otwa Adwuma no Nsae Koraa”

“Otwa Adwuma no Nsae Koraa”

George Young koduu Rio de Janeiro March 1923

NÁ ƐYƐ afe 1923. Asa bi a ɛwɔ sukuu bi mu wɔ São Paulo ayɛ ma be! George Young rekasa, na obi rekyerɛ ne kasa no ase kɔ Portuguese kasa mu. Nnipa 585 awɛn wɔn aso retie. Wɔde afiri retwa kyerɛw nsɛm a ɛwɔ Portuguese kasa mu gu dan ho ma atiefo hu. Owiee ɔkasa no, wɔkyekyɛɛ nhoma a wɔato din Millions Now Living Will Never Die! (Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ no Renwu Da!) no ɔha maa atiefo. Na ebi nso wɔ Borɔfo, German, ne Italia kasa mu. Nkurɔfo tiee kasa no guu aso pa mu, efisɛ ɛho asɛm tennee. Nnansa akyi no, nnipa san bɛhyɛɛ asa no so ma tiee ɔkasa foforo. Dɛn na ɛkɔkanyan eyi nyinaa?

Afe 1867 no, Sarah Bellona Ferguson ne n’abusua tu fii United States kɔtenaa Brazil. Afe 1899 no, Sarah kenkan asafo nhoma bi a ne nuabarima de fi United States baa Brazil. Ɔkan wiei no, ogye toom sɛ wahu nokware no. Na ɔpɛ akenkan paa, enti ɔkraa Borɔfo Ɔwɛn-Aban no bi. Bible mu asɛm no kaa ne koma paa, na ɔkyerɛw Onua C. T. Russell. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔno a wahu nokware no “yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ obi hyɛ tokuro mu koraa a, obetumi ate asɛm no.”

Can the Living Talk With the Dead? (Portuguese)

Sarah Ferguson yɛɛ nea obetumi biara kaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Nanso na ɔtaa bisa ne ho sɛ, ‘Hena koraa na ɔbɛba abɛboa me ne m’abusua ne nnipa a wɔwɔ Brazil ma yɛate asɛm no ase yiye’? Afe 1912 no, Brooklyn Betel ne Sarah dii nkitaho sɛ obi de kratawa a wɔato din Where Are the Dead? (Ɛhe na Awufo Wɔ?) no mpempem a ɛwɔ Portuguese kasa mu reba São Paulo. Afe 1915 no, ɔkae sɛ na asɛm bi yɛ no nwonwa. Ohui sɛ sɛɛ na Bible Asuafo no pii rehwɛ kwan sɛ wɔbɛba abɛfa wɔn akɔ soro. Ɔkyerɛwee sɛ: “Brazil ne South America nyinaa nso ɛ? . . . South America sõ paa, na ɛno nko ara mpo kyerɛ sɛ otwa adwuma no nsae  koraa.” Ampa na otwa adwuma kɛse da hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ!

Bɛyɛ 1920 hɔ baabi no, Brazilfo nwɔtwe bi a wɔyɛ adwuma wɔ po so hyɛn mu kɔɔ asafo nhyiam wɔ New York City. Saa bere no na hyɛn no asɛe ma wɔresiesie. Bere a wɔsan kɔɔ Rio de Janeiro no, wɔkaa nokware a wɔahu no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Ɛno akyi bere tiaa bi wɔ March 1923 mu no, George Young a na ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo baa Rio de Janeiro, na onyaa nnipa pii ma wotiee asɛm no. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔkyerɛɛ yɛn nhoma no bi ase kɔɔ Portuguese kasa mu. Ankyɛ na Onua Young kɔɔ São Paulo. Na nnipa bɛyɛ 600,000 na wɔwɔ kurow no mu. Ɔmaa ɔkasa wɔ hɔ na ɔkyekyɛɛ Millions nhomawa no pii. Ɔkasa yi ho asɛm na yɛkaa no mfiase no. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Me nko ara na na mereyɛ adwuma no, enti memaa wɔbɔɔ ɔkasa no ho dawuru wɔ atesɛm nkrataa mu.” Ɔtoaa so sɛ: “Eyi ne bere a edi kan a na wɔrebɔ I.B.S.A. kasa no ho dawuru wɔ atesɛm krataa mu wɔ Brazil.” *

Bere a Onua Young rekasa no, wɔde afiri twaa kyerɛw nsɛm guu dan ho

December 15, 1923, Watch Tower no kaa Brazil ho asɛm sɛ: “Yefii adwuma no ase June 1, na saa bere no na nhoma biara nni hɔ. Nanso bere tiaa yi mu no, nkɔso pii aba. Eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ paa sɛ Awurade ahyira adwuma no so.” Amanneɛbɔ no kae sɛ efi June 1 kosi September 30 no, Onua Young maa baguam kasa 21, na ɔmaa emu 2 wɔ São Paulo. Sɛ wɔka nnipa a wotiee ne kasa no bom a, wɔn dodow yɛ 3,600. Nkakrankakra Ahenni ho asɛmpa no hyetae wɔ Rio de Janeiro nso. Bosome kakra bi ntam no, wɔkyekyɛɛ yɛn nhoma no bɛboro 7,000 wɔ Portuguese kasa mu wɔ hɔ. Bio, wofii ase kyerɛɛ Ɔwɛn-Aban no ase kɔɔ Portuguese kasa mu. Nea edii kan bae ne November-December 1923 deɛ no.

Sarah Bellona Ferguson, ɔno na odii kan kraa Borɔfo Ɔwɛn-Aban wɔ Brazil

Onua Young kɔɔ Sarah Ferguson fie. Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Bere a onuawa no baa asa no so no, na onhu nea ɔnka. Osoo Onua Young nsa hwɛɛ n’anim hãã, na ɔkae sɛ: ‘Ampa ara sɛ woyɛ ɔhwɛfo kwantufo?’” Ankyɛ na ɔne ne mma no bi bɔɔ asu. Nokwasɛm ne sɛ na wɔatwɛn mfe 25 sɛ ɔbɛbɔ asu! August 1, 1924, Ɔwɛn-Aban no kae sɛ wɔbɔɔ nnipa 50 asu wɔ Brazil; na wɔn mu dodow no ara wɔ Rio de Janeiro.

Seesei mfe 90 atwam, na wohwɛ nnipa dodow a wɔagye nokware no a, ɛho nhia sɛ yebisa sɛ: “Brazil ne South America nyinaa nso ɛ?” Ɛnnɛ Yehowa Adansefo bɛboro 760,000 reka asɛmpa no wɔ Brazil. Sɛ yɛhwɛ South America nyinaa a, wɔreka Ahenni ho asɛmpa no wɔ Portuguese, Spanish ne kasa pii mu. Afe 1915 no, Sarah Ferguson kae a ɔmmoa sɛ, “Otwa adwuma no nsae koraa.”—Efi Brazil.

^ nky. 6 I.B.S.A. gyina hɔ ma International Bible Students Association (anaa Bible Asuafo).