Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Dɔ Yehowa Wo Nyankopɔn”

“Dɔ Yehowa Wo Nyankopɔn”

“Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”MAT. 22:37.

1. Ɛyɛɛ dɛn na ɔdɔ a ɛwɔ Onyankopɔn ne ne Ba no ntam yɛɛ kɛse?

BERE bi Yesu kyerɛɛ sɛnea ɔne n’Agya ntam te. Ɔkae sɛ: “Medɔ Agya no,” na “Agya no pɛ Ɔba no asɛm.” (Yoh. 5:20; 14:31) Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa, efisɛ ansa na Yesu reba asase so no, na ɔne n’Agya abom ayɛ adwuma mfe deɛ enni hɔ. Enti Bible frɛ Yesu “odwumayɛni a ne ho akokwaw.” (Mmeb. 8:30) Saa bere no nyinaa Yesu suaa nneɛma pii fii n’Agya hɔ, na ɛmaa ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no yɛɛ kɛse.

2. (a) Sɛ obi dɔ obi a, ɛkyerɛ sɛn? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Sɛ obi dɔ obi a, ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ n’asɛm paa. Odwontofo Dawid kae sɛ: “Mɛdɔ wo, O Yehowa, m’ahoɔden.” (Dw. 18:1) Eyi kyerɛ sɛ na Dawid pɛ Yehowa asɛm, na saa na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ. Asɛm no ne sɛ Yehowa ankasa pɛ yɛn asɛm. Sɛ yɛyɛ aso ma Yehowa a, ɔno nso bɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. (Monkenkan Deuteronomium 7:12, 13.) Yenhu Onyankopɔn, enti yɛbɛyɛ dɛn adɔ no? Ɛnde, sɛ yɛka sɛ obi dɔ Yehowa a, ɛkyerɛ sɛn? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛdɔ no? Na dɛn na yɛde bɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no?

NEA ENTI A YEBETUMI ADƆ ONYANKOPƆN

3, 4. Adɛn nti na yebetumi adɔ Yehowa?

3 “Onyankopɔn yɛ Honhom,” enti yentumi nhu no. (Yoh. 4:24) Nanso yebetumi adɔ Yehowa. Nokwasɛm ni, Bible ka sɛ  yɛnnɔ no. Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”—Deut. 6:5.

4 Yebetumi ayi yɛn yam adɔ Onyankopɔn. Adɛn ntia? Ɔno na ɔbɔɔ yɛn, na ɔde biribi adua yɛn mu a ɛma yɛte wɔ yɛn mu sɛ yɛnsom no. Bio nso, ɔde ɔdɔ bɔɔ yɛn. Sɛ yehu Yehowa yiye a, ɛma yɛdɔ no paa, na ɛno nso ma yɛn ani gye. Enti Yesu kae a ɔmmoa sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mat. 5:3) Owura bi a ɔde A. C. Morrison kyerɛw sɛ: “Biribi wɔ nnipa ho a ɛyɛ nwonwa paa: Wofi atifi oo, wofi anafo oo, apuei oo, atɔe oo, nnipa gye di sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ n’akyi kwan.”—Man Does Not Stand Alone.

5. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛnyɛ beresɛe sɛ yɛbɛhwehwɛ Onyankopɔn?

5 Ɛyɛ beresɛe sɛ obi bɛhwehwɛ Onyankopɔn anaa? Dabida! Nokwasɛm ne sɛ ɔno ankasa pɛ sɛ yehu no. Ɔsomafo Paulo sii eyi so dua bere a ɔredi nnipa bi adanse wɔ Areopago no. Na ɛhɔ bɛn tete Atene nyame bi a ɔde Athena asɔrefie. Wo deɛ fa no sɛ wowɔ hɔ bi na Paulo kae sɛ: “Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne nea ɛwɔ mu nyinaa no” nte “asɔredan a wɔde nsa ayɛ mu.” Paulo de kaa ho sɛ Onyankopɔn na “ɔyɛɛ nnipa aman nyinaa fii onipa biako mu sɛ wɔntena asase nyinaa so, na ɔhyɛɛ mmere too hɔ de ahye nso totoo nnipa tenabea, na wɔapɛ Onyankopɔn akyi kwan, ahwehwɛ no denneennen kosi sɛ wobehu no, nanso nokwasɛm ne sɛ ɔne yɛn mu biara ntam nware.” (Aso. 17:24-27) Enti emu da hɔ fann; nnipa betumi ahwehwɛ Onyankopɔn ahu no. Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem nson ne fã ahu no, na wɔdɔ no paa.

SƐ OBI DƆ ONYANKOPƆN A, ƐKYERƐ SƐN?

6. Yesu kae sɛ dɛn ne “ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen ne nyinaa ne nea edi kan”?

6 Sɛ yɛka sɛ yɛdɔ Yehowa a, ɛnyɛ yɛn ano ne asɛm no, na mmom ɛsɛ sɛ efi yɛn komam. Bere bi Farisini bi bisaa Yesu asɛm, na mmuae a ɔde maa no no boa ma yɛte nea yɛreka yi ase. Farisini no bisae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, Mmara no mu ahyɛde bɛn na ɛyɛ kɛse?” Ɛnna Yesu buae sɛ: “‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Eyi ne ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen ne nyinaa ne nea edi kan.”—Mat. 22:34-38.

7. Sɛ wɔka sɛ yɛmfa (a) yɛn “koma nyinaa” (b) yɛn “kra nyinaa” (d) yɛn ‘adwene nyinaa’ nnɔ Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛn?

7 Sɛ Yesu ka sɛ yɛmfa yɛn “koma nyinaa” nnɔ Onyankopɔn a, dɛn na ɛkyerɛ? “Koma” a Yesu kaa ho asɛm no gyina hɔ ma nea yɛpɛ ne nea yɛn kɔn dɔ. Saa koma no na Yesu se yɛmfa ne nyinaa nnɔ Onyankopɔn. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn “kra nyinaa” dɔ Onyankopɔn. Eyi nso kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nipa mũ no nyinaa ne yɛn nkwa dɔ no. Saa ara nso na Yesu kae sɛ yɛmfa yɛn ‘adwene nyinaa’ nnɔ Onyankopɔn. “Adwene” a ɔreka ho asɛm no kyerɛ yɛn nsusuwii nyinaa. Ne tiawa mu no, nea Yesu repɛ akyerɛ ara ne sɛ yɛmfa yɛn biribiara nnɔ Yehowa, ɛnsɛ sɛ yegyaw bi.

8. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn paa a, dɛn na yɛbɛyɛ?

8 Sɛ ɛyɛ nokware paa sɛ yɛde yɛn koma, yɛn kra, ne yɛn adwene nyinaa dɔ Onyankopɔn a, ɛnde yebesua n’Asɛm daa. Bio yɛbɛyɛ biribiara a ɔbɛka akyerɛ yɛn, na yɛde nsi ne ahokeka aka Ahenni ho asɛmpa no. (Mat. 24:14; Rom. 12:1, 2) Eyi nyinaa kyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa, na ɛbɛka yɛn afam ne ho papee. (Yak. 4:8) Sɛ yɛse yɛreka nneɛma mmaako mmaako nti a ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, anka adagyew bɛbɔ yɛn. Nanso momma yensusuw emu kakra ho.

 NEA ENTI A ƐSƐ SƐ YƐDƆ YEHOWA

9. Adɛn nti na wodɔ Yehowa?

9 Yehowa ne yɛn Bɔfo na ɔma yɛn nea yehia biara. Paulo kae sɛ: “Ɛnam no so na yɛwɔ nkwa na yɛkeka yɛn ho na yɛwɔ hɔ.” (Aso. 17:28) Yehowa ayɛ asase fɛfɛɛfɛ ama yɛn sɛ yɛntena so. (Dw. 115:16) Bio, ɔma yɛn aduan ne nneɛma foforo a yehia na yɛatumi atena nkwa mu. Enti Paulo ka kyerɛɛ Listrafo abosonsomfo no sɛ, ‘Onyankopɔn teasefo no annyae ne ho adansedi efisɛ ɔyɛɛ papa, maa mo osu fii soro ne mmere a aduan ba, na ɔde aduan ne abotɔyam hyɛɛ mo koma mã.’ (Aso. 14:15-17) Sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛn Bɔfo Kɛse no yi ne yam ma yɛn biribiara a yehia a, eyi nko ara mpo nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛdɔ no anaa?—Ɔsɛnk. 12:1.

10. Sɛ yɛhwɛ nea Onyankopɔn ayɛ a ɔde beyi bɔne ne owu afi hɔ a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn sɛn?

10 Onyankopɔn beyi bɔne ne owuo a Adam de gyaw yɛn no afi hɔ. (Rom. 5:12) Bible ka sɛ: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Rom. 5:8) Sɛ yenu yɛn ho fi yɛn bɔne ho na yenya Yesu agyede afɔre no mu gyidi a, Yehowa de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn. Eyi nyinaa ka yɛn ma yɛdɔ no.—Yoh. 3:16.

11, 12. Anidaso nwonwaso bɛn na Yehowa ama yɛanya?

11 Yehowa ‘ama yɛn anidaso, na eyi ma yenya anigye ne asomdwoe.’ (Rom. 15:13) Sɛ yɛn gyidi nti yehu amane a, saa anidaso yi na ɛbɔ yɛn kyidɔm. Kristofo a wɔasra wɔn a ‘wobedi nokware akosi owu mu no benya nkwa abotiri.’ (Adi. 2:10) Saa ara na anokwafo a aka no nso wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena Paradise asase so afebɔɔ. (Luka 23:43) Sɛ wohwɛ anidaso nwonwaso a ɛte saa a, ɛka wo sɛn? Eyi mma w’ani nnye na wo koma ntɔ wo yam anaa? Anokwa, wohwɛ eyi nyinaa, ɛma wodɔ Onyankopɔn a ɔma yɛn “akyɛde pa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ biara” no.—Yak. 1:17.

12 Onyankopɔn ama yɛanya anidaso sɛ awufo bɛsɔre. (Aso. 24:15) Sɛ yɛn biribi wu a, yedi yaw paa, nanso yɛwɔ anidaso sɛ Onyankopɔn benyan awufo, enti ‘yenni awerɛhow sɛnea wɔn a aka a wonni anidaso yɛ no.’ (1 Tes. 4:13) Yehowa Nyankopɔn dɔ yɛn, enti ne ho pere no mpo sɛ obenyan awufo, ɛnkanka anokwafo te sɛ Hiob. (Hiob 14:15) Hwɛ sɛ wɔanyan awufo na wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo reyɛ wɔn atuu! Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ! Sɛ saa anidaso yi anka yɛn amma yɛannɔ yɛn soro Agya Yehowa a, dɛn bio?

13. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho?

13 Yehowa dwen yɛn ho. (Monkenkan Dwom 34:6, 18, 19; 1 Petro 5:6, 7.) Yenim sɛ Onyankopɔn ayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn a wodi no nokware, enti yɛmmɔ hu. Nokwasɛm ne sɛ yɛyɛ ‘n’adidibea nguan.’ (Dw. 79:13) Wo deɛ hwɛ nea Onyankopɔn bɛyɛ ama yɛn daakye! Wapaw Yesu Kristo sɛ n’Ahenni no so hene, na ɔnam ne so beyi basabasayɛ, nhyɛso, ne amumɔyɛsɛm nyinaa afi hɔ. Afei obehyira adesamma asoɔmmerɛwfo na wɔanya asomdwoe ne anigye daa. (Dw. 72:7, 12-14, 16) Sɛ yedwinnwen eyi nyinaa ho a, ɛnka yɛn mma yɛmfa yɛn koma, yɛn kra, yɛn ahoɔden, ne yɛn adwene nyinaa nnɔ yɛn Nyankopɔn Yamyefo Yehowa anaa?—Luka 10:27.

14. Hokwan kɛse bɛn na Onyankopɔn de adom yɛn?

14 Yehowa de hokwan kɛse bi adom yɛn: Yɛyɛ n’Adansefo. (Yes. 43:10-12) Onyankopɔn de hokwan yi adom yɛn sɛ yɛntaa n’Ahenni no akyi na yɛnka nneɛma pa a ɛbɛba daakye nkyerɛ nnipa a wɔn anidaso asa. Yɛdɔ Onyankopɔn sɛ woama yɛn akwannya a ɛte saa. Sɛ yɛredi nkurɔfo adanse a, yɛde gyidi ne ahotoso na ɛyɛ saa. Adɛn ntia? Efisɛ asɛmpa a yɛka no fi Onyankopɔn Asɛm Bible mu, na ne bɔhyɛ  biara nni hɔ a ɛmmam. (Monkenkan Yosua 21:45; 23:14.) Sɛ yɛse yɛreka nea nti a yɛdɔ Yehowa ne nhyira a wama yɛanya mmaako mmaako a, yɛrenka nwie nnɛ. Ɛnde, dɛn na yɛde bɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no?

DƐN NA YƐDE BƐKYERƐ SƐ YƐDƆ ONYANKOPƆN?

15. Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm na yɛde bɔ yɛn bra a, ɛboa yɛn sɛn?

15 Sua Onyankopɔn Asɛm daa, na fa bɔ wo bra. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa, na yɛpɛ sɛ n’asɛm yɛ yɛn “kwan so hann.” (Dw. 119:105) Sɛ biribi reteetee yɛn na yennya yɛn ho twabere a, Bible mu asɛm yi betumi akyekye yɛn werɛ: “O Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.” (Dw. 51:17) Dwom 94:18, 19 nso ka sɛ: “O Yehowa, w’adɔe na ɛwowaw me. Sɛ me mu dadwen yɛ bebree a, w’awerɛkyekye na ɛma me kra ani gye.” Yehowa hu abrɛfo mmɔbɔ. Nnipa asɛm yɛ Yesu nso mmɔbɔ. (Yes. 49:13; Mat. 15:32) Sɛ yegye bere sua Bible a, yehu paa sɛ Yehowa dɔ yɛn. Eyi ma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu yɛ den.

16. Adɛn nti na yɛbɔ mpae daa a, ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn mu ayɛ den?

16 Bɔ Onyankopɔn mpae daa. Sɛ yɛbɔ mpae a, ɛka yɛn bɛn Onyankopɔn efisɛ ɔno ne “mpaebɔ Tiefo.” (Dw. 65:2) Sɛ yehu sɛ Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ a, ɛma yɛdɔ no. Wo deɛ hwɛ, wonhyɛɛ no nsow sɛ Onyankopɔn mma wɔnsɔ yɛn nhwɛ ntra nea yebetumi? (1 Kor. 10:13) Sɛ biribi haw yɛn na yehwie yɛn komam asɛm gu Yehowa anim a, yehu sɛ yɛn ho adwo yɛn fɔmm. Ampa, “Onyankopɔn asomdwoe” bɔ yɛn ho ban. (Filip. 4:6, 7) Ɛtɔ da a, yɛbɛbɔ mpae wɔ yɛn tirim sɛnea Nehemia yɛe no, nanso wobɛhwɛ na Yehowa abua. (Neh. 2:1-6) Hwɛ sɛ daa wobɔ mpae na Yehowa kɔ so bua wo mpaebɔ! Wunnye nni sɛ ɛbɛma ɔdɔ a wowɔ ma no no mu ayɛ den? Bio, sɛ yehu sɛ Yehowa tie yɛn mpaebɔ a, bere biara a yebehyia sɔhwɛ bi no, yebenya ahotoso sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛagyina mu.—Rom. 12:12.

17. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, sɛn na yebebu asafo nhyiam?

17 Kɔ asafo nhyiam, amansin ne amantam nhyiam daa. (Heb. 10:24, 25) Tete bere mu no, na Israelfo hyiam tie  Yehowa asɛm sua ne ho ade sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nidi ama no na wɔadi ne Mmara so. (Deut. 31:12) Ɛnnɛ nso Onyankopɔn aka sɛ yenhyiam, enti sɛ yɛdɔ no paa a, ɛrenyɛ den sɛ yebedi ahyɛde yi so. (Monkenkan 1 Yohane 5:3.) Momma yɛnhwɛ na yɛanyɛ biribiara a ɛbɛkyerɛ sɛ yebu adesua anaa nhyiam a yɛkɔ no adewa. Bere a yesuaa nokware no, yenyaa ɔdɔ maa Yehowa. Ɛnde, momma yensi yɛn bo sɛ yɛremma biribiara nnwudwo saa ɔdɔ no ano.—Adi. 2:4.

18. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ka yɛn ma yɛyɛ dɛn?

18 Fa nsi ne ahokeka ka “asɛmpa no ho nokware” kyerɛ afoforo. (Gal. 2:5) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ka yɛn ma yɛka Mesia Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. Edu Harmagedon a, ɔhene a Onyankopɔn apaw no no ‘bɛtena pɔnkɔ so ama nokwaredi.’ (Dw. 45:4; Adi. 16:14, 16) Anokwa, ɛyɛ hokwan kɛse paa sɛ yɛbɛboa nnipa ma wɔahu ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ne wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no. Ɛnyɛ yɛn dɛ sɛ yɛanya hokwan a ɛte saa?—Mat. 28:19, 20.

19. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ dwuma a Yehowa de asafo mu mpanyimfo redi no?

19 Kyerɛ sɛ w’ani sɔ dwuma a Onyankopɔn de asafo mu mpanyimfo redi. (Aso. 20:28) Yehowa dwen yɛn ho na ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye. Eyi nti na ɔde mpanyimfo ama yɛn. Mpanyimfo no te sɛ “mframa ano hintabea ne ahum ano guankɔbea, asase kesee so nsuten ne asase wosee so botan kɛse onwini.” (Yes. 32:1, 2) Hwɛ sɛ osuframa kɛse bi rebɔ na woanya baabi akohintaw! Anaa hwɛ sɛ owia kataban bi rebɔ na woanya ɔbotan bi nwini mu agyina! Mfatoho yi ma yehu mmoa a mpanyimfo de ma yɛn. Nokwasɛm ne sɛ bere a wiase haw ne abɛbrɛsɛ dokoro yɛn no, mpanyimfo no hyɛ yɛn nkuran ma yetumi som Yehowa. Eyi ma yɛn ho bae yɛn. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma mpanyimfo no na yegye tom sɛ wɔyɛ “akyɛde” a Onyankopɔn de ama yɛn a, na yɛreda no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne Kristo a ɔyɛ asafo no Ti no.—Efe. 4:8; 5:23; Heb. 13:17.

Yehowa ama yɛn mpanyimfo a wɔn ani ku yɛn ho (Hwɛ nkyekyɛm 19)

MMA ƆDƆ A WOWƆ MA ONYANKOPƆN NO NNTƆ APE

20. Sɛ wodɔ Onyankopɔn ampa a, Yakobo 1:22-25 bɛka wo sɛn?

20 Sɛ wubetumi de wo nsa asi wo bo aka paa sɛ wodɔ Yehowa a, ɛnde ‘wobɛyɛ asɛm no yɛfo, na ɛnyɛ otiefo nko.’ (Monkenkan Yakobo 1:22-25.) Obi a ɔyɛ “asɛm no yɛfo” wɔ gyidi, na ɔde ne nnwuma kyerɛ saa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, obi a ɔte saa de nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no, na sɛ ɔkɔ asafo nhyiam a, ɔma mmuae de hyɛ ne nuanom den. Sɛ wopɛ sɛ wone Yehowa adamfofa mu yɛ den a, wubedi ne “mmara a ɛyɛ pɛ” no so. Eyi kyerɛ sɛ nea ɔbɛka biara ɛsɛ sɛ wutie.—Dw. 19:7-11.

21. Dɛn na yebetumi de yɛn mpaebɔ atoto ho?

21 Sɛ yɛdɔ Yehowa Nyankopɔn a, yɛrentwentwɛn yɛn nan ase koraa sɛ yɛbɛbɔ no mpae. Tete Israel no, na asɔfo hye aduhuam ma Yehowa daa. Ɔhene Dawid de ne mpaebɔ totoo aduhuam ho, na ɔkae sɛ: “Ma me mpaebɔ nyɛ sɛ aduhuam wɔ w’anim, na me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere aduan afɔre.” (Dw. 141:2; Ex. 30:7, 8) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛde yɛn abisade ne nkotɔsrɛ ba Onyankopɔn anim, na yɛkamfo no da no ase a, yɛn mpaebɔ bɛyɛ sɛ aduhuam, na Yehowa ani bɛsɔ.—Adi. 5:8.

22. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

22 Yesu kae sɛ yɛnnɔ Yehowa na ‘yɛnnɔ yɛn yɔnko sɛ yɛn ho.’ (Mat. 22:37-39) Sɛ yɛdɔ Yehowa na n’Asɛm da yɛn koma so a, ɛbɛka yɛn ma yɛadɔ yɛn yɔnko nipa. Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.