Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mobɛyɛ M’adansefo”

“Mobɛyɛ M’adansefo”

‘Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mobɛyɛ m’adansefo de akɔ asase ano nohoa.”’ASO. 1:7, 8.

1, 2. (a) Hena ne Yehowa dansefo kunini no? (b) Edin Yesu no kyerɛ sɛn? Dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ edin no fata no?

BERE a Yesu Kristo gyina Roma amrado Pontio Pilato anim no, ɔkae sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na eyi nti na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Monkenkan Yohane 18:33-37.) Na Yesu aka akyerɛ no sɛ ɔyɛ ɔhene. Mfe bi akyi no, ɔsomafo Paulo kae sɛ Yesu ne ɔdansefo a “ogyinaa Pontio Pilato anim de mpaemuka pa mae.” (1 Tim. 6:13) Na egye akokoduru na Yesu atumi ayɛ saa. Ɛnnɛ yɛte Satan wiase a nitan ahyɛ mu mã mu, enti egye akokoduru na yɛn nso yɛatumi ayɛ ‘adansefo anokwafo.’Adi. 3:14.

2 Na Yuda man no nyinaa yɛ Yehowa adansefo. Wɔwoo Yesu too Yudafo mu, enti na ɔno nso yɛ Yehowa dansefo. (Yes. 43:10) Yesu bɛyɛɛ ɔdansefo a ɔsen biara a Onyankopɔn din da ne so. Ansa na wɔrewo Yesu no, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ ne papa Yosef sɛ honhom kronkron bɛma Maria anyinsɛn awo ɔbabarima na “ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne manfo afi wɔn bɔne mu.” (Mat. 1:20, 21) Nhomanimfo pii gye tom sɛ edin Yesu no fi Hebri din Yesua mu, na ɛkyerɛ “Yehowa Ne Nkwagye.” Yesu daa no adi sɛ edin a Onyankopɔn de ama no no fata no. Sɛ yɛbɛyɛ  nhwɛso a, Yesu boaa “Israel fie nguan a wɔayera” no sɛnea wɔbɛsakra afi wɔn bɔne ho na wɔanya Yehowa anim dom. (Mat. 10:6; 15:24; Luka 19:10) Enti Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm abran so. Marko kyerɛwee sɛ: “Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa Onyankopɔn ho asɛmpa, na ɔkae sɛ: ‘Bere a wɔahyɛ no adu, na Onyankopɔn ahenni abɛn. Monsakra mo adwene na munnye asɛmpa no nni.’” (Mar. 1:14, 15) Bio, na Yesu nsuro sɛ ɔbɛpa Yudafo nyamesom akannifo no ho ntama. Eyi ka ho bi na wɔbɔɔ no asɛnduam.Mar. 11:17, 18; 15:1-15.

“ONYANKOPƆN NNEƐMA AKƐSE”

3. Yesu wui no, dɛn na esii ne nnansa so?

3 Anwonwasɛm mu anwonwasɛm, Yesu wui no, ne nnansa so na Yehowa nyanee no! Yehowa nyan no no, na ɔnte sɛ nipa na mmom na ɔyɛ honhom. (1 Pet. 3:18) Na Yesu pɛ sɛ n’asuafo no hu sɛ Onyankopɔn anyan no, enti ɛyɛ a na wadan ne ho nipa ne wɔn akɔkasa. Ɛda a Yesu nyanee no ara, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no bɛyɛ mpɛn nnum.Mat. 28:8-10; Luka 24:13-16, 30-36; Yoh. 20:11-18.

4. Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no, dɛn na ɛkɔɔ so wɔ hɔ? Ahyɛde bɛn na ɔde maa wɔn?

4 Bere a ɛto so nnum a Yesu yii ne ho adi no, na n’asomafo no ne afoforo ahyiam. Saa bere no, sɛ yɛbɛka a ɔne wɔn yɛɛ Bible adesua, efisɛ “obuee wɔn adwene mu yiye ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase.” Enti asuafo no hui sɛ Yesu wu ne ne wusɔre no nyinaa yɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Ansa na Yesu ne wɔn repaapae mu no, ɔmaa wohuu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ “ne din so na wobegyina aka adwensakra a ɛma bɔne fafiri ho asɛm wɔ amanaman nyinaa mu—wobefi ase afi Yerusalem.” Ɔka kaa ho sɛ: “Mobɛyɛ nneɛma yi ho adansefo.”Luka 24:44-48.

5, 6. (a) Adɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ asuafo no sɛ ‘wɔbɛyɛ n’adansefo’? (b) Dɛn na na Yesu asuafo no bɛbɔ ho dawuru?

5 Yesu wusɔre akyi adaduanan no, oyii ne ho adi nea etwa to kyerɛɛ n’asomafo no. Saa bere no yebetumi aka sɛ asomafo no tee ahyɛde yi ase: “Mobɛyɛ m’adansefo wɔ Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa de akɔ asase ano nohoa.” (Aso. 1:8) Na asuafo no yɛ Israelfo, enti na wɔyɛ Yehowa adansefo dedaw. Nanso Yesu se ‘wɔbɛyɛ n’adansefo.’ Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ?

Yɛma nnipa hu nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ daakye sɛnea Yesu asuafo no yɛe no (Hwɛ nkyekyɛm 5, 6)

6 Na ɛsɛ sɛ asuafo no bɔ no dawuru sɛ Yesu na Yehowa nam ne so begye adesamma. Na Yehowa agye Israelfo no afi Egypt ne Babilon nkoasom mu, nanso nea ɔde Yesu yɛe no sen saa koraa. Asɛm no ara ne sɛ bɔne ne owu de nnipa ayɛ nkoa, na eyi ne nkoasom a ani yɛ nyan sen nkoasom biara. Nanso Yesu Kristo wu ne ne wusɔre no bɛma nnipa ade wɔn ho afi saa nkoasom no mu. Pentekoste 33 Y.B. no, wɔde honhom kronkron sraa Yesu asuafo no, na afei wɔkaa “Onyankopɔn nneɛma akɛse” ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. Nnipa pii yɛɛ aso tiei na wɔsakra gyee Yesu dii. Saa bere no, na Yesu te n’Agya nsa nifa so wɔ soro, na ohui sɛ Yehowa nam ne so regye nnipa mpempem nkwa.Aso. 2:5, 11, 37-41.

‘ƐYƐ AGYEDE MA NNIPA BEBREE’

7. Nsɛm a esisii Pentekoste 33 Y.B. no kyerɛ sɛn?

7 Nsɛm a esisii Pentekoste 33 Y.B.  no kyerɛ sɛ Yehowa agye Yesu afɔrebɔ no atom. Saa afɔrebɔ no na Yehowa hwɛ de nnipa bɔne firi wɔn. (Heb. 9:11, 12, 24) Yesu kae sɛ wamma sɛ wɔnsom no, “na mmom sɛ ɔbɛsom de ne kra ayɛ agyede de agye nnipa bebree.” (Mat. 20:28) “Nnipa bebree” yi yɛ Yudafo nkutoo anaa? Dabi, mmom agyede no ‘yi wiase bɔne fi hɔ.’ Nokwasɛm ne sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa.”Yoh. 1:29; 1 Tim. 2:4-6.

8. Dɛn na ɛboaa Yesu asuafo no ma wotumi dii ne ho adanse? Ɛhe na wotumi yɛɛ adwuma no kodui?

8 Yesu asuafo no nyaa akokoduru dii ne ho adanse anaa? Aane wotumi yɛɛ saa, nanso ɛnyɛ wɔn ankasa ahoɔden. Yehowa honhom kronkron na ɛma wonyaa ahoɔden ne akokoduru dii adanse. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 5:30-32.) Pentekoste 33 Y.B. akyi mfe 27 no, na asuafo no aka ‘nokware no ho asɛmpa’ akyerɛ Yudafo ne Amanaman mufo “wɔ abɔde a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa mu.”Kol. 1:5, 23.

9. Dɛn na Bible kae sɛ ɛbɛba Kristofo asafo no mu?

9 Nanso awerɛhosɛm ne sɛ nkakrankakra ebinom de atoro nkyerɛkyerɛ bewurawuraa asafo no mu. (Aso. 20:29, 30; 2 Pet. 2:2, 3; Yuda 3, 4) Yesu kae sɛ nkyerɛkyerɛ bɔne no bebunkam nokware Kristosom so kosi sɛ “wiase nhyehyɛe no awiei” bɛba. Satan “ɔbɔnefo no” na na ɔhyɛ ɔwae yi akyi. (Mat. 13:37-43) Afei October 1914 no, Yehowa de Yesu sii adesamma so Hene. Saa bere no na Satan wiase no “nna a edi akyiri” fii ase.2 Tim. 3:1.

10. (a) Bere titiriw bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no kaa ho asɛm? (b) Dɛn na esii October 1914, na yɛyɛ dɛn hu?

10 October 1914 nnya mmae koraa na Kristofo a wɔasra wɔn no de too gua sɛ saa bere no yɛ bere titiriw. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi huu biribi a ɛte saa siei? Nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ Daniel nhoma no mu na ɛboaa wɔn. Nkɔmhyɛ no fa dua kɛse bi a wotwae na akyiri yi ɛfefɛwee ho. Bible kyerɛe sɛ “mmere ason” akyi na ɛbɛfefɛw. (Dan. 4:16) Yesu maa n’asuafo no nsɛnkyerɛnne a  ɛbɛkyerɛ sɛ wɔasi no Hene na awiei bere no afi ase. Nkɔmhyɛ no mu na ɔkaa “amanaman mmere a wɔahyɛ” bi ho asɛm. Saa bere no ara ne “mmere ason” a Daniel kaa ho asɛm no. Nsɛm a asisi fi 1914 reba da no adi pefee sɛ Kristo redi ade sɛ Ɔhene. (Mat. 24:3, 7, 14; Luka 21:24) Enti efi saa bere no, sɛ yɛreka “Onyankopɔn nneɛma akɛse” ho asɛm a, nea yɛka no bi ne sɛ Yehowa de Yesu asi n’Ahenni no so Hene.

11, 12. (a) Dɛn na esii 1919? (b) Efi 1935 reba no, dɛn na ɛdaa adi? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

11 Bere a Yesu Kristo bɛyɛɛ Ɔhene no, ofii ase gyee n’akyidifo a wɔasra wɔn fii “Babilon Kɛse” no nsam. (Adi. 18:2, 4) Wiase Ko I no baa awiei 1918, na afe a edi hɔ no, kyerɛ sɛ 1919 no, hokwan kɛse bue maa wodii adanse wɔ wiase nyinaa. Wɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa na wɔmaa nkurɔfo hui sɛ Onyankopɔn nam Yesu afɔrebɔ no so begye nnipa nkwa. Kristofo a wɔasra wɔn no yɛɛ adwuma kɛse. Eyi maa nnipa mpempem begyee nokware no, enti nnipa a wɔasra wɔn a wɔne Kristo bedi ade wɔ soro no kɔɔ anim.

12 Eduu 1935 no, na biribiara kyerɛ sɛ Kristo afi ase reboaboa “nguan foforo” mpempem ano, na saafo yi yɛ “nnipakuw kɛse.” Nnipakuw kɛse no de wɔn ntama abɛbɔ Kristofo a wɔasra wɔn no de ano, na wodi Yesu anammɔn akyi. Enti wɔde akokoduru pae mu ka sɛ wɔn nkwagye fi Onyankopɔn ne Kristo. Sɛ womia wɔn ani yɛ asɛnka adwuma yi na wɔkɔ so ara yɛ nea ɛsɔ Yehowa ani a, nhyira nwonwaso bi da hɔ retwɛn wɔn. Wobetwa “ahohiahia kɛse” no akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.Yoh. 10:16; Adi. 7:9, 10, 14.

‘NYA AKOKODURU KA ASƐMPA NO’

13. Dɛn na Yehowa Adansefo asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa?

13 Yehowa adi yɛn ni paa sɛ wama yɛanya hokwan reka “nneɛma akɛse” a wayɛ ne nea ɔbɛyɛ daakye ho asɛm. Ɛwom, ɛnyɛ daa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛyɛ saa adwuma yi. Baabi wɔ hɔ a nnipa mpɛ yɛn nuanom anim ahwɛ mpo na wɔatie asɛm no. Ebinom di yɛn ho fɛw anaa wɔtaa yɛn. Sɛ saa a, yebetumi asuasua ɔsomafo Paulo ne ne mfɛfo Kristofo no. Ɔkae sɛ: “Nyankopɔn mmoa so yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo ɔbrɛ pii mu.” (1 Tes. 2:2) Ɛsɛ sɛ yegyina pintinn na yɛkae sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde. Enti momma yɛnyere yɛn ho nni adanse kosi sɛ  Satan wiase bɔne yi bɛsɛe. (Yes. 6:11) Yɛrentumi mfa yɛn ahoɔden nyɛ, mmom ɛsɛ sɛ yesuasua tete Kristofo no na yɛbɔ mpae srɛ Yehowa honhom na yɛanya “tumi a ɛboro onipa de so.”Monkenkan 2 Korintofo 4:1, 7; Luka 11:13.

14, 15. (a) Asomafo no bere so no, dɛn na nkurɔfo de yɛɛ Kristofo no? Dɛn na ɔsomafo Petro ka de hyɛɛ wɔn nkuran? (b) Sɛ adansedi adwuma no nti, nnipa taa yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

14 Ɛnnɛ nnipa mpempem pii bɔ wɔn ho nsabran sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso ‘wɔde wɔn nnwuma pa Onyankopɔn,’ efisɛ abofonode ahyɛ wɔn ma, na “wɔyɛ asoɔdenfo a wɔmfata mma adwuma pa biara.” (Tito 1:16) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ asomafo no bere so no, na nnipa pii tan nokware Kristofo. Enti ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Sɛ Kristo din nti wɔbɔ mo ahohora a, ɛyɛ anigye ma mo, efisɛ . . . Onyankopɔn honhom ankasa, wɔ mo so.”1 Pet. 4:14.

15 Yehowa Adansefo nso ɛ? ‘Kristo din nti wɔbɔ yɛn ahohora’ anaa? Aane, wɔbɔ yɛn ahohora efisɛ yedi Yesu ho adanse sɛ ɔyɛ Ɔhene. Nokwasɛm ni, sɛnea Yehowa din nti wɔtaa yɛn no, saa ara na Kristo din nti wɔbɔ yɛn ahohora. Yesu ka kyerɛɛ n’atamfo sɛ: “M’Agya din mu na mebae, nanso munnye me.” (Yoh. 5:43) Enti bere biara a adansedi adwuma no nti nkurɔfo bɛtaa wo no, ka wo koma to wo yam na kae sɛ woanya Onyankopɔn anim dom na ne honhom kronkron wɔ wo so.

16, 17. (a) Adansedi adwuma no rekɔ so sɛn wɔ aman horow so? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

16 Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛkae. Nnipa bebree regye nokware no wɔ aman horow so. Mmeae bi wɔ hɔ a yɛaka asɛm no ara, enti akɔyɛ sɛ yɛn ho afono nnipa, nanso ɛno mpo yenya nkurɔfo ma wotie asɛm no. Enti sɛ yenya wɔn saa a, momma yɛmmɔ mmɔden nsan nkɔ wɔn nkyɛn nhwɛ sɛ yebetumi ne wɔn asua Bible a. Obi nnim, ebia yebetumi aboa wɔn ma wɔahyira wɔn ho so abɔ asu. Adansedi adwuma yi ka wo sɛn? Yɛnhwɛ onuawa bi a ɔde Sarie a ɔwɔ South Africa. Wayɛ adansedi adwuma yi bɛboro mfe 60. Ɔkae sɛ: “Meda Yehowa ase sɛ Yesu agyede afɔre no nti me ne Otumfoɔ Pumpuni no ntam ayɛ kama, na ɛyɛ me dɛ sɛ mitumi bɔ ne din kɛse no dawuru.” Ɔne ne kunu Martinus aboa wɔn mma mmiɛnsa ne nnipa foforo pii ma wɔabɛsom Yehowa. Sarie de kaa ho sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛma me koma tɔ me yam sen adansedi adwuma no. Yehowa de ne honhom kronkron hyɛ yɛn nyinaa den ma yetumi yɛ nkwagye adwuma no.”

17 Sɛ yɛabɔ asu oo, sɛ afei na yɛrebɛbɔ asu oo, ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase daa sɛ yɛanya hokwan ne Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa abom resom no. Enti baabiara a wowɔ biara, kɔ so di nkurɔfo adanse na hwɛ sɛ woremma Satan wiase no nkekae biara mma wo ho. Woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ yɛn soro Agya no anuonyam efisɛ ɔno na ne din kɛse no da yɛn so.