Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wopɛ Sɛ Woyɛ Ahwɛfo Adwuma’?

‘Wopɛ Sɛ Woyɛ Ahwɛfo Adwuma’?

MPANYIMFO mmienu ka kyerɛɛ Fernando * sɛ wɔpɛ sɛ wohu no. Ná Fernando ayɛ basaa; onnim nea enti a mpanyimfo no pɛ sɛ wohu no. Mmere kakra ni, sɛ ɔmansin sohwɛfo ba kɔ a, mpanyimfo ne Fernando susuw nsɛm ho hwɛ nea ɔbɛyɛ na watumi anya hokwan horow de asom ne nuanom wɔ asafo no mu. Eduu baabi no, na Fernando susuw sɛ ɛnyɛ ade a obenya hokwan asom sɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu. Ɔmansin sohwɛfo asan abɛsra asafo no. Dɛn bio na mpanyimfo no wɔ ka?

Ɔpanyin baako fii ase kasae, na Fernando yɛɛ aso tiei. Ɔpanyin no tĩĩ 1 Timoteo 3:1 ho kakra, na ɔkae sɛ mpanyimfo no anya krataa sɛ wɔapaw no ɔpanyin. Afei Fernando tenaa ase yiye, na obisae sɛ, “Wose sɛn?” Onua no san tĩĩ nea ɔkae no mu, na Fernando nwenwenee kakra. Ɛno akyi no, wɔbɔɔ asafo no amanneɛ sɛ wɔapaw Fernando ɔpanyin, na obiara ani gyei.

Sɛ obi pɛ sɛ onya hokwan bi wɔ asafo no mu a, ɛyɛ mfomso anaa? Ɛnte saa koraa. Sɛnea 1 Timoteo 3:1 kyerɛ no, “sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma a, na wapɛ adwuma pa.” Saa asɛm yi ahyɛ anuanom mmarima pii nkuran ma wɔanya nkɔso wɔ Yehowa som mu. Eyi ama wɔanya hokwan ahorow wɔ asafo no mu. Enti nnɛ yɛwɔ mpanyimfo ne asomfo mpempem wɔ asafo no mu. Nanso daa yenya asafo ahorow pii bɛka nea ɛwɔ hɔ no ho. Nea aka ne mmarima a wobedi anim. Ɛnde, sɛ obi pɛ ahwɛfo adwuma a, dɛn na ɛfata sɛ ɔyɛ? Na sɛ obi nnya mmɛyɛɛ ɔpanyin nso ɛ? Ɛsɛ sɛ ɔma asɛm no haw no sɛnea na ɛhaw Fernando no?

SƐ OBI ‘PƐ AHWƐFO ADWUMA’ A, ƐKYERƐ SƐN?

Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “pɛ” no kyerɛ ankasa ne sɛ obi ani gye biribi ho denneennen na ɔreyere ne ho sɛ obedu ho. Ɛte sɛ aduaba akɔnnɔ-akɔnnɔ bi a ɛsɛn dua so na obi retentene atew bi.  Nanso sɛ obi pɛ “ahwɛfo adwuma” a, ɛnsɛ sɛ ɔpere kitikiti sɛ ne nsa bɛka. Adɛn ntia? Efisɛ sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ mpanyimfo adwuma ampa a, adwene no ne sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ “adwuma pa” de som ne nuanom, na ɛnyɛ dibea na ɔrepɛ.

Su a ɛkyerɛ sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ adwuma pa yi ho asɛm wɔ 1 Timoteo 3:2-7 ne Tito 1:5-9. Raymond de mfe pii asom sɛ ɔpanyin na ɔkae sɛ: “Nea ehia paa ne yɛn su. Sɛ obi ano atew na onim nkyerɛkyerɛ a eye, nanso ɛsɛ sɛ onii no yɛ obi a asɛm nni ne ho, ɔkari pɛ wɔ ne nneyɛe mu, n’adwenem da hɔ, ɔyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ, ɔpɛ ahɔhoyɛ, na ɔte asɛm ase.”

Fa wo ho hyɛ asafo dwumadi ahorow nyinaa mu

Sɛ onua bi pɛ ahwɛfo adwuma ampa a, ɔtwe ne ho fi nnaadaasɛm ne afide nyinaa ho de kyerɛ sɛ ne ho nni asɛm. Afei ɔkari pɛ wɔ ne nneyɛe mu, n’adwenem da hɔ, ɔyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ, na ɔte asɛm ase. Sɛ obi a ɔte saa de akwankyerɛ ma anuanom a ɛnyɛ den sɛ wobegye atom. Bio nso sɛ anuanom wɔ ɔhaw bi a, wɔwɔ ahotoso sɛ onua a ɔte saa betumi aboa wɔn. Obi a ɔte saa pɛ ahɔhoyɛ, na eyi hyɛ mmofra ne wɔn a wɔbaa asafo no mu nkyɛe nyinaa nkuran. Bio, ayarefo ne nkwakoraa ne mmerewa asɛm hia no, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa wɔn ahyɛ wɔn nkuran, efisɛ ɔpɛ papayɛ. Onua a ɔte saa da su ahorow yi adi efisɛ ɔpɛ sɛ ɔboa afoforo; ɛnyɛ adwene no ne sɛ mpanyimfo ani bɛba ne so na wɔanya hokwan bi wɔ asafo no mu. *

Sɛ onua bi hia afotu anaa nkuranhyɛ a, mpanyimfo kuw no de bɛma no, nanso ɛyɛ ɔno ara na ɛsɛ sɛ ɔda no adi sɛ ne su ne nea Kyerɛwnsɛm no ka hyia. Henry yɛ ɔpanyin a ne ho akokwaw paa, na ɔkae sɛ: “Sɛ wopɛ ahwɛfo adwuma a, yere wo ho na biribiara nna adi sɛ wofata.” Ɔsɛnkafo 9:10 ka sɛ: “Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ.” Henry kyerɛkyerɛɛ saa asɛm yi mu sɛ: “Adwuma biara a mpanyimfo de bɛhyɛ wo nsa no, yi wo yam yɛ no yiye. Sɛ wɔde adwuma bi ma wo wɔ asafo no mu a, fa wo koma nyinaa yɛ; sɛ ɛyɛ apra mpo a, fa anigye yɛ. Bere rekɔ so no, w’adwuma pa ne wo mmɔdenbɔ bɛda adi ama obiara ahu.” Sɛ wopɛ sɛ wobɛyɛ ɔpanyin daakye a, ntoto ɔsom adwuma no fã biara ase. Ɛsɛ  sɛ mpanyimfo no nya ahotoso sɛ dwumadi a ɛhyɛ wo nsa biara, wobɛyɛ no yiye. Mpere dibea, na mmom brɛ wo ho ase wɔ biribiara mu.Mat. 23:8-12.

PO ADWENE NE NNEYƐE A ƐMFATA

Sɛ obi pɛ hokwan bi wɔ asafo no mu a, ebia ɔbɛkeka nsɛm de akyerɛ saa anaa ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ biribi de anya mpanyimfo kuw no. Ebinom nso mpɛ sɛ mpanyimfo betu wɔn fo. Ɛsɛ sɛ anuanom a wɔte saa no bisa wɔn ho sɛ, ‘Mepɛ hokwan bi de ahoahoa me ho anaa mepɛ sɛ miyi me yam hwɛ Yehowa nguan?’

Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma no a, ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ mpanyimfo asɛde baako ne sɛ ‘wɔbɛyɛ nhwɛso ama nguankuw no.’ (1 Pet. 5:1-3) Obi a ɔyɛ nhwɛso ma asafo no mfa kwatikwan biara so nhwehwɛ nea ɔpɛ. Sɛ onipa a ɔte saa yɛ ɔpanyin oo, ɔnyɛ bi oo, ɔmpere ne ho wɔ nneɛma ho, na mmom ɔwɔ abotare a ɔde gyina tebea ahorow ano. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, sɛ obi bɛyɛ ɔpanyin a, ɔda so ara yɛ nipa a sintɔ wɔ ne ho. (Num. 12:3; Dw. 106:32, 33) Ebia onua bi besusuw sɛ ‘asɛm biara nni ne ho,’ nanso afoforo behu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ ne ho. (1 Kor. 4:4) Enti sɛ mpanyimfo no de Bible mu nsɛm tu wo fo a, mma ɛnhaw wo, na mmom yɛ aso tie. Afei bɔ mmɔden sɛ wode afotu no bɛyɛ adwuma.

WUSUSUW SƐ WOATWƐN AKYƐ?

Anuanom bi susuw sɛ wɔbɛtena ase akyɛ ansa na wɔanya hokwan bi wɔ asafo no mu. Ebia ‘wopɛ ahwɛfo adwuma’ no, nanso bere tenten ni wɔmpaw wo panyin. Ɛyɛ a ɛhaw wo anaa? Sɛ saa a, kae Bible mu asɛm yi: “Anidaso a ɛmma mu ntɛm ma koma yare, na anigyinade a ɛba mu yɛ nkwa dua.”Mmeb. 13:12.

Sɛ obi ani da biribi so na ne nsa anka a, ebetumi abubu ne koma. Biribi saa too Abraham. Yehowa hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no ɔbabarima, nanso mfe pii twaam na ɔne ne yere Sara nni ba biara. (Gen. 12:1-3, 7) Bere a Abraham bɔɔ akwakoraa no, osu frɛɛ Yehowa sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, dɛn na wode bɛma me? Mprempren minni ba . . . Wommaa me aseni biara.” Nanso Yehowa maa no awerɛhyem sɛ ne bɔhyɛ no bɛba mu na wanya ba. Ɛno mpo no, mfe 14 bi san twaam ansa na Onyankopɔn bɔhyɛ no baa mu.Gen. 15:2-4; 16:16; 21:5.

Bere a bɔhyɛ no nnya mmaa mu no, Abraham dwenee asɛm no ho haw ne ho anaa? Dabi. Mmom ɔkɔɔ so ara yeree ne ho som Yehowa. Ohui sɛ ɔkwan biara so Yehowa bɔhyɛ bɛba mu. Na Abraham hwɛ kwan sɛ biribi papa bi bɛba. Ɔsomafo Paulo kyerɛw sɛ: “Bere a Abraham nyaa boasetɔ no, ne nsa kaa bɔhyɛ yi.” (Heb. 6:15) Nokwasɛm ni, bere a Otumfoɔ Nyankopɔn bere soe no, ohyiraa Abraham boroo nea na ɔrehwɛ kwan mpo. Dɛn na yebetumi asua afi Abraham asɛm no mu?

Sɛ wopɛ sɛ wosom sɛ ɔpanyin na woatwɛn bere tenten ni nanso hwee nsii a, kɔ so ara fa wo werɛ hyɛ Yehowa mu. Mma w’ani nyɛ wo totɔtotɔ; mmom fa anigye som Yehowa. Onua bi a ɔde Warren aboa anuanom mmarima pii ma wɔanya nkɔso wɔ Yehowa som mu. Ɔkae sɛ: “Yemfiti prɛko pɛ mpaw obi sɛ ɔpanyin; egye bere na ne nkɔso ada  adi. Bere rekɔ so no, onua no su ne ne mmɔdenbɔ, ne sɛnea odi nneɛma ho dwuma no da adi nkakrankakra. Ebinom susuw sɛ wonya hokwan bi wɔ asafo no mu a, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ asi wɔn yiye wɔ Yehowa som mu. Nanso ɛyɛ mfomso sɛ obi besusuw saa na anhwɛ a eyi begye n’adwene nyinaa. Baabiara a wowɔ biara anaa dwuma biara a woredi no, sɛ wuyi wo yam som Yehowa a, ɛbɛkyerɛ sɛ asi wo yiye.”

Onua bi twɛnee bɛboro mfe du ansa na wɔrepaw no sɛ ɔpanyin. Ɔkyerɛɛ nea woasua afi asɛm a ɛwɔ Hesekiel ti 1 mu. Ɔkae sɛ: “Yehowa te sɛ drɔbani a ɔrekyerɛ ne teaseɛnam anaa n’ahyehyɛde no kwan. Yehowa no ara na onim mmirika a ɔbɛkɔ. Enti Yehowa bere na ehia na ɛnyɛ yɛn bere. Sɛ mepɛ sɛ mesom sɛ ɔpanyin a, ɛnyɛ nea mepɛ ne asɛm no. Ebia nea mepɛ no, Yehowa ani so deɛ ɛnyɛ ɛno na mihia.”

Sɛ wohwɛ kwan sɛ wobɛyɛ asafo mu panyin daakye na woanya hokwan ayɛ adwuma pa a, bɔ mmɔden sɛ wobɛboa ma anigye aba asafo no mu. Sɛ ɛyɛ wo sɛ akyɛ dodo a, nya abotare na mma adwennwene nhyɛ wo so. Raymond a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kae sɛ: “Sɛ wo ho pere wo sɛ wubenya biribi a, ebia nea wowɔ seesei no w’ani rensɔ. Sɛ obi dwinnwen dodo a, ɔrente Yehowa som mu dɛ.” Enti sow Onyankopɔn honhom aba no, titiriw abodwokyɛre. Sua Kyerɛwnsɛm no fa hyɛ wo gyidi den. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ asɛnka adwuma no kɛse na wo ne wɔn a wɔn ani gye asɛm no ho asua Bible. Boa w’abusua ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ honhom fam nneɛma mu, na kɔ so ara yɛ abusua som. Bere biara a ɛsɛ sɛ wo ne wo nuanom hyiam no, ntwetwe wo ho. Afei bere a worehwɛ kwan sɛ daakye wubenya hokwan asom sɛ ɔpanyin no, seesei mpo Yehowa som bɛyɛ wo dɛ.

Biribiara a yɛreyɛ a daakye ɛbɛma yɛanya hokwan asom wɔ asafo no mu no yɛ nhyira a efi Yehowa hɔ. Yehowa ne n’ahyehyɛde no mpɛ sɛ wɔn a wɔpɛ ahwɛfo adwuma no abam bebu anaa wɔn som bɛyɛ tayoo. Obiara a obeyi ne yam asom Onyankopɔn no, ɔbɛboa no na wahyira no. Yehowa nso deɛ ohyira wo a, “ɔmfa ɛyaw biara nka ho.”Mmeb. 10:22.

Sɛ woatwɛn bere tenten sɛ wubenya hokwan asom wɔ asafo no mu a, kae sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ ama wo ne Yehowa adamfofa mu ayɛ den. Bere a woreyere wo ho wɔ asafo no mu na woreboa w’abusua no, Yehowa werɛ remfi w’adwuma pa da. Adwuma biara a mpanyimfo no de bɛma wo no, yɛ no yiye na ma Yehowa som nyɛ wo dɛ.

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no.

^ nky. 8 Asɛm a yɛreka yi fa anuanom a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ asafo mu asomfo nso ho. Sɛ yɛkenkan 1 Timoteo 3:8-10, 12, 13 a, yebehu nea wɔhwehwɛ fi obi a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ asafo mu somfo hɔ.