Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE TUMI SESA NNIPA

Me Nko Ara Me Ho na na Medwene

Me Nko Ara Me Ho na na Medwene
  • AFE A WƆWOO NO: 1951

  • ƆMAN A ƆFI MU: GERMANY

  • TEBEA A NA ƆWOM: NA ƆYƐ AHANTAN NA ODI NE BO SO ASƐM

ME KAN ASETENA:

Me nkwadaaberem no, na yɛte bɛn Leipzig wɔ East Germany. Ná ɛhɔ bɛn Czechoslovakia ne Poland hye so. Medii mfe nsia no, adwuma de me papa tutuu akwan ma yɛkɔpuee Brazil ne Ecuador.

Medii mfe 14 no, wɔde me kɔtoo sukuu mu wɔ Germany. Saa bere no, na me papa ne me maame wɔ Amerika Anafo fam nohoa, enti me ara na na mebɔ me bra. Nea me ho bɛtɔ me na na meyɛ. Ná memfa obiara ho.

Medii mfe 17 no, me maame ne me papa san baa Germany. Ahyɛase no, na mete wɔn nkyɛn. Nanso na medi me bo so asɛm, enti na mensen hɔ. Medii mfe 18 no, metu fii fie.

Ná merepɛ biribi de m’asetena ayɛ. Mede m’ani too fam hwɛɛ sɛnea nnipa ne akuw bi yɛ wɔn ade, na mebɛhuu sɛ emu biara remmoa me. Enti meyɛɛ m’adwene sɛ adepa a mɛtumi ayɛ wɔ m’abrabɔ mu ara ne sɛ mɛkyinkyin ahwehwɛ asase fɛfɛ yi so ansa na nnipa asɛe no koraa.

Mefii Germany, na metenaa moto so de m’ani kyerɛɛ Afrika. Nanso, ankyɛ na moto no sɛee, enti na ɛsɛ sɛ mesan kɔ Europe kɔyɛ no yiye. Mekɔduu hɔ no, da koro, na mewɔ Portugal mpoano, ɛnna meyɛɛ m’adwene sɛ mɛgyaw moto no hɔ de po so hyɛn atutu akwan.

Mehyiaa mmabun bi a na wɔreyɛ ahoboa atu kwan afa Atlantic Po no so, na mede me ho bɔɔ wɔn. Wɔn mu biako ne Laurie a akyiri yi ɔbɛyɛɛ me yere no. Yɛdii kan kɔɔ Caribbean nsupɔw no so. Afei yɛdii nna kakra wɔ Puerto Rico, na yɛsan kɔɔ Europe. Me ne Laurie de yɛɛ yɛn botae sɛ yɛbɛhwehwɛ suhyɛn bi a yɛbɛtumi de ayɛ fie. Yɛfii ase hwehwɛɛ bi, nanso abosome mmiɛnsa pɛ na wɔfaa me adwuma wɔ Germany sraadi mu. Enti yɛde soo hɔ ansa.

Medii afe ne abosome mmiɛnsa wɔ Germany sraadi mu. Saa bere no ara mu na mewaree Laurie, na yɛyɛɛ  nhyehyɛe a yɛde bɛtoa akwantu no so. Merebɛkɔ sraadi mu no, yɛtɔɔ hyɛmma bi. Bere a mekɔyɛɛ ɔsraani no, yɛde nkakrankakra yɛɛ ho adwuma sɛnea yɛbɛtumi de atutu akwan. Yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛde bɛyɛ fie na yɛatena mu de akyinkyin asase fɛfɛ yi so. Mefii sraadi mu no, na yɛgu so reyɛ hyɛn no ho adwuma, ɛnna Yehowa Adansefo baa yɛn nkyɛn ne yɛn bɛfii Bible adesua ase.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA:

Ahyɛase no, na menhu nsakrae biara a ɛsɛ sɛ meyɛ, efisɛ ɔbea a me ne no te no, na mahyɛ da aware no, na sigaret nso na magyae nom dedaw. (Efesofo 5:5) Afei nso na menhu mfomso biara a ɛwɔ ho sɛ yɛde bɛsi yɛn ani so sɛ yɛbɛkyinkyin akɔhwɛ Onyankopɔn abɔde a ɛyɛ fɛ.

Nanso nea ɛwom paa ne sɛ, na ɛsɛ sɛ mesesa me suban. Ná meyɛ ahomaso; nea me ho bɛtɔ me nko ara na na meyɛ. Afei nso na megye me ho di dodo. Me nko ara me ho na na medwene.

Da bi, mekenkan Yesu Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu asɛm. (Mateo ti 5 kosi 7) Nea Yesu ka faa anigye ho no, mfiase no, mante ase. Baako ne asɛm a Yesu kae sɛ, anigye ne wɔn a wodi kɔm ne sukɔm. (Mateo 5:6) Ná menhu sɛnea obi a ɔdi hia ani bɛtumi agye. Adesua no kɔɔ so no, mebɛhui sɛ yɛn nyinaa wɔ honhom mu ahiade, nanso ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ yɛwɔ saa ahiade no ansa na yɛn nsa atumi aka. Yesu kaa ho asɛm sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.”Mateo 5:3.

Germany na me ne Laurie fii ase suaa Bible. Akyiri yi, yɛtu kɔɔ France ne Italy. Baabiara a yɛkɔe no, yɛhyiaa Yehowa Adansefo wɔ hɔ. Nea na ɛma m’ani gye wɔn ho koraa ne sɛnea wɔdodɔ wɔn ho na wɔyɛ baako no. Mehuu sɛ wiase baabiara a wobɛkɔ no, Adansefo no yɛ baako. (Yohane 13:34, 35) Ɛduu baabi no, me ne Laurie bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo.

M’asubɔ akyi no, mekɔɔ so ara yɛɛ nsakrae wɔ m’abrabɔ mu. Me ne Laurie de suhyɛn kɔfaa Afrika mpoano toaa so twaa Atlantic Po no kɔɔ United States. Bere a yɛn mmienu pɛ te hyɛn ketewa mu retwa ɛpo kakrakaa no, ɛhɔ na mehuu sɛ mensɛ hwee wɔ yɛn Bɔfo kɛse no anim. Esiane sɛ na mewɔ bere pii nti, menyaa kwan kenkan Bible. Nneɛma a mekenkanee no, nea ɛkaa me koma paa ne nea Yesu yɛe wɔ asase so no. Ná ɔyɛ pɛ; na nneɛma a ɔbɛtumi ayɛ nso nni ano, nanso wammoma ne ho so. Wannwen ɔno nko ara ne ho, na mmom ne soro Agya apɛde na na ɛhia no.

Mebɛhuu sɛ ɛsɛ sɛ mema Onyankopɔn Ahenni ho hia me sen botae biara

Medwennwenee Yesu nhwɛso no ho, na mebɛhuu sɛ ɛsɛ sɛ mema Onyankopɔn Ahenni ho hia me sen botae biara a ɛsi m’ani so. (Mateo 6:33) Enti bere a me ne Laurie kɔduu United States no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛrentu kwan bio, na mmom yɛbɛtena hɔ ahwɛ so asom.

SƐNEA ABOA ME:

Sɛnea bere bi na medi me bo so asɛm nti, na m’adwene nsi me pi wɔ nneɛma pii mu. Nanso seesei de, mewɔ baabi a mɛnya afotu pa afi. (Yesaia 48:17, 18) Afei nso manya biribi pa de m’asetena reyɛ. Meresom Onyankopɔn, na mereboa nkurɔfo nso ama wɔasua ne ho ade.

Bible akwankyerɛ a me ne Laurie de ayɛ adwuma no ama yɛn aware asɔ paa. Afei nso yɛanya ɔbabea a ne ho yɛ fɛ, na ɔno nso abɛhu Yehowa na ɔdɔ no paa.

Ɛnyɛ daa na nneɛma kɔ yiye. Nanso Yehowa mmoa so, yɛasi yɛn bo sɛ yɛrennyae no som da, na yɛbɛkɔ so anya ne mu awerɛhyem.Mmebusɛm 3:5, 6.